Amansan Nhyiamu
Gyedie: Ahotosoɔ ne Nokorɛdie Koroyɛ
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


11:16

Gyedie: Ahotosoɔ ne Nokorɛdie Koroyɛ

Gyedie fefɛ berɛ a yɛnya awerɛhyɛmu wɔ Yesu Kristo mu na ɛpae nhwiren berɛ a yɛdi nokorɛ na yɛyɛ nokwafoɔ ma No no.

Berɛ a medii mfeɛ 17 no, me ne m’adamfo José Luis nyaa adwene korɔ sɛ menkyerɛ no sɛdeɛ wɔdware asuo. Enti yɛtuu berɛ anɔpa bi sii hɔ sɛ yɛresua. Berɛ a asuadeɛ no baa awieeɛ a merefiri tadeɛ no mu no, metee sɛ m’adamfo no reteam apɛ mmoa. Na ɔrekɔ nsuo no ase wɔ tadeɛ no fa a ɛmu dɔ no.

Mebɔɔ mpaeɛ pɛɛ mmoa berɛ a metoo me ho too nsuo no mu dware kɔɔ baabi a ɔwɔ no. Mesɔɔ ne nsa twee no baa nsuo no ani ahoɔden so, m’adamfo a n’ani abere yi foro hyɛɛ m’akyi a na mentumi nhome. Seesei, yɛn mmienu na yɛremem wɔ nsuo no mu yi. Mebɔɔ mmɔden kɛse sɛ mɛduru nsuo no ani no, mede m’ahoɔden nyinaa bɔɔ mpaeɛ sɛ anwanwa dwuma bɛfiri Onyankopɔn hɔ aba. Afei, pintinn nanso brɛɛo, Onyankopɔn tumi daa adi berɛ a metee nsa bi nka sɛ ɛrepia me kɔ tadeɛ no fa a ɛmu nnɔ no, de yɛn baa ɔgyeɛ mu.

Saa suahunu yi si Titenani Russell M. Nelson asuadeɛ a ɛmudɔ a ɔkyerɛkyerɛɛ berɛ bi, so dua: “Sɛ wode ahoɔden korɔ no a onipa a nsuo refa no, de sɔ biribi mu berɛ a ɔhome ntaataa so foro pɛ Awurade no tumi wɔ w’asetena mu a, tumi a ɛfiri Yesu Kristo hɔ bɛyɛ wo dea.”

Mmabunu ne mmɔfra pa, ɛnnɛ mepɛ sɛ mekasa kyerɛ mo fa Yesu Kristo mu gyedie nyinasosɛm titire ho.

Gyedie wɔ Kristo mu Kyerɛ Ne mu Awerɛhyɛmu.

Wowɔ gyedie wɔ Kristo mu a ɛkyerɛ sɛn? So ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Ne mu gyedie anaa adansedie sɛ Ɔyɛ kann? Ɛbɛtumi ayɛ ahyɛaseɛ, nanso ɛboro saa. Woadwene gyedie ho da sɛ ɛyɛ awerɛhyɛmu? Dwene obi a wowɔ ne mu awerɛhyɛmu kɛse pa ara—ebia busuani anaa adamfoɔ bi. Adɛn nti na wowɔ wɔn mu awerɛhyɛmu? Ɛbɛtumi aba sɛ ɛnam wɔn daa daa ɔdɔ ne mmoaa wahunu nti.

Sɛ yɛwɔ Kristo mu gyedie a, yɛhunu Ne nhyira na yɛnya awerɛhyɛmu nkɔsoɔ wɔ yɛ ne No abusuabɔ mu.

Sɛn na wobɛtumi ama w’awerɛhyɛmu wɔ Kristo mu anyini?

Wɔ nnansa yi ara mmabunu som mu, wɔtoo nsa frɛɛ wo sɛ dwene fa berɛ bi wɔ woasetena mu a wonyaa ɔsoro hann nsensaneeɛ. Sɔ saa adeyɛ yi hwɛ!

Hyɛ aseɛ dwennwene fa Kristo ho, ne anigyeɛ a Ne Mpata ne asɛmpa no de ba woasetena mu. Afei nso, yɛ twerɛtohɔ fa “honhom mu nkaeɛ a ɛda nso” a Onyankopɔn aboa wo, aboa woadɔfoɔ, ne nkorɔfoɔ a wɔwɔ twerɛnsɛm no mu. Seesei, saa adansedie yi remfa tumi mma woasetena mu, kɔsi sɛ Honhom no bɛkurukyiree wɔn agu “honam pono” a ɛyɛ wo akoma so. Enti dwene ho ne twerɛ biribiara a Onyankopɔn de ato kwan mu sɛ saa anwanwa dwuma yi bɛba wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.

Ɛdi hɔ, fa saa adeyɛ yi sɛ akwanya twe wo ho bɛne Onyankopɔn. Bɔ mpaeɛ kyerɛ wo Soro Agya te sɛdeɛ ɛyɛ berɛ a ɛdi kan. Kyerɛ wo dɔ ne ayɛyie ma Ne nhyira wonya. Mpo bisa no sɛdeɛ Ɔdwene fa wo ho ne deɛ ɛfa woasetena kwan a wonam so.

Sɛ woyɛ nokwafoɔ, berɛ wo ho ase a, wobɛte Ne mmuaeɛ na wahyɛ woankasa wo ne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo abusuabɔ afebɔɔ no ase. Ɛnyɛ ɛno nko ara, mmom wo nyamesom su bɛyɛ nea nteaseɛ wom! Sɛ ebia, wobɛhwɛ wo mpaebɔ anim kwan, woankasa adesua, ne tɛmpol som sɛ akwanya sɛ wobɛhunu Wɔn na woaka Wɔn ho.

Gyedie de Nokorɛdie na Ɛnyini

Hunu sɛ gyedie fefɛ berɛ a yɛnya awerɛhyɛmu wɔ Yesu Kristo mu na ɛpae nhwiren berɛ a yɛdi nokorɛ na yɛyɛ nokwafoɔ ma No no. Sɛ wopɛ wo ne Kristo nokorɛ abusuabɔ a, fa apam yɛ so kyerɛ no na fa nokorɛdie ne ahofama so di wɔn nni. Wo ne Yesu Kristo kɔ apam a anidasoɔ nyini. Yɛredi wɔn nni ma gyedie nyini.

Ma memfa me ankasa me nhwɛsoɔ: Na meyɛ abɔfra no, mehunuu me maame sɛ ɔresu da koro bi, ɔno nko ara. Mebisaa no sɛ adɛn no, ɔkaa no bɔkɔɔ sɛ, “Mehia wo sɛ wobɛyɛ abarimaa papa.” Mpo sɛ menim sɛ ɛnyɛ me na mayɛ ama ne werɛ aho, medɔɔ me maame nyaa awerɛhyɛmu wɔ ne mu kyɛn obiara na mepɛɛ sɛ mɛyɛ deɛ n’asetena ɛnyɛ den. Enti, mede m’ani ase nnisuo ne bɔhyɛ a nokorɛdie wom biara a mfeɛ nkron ba bɛtumi anya, de hyɛɛ no bɔ saa da no sɛ mɛbɔ mmɔden berɛ biara sɛ mɛyɛ ɔbabarima papa na ama n’ani agye.

Mobɛtumi asusu tumi a saa bɔhyɛ no nyaae—na ɛkɔ so nya—wɔ me so?

Saa bɔhyɛ a mede maa no no bɛyɛɛ m’asetena akwankyerɛ. Ansa na mɛsi gyinaeɛ no, mɛsusu ahwɛ sɛ me nneyɛɛ no bɛsɔ n’ani anaa. Saa bɔhyɛ yi ho nhyehyɛɛ ne me maame abusuabɔ yɛɛ sɛkyɛ maa m’abrabɔ m’asetena nyinaa mu.

Mfeɛ bi akyiri, berɛ a mebɛhunuu Yesu Kristo yie no, na menim dada sɛdeɛ mɛsi me gyedie wɔ Ne mu. Me ne Awurade akɔ apam, na sɛ mahyɛ sɛ mɛkora apam no nti, Ɔde me bɔne akyɛ me, watene m’abrabɔ, na “ɔde ne dɔ ahyɛ me ma” ama awura me nipadua mu ankasa. Kristo de ɔdɔ a ɛmu dɔ, obuo, ne nokorɛdie a mede ma No no ahyɛ me ma.

Wote aseɛ deɛ nti a “gyedie yɛ nneyɛɛ ho nyinasosɛm” a enti sɛ “gyedie nnim a ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ [Onyankopɔn] ani”?

Berɛ a wobɔ mmɔden yɛ deɛ ɛsɔ N’ani no, wobɛka sɛdeɛ Joseph wɔ Misraim ɔkaae berɛ a Potifar yere sɔɔ no hwɛɛe, “Sɛn na mɛtumi ayɛ saa atirimuɔdensɛm kɛseɛ yei, na ɛnyɛ bɔne ntia Onyankopɔn?” Na sɛ wohyia sɔretia a, wobɛka sɛdeɛ, Nkɔmhyɛni kumaa Joseph, kaeɛ no “Mehunuu yei, na mehunuu sɛ Onyankopɔn nim, na mantumi ansesa m’ano; na mehunuu sɛ meyɛ saa a mɛfom Onyankop.”

Enti gyedie wɔ Yesu Kristo mu yɛ awerɛhyɛmu nhyehyɛɛ a ɛwura nokorɛdie ne ɔdɔ mu . Nsɛm foforɔ mu no, wɔ ayɛyie ma Onyankopɔn ahummɔborɔ dɔ no (hesed), Yɛkyerɛ yɛn nokorɛ dɔ (emunah) nam Ne mmaransɛm a yɛdi soɔ so.

Kristo hyɛ bɔ sɛ, “Deɛ ɔwɔ me mmaransɛm, na ɔdi soɔ no … m’agya bɛdɔ no, na madɔ no, na mada me ho adi akyerɛ no.” Sɛ motu mo ho si hɔ yɛ nokwafoɔ ma No a, Ɔbɛda Ne dɔ adi ama mo.

Gyedie wɔ Ahohiahia mu

Enti deɛn na mobɛyɛ wɔ saa tebea bɔne a ɛhia N’anwanwa dwuma yi? Berɛ a yɛrentumi nkwati nsɛm denden na ɛtɔ da a ɛyɛ hu no, nante akokoɔduru so kwa kɔ N’anim, mpo sɛdeɛ FSY 2025 nhyiamu asɛmti kyerɛ no: “Deɛ modwene ho biara mu no monhwehwɛ me; monhinhim, monsuro.”

Sɛn na Mobɛtumi Anante Akɔ N’anim Pintinnyɛ mu?

Susu sɛ moyɛ nneɛma hwehwɛmufoɔ wɔ asase hɔhoɔ so. Mobɛdi akwansideɛ a ɛda mo anim so nkonim no, mohia kanea bi fibea. Mo nokorɛdie ma Onyankopɔn ne mo Ne no daa daa nkutahodie yɛ fango ma mo nkanea. Enti sɛ mohyia esum ne amanehunu tebea a, mobɛnante akɔ hyia wɔn a morenhunu no, mobɛsɔ mo kanea a Kristo mu gyedie ngo ahyɛ ma sɛ ɛbɛhyerɛn mo anidasoɔ wɔ kwan a monnim deɛ abɛsi so. Mo suahunu a atwa mu bɛma mo anidasoɔ anyini sɛ Awurade bɛsɔ mo mu wɔ mo akwantuo mu.

Hiker a kanea ka ne ho.

Ɛhe Na Wo ne W’anidasoɔ ne Wo Gyedie wɔ Kristo mu Bɛkɔ Akɔduru?

Mokae m’abasɛm wɔ tadeɛ no ho? Wɔ saa abasambuo berɛ no, anwanwa dwuma no baa wɔ sɛdeɛ mehwehwɛɛe, mmom Onyankopɔn nhyɛ bɔ sɛ ɛbɛyɛ sɛdeɛ yɛpɛ berɛ nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛn gyedie gye nhini wɔ Yesu Kristo mu, na yɛn anidasɔ ntena Ne nhyira mu, sɛdeɛ Ɔpɛ sɛ ɛba. “Monhwɛ anwanwa dwuma anim kwan,” mmom “momma Onyankopɔn nni yɛn asetena so.”

Onyankopɔn Bɔhyɛ ma Ne Nkorɔfoɔ Anokwafoɔ

Me nnamfonom nkumaa, sɛdeɛ yɛdɔ mo na yɛwɔ awerɛhyɛmu wɔ mo mu! Mo ka ho Onyankopɔn abusua no, na moyɛ apam no mma. Gye di na nya awerɛhyɛmu wɔ Yesu Kristo mu. Ɔbɛboa mo ama nokorɛ mu mo abɛyɛ N’asuafoɔ.

Meto nsa frɛ mo ɛnnɛ sɛ monhyɛ aseɛ nyɛne mone Yesu Kristo abusuabɔ. Monya ahofama sɛ morempo No da.

Mo nokorɛdie, ɔdɔ, ne Kristo mu awerɛhyɛmu bɛnwene mo suban ne sɛdeɛ moda nso sɛdeɛ Ɔteɛ. Mobɛnya ahotosoɔ ne ahoɔden de adi Satan sɔre tia so nkonim. Na sɛ moyɛ mfomsoɔ a, mobɛpere apɛ Ne bɔnefakyɛ. Awieeɛ no, mo daakye anidasoɔ bɛhyerɛn. Ɔde Ne tumi bɛnya awerɛhyɛmu wɔ mo mu de awie biribiara a Ɔhwehwɛ firi mo hɔ, mpo tumi sɛ wobɛsan aba Ne nkyɛn.

Medi adanseɛ kyerɛ mo fa anigyeɛ a ɛfiri nnwomtoɔ “ɔdima dɔ ho nnwom” mu ba ne sɛ moanya “ne dɔ abasa no atwa mo ho ahyia nna a ɛnni awieeɛ.” Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Retwe Yesu Kristo Tumi Aba Yɛn Asetena mu,” Liahona, Kɔtɔnimma 2017, 42.

  2. Asɔmfua gyedie firi Latin mu fides, a ɛkyerɛ “ahotosoɔ” (hwɛ Michiel de Vaan, Etymological Dictionary of Latin and the Other Italic Languages [2008], “fido”). Greek asekyerɛ, πίστις, kyerɛ aseɛ sɛ “nya ahotosoɔ” (see Robert Beekes, Etymological Dictionary of Greek [2010], 1:1161–62).

  3. “Gyedie yɛ ahotosoɔ ne awerɛhyɛmu wɔ Yesu Kristo mu” (Guide to the Scriptures, “Faith,” Gospel Library).

  4. Hwɛ “Look unto Christ” (worldwide discussion for youth, Ɔpɛpɔn 5, 2025), Gospel Library; hwɛ nso Alexander Dushku, “Pillars and Rays,” Liahona, Kɔtɔnimma 2024, 14–16.

  5. Hwɛ Neil L. Andersen, “Spiritually Defining Memories,” Liahona, Kɔtɔnimma 2020, 18–22.

  6. Hwɛ 2 Korintofoɔ 3:2–3; hwɛ nso Moroni 10:3; Russell M. Nelson, “Hear Him,” Liahona, Kɔtɔnimma 2020, 88–92.

  7. Hwɛ Ronald A. Rasband, “By Divine Design,” Liahona, Obubuo 2017, 55–57.

  8. Hwɛ Mosiah 2:20–21; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:21.

  9. Hwɛ “Appendix 1: Sixth Theological Lecture on Faith, circa Ɔpɛpɔn–Kɔtɔnimma 1835, as Published in Latter Day Saints’ Messenger and Advocate,” 124–25, josephsmithpapers.org.

  10. Hwɛ Moroni 7:41; hwɛ nso Stephen M. R. Covey and Rebecca R. Merrill, The Speed of Trust: The One Thing That Changes Everything (2006), 215.

  11. 2 Nephi 4:21.

  12. “Onyankopɔn ne m’adamfo. Ne mu mɛnya awerɛkyekyerɛ. Mehwehwɛ sɛ mɛka Kristo ho. Menkan me nkwa aboɔden mma me [gye sɛ] mede reyɛ deɛ ɔpɛ” (Teachings of Presidents of the Church: Joseph Smith [2007], 243–44).

  13. Bible Dictionary, “Gyedie.”

  14. Hebrifoɔ 11:6.

  15. Hwɛ Yohane 8:29.

  16. Gyenesis 39:9.

  17. Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:25.

  18. Titenani Gordon B. Hinckley kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Bɔ mpaeɛ kyerɛ wo Soro Agya wɔ Awurade Yesu Kristo din mu, na berɛ nyinaa, wɔ tebea biara mu, momfa mo asetena su ankasa so nkyerɛ mo nokorɛdie ne ɔdɔ” (“Loyalty,” Liahona, Kɔtɔnimma 2003, 60; hwɛ nso Brent J. Schmidt, Relational Faith: The Transformation and Restoration of Pistis as Knowledge, Trust, Confidence, and Covenantal Faithfulness [2022], 9; Teresa Morgan, Roman Faith and Christian Faith: Pistis and Fides in the Early Roman Empire and Early Churches [2015], 127–28).

  19. Hwɛ Russell M. Nelson, “The Everlasting Covenant,” Liahona, Oct. 2022, 4–11.

  20. “Hebrifoɔ asɛmfua a wɔde ma gyedie yɛ אמונה (emunah) na ɛyɛ adeyɛ-piafoɔ asɛm a asekyerɛ ne ‘boa.’ … [Ɛde] nneyɛɛ no to deɛ ‘ɔboa Onyankopɔn’ no so. Ɛnyɛ deɛ wɔnnim sɛ Onyankopɔn bɛyɛ, mmom mɛyɛ deɛ mɛtumi de aboa Onyankopɔn. Saa nsusuiɛ fa akyitae ho ma asɛm emunah no, wɔbɛtumi ahunu no wɔ Exodus 17:12. … Ɛyɛ akyitae/emunah a Aaron ne Hur wɔ na ɛsɔɔ Mose abasa mu, ɛnyɛ mmoa no/emunah ma Mose Sɛ yɛka sɛ, ‘Mewɔ gyedie wɔ Onyankopɔn mu,’ a ɛwɔ sɛ yɛdwene sɛ, ‘Mɛyɛ deɛ mɛtumi de aboa Onyankopɔn’” (Jeff A. Benner, “Faith,” Ancient Hebrew Research Center, ancient-hebrew.org).

  21. John 14:21; hwɛ nso verse 23.

  22. Hwɛ Yohane 15:9–10.

  23. Hwɛ Russell M. Nelson, “Retwe Yesu Kristo Tumi akɔ Yɛn Asetene mu,” 39–42.

  24. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:36.

  25. Hwɛ Neil L. Andersen, “Faith Is Not by Chance, but by Choice,” Liahona, Obubuo 2015, 65–68.

  26. Russell M. Nelson, “The Power of Spiritual Momentum,” Liahona, Kɔtɔnimma 2022, 99.

  27. Hwɛ Russell M. Nelson, “Ma Onyankopɔn Nni W’abrabɔ so,” LiahonaObubuo 2020, 92–95.

  28. Hwɛ Russell M. Nelson, “Apam Mma no,” Ensign, Kɔtɔnimma 1995, 32–35.

  29. Yesu yɛ m’adamfo. Obiara nni hɔ a wama me dodoɔ saa. … Mewɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛsusu sɛ mefata sɛ meyɛ N’adamfo” (Gordon B. Hinckley, “My Testimony,” Liahona, Kitawonsa 2000, 85).

  30. Hwɛ Yohane 6:67–68; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:20.

  31. Hwɛ Russell M. Nelson, “Choices for Eternity” (worldwide devotional for young adults, Kɔtɔnimma 15, 2022), Gospel Library; Richard G. Scott, 21 Principles: Divine Truths to Help You Live by the Spirit (2013), 90.

  32. Hwɛ Alma 48:17.

  33. Hwɛ Mosiah 4:2; Alma 36:18.

  34. Hwɛ Thomas S. Monson, “Be of Good Cheer,” Liahona, Kɔtɔnimma 2009, 92.

  35. Hwɛ Yesaia 58:9; Helaman 10:4–5; Ether 12:30; Moroni 7:33.

  36. Hwɛ 2 Nephi 25:23.

  37. Alma 5:26; hwɛ nso Alma 5:9; 26:13.

  38. 2 Nifae 1:15.