Amansan Nhyiamu
Mmɔborɔhunu Nhyehyɛeɛ
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


11:5

Mmɔborɔhunu Nhyehyɛeɛ

Awurade yɛ mmɔborɔhunufoɔ na yɛn Soro Agya nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ ampa.

Nkɔmhyɛni Nsatofrɛ

Oforisuo a ɛtwaa mu no, berɛ a anigyesɛm sɛ Asɔre no agye Kirtland Tɛmpol no akyi, Tetenani Russell M. Nelson too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnsua Kirtland Tɛmpol anobue mpaeɛ no, a wɔatwerɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam ɔfa 109 mu. Anobue mpaeɛ no, sɛ Titenani Nelson kaeɛ no, “yɛ nkyerɛkyerɛ fa sɛdeɛ honhom mu tɛmpol ahodoɔ ma mene wo tumi a yɛde bɛhyia asetena mu haw wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu.”

Megye di sɛ w’adesua wɔ ɔfa 109 de nhunumu a ɛhyiraa wo baeɛ. Anwummerɛ yi, mene mo kyɛ nneɛma kakra a mesuaeɛ berɛ a medii yɛn nkɔmhyɛni nsatofrɛ no so. Asomdwoeɛ kwan a m’adesua no dii anim no kaee me sɛ Awurade yɛ mmɔborɔhunufoɔ na yɛn soro Agya nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ ampa.

Asɛmpatrɛfoɔ Afoforɔ a Wɔresom wɔ Tɛmpol

Sɛdeɛ ebia wonim no, “wɔhyɛ asɛmpatrɛfoɔ a wɔfrɛ wɔn foforɔ no nkuran sɛ wɔnye tɛmpol akyɛdeɛ kronkron no ntɛm so na wɔnkɔ tɛmpol mpɛn pii sɛdeɛ asetena bɛma ho kwan.” Berɛ a wɔgye akyɛdeɛ kronkron awie no, wɔbɛtumi nso “asom sɛ tɛmpol adwumayɛfoɔ ansa na wɔafiri asɛmpatrɛ adwuma ase.”

Mmerɛ a wɔdi wɔ tɛmpol ansa na wɔawura MTC no bɛtumi ayɛ nhyira ama asɛmpatrɛfoɔ foforɔ berɛ a wɔsua tɛmpol apam ho asɛm ansa na wɔne wiase akyɛ saa apam ahodoɔ no nhyira.

Nanso wɔ ɔfa 109 sua mu no, mehunuu sɛ, wɔ tɛmpol no mu, Onyankopɔn ma asɛmpatrɛfoɔ foforɔ tumi—ampa ara, yɛn nyinaa—wɔ ɔkwan foforɔ a ɛyɛ kronkron so. Wɔ ahosohyira mpaebɔ no, a wɔnam adiyisɛm so de maeɛ no, Joseph bɔɔ mpae sɛ “sɛ wo nkoa bɛfiri wo fie hɔ akɔdi wo din ho adanseɛ a, “nnipa nyinaa“ “koma” bɛyɛ mmrɛ“—asase so “akɛsefoɔ” ne “ahiafoɔ nyinaa, ahohiahiafoɔ, ne [wɔn] a wɔwɔ haw nyinaa.” Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ “wɔn adwemmɔne bɛma nokorɛ kwan, na wo nkorɔfoɔ anya adɔeɛ wɔ wɔn nyinaa anim; sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asase no awieeɛ nyinaa bɛhunu sɛ yɛn, wo nkoa, ate wo nne, na wasoma yɛn.”

Yei yɛ bɔhyɛ a ɛyɛ fɛ ma ɔsɛmpatrɛfoɔ a wɔafrɛ no foforɔ—sɛ ɔbɛma adwemmɔne “afiri hɔ ama nokorɛ,” sɛ “ɔbɛnya obiara anim adom,” na wiase ahunu sɛ Awurade na asoma wɔn. Ampa yɛn mu biara hia saa nhyira korɔ yi. Nhyira a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛnya akoma ayɛ mmrɛ berɛ a yɛne afipamfoɔ ne adwumamfoɔ di nkutaho. Anobue mpaebɔ no nkyerɛkyerɛmu pɔtee sɛdeɛ yɛn berɛ a yɛdi wɔ tɛmpol mu no bɛma afoforɔ akoma ayɛ mmrɛ, nanso megye di sɛ ɛfam berɛ a yɛdi wɔ Awurade fie no ho ma ɛdwodwo yɛn ankasa akoma berɛ a ɛde yɛn adwene si Yesu Kristo ne Ne mmɔborohunu so no.

Awurade Bua Joseph Smith Mmɔborɔhunu Nkotosrɛ

Berɛ a mesuaa Kirtland nhyirasoɔ mpaeɛ no, me nso menyaa atenka sɛ mpɛn pii Joseph koto srɛɛ mmɔborɔhunu—maa Asɔremma no, Asɔre no atamfo, ɔman no mu akannifoɔ, asase so aman. Na ɔno ankasa no, ɔkoto srɛɛ Awurade sɛ ɔnkae no na ɔnhunu ne dɔfo Emma ne wɔn mma mmɔbɔ.

Atenka bɛn na Joseph bɛnya berɛ a, nnawɔtwe baako akyi, Easter anɔpa, Oforisuo 3, 1836, wɔ Kirtland Tɛmpol mu, Agyenkwa no puee ɔne Oliver Cowdery so, na sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam ɔfa 110, mu no, ɔkaa sɛ, “Magye saa fie yi atom, na me din bɛwɔ ha; na mɛyi me ho akyerɛ me nkorɔfoɔ wɔ mmɔborɔhunu mu.” Saa mmɔborɔhunu bɔhyɛ yi bɛtumi anya asekyerɛ sononko ama Joseph. Na sɛdeɛ Titenani Nelson kyerɛɛ wɔ Oforisuo a ɛtwaa mu no, saa bɔhyɛ yi nso“fa tɛmpol biara a wɔabue ano nnɛ mmerɛ mu ho.”

Hwehwɛ Mmɔborɔhunu wɔ Awurade Fie

Akwan bebree wɔ hɔ a yɛn mu biara bɛtumi ahwehwɛ mmɔborɔhunu wɔ Awurade fie. Yei ayɛ nokorɛ ɛfiri berɛ a Awurade dii kan hyɛɛ Israel sɛ wɔnsi ntamadan na wɔmfa “mmɔborɔhunu adwa no nsi ne mfinimfini.” Wɔ tɛmpol mu no, yɛhwehwɛ mmɔborɔhunu wɔ apam a yɛyɛ no mu. Saa apam ahodoɔ no, a asubɔ apam no ka ho no, kyekyere yɛn bɔ Agya no ne Ɔba no ho na ɛma yɛn akwanya pii wɔ deɛ Titenani Nelson akyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ “ɔdɔ ne mmɔborohunu sononko bi a wɔfrɛ no hesedwɔ Hebrifoɔ kasa mu.

Yɛhwehwɛ mmɔborɔhunu wɔ akwanya a yɛwɔ sɛ yɛsɔ yɛn mmusua ano ma ɛnni awieeɛ mmerɛ. Yɛsan nso ba bɛte aseɛ pefee kɛseɛ sɛ adebɔ, asehweɛ, Agyenkwa no mpata afɔrebɔ, ne yɛn tumi a yɛde bɛkɔ yɛn Soro Agya anim bio no—nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ no fa biara—yɛ mmɔborɔhunu a wɔda no adi. Nokwasɛm, yɛbɛtumi aka sɛ nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ anigyeɛ nhyehyɛeɛ no ara pɛ ɛfiri sɛ ɛyɛ “ mmɔborohunu nhyehyɛeɛ.”

Bɔnefafiri Hwehwɛ no Bue Pono a ɛkɔ Sunsum Kronkron no mu

M’ani sɔ bɔhyɛ fɛɛfɛ a ɛwɔ ɔfa 110 sɛ Awurade bɛda Ne ho adi wɔ mmɔborɔhunu mu wɔ Ne tɛmpol ahodoɔ mu. M’ani san sɔ deɛ ɛda no adi fa sɛdeɛ Awurade bɛda ne ho adi wɔ mmɔborohunu mu berɛ biara a yɛn, te sɛ Joseph, koto srɛ mmɔborohunu no.

Joseph Smith nkotosrɛ ma mmɔborɔhunu wɔ ɔfa 109 no nyɛ deɛ ɛdi kan a ne nkotosrɛ ma mmɔborohunu kanyann adiyisɛm. Wɔ Kwaeɛ Kronkron no mu, aberanteɛ Joseph bɔɔ mpaeɛ sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbɛhunu asɔre ko a ɛyɛ nokorɛ nko ara, na mmom ɔkaa sɛ “ɔsu kyerɛɛ Awurade pɛɛ mmɔborɔhunu, ɛfiri sɛ na obiara nni hɔ a mɛtumi akɔ ne nkyɛn akɔgye mmɔborɔhunu.” Ɔkwan bi so no, hu a ɔhunuu sɛ ɔhia mmɔborohunu na Awurade nko ara na ɔbɛtumi de ama no no boa buee ɔsoro mpomma. Mfeɛ mmiɛnsa akyi, ɔbɔfoɔ Moroni yii ne ho adi wɔ Joseph “mpaebɔ ne adesrɛ a ɔde kyerɛɛ Otumfoɔ Nyankopɔn sɛ ɔde me bɔne ne me mfomsoɔ nyinaa bɛfiri no.”

Saa adiyisɛm nhyehyɛeɛ yi a ɛdi mmɔborohunu nkotosrɛ akyi no yɛ deɛ wɔnim wɔ twerɛnsɛm no mu. Enos tee Awurade nne berɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ pɛɛ bɔnefafire akyi. Ɔhene Lamoni agya adwensakyera de ne mpaebɔ na ɛhyɛɛ aseɛ: “Mɛgyae me bɔne nyinaa mu na mahunu wo.” Ebia wɔrenhyira yɛn wɔ saa suahunu nwanwasoɔ yi mu, nanso wɔn a ɛtɔ mmerɛ bi a wɔpere sɛ wɔbɛte mpaebɔ ho mmuaeɛ nka no, Awurade mmɔborɔhunu hwehwɛ yɛ akwan no mu baako a tumi wom kɛse a yɛbɛfa so ate Sunsum Kronkron no adanseɛ nka.

Onyankopɔn Mmɔborɔhunu ho Adwennwene Bue Pono ma Mormon Nwoma no ho Adanseɛ

Wɔakyerɛkyerɛ nnyinasosɛm korɔ yi ara mu fɛfɛɛfɛ wɔ Moroni 10:3–5. Yɛtaa bɔ saa nkyekyɛmu yi mua de kyerɛkyerɛ sɛ, ɛnam nokorɛ mpaebɔ so, yɛbɛtumi ahunu sɛ Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ anaa. Mmom saa muabɔ yi bɛtumi abu ani agu mmɔborɔnunu dwumadie a ɛhohia so. Tie sɛdeɛ Moroni hyɛ n’afotuo ase: “Mɛtu mo fo sɛ, berɛ a mobɛkenkan saa nneɛma yi no, mobɛkae mmɔborɔhunu a Awurade ayɛ ama nnipa mma, ɛfiri berɛ a ɔbɔɔ Adam mpo de bɛsi mmerɛ a mo nsa bɛka saa nneɛma yi na moadwennwene ho wɔ mo akoma mu.”

Moroni hyɛ yɛn nkuran sɛ mma yɛnkenkan saa nneɛma yi nko ara—twerɛtohɔ a na ɔrebɛsɔ ano no—mmom yɛn nwene ho wɔ yɛn akoma mu deɛ Mormon Nwoma no da no adie “sɛdeɛ Awurade asi ahunu nnipa mma mmɔbɔ.” Ɛyɛ Awurade mmɔborɔhunu a yɛredwennwene ho no na esiesie yɛn ma “yɛsrɛ Onyankopɔn, Onniawieeɛ Agya no, wɔ Kristo din mu, sɛ saa nneɛma yi nyɛ nokorɛ a.”

Berɛ a yɛredwenne Mormon Nwoma no ho no, yɛbɛtumi abisa sɛ: Enti ɛyɛ nokorɛ ampa, sɛdeɛ Alma kyerɛkyerɛeɛ sɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ no ma awerɛhyɛmu sɛ onipa biara a woatena asase yi so pɛn no bɛsɔre afiri awufoɔ mu na wɔbɛsan de wɔn “nipadua a ɛwie pɛyɛ no ama wɔn”? Enti deɛ Amulek reka no yɛ nokorɛ—enti Agenkwa no mmɔborɔhunu bɛso obiara sɛdeɛ atɛntenenee nwononwon rehwɛhwɛ sɛ ebia ɛbɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛbɛtua ka na mmom “[atwa yɛn ho ahyia] wɔ ɔgyeɛ nsam”?

Enti ɛyɛ nokorɛ,sɛdeɛ Alma adi ho adanseɛ, sɛ Kristo anhunu amamne amma yɛn bɔne nko ara na mmom yɛn “yeaa ne amanehunu” sɛdeɛ Ɔbɛtumi “ahunu sɛdeɛ ɔbɛboa ne nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔn sintɔ teɛ”? Enti Awurade yɛ mmɔborɔhunnfoɔ saa ampa, sɛdeɛ King Benjamin kyerɛeɛ no, te sɛ akyɛdeɛ kwa, Ɔdimaa “wɔn a wɔawuo na wɔnnim Onyankopɔn apɛdeɛ a ɛfa wɔn ho anaasɛ wɔn a wɔayɛ bɔne a wɔnnim no bɔne”?

Enti ɛyɛ nokorɛ, sɛdeɛ Lehi kaeɛ no, sɛ “Adam hweease sɛ nnipa bɛwɔ hɔ; na nnipa wɔ hɔ, sɛ wɔbɛnya anigyeɛ”? Na ɛyɛ nokorɛ ampa, sɛdeɛ Abinadi dii adanseɛ, kaa Yesaia nsɛm, sɛ “wɔpiraa Yesu Kristo maa yɛn mmaratoɔ, ɔpira maa yɛn bɔne; na yɛn asomdwoeɛ ho asotwe da ne so; na ne mpiretwa so yɛnyaa ayaresa”?

Tɔfabɔ mu, Agya no nhyehyɛeɛ sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mormon Nwoma no mu yɛ mmɔborɔhunu ampa? Medi adanseɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ na asomdwoeɛ-ma ne anidasoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmɔborɔhunu ho wɔ Mormon Nwoma no mu no yɛ nokorɛ.

Nanso, mesusu sɛ ebia ebinom repere, ɛmfa ho ne mo gyedie akenkan ne mpaebɔ no, sɛ mobɛhunu Moroni bɔhyɛ a ɛne sɛ Ɔsoro Agya no “bɛda nokorɛ no adi akyerɛ mo, ɛnam Sunsum Kronkron tumi no so.” Menim saa aperedie yi ɛfiri sɛ metee nka, mfeɛ bebree a atwam, berɛ a me ankasa me kenkann Mormon Nwoma no kakra mmerɛ a ɛdi kan no amma me mpaebɔ ho mmuae a emu da hɔ ntɛm pa ara.

Sɛ worepere a, ma mento nsa mfrɛ wo ma wonni Moroni afotuo so sɛ dwennwene akwan bebree a Mormon Nwoma no kyerɛkyerɛ “sɛdeɛ Awurade ahunu nnipa mma mmɔbɔ”? Wɔ me suahunu mu no, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ woyɛ saa a, Sunsum Kronkron no asomdwoeɛ bɛtumi awura w’akoma mu na wobɛtumi ahunu, agye adi, na woate nka sɛ, deɛ Mormon Nwoma no ne mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ. .

Meda m’anisɔ adi wɔ Agya no mmɔborohunu nhyehyɛeɛ kɛseɛ no ho ne ɔpɛ a Agyenkwa no wɔ sɛ ɔbɛyɛ no ho. Menim sɛ ɔbɛda Ne ho adi wɔ mmɔborɔhunu mu wɔ Ne tɛmpol kronkron no mu ne yɛn asetena mu fa biara sɛ yɛbɛhwehwɛ no a. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Russell M. Nelson, “Rejoice in the Gift of Priesthood Keys,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 121.

  2. Russell M. Nelson, “Rejoice in the Gift of Priesthood Keys,” 121.

  3. General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 24.5.1, Gospel Library.

  4. Sɛdeɛ ɛteɛ wɔ tɛmpol nhyira nyinaa ho no, Onyankopɔn nhyira yi a ɔde bɛma no gyina yɛn apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol mu no so. Hwɛ Russell M. Nelson, “Overcome the World and Find Rest,” Liahona, Nov. 2022, 96: “Each person who makes covenants in temples—and keeps them—has increased access to the power of Jesus Christ.”

    Sɛ nhwɛsoɔ foforɔ no, dwene Titenafoɔ a Wɔdi kan asɛm a ɛfa tɛmpol ataadeɛ hyɛ ho: “Sɛ woyɛ di w’apam so, a akwanya kronkron ka ho sɛ wohyɛ ataadeɛ no sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔ nhyɛnmu ayɛyɛdeɛ mu no a, wobɛnya tumi kɛseɛ wɔ Agyenkwa no mmɔborɔhunu, bammɔ, ahoɔden, ne tumi mu” (General Handbook, 26.3.3.2; emphasis added).

  5. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:55–57.

  6. Hwɛ Russell M. Nelson, “The Lord Jesus Christ Will Come Again,” Liahona, Obubuo 2024, 121–22: “Here is my promise to you: Every sincere seeker of Jesus Christ will find Him in the temple. Mobɛte Ne mmɔborɔhunu nka.”

  7. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:34: “Hunu saa nkorɔfoɔ yi mmɔbɔ, na sɛ nnipa nyinaa yɛ bɔne no, fa wo nkorɔfoɔ mmaratoɔ firi wɔn, na ma ɛmpepa mfiri hɔ afebɔɔ.”

  8. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:50.

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:54. Joseph nso srɛɛ Awurade sɛ“ nya mmɔborɔhunu wɔ Jacob mma so, ama wɔatumi ahyɛ aseɛ agye Yerusalem, afiri saa dɔnhwere yi mu, na wɔahyɛ ɔgye ase abubu nkɔnsɔnkɔnsɔn kɔndua no afiri David fie mu; na Yuda mma ahyɛ aseɛ asan akɔ wɔn nsase so deɛ wode maa Abraham, wɔn agya no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:62–64).

  10. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:68.

  11. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:69. The Oxford English Dictionary defines mercy as “clemency and compassion shown to a person who is in a position of powerlessness” (“mercy,” oed.com). Mmɔborɔhunu, te sɛ adom, yɛ Onyankopɔn dɔ ne ayamye ho nkyerɛkyerɛmu—Ne hesed. Berɛ a mmɔborɔhunu ani si asotwe a ɛfata yɛn na wɔatwe asɛn so, adom mpɛn pii no ɛkyerɛ nhyira a Onyankopɔn de ma yɛn a yɛmfata na yensusu mfasoɔ a ɛwɔ ho.

  12. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:7.

  13. Wɔ mmɔborohunu a wɔayɛ ama obiara a ɔdaa no adi mu no, wɔka kyerɛɛ Joseph ne Oliver sɛ, “Hwɛ, wɔde mo bɔne akyɛ mo; mo ho ate wɔ m’anim, enti, momma mo tiri so na monni ahurisie ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:5).

  14. Russell M. Nelson, “Rejoice in the Gift of Priesthood Keys,” 119. Meto nsa frɛ wo sɛ dwennwene deɛ Awurade bɔhyɛ kyerɛ ma wo ankasa no ho.

  15. Hwɛ Bible Dictionary, “Tabernacle”: “The Holy of Holies contained only one piece of furniture: the Ark of the Covenant. Wɔ hyɛn no so ne nkatasoɔ no yɛ mmɔborɔhunu adwa no. Ɛne ɛhyɛn no somm wɔ aseɛ, sɛ afɔrebukyea a mpata a ɛkorɔn kɛse a Yudafoɔ mmara no nim nyaa so nsunsuansoɔ. Na wɔde bɔne afɔrebɔ Da no mu Mpata no mogya apete so.(Lev. 16:14–15). Na mmɔborohunu adwa no yɛ beaeɛ a Onyankopɔn animuonyam a wɔda no adi no wɔ (Ekso. 25:22).”

  16. Russell M. Nelson, “Onniawieɛ Apam No,” Liahona, Oct. 2022, 5. Sɛdeɛ Titenani Nelson kyerɛmu no, hesed nni Borɔfo nkyerɛaseɛ pɔtee , mmom ne nkyerɛaseɛ a wɔnim wɔ Apam Dada mu yɛ mmɔborɔhunu. Wɔ mpɛn 248 a asɛmfua hesed apue wɔ King James Version wɔ Apam Dada no mu, mmɔborɔhunu yɛ 149, ayamyɛ mpɛn 40, ɛna ɔdɔ-ayamyɛ mpɛn 30.(see Blue Letter Bible, blueletterbible.org/lexicon/h2617/kjv/wlc/0-1/

  17. Hwɛ General Handbook, 22.1. Ɔsomafoɔ Yohane kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛn mu biara ntumi mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɛnam Agyenkwa no so (hwɛ Yohane 14:6). Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu, Agyenkwa no ma saa nkyerɛkyerɛmu fɛfɛɛfɛ yi fa Ne mmɔborɔhunu nkotosrɛ de ma yɛn no ho.

    “Montie ɔno a ɔyɛ dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn no, ɔno a ɔresrɛ mo yiedie wɔ n’anim—

    “Reka sɛ: Agya, hwɛ ɔno a wannyɛ bɔne no amanehunu ne ne wuo, ɔno a ɔsɔ w’ani yie no; hwɛ wo Ba no mogya a wɔhwie guuiɛ, ɔno a wode no maae no mogya ama woatumi ahyɛ wo ho animuonyam;

    “Ɛno nti, Agya, fa me nuanom a wɔagye wo din adi no ho kyɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛba me nkyɛn abɛnya daa nkwa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:3–5).

  18. Titenani Jeffrey R. Holland kaa berɛ bi sɛ: “Ampa ara adeɛ a Onyankopɔn ani gye ho kɛse sɛ ɔyɛ Onyankopɔn no yɛ anigyeɛ a ɔwɔ sɛ mmɔborohunufoɔ, ɛnkanka wɔn a wɔnhwɛ kwan na wɔtaa te nka sɛ wɔmfata” (“The Laborers in the Vineyard,” Liahona, Kɔtɔnima 2012, 33). San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:19: “Afei, deɛn na yɛte wɔ asɛmpa no a yɛanya no mu? Anigyeɛ nne! Mmɔborɔhunu nne a ɛfiri soro; ne nokorɛ nne a ɛfiri asase mu; anigyesɛm ma awufoɔ; anigyeɛ nne de ma ateasefoɔ ne awufoɔ; ɛdɛ kɛseɛ ho anigyesɛm.”

  19. Alma 42:15. Mmɔborɔhunu akɔso atena nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no mfimfini pɛɛ. Akwanhwɛ twerɛnsɛm mmiɛnsa na ɛyɛ nkyerɛkyerɛmu. Nephi, de Mormon Nwoma no ti a ɛdi kan koraa no wie ka sɛ, Me Nephi mɛkyerɛ mo sɛ Awurade mmɔborɔhunu bɔkɔɔ no wɔ hɔ ma wɔn a wɔayi wɔn no, ɛnam wɔn gyedie nti, na wɔayɛ wɔn kɛseɛ akɔ ɔgyeɛ tumi mu” (1 Nephi 1:20).

    Eksodos 34:6Awurade ka Ne din kyerɛ Mose sɛ “Awurade Nyankopɔn no, Mmɔborɔhunu ne adom, abodwokyerɛ, ne papayɛ ne nokorɛ mmorosoɔ.” Ebinom susu sɛ Apam Dada mu Adiyifoɔ bɛtumi atwe adwene asi saa nkyekyɛmu yi so sene nkyekyɛmu foforɔ biara wɔ Apam Dada no mu (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Bible Project, “The Most Quoted Verse in the Bible,” bibleproject.com/podcast/most-quoted-verse-bible/).

    Wɔ Apam Foforɔ no mu, wɔ Luka nwoma no mu no, kae sɛ wɔmaa Sakaria tɔree“mum, na wantumi ankasa” berɛ a ɔgyee ɔbɔfoɔ no bɔhyɛ a ɛne sɛ Elisabeth a ɔwɔ ne mmerewa berɛ mu no bɛwo ɔba, a ɔbɛyɛ Yohane Osuboni no (Luka 1:20). Berɛ a wɔsanee Sakaria nne mu kora kora no, Sunsum Kronkron hyɛɛ no ma” na, wɔ badwam paemuka a ɛdi kan sɛ berɛ a wɔde ma Mesaia no aba awiei koraa no, “ɔhyɛɛ bɔ” sɛ Awurade bɛba “abɛyɛ adwuma mmɔborɔhunu no hyɛɛ yɛn agyanom bɔ, na wɔnkae saa apam kronkron yi; ntam no a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham” (Luka 1:67–73; nsisoɔ ka ho).

  20. Gospel Topics Essays, “First Vision Accounts,” Gospel Library; see especially the 1832 account.

  21. Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:29. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:5–6 ma nkyerɛkyerɛmu fa adwensakra asodie ho wɔ saa tumi yikyerɛ mmienu yi mu. Joseph kaa sɛ “Ɛnhia sɛ obiara susu sɛ medi fɔ wɔ bɔne kɛseɛ biara anaa bɔne biara ho,” nanso “ɔtee nka sɛ wɔabu no fɔ wɔ [ne] mmerɛyɛ ne sintɔ ahodoɔ ho” na ɔhia bɔne fafiri (Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:28–29).

  22. Hwɛ Enos 1:1–8.

  23. Alma 22:18. Alma mpaebɔ, “O Yesu, wo Onyankopɔn Ba, hu me mmɔbɔ,” fa me kɔ hann bunu mu na gye me firi yea mu (hwɛ Alma 36:17–20). Titenani Jeffrey R. Holland kaa Alma nkotosrɛ no ho asɛm berɛ bi sɛ: “Ebia mpaebɔ a ɛte saa, ɛwom sɛ ɛyɛ tiawa deɛ, nanso ɛyɛ deɛ ɛho hia sene ebiara a wobɛtumi aka wɔ wiase a ahwease mu. Mpaebɔ foforɔ biara a yɛbɛbɔ, ahiadeɛ foforɔ biara a yɛwɔ no, ne nyinaa san ba saa nkotosrɛ no mu: ‘O Yesu, wo a woyɛ Onyankopɔn Ba, hu me mmɔbɔ’” (Our Day Star Rising: Exploring the New Testament with Jeffrey R. Holland [2022], 170–71).

  24. Elder Kyle S. McKay kyerɛkyerɛɛ no fɛɛfɛ, “Joseph abrabɔ a ɔsakra daa daa no ma menya ahotosoɔ sɛ ‘ɔde akokoduro bɛba adom ahennwa so, na [me] anya mmɔborohunu’” (“The Man Who Communed with Jehovah,” Liahona, Obubuo 2024, 61).

  25. Moroni 10:3.

  26. Moroni nkotosrɛ no wɔatwerɛ no fɛfɛɛfɛ wɔ Nephi asɛm no mu wɔ Mormon Nwoma no mfiaseɛ pɛɛ, faako a ɔka n’ankasa tirimpɔ wɔ mprɛte no ntwerɛeɛ mu: “Hwɛ, me, Nephi, mɛkyerɛ mo sɛ Awurade mmɔborɔhunu a ɛyɛ bɔkɔɔ no wɔ wɔn a wɔapa wɔn nyinaa no, esiane wɔn gyidie nti, sɛ wɔbɛma wɔn ahoɔden mpo a ɛyɛ den ama wɔn a wɔpɛ ɔgyeɛ tumi” (1 Nephi 1:20).

  27. Moroni 10:4.

  28. Hwɛ Mormon 9:13.

  29. Alma 40:23: Wɔbɛma ɔkra no abɛyɛ honamdua, na honamdua no abɛyɛ ɔkra; aane, na nsa ne ɛnan ne apɔsoapɔso bɛka asisi anim ama abɛyɛ ne honamdua; aane, wɔn tiriso nwii baako mpo renyera; na mmom nneɛma nyinaa bɛsi ne dadaa mu ayɛ foforɔ sɛdeɛ ɛteɛ seesei yi.”

  30. Alma 34:16. Berɛ a yɛdwennwene sɛdeɛ Awurade ayɛ mmɔborɔhunu no ho no, ebia wɔbɛsɔ yɛn ahwɛ sɛ yɛbɛtwa mmɔborɔhunu afiri atɛntenenee mu —sɛ yɛbɛdwene sɛ yɛn soro Agya no ɔdɔ mmɔborɔhunu no nko ara bɛtumi adi atɛntenenee so nkonim. Nanso sɛdeɛ Alma kyerɛkyerɛeɛ no, “mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ no antumi amma mu gye sɛ mpata ba mu. Ɛno nti Nyankopɔn no ara de ne ho yɛɛ mpata maa wiase bɔne, ama mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ no aba mu, abɛma atɛntenenee bo atɔ ne yam, ama Nyankopɔn ayɛ Nyankopɔn a ɔwie pɛ yɛ, Nyankopɔn nokwarefoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Nyankopɔn nso ” (Alma 42:15; nsisoɔ ka ho).

    Agyenkwa no mmɔborɔhunu dɔ a ɔwɔ ma yɛn no nyinaa ntumi nnye yɛn. Mmom, na ɛyɛ N’amanehunu a ɛfa atɛntenenee a wɔhwehwɛ ankasa na ɛyɛ yea ankasa ho no na ɛma yɛgye yɛn nkwa. Nokorɛ mu no, yei mma ne dɔ ho hia a ɛhia no so nte. Nokorɛ, na ɛyɛ Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn—ne ɔpɛ a Ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ Agya no apɛdeɛ a ɔno nso dɔ yɛn—no na ɛmaa Ɔnyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛhu amane (hwɛ Yohane 3:16; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 34:3). Nanso ɔdɔ nko ara antumi anyɛ adwuma.

    Ɛtɔ da a, yɛbɛtumi de yɛn adwene asi ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no so kɛse sɛdeɛ ɛteɛ no ara ama yɛn werɛ afiri ɔkwan a yɛfa so yɛ no—sɛdeɛ abɔdeɛ mu mmarima ne mmaa a wɔn nneyɛɛ tɔ sini wɔ mmaransɛm no so die mu—hwehwɛ sɛ atɛntenenee bɛdi yie. Sɛ yɛante ne dɔ no ase na yɛbu no sɛ ɛreyi atɛntenenee afiri hɔ a, yɛbu Ne mpata afɔrebɔ akyɛdeɛ ne amanehunu a ɔyɛ de tuaa atɛntenenee boɔ a ɛyɛ hu no animtia. Ɛbɛtumi ayɛ abamubuo kɛse ama Ne ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no sɛ yɛte Ne mpata afɔrebɔ no ase sɛ ɛho nhia a. Hwɛ sɛdeɛ ɛyɛ sɛ yɛbɛhwɛ atɛntenenee apɛdeɛ no nyinaa pɛpɛɛpɛ na afei yɛn ani asɔ sɛ Ɔdɔ yɛn dodo ma wasoa saa abisadeɛ kann no wɔ yɛn ananmu.

  31. Alma 7:11–12.

  32. Mosiah 3:11.

  33. 2 Nephi 2:25.

  34. Mosiah 14:5.

  35. Moroni 10:4.

  36. Moroni 10:3.

  37. Titenani M. Russell Ballard hyɛ yɛn nkuran sɛ “yɛnni adanseɛ wɔ deɛ yɛ nim na yɛgyidie ne deɛ yɛte nka” (“Remember What Matters Most,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 107).

  38. Wɔ nsusuiɛ yi a mede rema mo no, ɛnyɛ m’adwene sɛ mede “nsɛm a wɔayɛ” a wɔde bɛsi ananmu ama adanseɛ a ɛfa nokorɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu anaa asɛmpa no mu. Sɛdeɛ Elder David A. Bednar akyerɛkyerɛ no, adiyisɛm bɛtumi aba te sɛ “hann a wɔasɔ wɔ dan a emu yɛ sum mu,” baabi a wɔgye adiyisɛm no “ntɛm ara, kora, kora ne ne nyinaa prɛko pɛ.” Ɛbɛtumi nso aba te sɛ “hann a ɛkɔ so nkakrankakra firi owia a ɛrepue no mu, ɛha kakra ɛna ɛhɔ kakra (2 Nephi 28:30). Nkutahodie a ɛte saa a ɛfiri Ɔsoro Agya hɔ no de nkakrankakra ne brɛoo ‘bɛgu wɔ [yɛn kra] so te sɛ osusuo a ɛfiri soro’ [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:45]. Adiyisɛm nhyehyɛe yi taa yɛ deɛ abu so sene deɛ ɛho yɛ na” (“The Spirit of Revelation,” Liahona, Kɔtɔnima 2011, 88).