Mmerɛ A Wɔde Nneɛma Nyinaa Asan Aba
(Asomafoɔ 3:21)
“Asɛmpa” a ɛho hia na ɛyɛ animuonyam kyɛn biribiara ne nkrasɛm a ɛne sɛ Awurade Yesu Kristo asan de N’asɛmpa ne Asɔre no aba wɔ nna a ɛdi akyire no mu.
Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ɔhyehyɛeɛ mfeɛ 195 a atwam ne nnɛ, wɔ Oforisuo 6, 1830.
Agyidifoɔ ne nnamfoɔ asafo ketewa bi boaboaa wɔn ho ano maa adeyɛ titire a ɛyɛ anigye yie. Honhom hwiegusoɔ kɛseɛ hyiraa wɔn a ɔbaeɛ nyinaa berɛ a wɔde adidikronkron no maaeɛ no, wɔde Honhom Kronkron akyɛdeɛ no maaeɛ, wɔyɛɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ, na wɔkaa Yesu Kristo Asɛmpa no mu nokorɛ ho asɛm.
Wɔ N’asɔre a na ɔresan de abɛsi hɔ no mu no, sɛnea adiyisɛm kyerɛ no Awurade yii Joseph Smith a wadi mfeɛ 24 no sɛ n’asase so kannifoɔ: “adehunufoɔ, nsɛm asekyerɛfoɔ, nkɔmhyɛni, Yesu Kristo somafoɔ, asɔre no panin a ɔnam Onyankopɔn Agya no apɛdeɛ so, ne w’Awurade Yesu Kristo adom so.”
Mede anibereɛ bɔ mpaeɛ pɛ Honhom Kronkron mmoa berɛ a yɛresusu hia a ɛhia ne nkɛntɛnsoɔ a ɛkɔ so wɔ saa adeyɛ baako pɛ yi mu wɔ wiase abakɔsɛm mu.
Yikyerɛ a Ɛdi Kan No
Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ no yɛ anwanwadeɛ mu suahunu ahodoɔ a ɛtoatoa soɔ no awieɛ. Suahunu ahodoɔ yi mu nea edi kan no sii mfeɛ 10 a atwam ni wɔ New York atifi fam.
Wɔ 1820 ahuhuro berɛ mu no, abarimaa kumaa bi a wɔfrɛ no Joseph Smith kɔɔ kwaeɛ a ɛbɛn ne fie no mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na ɔwɔ nsɛmmisa a ɛfa ne kra nkwagyeɛ ho, na na ne kɔn dɔ “sɛ ɔbɛhu sɛ [asɔre ahodoɔ] no nyinaa mu nea ɛtene, sɛ [ɔ]hu nea ɛsɛ sɛ ɔka ho.” Joseph nyaa ahotosoɔ sɛ Onyankopɔn bɛbua ne mpaebɔ na wakyerɛ no kwan.
Yɛsrɛ sɛ hyɛ no nso sɛ Joseph ammɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛhunu nea ɛtene ara kwa. Mmom no, ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛhunu nea ɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ayɛ nea ɛtene. Joseph bisaa wɔ gyedie mu na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ adeɛ sɛnea mmuaeɛ a ɔnyaaɛ no teɛ.
“Wɔ [mmuaeɛ] mu wɔ Ne mpaebɔ a ɛfiri akoma mu no, Agya Nyankopɔn ne Ne Ba Yesu Kristo, pue maa Joseph na wɔbuee ‘nneɛma nyinaa a wɔbɛsan asiesie no’ ano (Asomafoɔ Nnwuma 3:21) sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Twerɛ Kronkron mu no. Wɔ saa anisoadehunu yi mu no, ɔtee sɛ mfitiaseɛ Asomafoɔ no wuo akyi no, Kristo Apam Foforɔ Asɔre no yerae firii asase so.” Joseph Smith bɛyɛ adwinnadeɛ a ɛbɛma wɔasan de nkyerɛkyerɛ, tumidie, ne apam ne ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ Agyenkwa no tete Asɔre no mu aba bio.
Joseph sii so dua sɛ: “Mehunuu nnipa baanu, a wɔn hann ne wɔn animuonyam tia nkyerɛkyerɛmu nyinaa, gyina m’atifi wɔ wiem. Wɔn mu baako ne me kasaae, na ɔde me din frɛɛ me, de ne nsa kyerɛɛ ɔfoforɔ no so—Wei Ne Me Dɔba. Tie No!”
Ɛnam saa anisoadehunu yi ne nsɛm a ɛwɔ soro a ɛdi akyire yi so no, Joseph Smith bɛtee aseɛ sɛ Onyankopɔn ne Yesu Kristo nim no sɛ ankorankoro, na wɔdwene ne daa nkwagyeɛ ho, na wɔwɔ asɛmpatrɛ adwuma ma no sɛ ɔnyɛ. Ɔsuaa asuadeɛ ahodoɔ a ɛho hia nso wɔ Nyameti no su, ne suban, ne ne pɛyɛ ho—na sɛ Agya no ne Ɔba no yɛ nnipadua a wɔate wɔn ho na wɔda soronko. Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba ankasa wɔ Honhom ne honam mu.
Joseph Smith paee mu kaa sɛ ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yɛ honam mu nipadua. Ɔkaa sɛ, “Agya no wɔ honam ne nnompe nipadua a ɛda adi te sɛ onipa deɛ; ɔba no nso; nanso Honhom Kronkron no nni honam ne nnompe nipadua, na mmom ɛyɛ honhom mu nipa.”
Medi adanseɛ sɛ agya no ne ne ba a wɔkɔɔ Joseph Smith hɔ no yɛ adeyɛ a ɛhyɛ aseɛ wɔ ade kɛseɛ “nneɛma a Adiyifoɔ Kronkron no nyinaa ka ho asɛm nyinaa mu firi berɛ a wiase hyɛɛ aseɛ no.”
Mormon Nwoma No
Nea ɛto so mmienu wɔ anwanwadeɛ mu suahunu ahodoɔ a ɛtoatoa so a ɛde Agyenkwa no Asɔre a wɔasan de asi hɔ no nhyehyɛeɛ a wɔahyɛ da ayɛ no mu no ne Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ a ɛbaaɛ.
“Yɛsan di adanseɛ sɛ wɔmaa Joseph Smith Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi sɛ ɔmfa nkyerɛkyerɛ tete twerɛtohɔ bi ase; Mormon Nwoma No—Yesu Kristo Adanseɛ Foforɔ Bi. … Saa atwerɛ kronkron yi bino[m] ne Yesu Kristo ankasa som adwuma a ɛwɔ nnipa a wɔwɔ Atɔeɛ Fam no ho twerɛtohɔ wɔ Ne Wusɔreɛ akyi berɛ tiaa bi no ho. [Mormon Nwoma] no kyerɛkyerɛ abrabɔ botaeɛ na ɛkyerɛkyerɛ Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ saa botaeɛ no mu ade titire no mu. Sɛ twerɛnsɛm a ɛka Twerɛ Kronkron ho no, Mormon Nwoma No di adanseɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ Agya dɔfoɔ bi a ɔwɔ ɔsoro mma marimma ne mma mmaa, na ɔwɔ ɔsoro nhyehyɛeɛ bi ma yɛn abrabɔ, na afei Ne Ba, Yesu Kristo, kasa kyerɛ yɛn nnɛ tesɛ tete mmerɛ no mu.”
Sɛ Agyenkwa no Asɔre a Ɔde asan aba mma no, “Yɛgye Twerɛsɛm no di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm mpɛn dodoɔ a ne nkyerɛaseɛ yɛ nea ɛtene; yɛsan nso gye Mormon Nwoma no di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm.” Mormon Nwoma no yɛ Yesu Kristo adansedie foforɔ, ɛsi so dua sɛ Twerɛ Kronkron no yɛ nokorɛ, na ɛsan de nokorɛ a ɛda adi pefee na ɛsom boɔ a ɛyeraeɛ firii Twerɛ Kronkron mu no ba.
Asɔfodie a Asan Aba
Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no kyerɛkyerɛ sɛ mfitiaseɛ Asɔre a Agyenkwa no de sii hɔ, a ɛwɔ tumi, nkyerɛkyerɛ, ne apam ne ayɛyɛdeɛ no, yeraeɛ firii asase so. Sɛ nneɛma nyinaa a wɔsan de sii hɔ wɔ nna a edi akyire no mu no fa no, tete adiyifoɔ ne asomafoɔ no ankasa de asɔfodie tumi maa Joseph Smith ne asɔfodie nsafoa a wɔde ama no. Yei ne nea ɛto so mmiɛnsa wɔ anwanwadeɛ mu suahunu ahodoɔ a ɛtoatoa so a ɛde Agyenkwa no Asɔre a wɔasan de asi hɔ no nhyehyɛeɛ a wɔahyɛ da ayɛ no mu.
Asɔfodie tumi ma Onyankopɔn nkoa kwan ma “wɔgyina hɔ ma [No] san di dwuma Ne din mu.” “Asɔfodie nsafoa yɛ tumi a wɔde kyerɛ asɔfodie a wɔde di dwuma no wɔ Onyankopɔn mma ananmu.”
Wɔ Agya ne Ɔba no akwankyerɛ ase, Yohane Osubɔni no a wasɔre awufoɔ mu no san de tumi a wɔnam nsuwura mu bɔ asu de hohoro bɔne no baae. Wɔ saa afe no ara mu, Asomafoɔ Dumienu a wɔhyɛɛ aseɛ no mu mmeɛnsa—Petro, Yakobo ne Yohane—san de asomafoyɛ ne asɔfodie tumi nsafoa no baae.
Mfeɛ nsia akyi wɔ Asɔre no nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ no akyi, wɔ Kirtland Tɛmpol mu, Mose, Elias, ne Elia de tumi foforɔ hyɛɛ Joseph den a ɛho hia na ama wɔatumi ayɛ Onyankopɔn adwuma wɔ nna a ɛdi akyire no mu.
Mose de Israel anoboaboa nsafoa no maaeɛ.
Elias de Abraham Asɛmpa no ho nhyehyɛeɛ maaeɛ, a Abraham apam no a wɔsan de sii hɔ no ka ho.
Elia de tumi a wɔde hyɛ nsɔano no nsafoa, na ɛde tumi a ɛma ayɛyɛdeɛ ahodoɔ a wɔyɛ wɔ asase so no yɛ nea ɛkyekyere daapem, te sɛ mmusua a wɔde wɔn ho abɔ wɔn ho wɔ daa abusuabɔ a ɛboro owuo so no maaeɛ.
Wahyehyɛ Yesu Kristo Asɔre no
Berɛ a Joseph Smith kyerɛɛ Mormon Nwoma no ase no, ɔnyaa adiyisɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan de Yesu Kristo Asɔre no asi hɔ bio. Nanso Awurade hyɛɛ Joseph sɛ ɔnhyehyɛ N’asɔre ntɛm ara. Mmom, “ɛnam nkɔmhyɛ ne adiyisɛm honhom so” Awurade yii no adi kyerɛɛ Joseph sɛ “da pɔtee … [ɛsɛ sɛ] ɔtoa so hyehyɛ N’asɔre no prɛko pɛ [bio,] wɔ asase so.”
Wɔhyehyɛɛ asɔre no nnidisoɔ nnidisoɔ sɛnea ɛfata berɛ a wɔsan de asɔfodie no sii hɔ na wɔtintim Mormon nwoma no akyi nkutoo. Mormon Nwoma no a wɔdii kan tintimeeɛ baa dwa so Ɔbɛnem 26, 1830, Ɛna wɔhyehyɛɛ Asɔre no Oforisuo 6.
“Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no … yɛ Kristo Apam Foforɔ Asɔre no a wɔasan de asi hɔ. Asɔre no somugyinafoɔ no ne tweaseboɔ hene, Yesu Kristo ne Ne Mpata-wuo a enniawieɛ ne Ne wusɔreɛ no so. Yesu Kristo asan afrɛ N’asomafoɔ bio na wama wɔn asɔfodie tumi. Ɔto nsa frɛ yɛn nyinaa sɛ yɛmmra Ɔne N’asɔre nkyɛn na yɛmmɛgye Honhom Kronkron no, nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ na yɛadi dɛ a ɛnsa da.”
Asɛmpa Berɛ mu Mahyɛ
Agya ne Ɔba no a wɔpuee maa Joseph Smith, Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ ne ne ba, ne asɔfodie tumi ne nsafoa a wɔsan de sii hɔ no yɛ adeɛ a ɛhia sɛ wɔdi kan yɛ ansa na wɔahyehyɛ Awurade Asɔre a wɔasan de asi hɔ no mfeɛ 195 a atwam nnɛ.
Wɔ Apam Dada no mu no, nkɔmhyɛni Daniel kyerɛɛ daeɛ bi a ɛfa ɛboɔ bi a wɔbɛtwa afiri bepɔ a nsa nni mu ase na ahyɛ asase nyinaa so ma. Asɔre no nhyehyɛeɛ akyi afe baako no, Awurade kyerɛɛ Joseph Smith sɛ Onyankopɔn ahennie no nsafoa no asan “abɛhyɛ onipa mu wɔ asase so” na “wɔde [Yesu Kristo] bɛbobɔ akɔ asase ano, sɛnea ɛboɔ a wɔatwa afiri bepɔ no so no a nsa nni mu no.”
Medi adanseɛ sɛ: Awurade rema Ne bɔhyɛ aba mu. Wɔde Agyenkwa Asɔre a wɔasan de asi hɔ no asi hɔ wɔ wiase nyinaa na ɛyɛ adwinnadeɛ a Onyankopɔn nam so “bɛboaboa nneɛma nyinaa ano wɔ Kristo mu, deɛ ɛwɔ soro, ne deɛ ɛwɔ asase so; mpo ne mu.”
Awurade nna a edi akyire adwuma no “yɛ adeɛ a ɛma Onyankopɔn nkorɔfoɔ ani gye ho wɔ mfeɛ biara mu; ɛyɛ asɛmti a adiyifoɔ, asɔfoɔ ne ahene de anigyeɛ soronko atena so; wɔde anigyeɛ ahwɛ kwan sɛ yɛbɛhwɛ da a yɛte mu no kwan; na wɔde ɔsoro nkanya ne anigyeɛ ho anidasoɔ ato dwom na wɔatwerɛ na wɔhyɛɛ saa yɛn da yi ho nkɔm.”
Wɔ saa asɛmpa no fa kɛseɛ yi nyinaa mu no, “aka abom a ɛyɛ mu na ɛdi mu na ɛyɛ pɛ, na ɛka bom yɛ nneɛma a ɛho hia, ne nsafoa, ne tumi, na anuonyam ba, na wɔda no adi firii Adam berɛ so bɛsi mprempren berɛ yi mu. Na ɛnyɛ yei nko, na mmom saa nneɛma a wɔanna no adi da ɛfiri wiase fapem no mu no bɛda adi wɔ yei mu , asɛmpa berɛ mahyɛ mmerɛ no.”
Kɔmhyɛni Joseph kyerɛkyerɛɛ mu kɔɔ akyiri sɛ, “Ayɛyɛdeɛ ne asɛdeɛ ahodoɔ a asɔfokuo no ahwehwɛ pɛn nyinaa, wɔ Adeɛ Nyinaa so Tumfoɔ no akwankyerɛ ne ne mmaransɛm ase wɔ mmerɛ no mu biara mu no, wɔn nyinaa bɛnya wɔ nhyehyɛeɛ a ɛtwa toɔ no mu a ɛde sanfama nkɔmhyɛ a Adiyifoɔ Kronkron no nyinaa aka ho asɛm no aba mu.”
Bɔhyɛ Ahodoɔ ne Adanseɛ
Mabɔ mmɔden sɛ mɛbɔ nneɛma atitire a ɛwɔ “asɛmpa ho amanneɛbɔ pa mu no tɔfa” onipa biara a ɔwɔ wiase baabiara no bɛtumi anya—nkrasɛm a ɛne sɛ Awurade Yesu Kristo asan de N’asɛmpa ne N’asɔre no aba wɔ nna a ɛdi akyiri no mu.
Meto nsa frɛ nnipa nyinaa sɛ wɔnsua saa nkrasɛm yi na wɔnni ho adanseɛ. Mehyɛ bɔ sɛ ankorankoro “a wɔde mpaebɔ sua sanfama no ho asɛm na wɔyɛ wɔn adeɛ wɔ gyedie mu no bɛnya nhyira [ɛnam Honhom Kronkron tumi so] sɛ wɔbɛnya wɔn ankasa adanseɛ a ɛfa ne nyamesu ne n’atirimpɔ ho sɛ wɔbɛsiesie wiase no ama yɛn Awurade ne Agyenkwa no, Yesu Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu a wɔahyɛ ho bɔ no.” Berɛ a worebɔ mpaeɛ anibereɛ so a wohwɛ kwan sɛ wobɛnya na woayɛ ho biribi wɔ mmuaeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ, sɛdeɛ aberanteɛ Joseph Smith nso yɛeɛ no, wo tumi a wode bɛhunu na woayɛ ho biribi no bɛkɔ soro.
Me di adanseɛ sɛ Onyankopɔn, Daa Agya no, yɛ yɛn Agya. Masɔ ahwɛ na medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Agya no Ba a Ɔdɔ no na Ɔno nko ara na ɔwoo no wɔ honam mu. Ɔno ne yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ.
Mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Agya no ne Ɔba no yii wɔn ho adi kyerɛɛ abarimaa Joseph Smith, na ɔnam saa kwan yi so hyɛɛ Yesu Kristo Asɛmpa no a wɔbɛsan de asi hɔ no ase wɔ nna a ɛdi akyire no mu. Mormon Nwoma no yɛ Yesu Kristo adanseɛ baako nso.na Onyankopɔn asɛm na ɛwɔ mu. Asɔfodie tumi a wɔde bɛgyina Agyenkwa no ananmu na wɔayɛ adeɛ wɔ Ne din mu bio no, wɔhunu wɔ asase so. Na Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no yɛ Kristo Apam Foforɔ Asɔre no a wɔasan de asi hɔ. Medi m’adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ sɛ saa nneɛma yi nyinaa yɛ nokorɛ wɔ Awurade Yesu Kristo din kronkron mu, Amen.