Na Yɛka Kristo Ho Asɛm
Yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ, na yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛgye na yɛakyɛ Ne hann.
Nnianimu
Wɔ amannɔne dwumadie bi a na ɛware no awieɛ no, me yere Lesa ne me kɔɔ wiemhyɛn gyinabea bi mu wɔ ahoboa a wɔ wiemhyɛn akwantuo baako pɛ bio—yɛakyɛ-sɛ—yɛbɛkɔ fie. Berɛ a yɛne afoforɔ pii retutu anammɔn maako maako wɔ santene tenten mu no, Yɛtee nka sɛ dadwene a ɛrekɔ soro wɔ yɛn mfɛfoɔ akwantufoɔ fa wiemhyɛn a wɔbɛyɛ, akwantuo tumi krataa visa mu nhwehwɛmu ho, ne ahobammɔ ho nhwehwɛmu a wɔyɛ no yie no wɔn fa mu no.
Awieɛ no yɛduruu gyinabea bi a na kostɔm panin bi a ɛte sɛ nea adwenndwen ne dadwen a ɛkɔ soro wɔ dan no mu no mmfa ne ho koraa. Ɛkame ayɛ sɛ ɔde mfidie, a na ɔnni aniwa biara a ɔde hwɛ no, ne nsa kaa me nkrataa, ɔsii me mfonini no so dua, ɔde ne nsa bɔɔ kratafa baako akyi, na awieɛ no ɔtimm m’akwantuo nkrataa no ahoɔden so.
Na afei ɔtenee ne nsa gyee Lesa nkrataa. Esiane adwene haw a ɔnni wɔ n’adwuma so nti, ɔde n’ani a onim ho nimdeɛ bɔɔ nkratafa no mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ so, na ɔde n’adwene sii nkrataa a ɛwɔ n’anim no ho nsɛm so. Yɛn ho dwirii yɛn kakra berɛ a ɔgyinaa hɔ mpofirim, maa ne ti so, na ɔde n’ani hwɛɛ Lesa wɔ ɔkwan a ɔhyɛ da hwɛ a ɛkɔ soro a ɛyɛ hyeɛ so. Ɔde sereɛ a ɛyɛ dɛ ɔtimm Lesa akwantuo akwanya krataa no so brɛoo na ɔde nkrataa no san maa no. Me yere sere hwɛɛ no nso, gyee nkrataa no toom, na ɔde nsɛm a emu yɛ dɛ memaa wɔn ho dii nkra.
“Deɛn na ɛsii seesei?” Mebisaeɛ firisɛ mennye nni.
Afei Lesa kyerɛɛ me nea ɔnanmusifoɔ no ahunu—krataa ketewa bi a Agyenkwa no mfonini wɔ so. Na ayi afiri ne pɔɔso mu mpofrim akɔhyɛ n’akwantuo akwanya krataa no mu. Yei na kostom ɔfisa no ahunu no. Yei na na asesa n’anim tebea no.
Adom ne Nokorɛ, a Simon Dewey kyerɛeɛ, a Altusfineart.com na ɛmaa ho kwan, © 2025, wɔde dii dwuma wɔ kwan so
Saa Agyenkwa no mfonini ketewa yi na ɛde ahɔhoɔ baanu a anka wɔn ntam ateɛ no ama wɔn akoma abom. Ɛsesa firii dodoɔ mu kɔɔ ankorankoro so, na ɛkyeree ahoɔfɛ, anwanwadeɛ, ne nokwasɛm a ɛyɛ Yesu Kristo hann no. Wɔ saa da no mu nkaeɛ no mu ne mpɛn pii no, madwendwen saa berɛ a ɛyɛ dɛ na ɛyɛ ahodwiri no na mani agye wɔ Kristo hann a ɛwɔ Onyankopɔn mma so no animuonyam nkɛntɛnsoɔ so.
Yɛkasa fa Kristo Ho
Yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ, na yɛhwehwɛ sɛ yɛn baanu nyinaa bɛgye na yɛakyɛ Ne hann. Nea ɛda adi wɔ Asɔre no din mu ne yɛn nyamekyerɛ a ɛne sɛ “Yesu Kristo ankasa ne ɔboɔ a ɛwɔ ntwea so titire.” Ɛnam tete ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ so, yɛn Soro Agya no ahyɛ yɛn sɛ “tie No!” na “yɛn mmra Kristo nkyɛn.” “Yɛka Kristo ho asɛm, yɛn ani gye wɔ Kristo mu, yɛka Kristo ho nsɛmpa, [na] yɛhyɛ Kristo ho nkɔm.”
Yɛkyerɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, Na wɔ N’asase so som adwuma mu no, Yesu kyerɛkyerɛɛ N’asɛmpa no na ɔde N’Asɔre no sii hɔ.
Yɛdi adanseɛ sɛ wɔ N’asetena awieeɛ mu no, Yesu hunuu amane wɔ Getsemane Turo mu no, wɔbɔɔ no famm asɛnnua ho, na afei wɔnyane no.
Yɛdi ahurisie Agyenkwa no mpata afɔrebɔ no nti, sɛ yɛsakyera a yɛbɛtumi anya bɔnefakyɛ na wɔate yɛn ho afiri yɛn bɔne ho. Yei de asomdwoeɛ brɛ yɛn na ɛma ɛyɛ yie sɛ yɛbɛtumi asan akɔ Onyankopɔn anim na yɛn anigyeɛ ahyɛ ma.
Yɛhyɛ nkɔm sɛ esiane Yesu Wusɔreɛ nti, owuo nyɛ awieɛ na mmom anammɔn a ɛho hia a ɛkɔ anim. “Yɛn nyinaa bɛsɔre bio yɛn wuo akyi. Yei kyerɛ sɛ onipa biara honhom ne honamdua bɛsan aka abom bio na watena ase afebɔɔ.”
“Bra Yesu nkyɛn”
Nkɔmhyɛfoɔ a wɔte ase wɔ yɛn berɛ yi mu—a wɔnya adiyie nsɛm firi Onyankopɔn hɔ de kyerɛkyerɛ yɛn na wɔdi yɛn anim no—reto nsa afrɛ yɛn kɛse sɛ yɛmmra Kristo nkyɛn. Wɔreboa yɛn ama yɛde yɛn akoma, yɛn aso ne yɛn ani asi Ne so kɛse. Yɛbɛtumi aka nsakraeɛ ne nkɔsoɔ ho nhwɛsoɔ pii a Atitenafoɔ a Ɔdi Kan no de too dwa a wɔayɛ sɛ wɔde bɛtwe adwene asi Yesu Kristo so no ho asɛm. Yeinom bi ne:
-
Gyinaeɛ a wɔsii sɛ wɔbɛma edin “Mormon Asɔre” no atwam na wɔde din a ɛfata asi ananmu, Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ Hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahotefoɔ.
-
Adwini foforɔ a wɔde Kristo ayɛ asɛmti a ɛfiri honhom mu a wɔde bɛkyerɛ wɔ ahyiadan ahodoɔ mu wɔ hɔ.
-
Mmabaa ne Aaronic asɔfodie kuo asɛmti ne nnwom a wɔde twee adwene sii Yesu Kristo so, te sɛ “Kristo Suani” ne “Hwɛ Kristo.”
-
Yesu Kristo ho Mpata ne owusɔreɛ ankasa a wɔsi so dua kɛse sɛ nsɛm a ɛyɛ animuonyam kyɛn biribiara wɔ abakɔsɛm mu.
-
Easter afahyɛ sɛ berɛ na ɛnyɛ dapɔnna bi kɛkɛ, a wɔsi so dua wɔ Yesu Kristo mu.
-
Yesu Kristo Asɔre no ne ne sɛnkyerɛnne kwan so su no ho nkyerɛkyerɛmu a wɔde aniwa hu no baeɛ.
Momma yɛnhwɛ nkɛntɛnsoɔ a yeinom bi nya no yie. Ɛdikan, Asɔre no ahyɛnsodeɛ.
Asɔre No Ahyɛnsodeɛ
Wɔ 2020 mu, Russell M. Nelson de ade foforɔ a wɔde hunu Asɔre no baeɛ. Saa sɛnkyerɛnne yi da nokorɛ adi sɛ Kristo wɔ N’asɔre no mfinimfini na ɛsɛ sɛ ɛda yɛn asetena mfinimfini no adi. Seesei yɛhunu ahyɛnsodeɛ yi wɔ Asɔre abɛɛfo ntentan so ne nsɛmma nwoma, sɛ Asɛmpa nwomakorabea app no ho agyiraehyɛdeɛ, ne mpo asraafo ID tag ahodoɔ ma Asɔremma pii a wɔresom wɔ asraafo mu. Saa ahyɛnsodeɛ no fa bi ne Asɔre no din a ɛwo tweasoboɔ bi mu, a wɔbɔ yɛn nkaeɛ sɛ Yesu Kristo ne tweasoboɔ panin no, wɔakyerɛ wɔ ha wɔ Cambodia na wɔde di dwuma wɔ kasa ahodoɔ 145 mu.
Ahyɛnsodeɛ no mfinimfini yɛ Albert Bertel Thorvaldsen Marble Christus ɔhonin a ɔdɔ no, a abɛyɛ nea ɛne Asɔre no wɔ abusuabɔ kɛse na wɔhu wɔ nsrahwɛfoɔ beaɛ mfinimfini ne tɛmpol no asase so a atwa ahyia wɔ wiase nyinaa ho mfonini. Ne din a ɛda adi wɔ Asɔre no ahyɛnsodeɛ mu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristo yɛ nea yɛyɛ nyinaa fapem. Saa nso na, Agyenkwa no atrɛ ne nsa mu regye wɔn a wɔbɛba Ne nkyɛn no awaawaatuu. Saa ahyɛnsodeɛ yi yɛ Agyenkwa Yesu Kristo dɔ ho mfonini a wɔde aniwa hu ne Kristo a ɔte ase no nkaeɛ a ɛkɔ so berɛ nyinaa.
Esiane sɛ mepɛ sɛ mehunu nti, mabisa mmusua ne nnamfoɔ pii a ɛfa Asɔre no agyiraehyɛdeɛ no fa titire baako ho. Nea ɛyɛ nwanwa no, nnipa pii nnim adeɛ kronkron bi a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ. Yesu Kristo gyina arch ase. Yei gyina hɔ ma Agyenkwa a wɔasɔre no a ɔrepue afiri ɔbomena mu no. Yɛhyɛ Kristo a wɔasɔreɛ, a ɔte ase no ho fa ampa, wɔ Asɔre no agyiraehyɛdeɛ a wɔde di dwuma mpo mu.
Easter a Ɛkorɔn na Ɛyɛ Kronkron
Afei momma yɛnsusu Easter so mfasoɔ no ho. Wɔ nnansa yi Atitenafoɔ a Ɔdi kan no nkrasɛm a ɛfa Easter ho no, wɔahyɛ yɛn “sɛ yɛbɛhyɛ Agyenkwa a ɔte ase no Wusɔreɛ ho fa ɛnam ne nkyerɛkyerɛ a yɛbɛsua na yɛaboa ama yɛde Easter atetesɛm asi hɔ wɔ yɛn man mu nyinaa so, titiriw wɔ yɛn ankasa mmusua mu.” Ne tiawa mu no, wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ Easter afahyɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron.
M’ani gye ho sɛ mɛtoa adiyisɛm a ɛfa Easter ho na m’ani agye wɔ mmɔdenmmɔ pii a ɛbɛma Easter ayɛ adeyɛ kronkron ne mmerɛ kronkron. Wɔ dɔnhwere baako adidikronkron nhyiamu a wɔbɛyɛ wɔ Easter Kwasiada akyi no, nhwɛsoɔ afoforɔ a ɛfa dwumadie ahodoɔ a ɛfata ho ne ward ne stake devotionals ne dwumadie ahodoɔ wɔ Palm Sunday ne saa ara nso na wɔ Nnawɔtwe Kronkron no mu. Saa nkaeɛ yi bi ne dwumadie ahodoɔ a mmɔfra ne mmeranteɛ ne mmabaawa yɛ na mpɛn pii no wɔde nyamesom ahodoɔ ntam nnwontofoɔ kuo ka ho. Afoforɔ nso ayɛ “Kristo Teasefoɔ no” atenaeɛ a wɔabue ama asɔremma ne nnamfoɔ na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsom nkabom ahodoɔ dwumadie wɔ Easter afahyɛ ahodoɔ wɔ wɔn mpɔtam.
Dwumadie ahodoɔ a ɛte saa no kyerɛ nnipadɔm a wɔwɔ Yerusalem kuro mu a wɔde wɔn nne bɔɔ mu kamfoo Agyenkwa no wɔ Ne nkonimdie nhyɛnemu no. Nsɛm a ɛyɛ nwanwa saa ara ne amanneɛbɔ ahodoɔ a ɛfa mmuaeɛ a wɔde maeɛ wɔ Atitenafoɔ a Ɔdi kan no nsatoɔ a ɛne sɛ wɔmɛsom wɔ fie sɛ mmusua a wɔbɛkae dapɔnna a ɛho hia kyɛn biribiara yi ho.
Megye di sɛ abusua som a atwa Easter ho ahyia no akɔ soro ama ayɛ nwanwa yie. Mfeɛ mmienu a atwam ni no, mekaa yɛn abusua no tirimpɔ sɛ yɛbɛma kwan a yɛfa so di Easter ni no atu mpɔn ho asɛm. Megye tom sɛ, yei da so ara yɛ adwuma a ɛrekɔ so. Yɛn ani agye Easter Kwasiada aduane titire bi ho, Easter baskets ne Easter kosua hwehwɛ mu anigyeɛ berɛ nyinaa, na yɛda so ara yɛ. Nanso, honhom mu afa bi a wɔahyɛ da a ɛtwe adwene si Yesu Kristo so ne Ne Mpata a yɛde bɛka yɛn afahyɛ no ho no ama yɛn nkae a yɛde ma saa nsɛm a ɛsisie no nyinaa yɛ kronkron kyɛn biribiara no aba.
Afe yi bɛyɛ yɛn mmɔdenmmɔ a ɛto so mmiɛnsa sɛ yɛbɛma Easter ayɛ kɛse wɔ Kristo ho. Te sɛ Buronya awoɔ sini no, yɛn abusua Easter Da agodie no ka ntadeɛ a ɛyɛ mfitiaseɛ deɛ, twerɛnsɛm a yɛkenkan firi Apam Foforɔ no mu ne Mormon Nwoma, nnwom, Easter mfonini, abɛ ahaban—ne basabasayɛ kakra, sɛ meredi nokorɛ koraa a. Mmɔfra ne mmanana a wɔrekenkan na ɔreka Palm Sunday ayɛyie “Hosanna … Nhyira ne deɛ ɔba Awurade din mu; Hosanna wɔ soro soro” na “Yei ne Yesu … a ɔwɔ Galilee” a ɛrekame ayɛ sɛ deɛ ɛhia “Asomdwoeɛ wɔ asase so, apɛdeɛ pa ma nnipa” yɛ Buronya berɛ mu.
Seesei yɛn ani gye nneɛma a wɔde asiesie hɔ a wɔadi no afra ho. Nea mmerɛ bi na ɛrekame ayɛ sɛ ɛyɛ bunnies ne Easter nkosua nkoaa no afei wɔde Christus ne ɔbodan a hwee nni mu no mfonini ahodoɔ, Agyenkwa a wɔasɔre no a ɛpue wɔ turo a ɛwɔ ɔbodan no akyi, ne Agyenkwa no daa Ne ho adi kyerɛɛ Nephifoɔ no. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛma Easter ayɛ berɛ ano berɛ ano kyɛn sɛ yɛbɛyɛ no da koro pɛ. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔpere wɔn ho nimdeɛ mu kɛse, yɛsusu nneɛma ho, na wɔdi Palm Sunday ne Good Friday ne nsɛm kronkron a ɛsisiiɛ wɔ nnawɔtwe kronkron no nyinaa mu no ho afahyɛ.
Easter ma yɛtumi di Yesu Kristo mpata afɔrebɔ ne Ne wusɔreɛ ankasa ne anigyeɛ nyinaa ni. Yɛn akoma tu berɛ a yɛdwene Agyenkwa no amanehunu a ɛwɔ turo no mu ne Calvary ho no, nanso yɛn akoma di ahurusie berɛ a yɛreyɛ ɔbomena a hwee nni mu ne ɔsoro ahyɛdeɛ ho mfonini wɔ yɛn adwene mu sɛ, “Wɔasɔre!”
Owusɔreɛ Ankasa
Nnansa yi nsɛm a ɛhyɛ nkuran a Atitenafoɔ a Ɔdi Kan no de maeɛ sɛ “hwɛ Easter ne Yesu Kristo Wusɔreɛ kwan no so—nkrasɛm a wɔde ma adasamma nyinaa a animuonyam wom kyɛn biribiara” kyerɛ sɛnea saa berɛ yi kɛseɛ teɛ so dua. Berɛ a ɛte sɛ nea esu bi a ɛrepagya wɔ Kristofoɔ nyamekyerɛfoɔ ahodoɔ mu sɛ wɔbɛhwɛ Owusɔreɛ no wɔ sɛnkyerɛnne ne ahyɛnsodeɛ kwan so no, Yɛsi yɛn nkyerɛkyerɛ no so dua sɛ “Owusɔreɛ no kyerɛ sɛ wɔn a wɔatena ase pɛn nyinaa bɛnyane, na Owusɔreɛ no yɛ nea ɛyɛ nokorɛ.” “Sɛdeɛ wɔ Adam mu obiara wuo no, mpo saa ara na wɔ Kristo mu wɔbɛma obiara anya nkwa.” Yesu Kristo tetee owuo mpokyerɛ mu maa ɔkra teasefoɔ biara.
Yɛgyina hɔ ampa nwanwasoɔ so hwɛ adom a Yesu de ma.yɛn. Yɛgye Ne nsɛm tom sɛ “onipa biara nni ɔdɔ kɛseɛ nkyɛn yei, sɛ onipa de ne nkwa bɛto hɔ ama ne nnamfonom.”
C. S. Lewis kaa sɛ “Kristosom ho asɛm a wɔbɛka no kyerɛ [wɔ Asomafoɔ fam no] titiriw ne sɛ wɔbɛka Owusɔreɛ no ho asɛm. … Owusɔreɛ no ne asɛmti titire wɔ Kristofoɔ asɛnka biara mu a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Asomafoɔ Nnwuma mu. Owusɔreɛ no, ne nea ɛfiri mu ba no, ne ‘asɛmpa’ anaa nsɛmpa a Akristofoɔ no de baeɛ.”
Me pae mu ka sɛ “Owusɔreɛ wɔ hɔ, …adakamena nni nkonim, na wamene owuo ano borɔ wɔ Kristo mu.”
Awieɛ ne Adansedie
Mede me nsɛm ba awieɛ no, medi adanseɛ sɛ wɔn a wɔgye nsatoɔ krataa a ɛfiri yɛn kɔmhyɛni teasefoɔ no hɔ ne n’afotufoɔ hɔ nyinaa tom sɛ wɔnhyɛda nkae nsɛm kronkron a Easter gyina hɔ ma no behunu sɛ abusuabɔ a ɛda wɔne Yesu Kristo ntam no mu yɛ den mmerɛ nyinaa.
Nna kakraa bi a atwam no, mesuaa nanabaa bi a ɔne n’abanana a wadi mfeɛ nan no yɛɛ Easter asɛm no ho adeɛ ɛnam ɔbomena no nsɛsoɔ a ɛnyɛ den so, ɛboɔ a ɛkataa ɔbomena no so, Yesu, Maria, asuafoɔ, ne ɔbɔfoɔ ho asɛm. Abarimaa kumaa no hwɛɛ na ɔtiee no yie berɛ a ne nanabaa no kaa ɔbomena no ntumuu ne ne mmuesoɔ no, ne turo mu tebea a ɛwɔ Owusɔreɛ no mu no ho asɛm. Akyire yi ɔde ahwɛyie san kaa asɛm no kɔɔ akyiri wɔ nsɛm a ɛyɛ nwanwa mu kyerɛɛ n’awofoɔ berɛ a ɔde ne ho mfonini ahodoɔ no rekɔ. Wɔ saa berɛ a ɛyɛ dɛ yi akyi no, wɔbisaa no sɛ ɔnim deɛ nti a yɛwɔ Easter. Abarimaa no maa n’ani so na ɔde ne mmɔfra nsusuiiɛ buaeɛ, “Firisɛ Ɔte Ase.”
Mede m’adansedie ka ne ho—ne wo deɛ, ne abɔfoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ deɛ ho—sɛ Wasɔre na Ɔte ase, yeinom na medi ho adanseɛ, wɔ Yesu Kristo din mu, Amen.