Amansan Nhyiamu
Gye N’akyɛdeɛ no
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


14:4

Gye N’akyɛdeɛ no

Woyɛ Onyankopɔn babaa dɔfoɔ, woyɛ Onyankopɔn babarima a wosom bo, na Wama wo ne Ba a ɔyɛ pɛ, yɛ kronkron no akyɛdeɛ.

Akyɛdeɛ Ma

Akyɛdeɛ ma yɛ nneyɛɛ a wɔgye tom wɔ amammerɛ, anibue ne mfenhyia apem nyinaa mu. Nkorɔfoɔ de akyɛdeɛ ammea wɔn ho wɔn ho de ahyɛ abusuabɔ mu den, akyerɛ ɔdɔ ne anisɔ, na ahyɛ mmerɛ a ɛho hia te sɛ ayefohyia, awoda, ne nnapɔnna nso wɔ berɛ biara mu. Nanso ɛnyɛ nnipa nko ara na wɔyɛ Onyankopɔn abɔdeɛ a wɔde akyɛdeɛ mema wɔn ho wɔn ho! Wɔ nhwɛsoɔ afoforɔ pii a yɛbɛtumi akyerɛ mu no, wɔnim sɛ penguins ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn hokafoɔ no aboɔ nketewa a ɛhyerɛn, na bonobos (akaatia nua) de nnuaba ma de trɛ wɔn adamfofa mu.

Penguins rema aboɔ a ɛhyerɛn.
Bonobos rekyɛ nnuaba.

Akyɛdeɛ bɛn na wode ama? Dwene berɛ bi a wohunuu—anaasɛ woyɛɛ—akyɛdeɛ a ɛdi mu maa obi a wodɔ no ho. Na wonim yie sɛ akyɛdeɛ no ne deɛ na ɔdɔfoɔ yi pɛ ne biribi a ɛbɛsom bo ama no. Na akyɛdeɛ no yɛ deɛn? Na ɛyɛ wo maame dea? adamfoɔ bi? wo ba? ɔkyerɛkyerɛni bi? wo nanabarima? Sɛn na wotee nka berɛ a wohunuu saa akyɛdeɛ yi? Atenka bɛn na wonyaeɛ berɛ a wodwenee sɛ onipa a wodɔ no yi rebue akyɛdeɛ no so no? Saa ara na berɛ bɛn na obi maa wo akyɛdeɛ a ɛdi mu, na na ɛte dɛn sɛ wobɛnya?

M’agya Akyɛdeɛ ma Me

Berɛ a na madi mfeɛ bɛyɛ nson, na me ne m’awofoɔ te Arabia no, wɔde mmɔfra sini bi a wɔfrɛ no Chitty Chitty Bang Bang baa abɔnten. Sini no fa ɛhyɛn nwanwasoɔ bi a ɛno ara tumi kɔ, ɛfa nsuo so, na ɛtu mpo! Na menim sɛ wɔ me kurom England no wɔyɛɛ agodie ɛhyɛn ketewa bi te sɛ Chitty Chitty Bang Bang, na ou, sɛdeɛ na mepɛ bi! Wotumi twe abaa bi na agodie hyɛn no ntaban apuepue! Me papa tuu kwan kɔyɛɛ adwuma wɔ England na ɔbisaa sɛ mepɛ sɛ ɔde biribi brɛ me anaa, na mekaa sɛdeɛ mɛpɛ sɛ mɛnya saa Chitty Chitty Bang Bang kaa no bi.

Ɔfirii n’akwantuo no mu baeɛ, a ka biara amma. Me werɛ hoo yie na medwenee sɛ ebia ne werɛ firiiɛ. Nso na bɛyɛ nnafua 10 akyi yɛ m’awoda, na na adeɛ ketewa bi a wɔakyekyere no fɛfɛɛfɛ retwɛn me. Mede anigyeɛ kɛseɛ, a na menhyɛ da nni anidasoɔ kɛse, buee akyɛdeɛ no so na mehunuu me kaa no. M’ani gyee ara a ma mesuiɛ. Metwee abaa no na ntaban no pueeɛ, te sɛ ɛhyɛn no a na ɛwɔ sini no mu no! Medaa me papa ase yie wɔ akyɛdeɛ a ɛsom bo pa ara sei ho. Mede saa ɛhyɛn no dii agorɔ mfeɛ pii na mede siee mfeɛ bebree nso. Megye di sɛ me papa ani gyee sɛ ɔde saa ɛhyɛn no maa me sɛdeɛ m’ani gyee sɛ menyaeɛ no.

Worema, Woregye atom, Worebue ne Worenya

Yɛbɛtumi ahunu akyɛdeɛ a wɔde ma sɛ ɛwɔ afa mmiɛnsa:

  1. Akyɛdeɛ a worema no, baabi a ɔmafoɔ no yi, ɔyɛ, anaa siesie akyɛdeɛ no na ɔde ma ne dɔfo no. Yei hia nnweneho ne mmɔdemmɔ wɔ ɔmafoɔ no fam sɛdeɛ ɔbɛma biribi a ɛhia.

  2. Akyɛdeɛ no gyeɛ ne ɛmu bue berɛ a ɔgyefoɔ no gye akyɛdeɛ no firi ɔmafoɔ no hɔ—a mpɛn pii no ɔkyerɛ ahodwiri, anisɔ ne anigyeɛ—ansa na wabue mu, asane pɔ no na wayi boaa no ho ahunu akyɛdeɛ korɔ.

  3. Na afei deɛ ebia ɛho hia pa ara, akyɛdeɛ no nya no. Sɛ wobɛnya akyɛdeɛ a wɔfiri akoma mu de ama no kyɛn sɛ wobɛgye atom na woabue mu koraa. Ɛkyɛn sɛ wobɛhunu akyɛdeɛ no boɔ a ɛsom na woakyerɛ anisɔ ama deɛ ɔde ma no mpo. Sɛ yɛbɛnya akyɛdeɛ ampa a yɛn ankasa bɛhunu sɛ ɛsom bo, de di dwuma wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛde aseda kae ɔmafoɔ no.

Akyɛdeɛ gyeɛ nyɛ boturobodwo na mmom ɛyɛ anidaho nneyɛɛ a nteaseɛ wom, deɛ ɛkyɛn sɛ wobɛbue boaa bi mu kɛkɛ. Sɛ wobɛnya no ne sɛ wobɛkyerɛ anisɔ ama akyɛdeɛ no na wo ne ɔmafoɔ no anya nkutahodie wɔ kwan a ɛhyɛ abusuabɔ a ɛda ɔmafoɔ ne ɔgyefoɔ no ntam no mu den. Sɛ medwene saa agodie hyɛn no ho a, ɛkaekae me nneɛma a ɛsom bo pii bio, na mesan te me papa dɔ a ɛmu dɔ ne me ho a na ɔdwene, a saa akyɛdeɛ no ne afoforɔ pii gyina hɔ ma no nka.

Yɛn Soro Agya Akyɛdeɛ ahodoɔ

Yɛn Soro Agya wɔ hann ne nokorɛ akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔntumi nkan a wɔasiesie sɛ ɔde bɛma yɛn, Ne mma a yɛsom bo mu biara. Ɛtene firi yɛn Ɔmafoɔ Yamyɛfoɔ no mu te sɛ abura a ɛwɔ serɛ so fiiri N’akoma pa mu. “Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ biara firi soro, na ɛfiri hann Agya no hɔ na ɛba.” Wɔ yɛne Agya no apam abusuabɔ mu no, ɔyɛ Ɔmafoɔ daa ɛna yɛyɛ agyefoɔ ahobrɛasefoɔ.

Agya no Akyɛdeɛ Nyinaa mu Kɛseɛ pa ara a Nkaeɛ no Nyinaa Firi mu

Nanso sɛ na Agya no akyɛdeɛ nyinaa mu kɛseɛ pa ara, N’adwammaa a ɔdɔ no, Ne Ba Yesu Kristo nni hɔ a anka yɛrentumi nnya hwee. Yɛn Agya akyɛdeɛ nyinaa firi Agyenkwa no pɛ ahofama wɔ Gethsemane ne asɛnnua no so, ne Ne nkonimdie Wusɔreɛ no mu. Yesu Kristo, yɛn Gyefoɔ mmɔborɔhunufoɔ no, ne yɛn hann Agya no akyɛdeɛ a ɛkorɔn. “Ne Ba no akyɛdeɛ no mu na Onyankopɔn asiesie kwan a ɛkyɛn so [ama yɛn].”

Daa Nokorɛ Akyɛdeɛ Baako a Biribiara ka ho

Mɛpɛ sɛ mɛkasa afa daa nkwa nokorɛ akyɛdeɛ baako a biribiara ka ho a ɛboa yɛn tumi a yɛde nya deɛ aka nyinaa a yɛn Agya pɛ sɛ ɔde ma yɛn—akyɛdeɛ a ɛho hia a sɛ wogye tom yie na wonya wɔ wo kra mu tɔnn a ɛma wote abrabɔ mu anigyeɛ ne ahokyere ne yɛn nsɛmmisa a yɛnnyaa ho mmuaeɛ ase: A ɛne sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma ampa. Saa nokorɛ no yɛ nwanwa! Ahodwiri! Na ɛnyɛ kasakoa.

Fa no sɛ berɛ a ɛdi kan a worete yei nie! Woyɛ Ne babaa a N’ani ku wo ho ankasa. Woyɛ Ne babarima a wosom bo ankasa. Na kwan a wonam so no yɛ N’anigyeɛ nhyehyɛeɛ. Ɔnam ne dɔ a Ɔde nim nneɛma nyinaa so nim sɛdeɛ na woteɛ ankasa ansa na wɔde wo reba asase so, ne deɛ woafa mu de bɛsi nnɛ wɔ w’asetena mu, na Wayɛ nhyehyɛeɛ mmɔborohunu mu ama wo daakye. Na ou, sɛdeɛ Ɔpɛ sɛ wosan kɔ Ne nkyɛn da bi, na wonya atirimpɔ a ɛtwa toɔ wɔ N’akyɛdeɛ fɛɛfɛ nyinaa mu, wo ne No nkwa a ɛnni awieeɛ.

The question is not whether this gift of truth is real but whether we will discover and receive it. Agya no de akyɛdeɛ no ama yɛn dada. Agyenkwa no atua akyɛdeɛ yi botaeɛ a ɛtwa toɔ koraa no boɔ dada. Nanso sɛ wɔakyerɛkyerɛ wo yei, aka yei, ato nokorɛ yei mfeɛ pii a, ebia ne nwanwa sononko a ɛyɛ no ayera dadaada na wonte ne tumi ne n’asomdwoeɛ nka bio.

Sɛ nteaseɛ akyɛdeɛ a ɛsom bo—ne papayɛ, asomdwoeɛ, ne anidasoɔ a ɛfiri mu nyinaa no—sɛ wɔannye antom, ammue, na wɔannya a, ɛyɛ adesɛeɛ a ɛyɛ hu yie ma yɛn! Ɛyɛ awerɛhoɔ yie ma Ɔmafoɔ no! “Na mfasoɔ bɛn na onipa bɛnya sɛ wɔma no akyɛdeɛ, na ɔrennye akyɛdeɛ no?” Hwɛ, ɔnni ahurisie wɔ deɛ wɔde ama no no mu, na ɔnni ahurisie wɔ deɛ a ɔmaa akyɛdeɛ no mu.”

Mehyɛ wo nkuran sɛ wobɛhunu ne fɛ nwanwasoɔ a ɛyɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a ɔdɔ no ampa berɛ a ɛdi kan anaa wobɛhunu no kɛse akyɛn berɛ biara. Ɛsɛ sɛ wosane pɔ no, tete krataa a ɛkyekyere ho no, bue adaka no so, na wode ahokeka gye nokorɛ, nteaseɛ korɔgyenn nokwasɛm fapem yi wɔ ahobrɛaseɛ anisɔ mu. Honhom Kronkron no bɛtumi adi adanseɛ wɔ w’akoma mu sɛ ampa ara woyɛ Ɔsorosoroni no ba.

Sɛ wogye nokwasɛm kɛseɛ yi wɔ wo kra ankasa mu na wote awerɛkyekyeɛ ne anigyeɛ a ɛwɔ mu no nyinaa nka a, wo nhwɛsoɔ nyinaa sesa! Wobɛtumi ate Ne dɔ nka, ate Ne nne, na woahunu Ne nsa, ɛmfa ho deɛ ɛrekɔ so anaa ɛrenkɔ so, wɔ w’abrabɔ mu. Wobɛtumi asesa sɛdeɛ wohunu wo ho ne afoforɔ. Wo ne w’Agyenkwa apam abusuabɔ no mu mpo bɛyɛ den, na ɛnam akyɛdeɛ dɛɛdɛ yi so no, asetena nya hann, ahoɔfɛ, ne anidasoɔ foforɔ.

Mesrɛ wo, wobɛbɔ mpaeɛ sɛ wobɛte aseɛ sɛ worenya nsakraeɛ nimdeɛ yi ampa wɔ wo kra mu anaa? Mesrɛ wo, wobɛgye akyɛdeɛ no atom? Wobɛyɛ saa kɛse, afiri wo pɛ mu kɛse, ma adɔɔso kɛse, kyɛn deɛ woayɛ pɛn—na ɛnam saayɛ so no, wɔde akyɛdeɛ nkaeɛ a ɛka ho no nyinaa ama wo?

Nokorɛ a Ɛnni awieeɛ Akyɛdeɛ Yi Nya

Ebia woredwene sɛ, “Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na manya akyɛdeɛ yi afiri Onyankopɔn hɔ?” Wiɛ, nokorɛ mu, biribiara nni hɔ. Ɛyɛ akyɛdeɛa ɛfiri Ɔmafoɔ no hɔ. Ɛyɛ nokwasɛm, tiawa. Ma no nkɔ mu kɛkɛ. Wo Ne ba. Ɔdɔ wo yie. Mma no nyɛ den. Mfa adwene sɛ kwan bi so womfata nsi akyɛdeɛ yi nya ho kwan. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn mu biara “mfata”—Agya no akyɛdeɛ nyinaa wɔnam Messiah no fata, mmɔborohunu, ne adom nko ara so na wɔnya, nanso N’ayamyɛ akoma hwehwɛ sɛ Ne mma no mu biara bɛnya. Afei, berɛ a wo nteaseɛ foforɔ no ama woahunu no, di ahurusi wɔ aseda mu ma akyɛdeɛ yi Mafoɔ no.

Firi berɛ a mehunuu me gyedie wɔ me mfeɛ 20 mfinimfini mu no, mabɛhunu sɛ meyɛ Onyankopɔn ba ampa. Mpɛn dodoɔ a menya saa akyɛdeɛ yi kɛse wɔ m’akoma mu no, dodoɔ no ara na mehunu onii ko a meyɛ ne sɛdeɛ wɔdɔ me yie. Nneɛma bi a aboa me ma manyini wɔ nteaseɛ mu yɛ twerɛnsɛm, m’agyapanin nhyira, tɛmpol mu som, afoforɔ a mesom wɔn, anisɔ a mekyerɛ, ne mpaebɔ kronkron a mebɔ kyerɛ m’Agya. Me ho dwiri me wɔ sɛdeɛ anka wɔbɛsakra me kane awerɛhoɔ, yea, ne ahohiahia wɔ abrabɔ mu no ayɛ no ahotɔ sɛ na menim nokorɛ papa yi a.

Bra Kristo nkyɛn na Bɛgye

Moroni tu yɛn fo sɛ “mma yɛmpo Onyankopɔn akyɛdeɛ,” na mmom “yɛmmra Kristo nkyɛn, na yɛnsɔ akyɛdeɛ pa biara mu yie.” Wobɛtumi de ahotosoɔ aba Kristo nkyɛn wɔ N’adɔeɛ mu na woanya N’akyɛdeɛ a ɛyɛ anigyeɛ, asomdwoeɛ, anidasoɔ, hann, nokorɛ, adiyisɛm, nimdeɛ, ne nyansa nyinaa—a wode akokoɔduro atene wo nsa, na woabue wo nsam ayɛ krado sɛ wobɛgye. Na wobɛtumi anya akyɛdeɛ ahodoɔ yi ɛfiri sɛ wowɔ ahotosoɔ ne nnyinasoɔ sɛ woyɛ Onyankopɔn babaa a wɔdɔ wo, woyɛ Onyankopɔn babarima a wosom bo, na wama wo Ne Ba Kronkron a ɔyɛ pɛ no sɛ ɔnnye wo, mmu wo bem, na ɔnte wo ho.

Wo Onyankopɔn ba. Yei nyɛ nnwom kama a yɛto kɛkɛ. Mesrɛ wobɛgye atom, abue mu, na woanya nimdeɛ ne nteaseɛ akyɛdeɛ yi afiri Ne hɔ? Wode bɛbɛn wo sɛ ademudeɛ a ɛsom bo sɛdeɛ ɛteɛ no? San gye akyɛdeɛ yi, anaa ebia ampa ara gye no berɛ a ɛdi kan koraa, na ma ɛnsakra w’abrabɔ fa biara. Yei ne kwan a ɛkyɛn so kɛse a Onyankopɔn nam Ne Ba no akyɛdeɛ so asiesie ama wo. Wowɔ hɔ sɛdeɛ wobɛnya anigyeɛ! Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.