“Kɔtɔnima 4–10. ‘Monnte Awurade so Atua, Na Monnsuro: Numeri 11–14; 20–24; 27,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Kɔtɔnima 4–10. ‘Monnte Awurade so Atua, Na Monnsuro,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
Anweatam a ɛbɛn Sinai Asasehwene
Kɔtɔnima 4–10: “Monnte Awurade so Atua, Na Monnsuro”
Numeri 11–14; 20–24; 27
Sɛ wo nante mpo a, anka ɛrenni mfeɛ 40 na woafiri Sinai serɛ so akɔ bɔhyɛ asase a ɛwɔ Kanaan no so. Nanso ɛno ne berɛ tenten a na Israel mma hia—nyɛ sɛ wɔbɛtwa asase so kwan na mmom wɔbɛtwa honhom mu kwan: kwan a ɛda sɛdeɛ na wɔteɛ ne sɛdeɛ wɔbɛtumi abɛyɛ sɛ Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ ntam.
Numeri nwoma no kyerɛkyerɛ deɛ ɛsii wɔ saa mfeɛ 40 no mu bi ho asɛm, a asuadeɛ ahoroɔ a na ɛsɛ sɛ Israelfoɔ sua ansa na wɔakɔ bɔhyɛ asase no so ka ho. Wɔsuaa sɛdeɛ wɔbɛdi nokorɛ ama Awurade asomfoɔ (hwɛ Numeri 12). Wɔsuaa sɛdeɛ wɔbɛgye Awurade tumi adi, berɛ mpo a na ayɛ sɛ deɛ daakye anidasoɔ nni hɔ (hwɛ Numeri 13–14). Na wɔsuaa sɛ annye annie de honhom mu ɔhaw ba, nanso wɔbɛtumi asakyera na wɔahwehwɛ ayaresa wɔ Agyenkwa no hɔ (hwɛ Numeri 21:4–9).
Yɛn nyinaa te sɛ Israelfoɔ no wɔ akwan bi so. Yɛnim sɛdeɛ ɛteɛ sɛ yɛbɛtena honhom mu serɛ so, na asuadeɛ a wɔsuaeɛ no bɛtumi aboa ma yɛasiesie yɛn ho akɔhyɛn yɛn bɔhyɛ asase so: yɛne yɛn Soro Agya daa nkwa.
Sɛ wopɛ Numeri nwoma no mu nsɛm nyinaa a, hwɛ “Numeri” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Numeri 11:11–17, 24–29; 12
Adiyisɛm wɔ hɔ ma obiara, nanso Onyankopɔn nam Ne nkɔnhyɛni so kyerɛ N’Asɔre kwan.
Wɔ Numeri 11:11–17, 24–29, hyɛ ɔhaw a Mose hyiaeɛ ne mmuaeɛ a Onyankopɔn susuiɛ no nso. Wodwene sɛ deɛn na na Mose repɛ akyerɛ berɛ a ɔkaa sɛ ɔnyaeɛ a “anka Awurade nkorɔfo nyinaa yɛ adiyifoɔ” no? (nkyekyɛmu 29). Berɛ a wodwennwene saa asɛmmisa yi ho no, hwehwɛ mmuaeɛ a ɛbɛtumi aba wɔ Titenani Russell M. Nelson nkrasɛm “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives” (Liahona, Kɔtɔnima 2018, 93–96) mu.
Sɛ yɛka sɛ yɛn nyinaa bɛtumi anya adiyisɛm a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn nyinaa bɛtumi adi Onyankopɔn nkorɔfo anim sɛdeɛ Mose yɛeɛ no. Deɛ ɛsii wɔ Numeri 12 no ma yei da adi pefee. Ahwɛyie bɛn na wohunu wɔ ti yi mu? Deɛn na wote nka sɛ Awurade pɛ sɛ wote aseɛ wɔ ankorankoro adiyisɛm ne Ne nkɔnhyɛni akyi die ho?
San hwɛ 1 Nephi 10:17; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 28:1–7; Dallin H. Oaks, “Two Lines of Communication,” Liahona, Obubuo 2010, 83–86.
Fa w’adwene si deɛ ɛho hia pa ara so. Ɛboro nnipa binom so sɛ wɔbɛkenkan nnawɔtwe nnawɔtwe nsusuiɛ ahoroɔ a ɛwɔ Bra, Di M’akyi mu. Berɛ a wosan hwɛ nhyehyɛeɛ no mu no, di Honhom no akyi. Dwene w’ankasa ɛne nnipa a wobɛtumi akyerɛkyerɛ wɔn no ahiadeɛ ho. Nnyinasosɛm baako a wobɛte aseɛ na wode adi dwuma yie wɔ nnawɔtwe baako mu no bɛtumi aboa kɛse akyɛ ti ahoroɔ pii a wobɛkenkan no aniani kɛkɛ.
Numeri 12:3
“Na Mose dwo pa ara.”
Ɛyɛ nnipa binom nwanwa sɛ wɔhunu sɛ Mose, ɔkannifoɔ kɛseɛ a ɔgyinaa Farao anim na ɔde Awurade tumi yɛɛ anwonwadeɛ ahorowɔ no, na ɔsan “dwo pa ara” . (Numeri 12:3). Sɛ obi dwo a, ɛkyerɛ sɛn? Dwene ho sɛ wobɛsua Elder David A. Bednar nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ “Meek and Lowly of Heart” (Liahona, Kɔtɔnima 2018, 30–33) anaa “Meek, Meekness” wɔ Twerɛnsɛm no mu Akwankyerɛ (Asɛmpa Nwomakorabea).
Deɛn na wosua firi Mose nhwɛsoɔ ahoroɔ a ɛfa ɔdwoɔ ho wɔ Eksodɔs 18:13–25; Numeri 11:26–29; Numeri 12; Hebrifoɔ 11:24–27; ne Moses 1:10–11? Wobɛtumi nso adwennwene sɛdeɛ Agyenkwa no daa ɔdwoɔ adi ho (hwɛ Mateo 11:29; 27:11–14; Luka 22:41–42; Yohane 13:4–5). Deɛn na nhwɛsoɔ ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ wo?
Numeri 13–14
Sɛ mewɔ gyidie wɔ Awurade mu a, mɛtumi anya daakye ho anidasoɔ.
Berɛ a wokenkan Numeri 13–14, no, bɔ mmɔden sɛ wode wo ho bɛhyɛ Israelfoɔ no ananmu. Wodwene sɛ adɛn nti na na wɔpɛ sɛ ‘wɔsan kɔ Misraim’? (Numeri 14:3). Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ “honhom” foforɔ a na Kaleb wɔ no mu? (Numeri 14:24). Deɛn na w’ani gye ho fa Kaleb ne Yosua gyidie ho, na sɛn na wobɛtumi de wɔn nhwɛsoɔ no adi dwuma wɔ tebea ahoroɔ a wohyia mu?
Na Israelfoɔ akwansrafoɔ no mu du suro; Na Yosua ne Kaleb wɔ gyidie. Joshua and Caleb: Obedient Spies, ɛfiri Douglas Klauba hɔ. © Lifeway Collection/wɔama ho kwan afiri goodsalt.com
Numeri 21:4–9
Sɛ mede gyedie hwɛ Yesu Kristo a, ɔbɛtumi asa me yareɛ wɔ honhom mu.
Na Mormon Nwoma mu nkɔnhyɛfoɔ nim abasɛm a ɛwɔ Numeri 21:4–9 na na wɔnim deɛ ɛkyerɛ wɔ honhom mu. Kenkan wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛfa saa abasɛm yi ho wɔ 1 Nephi 17:40–41; Alma 33:18–22; and Helaman 8:13–15. Nsɛmmisa bi a ɛsɛ sɛ wodwennwene ho berɛ a woreyɛ nie:
-
Deɛn na na kɔbere ɔwɔ no bɛtumi agyina hɔ ama?
-
Deɛn na ɔwɔ ka no bɛtiumi agyina hɔ ama?
-
Na ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no “[hwɛ] kɔbere ɔwɔ” (Numeri 21:9) na wɔanya ayaresa. Wodwene sɛ adɛn nti na nnipa binom anhwɛ? So biribi a ɛte saa to wo?
-
Deɛn na wote nka sɛ yɛ na ama ‘wode gyidie ahwɛ Onyankopɔn Ba no’ yie na woanya ayaresa? (Helaman 8:15).
Worekenkan nkyekyɛmu ahoroɔ yi bɛtumi akae wo mmerɛ afoforɔ wɔ twerɛnsɛm no mu a na ɛsɛ sɛ nkorɔfo de wɔn adwene si Kristo so. Sɛ nhwɛsoɔ no, fa nkrasɛm a ɛwɔ Numeri 21:4–9 toto Mateo 14:25–31 ne 1 Nephi 8:24–28 ho (san hwɛ mfonin ahoroɔ a ɛwɔ nnawɔtwe yi nhyehyɛeɛ awieeɛ no). Deɛn na ɛtaa twe yɛn firi Kristo ho? Sɛn na Ɔhyira nnipa a wɔkɔ so de wɔn adwene si No so no?
San hwɛ “Jesus, the Very Thought of Thee” (Nnwom, nɔma 141).
Numeri 22–24
Mɛtumi adi Onyankopɔn apɛdeɛ so, mpo sɛ afoforɔ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa me sɛ ma menyɛ saa a.
Berɛ a Moab hene Balak tee sɛ Israelfoɔ no rebɛn no, ɔfrɛɛ Balaam, ɔbarima bi a wɔnim no sɛ ɔka nhyira ne nnome. Na Balak pɛ sɛ ɔdome Israelfoɔ no. Hyɛ sɛdeɛ Balak bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Balaam no nso (hwɛ Numeri 22:5–7, 15–17), na dwene nsɔhwɛ ahoroɔ a wobɛtumi ahyia a ɛbɛtia Onyankopɔn pɛ ho. Deɛn na w’ani gye ho wɔ Balaam mmuaeɛ ho wɔ Numeri 22:18, 38; 23:8, 12, 26; 24:13? Awerɛhosɛm ne sɛ, awieeɛ no, Balaam gyaee ne ho maa nhyɛsoɔ na ɔyii Israel maeɛ (hwɛ Numeri 31:16; Yuda 1:11). Dwene sɛdeɛ wobɛtumi akɔ so adi nokorɛ ama Awurade ɛmfa ho ne nhyɛsoɔ a ɛfiri afoforɔ hɔ.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Numeri 11:4–10
Mɛtumi ada ase wɔ deɛ Onyankopɔn de ama me ho.
-
Bisa wo nkwadaa sɛ wɔkae anwanwadeɛ a Awurade yɛeɛ de boaa Israelfoɔ no bi anaa (hwɛ “The Plagues of Egypt” ne “The Passover” wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 67–74). Afei wobɛtumi Numeri 11:4–10, abɔ mua ama wɔn, asi so dua sɛ na Israelfoɔ no werɛ afiri wɔn nhyira na wɔrenwiinwii. Nhyira bɛn na ɛtɔ mmerɛ bi a yɛn werɛ firi?
-
Berɛ a moto anaa motie dwom bi a ɛfa aseda ho, te sɛ “Count Your Blessings” (Nnwom, nɔma 241) no, wo nkwadaa bɛtumi ayɛ nhyira a Awurade de ama wɔn ho mfonin.
Numeri 12
Awurade pɛ sɛ medi Ne nkɔnhyɛni akyi.
-
Sɛ wode Numeri 12, bɛhyɛ aseɛ a, wobɛtumi aka akyerɛ wo nkwadaa sɛ na Awurade ani nnye Aaron ne Miriam, Mose nuabarima ne ne nuabaa ho. Ma wɔnkenkan Numeri 12:1–8 nhunu deɛ ntira. Dwene ho sɛ wode Asɛmpa Adwinnie Nwoma bɛboa wo nkwadaa ma wɔahunu nnipa a wɔwɔ twerɛnsɛm mu a wɔde obuo maa Awurade nkɔnhyɛni na wɔhyiraa wɔn ho nhwɛsoɔ. Sɛ yɛdi Awurade nkɔnhyɛni akyi a, sɛn na wɔhyira yɛn?
Numeri 21:6–9
Metumi ahwɛ Yesu Kristo.
-
Wobɛtumi de “Moses and the Brass Serpent” a ɛwɔ Apam Dada mu Abasɛm, 83–84, aboa wo nkwadaa ma wɔasua deɛ ɛsii wɔ Numeri 21:6–9. Sɛn na kɔbere ɔwɔ no te sɛ Yesu Kristo? (hwɛ Yohane 3:14–15). Wo nkwadaa ani bɛgye ho sɛ wɔde krataa bɛyɛ ɔwɔ na wɔatwerɛ nneɛma a ɛnyɛ den bi a wɔbɛtumi ayɛ de ‘ahwɛ Onyankopɔn Ba no wɔ gyidie mu’ (Helaman 8:15).
1:2Moses and the Brass Serpent
-
Nkwadaa a wɔanyini kakra bɛtumi ayi twerɛnsɛm a ɛdidi soɔ yi mu baako na wɔakyɛ deɛ ɛde ka wɔn nteaseɛ wɔ abasɛm no ho: 1 Nephi 17:41; Alma 33:18–20; Helaman 8:13–15; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:36.
Bronze Serpent, ɛfiri Brent Evans hɔ
Numeri 22–24
Mɛtumi adi Onyankopɔn apɛdeɛ so, mpo sɛ afoforɔ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa me sɛ ma menyɛ saa a.
-
Bɔ Numeri 22:1–18 ma wo nkwadaa, na si sɛdeɛ Balaam poo sɛ ɔbɛdome Onyankopɔn nkorɔfoɔ no so dua, mpo berɛ a Balak, Moab hene, de nidii ne ahonyadeɛ maa no. Afei wobɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔahwehwɛ nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛdidi so yi mu apɛ kasasin ahoroɔ a wɔte nka sɛ ɛkyerɛ sɛ na Balaam pɛ sɛ ɔdi Onyankopɔn akyi: Numeri 22:18; 23:26; 24:13. Ebia wo nkwadaa bɛtumi ayi kasasin baako a wɔn ani gye ho na wɔatwerɛ agu krataa so de aboa wɔn ma wɔakae sɛ wɔbɛtie Awurade.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.