Come, Follow Me
Kɔtɔnima 25–31. “Awurade Maa Ɔgyefoɔ Bi So”: Atemmufoɔ 2–4; 6–8; 13–16


“Kɔtɔnima 25–31. ‘Awurade Maa Ɔgyefoɔ Bi So: Atemmufoɔ 2–4; 6–8; 13–16,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Kɔtɔnima 25–31. ‘Awurade Maa Ɔgyefoɔ bi So,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Nkɔmhyɛnibaa Debora

“I Will Surely Go with Thee”—Deborah the Prophetess, ɛfiri Des Leavitt hɔ

Kɔtɔnima 25–31: “Awurade Maa Ɔgyefoɔ Bi So”

Atemmufoɔ 2–4; 6–8; 13–16

Yɛn nyinaa nim sɛdeɛ ɛteɛ sɛ yɛbɛyɛ bɔne, anu yɛn ho wɔ ho, na afei yɛasakyera na yɛasi gyinaeɛ sɛ yɛbɛsesa yɛn akwan. Nanso mpɛn pii no yɛn werɛ firi yɛn kane agyinasie no, na sɛ nsɔhwɛ ba a, yɛsan yɛ bɔne korɔ no ara. Saa nhwɛsoɔ yi taa pue wɔ Atemmufoɔ nwoma no mu. Esiane sɛ Kanaanfoɔ—a na ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn firi asase no so—no gyidie ne wɔn som nneyɛɛ nyaa wɔn so nkɛntɛnsoɔ nti, Israelfoɔ no buu apam a wɔne Awurade yɛeɛ no so na wɔtwee wɔn ho firii Ne som ho. Ne saa nti, wɔhweree Ne bammɔ na wɔkɔɔ nkoasom mu. Nanso berɛ biara a yei siiɛ no, Awurade maa N’apam nkorɔfoɔ no akwanya sɛ wɔnsakyera na ɔmaa ɔgyefoɔ bi, asraafoɔ kannifoɔ bi a wɔfrɛ no “ɔtemmufoɔ” so. Ɛnyɛ atemmufoɔ a wɔwɔ Atemmufoɔ nwoma no mu nyinaa na na wɔyɛ ateneneefoɔ, nanso wɔn mu binom daa gyidie kɛseɛ adi wɔ Israelfoɔ a wɔgyee wɔn na wɔsan de wɔn baa wɔne Awurade apam abusuabɔ mu. Saa abasɛm yi kae yɛn sɛ ɛmfa ho deɛ atwe yɛn afiri Yesu Kristo ho no, Ɔyɛ Israel Gyefoɔ na ɔwɔ ɔpɛ berɛ biara sɛ ɔbɛgye yɛn na wama yɛn akwaaba bio berɛ a yɛsan aba Ne nkyɛn.

Sɛ wopɛ Atemmufoɔ nwoma no mu nsɛm nyinaa a, hwɛ “Atemmufoɔ, nwoma ma” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma mu.

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Atemmufoɔ 2:1–19; 3:5–12

Mpɛn dodoɔ biara a mesakra no, Awurade de kyɛ.

Atemmufoɔ nwoma no bɛtumi ayɛ kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ nyinaa. Hwehwɛ kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ yi berɛ a wokenkan Atemmufoɔ 2:1–19; 3:5–12. Sɛn na wote nka sɛ kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ no fa wo ho?

Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ Atemmufoɔ 2:19 fa wo ne wo nsɔhwɛ ahodoɔ ho mmom na ɛnyɛ tete Israelfoɔ no a, deɛn na anka ɛbɛka? Sɛ Atemmufoɔ 3:9 fa deɛ Awurade ayɛ de agye wo ho a, deɛn na anka ɛbɛka?

Dwene ho sɛ wobɛkenkan asɛmmisa ne mmuaeɛ a ɛwɔ kratafa 9De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ. Sɛn na wote nka sɛ yei fa Israelfoɔ suahunu wɔ Atemmufoɔ nwoma no mu ho? Deɛn na yei kyerɛkyerɛ wo fa Yesu Kristo ho?

Atemmufoɔ 4:1–15

seminary ahyɛnsodeɛ
Mɛtumi akanyan afoforɔ ama wɔanya gyidie wɔ Awurade mu.

Ɛtɔ mmere bi a, onipa baako gyidie bɛtumi akanyan afoforɔ pii gyidie. Wɔ Atemmufoɔ 4, mu no, saa onipa baako no ne Debora. Kenkan ne ho asɛm wɔ Atemmufoɔ 4:1–15, na hyɛ nkɛntɛnsoɔ a ɔnyaa wɔ nnipa a na wɔbɛn no no nso. Nsɛmmisa bi a ɛbɛboa ma woadwene sɛdeɛ ne suahunu no bɛtumi afa w’abrabɔ ho nie:

  • Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ tebea ahodoɔ a na Israelfoɔ no wom saa berɛ no? (hwɛ nkyekyɛmu 1–3). Nsɛdie bɛn na wohunu wɔ tebea ahodoɔ a ɛwɔ hɔ nnɛ—wɔ ankorankoro ne ɔmanfoɔ mu?

  • Debora nsɛm anaasɛ nneyɛɛ bɛn na ɛkyerɛ wo sɛ na ɔwɔ gyidie wɔ Awurade mu? Sɛn na ne gyidie nyaa afoforɔ so nkɛntɛnsoɔ? Deɛn bio na w’ani gye ho wɔ ne ho?

  • Deɛn na wodwene sɛ na Debora repɛ akyerɛ wɔ n’asɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛmu 14: “Ɛnyɛ Awurade na atu di w’anim yi?” Sɛn na Awurade ‘firi adi w’anim”? (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:87–88).

mmaayewa a wɔrenante bom

Dwene sɛdeɛ gyidie a wowɔ wɔ Yesu Kristo mu no bɛtumi ahyira afoforɔ sɛdeɛ Debora gyidie hyiraa Barak ne Israelfoɔ afoforɔ no ho. Sɛdeɛ ɛbɛboa wo ma woadwene yei ho no, wobɛtumi asua Elder Neil L. Andersen nkrasɛm “Yɛka Krist ho Asɛm” (Liahona, Obubuo. 2020, 88–91). Hwehwɛ nkrasɛm no mu pɛ (1) deɛ enti wobɛka Agyenkwa no ho asɛm wɔ badwam ne (2) akwan a wobɛfa so ayɛ.

Afei wobɛtumi atwerɛ nneɛma a wonim fa Yesu Kristo ho—firi twerɛnsɛm mu, nkɔnhyɛfoɔ ateasefoɔ nsɛm mu, ne w’ankasa wo suahunu mu. Hwan na ɛhia sɛ ɔhunu yei? Sɛn na wobɛkyɛ no?

San hwɛ Mateo 5:14–16; 1 Petro 3:15; “Each Life That Touches Ours for Good,” Nnwom, no. 293.

To nsa frɛ ɔkyɛ. Sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛni—wɔ fie anaa asɔre a—“ma asuafoɔ akwanya ma wɔne wɔn ho wɔn ho nkyɛ deɛ wɔresua fa Agyenkwa no ne N’asɛmpa ho. Sɛ woyɛ yei a ɛbɛboa ma wɔde nokorɛ a wɔkyerɛkyerɛ wɔn no ahyɛ wɔn mu na wɔada no adi” (Worekyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so26). Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ moresua Atemmufoɔ 4 abom a, wobɛtumi ama osuani biara biribi ptee sɛ ɔnhwehwɛ wɔ ti no mu na afei woama wɔaka deɛ wɔhunu no akyerɛ wɔn ho wɔn ho.

Atemmufoɔ 6–8

Sɛ mede me ho to Awurade akwan so a, Ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ.

Berɛ a wokenkan Atemmufoɔ 6–8, no, hyɛ tebea ahodoɔ bi a Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ ɔnnye biribi a anka ɛbɛyɛ sɛ ɛrenyɛ yie nni no nso. So Wabisa wo biribi a ɛte saa pɛn?

Deɛn na wote nka sɛ Awurade de saa twerɛtohɔ yi rekyerɛkyerɛ wo? Sɛn na woahunu sɛ Awurade reyɛ N’adwuma wɔ akwan a na ayɛ ɛrenyɛ yie so?

Atemmufoɔ 13–16

Onyankopɔn hyɛ me den berɛ a medi nokorɛ ma m’apam ahodoɔ.

Samson hweree ne honam fam ahoɔden ne ne honhom mu ahoɔden nyinaa ɛfiri sɛ ɔbuu apam a ɔne Onyankopɔn yɛeɛ so, a na deɛ ɛfa Nasaretfoɔ ho pɔtee ka ho (sɛ wopɛ Nasaretfoɔ ho nsɛm a, hwɛ Numeri 6:1–6; Atemmufoɔ 13:7). Berɛ a wokenkan Samson ho asɛm wɔ Atemmufoɔ 13–16, no, hyɛ nkyekyɛmu a ɛkyerɛ sɛ na Awurade ka Samson ho, ne nkyekyɛmu nso a ɛkyerɛ sɛ na Samson mfaa ne ho ntoo Awurade so yie no nso.

Wobɛtumi nso adwennwene apam a wo ne Awurade ayɛ no ho. Sɛn na apam ahodoɔ yi de Ne tumi aba w’abrabɔ mu? Deɛn na wosua firi Samson suahunu ahodoɔ mu a ɛkanyan wo ma wokɔ so di apam a wo ne Onyankopɔn ayɛ no so?

Onuabaa Ann M. Dibb kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Wɔwoo Samson a na ɔwɔ tumi kɛse. Wɔhyɛɛ ne maame bɔ sɛ, ‘Ɔbɛhyɛ aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam’ [Atemmufoɔ 13:5]. Nanso Samson nyinii no, ɔhwɛɛ wiase nsɔhwɛ ahodoɔ kyɛn Onyankopɔn akwankyerɛ. Ɔyii nneɛma ɛfiri sɛ na ‘ɛsɔ [n’ani] yie’ [Atemmufoɔ 14:3] mmom kyɛn sɛ ɔbɛyi deɛ na ɛtene nti. Twerɛnsɛm no de kasasin ‘na ɔsianee’ [Atemmufoɔ 14:7] di dwuma mpɛn pii ɛfiri sɛ ɛka Samson akwantuo, ne nneyɛɛ, ne deɛ ɔyii ho asɛm. Sɛ́ anka ɔbɛsɔre na wahyerɛn ama ne tumi kɛseɛ no ahyɛ ma no, wiase dii Samson so nkonim, ɔhweree tumi a Onyankopɔn de maa no no, na owuu ntɛm a ɛyɛ awerɛhoɔ” (“Arise and Shine Forth,” Liahona, Kɔtɔnima 2012, 118).

San hwɛ Dallin H. Oaks, “Covenants and Responsibilities,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 93–96; Ulisses Soares, “Covenant Confidence through Jesus Christ,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 17–21.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Esiane sɛ Kwasida yi yɛ Kwasida a ɛtɔ so num wɔ bosome no mu nti, wɔhyɛ Primary akyerɛkyerɛfoɔ nkuran sɛ wɔmfa adesua dwumadie a ɛwɔ “Nkekaho B: Woresiesie Mmɔfra ama Daa Nkwa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so.”

Atemmufoɔ 3:7–9, 12–15

Yesu Kristo ne me Gyefoɔ.

  • Atemmufoɔ 3 kyerɛkyerɛ nhwɛsoɔ bi a ɛkyerɛkyerɛ Agyenkwa no tumi a ɔde gye yɛn firi bɔne mu. Sɛdeɛ ɛbɛboa wo nkwadaa ma wɔahunu saa nhwɛsoɔ yi no, wobɛtumi kasasin ahodoɔ yi: “yɛɛ bɔne,” “su frɛɛ Awurade,” ne “maa ɔgyefoɔ bi so.” Afei wo nkwadaa bɛtumi ahwehwɛ kasasin ahodoɔ yi wɔ Atemmufoɔ 3:7–9 ne Atemmufoɔ 3:12–15. Deɛn na yɛsua fa Awurade ho firi nhwɛsoɔ yi mu?

  • Sɛdeɛ wobɛsi so dua sɛ Yesu Kristo ne yɛn Gyefoɔ no, wobɛtumi aboaboa nnipa mfonin ahodoɔ pii ano, a Yesu mfonin ka ho, na wode abutubutu fam. Ma wo nkwadaa nnanedane mfonin ahodoɔ no mmaako mmaako. Sɛ wɔhunu Yesu mfonin a, monto dwom bi fa Ne ho, te sɛ “He Sent His Son” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 34–35), na ka sɛdeɛ Wagye wo no ho asɛm kyerɛ wo nkwadaa.

Atemmufoɔ 4:1–15

Mɛtumi akanyan afoforɔ ma wɔanya gyidie wɔ Awurade mu.

  • Wobɛtumi afa “Deborah the Prophetess” wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 92–95, de aka abasɛm akyerɛ wo nkwadaa Atemmufoɔ 4 Monka deɛ mo ani gye ho wɔ Deborah ho nkyerɛ mo ho mo ho. Sɛn na ne gyidie wɔ Awurade mu no hyiraa nnipa a wɔbɛn no? Deɛn na yɛbɛtumi ayɛ de aboa afoforɔ ma wɔanya gyidie kɛseɛ wɔ Yesu Kristo mu?

    2:9

    Deborah the Prophetess

Atemmufoɔ 7:1–21

Awurade bɛtumi de nneɛma nketewa ayɛ adwuma kɛseɛ.

  • Fa Atemmufoɔ 7:4–7, nnawɔtwe yi dwumadie kratafa, anaa “Gideon Asraadɔm” wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 96–99, kyerɛkyerɛ wo nkwadaa fa sɛdeɛ Awurade yɛɛ Israel asraadɔm ketewa ho. Adɛn nti na na Awurade pɛ sɛ Gideon asraadɔm no yɛ ketewa saa? (hwɛ Atemmufoɔ 7:2).

    2:37

    The Army of Gideon

  • Wo nkwadaa bɛtumi ayɛ peaa, ɛkyɛm, torobɛnto, kanea, ne kuruwa mfonin na wɔaka nneɛma yi mu deɛ wɔbɛpɛ wɔ ɔko mu ho asɛm. Afei wɔbɛtumi akenkan Atemmufoɔ 7:16 de asua deɛ Awurade ka kyerɛɛ Gideon asraafoɔ sɛ wɔmfa. Berɛ a mokenkan fa ɔko ho wɔ Atemmufoɔ 7:19–21, no, Mo ne mo ho mo ho nkyɛ deɛ mosua fa Awurade ho firi saa abasɛm yi mu.

Simson redwiri ɛdan no adum agu fam

Samson Puts Down the Pillars, ɛfiri James Tissot ne afoforɔ hɔ

Atemmufoɔ 13:5

Apam ahodoɔ a medi so no ma me ahoɔden.

  • Samson ne Awurade apam no maa no honam fam ahoɔden, sɛdeɛ yɛn apam ma yɛn honhom mu ahoɔden no. Wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛyɛ apom-tenetene dwumadie bi na wɔaka sɛdeɛ saa apom-tenetene no bɛtumi aboa ama yɛn nipadua ahoɔden. Sɛn na yɛn apam a yɛdi so no ma yɛn honhom mu ahoɔden? (hwɛ Mosiah 18:8–10; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79).

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Gideon asraafoɔ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn

Gideon’s Army, ɛfiri Daniel A. Lewis hɔ

Primary dwumadie kratafa: Awurade bɛtumi de nneɛma nketewa ayɛ adwuma kɛseɛ