“Kɔtɔnima 11–17. ‘Hwɛ Yie Na Wo Werɛ Amfiri Awurade’: Deuteronomium 6–8; 15; 18; 29–30; 34,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Kɔtɔnima 11–17. ‘Hwɛ Yie Na Wo Werɛ Amfiri Awurade,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
Moses on Mount Nebo, ɛfiri John Steel hɔ, © Providence Collection/wɔama ho kwan afiri goodsalt.com
Kɔtɔnima 11–17: “Hwɛ Yie Na Wo Werɛ Amfiri Awurade”
Deuteronomium 6–8; 15; 18; 29–30; 34
Mose asase so som adwuma hyɛɛ aseɛ wɔ bebpɔ so berɛ a Onyankopɔn firii wira a ɛredɛre mu kasa kyerɛɛ no (hwɛ Exodus 3:1–10). Ɛsan nso kɔwiee wɔ bepɔ so, mfeɛ boro aduanan akyi, berɛ a Onyankopɔn maa no hunuu bɔhyɛ asase no kakra firii Bepɔ Nebo atifi (hwɛ Deuteronomium 34:1–4). Na Mose de ne nkwa nna nyinaa asiesie Israelfoɔ sɛ wɔbɛhyɛn saa bɔhyɛ asase no so, na Deuteronomium nwoma no ka n’akwankyerɛ, nkaebɔ, afotuo, ne adesrɛ a ɛtwa toɔ a ɔde maa Israelfoɔ no. Ne nsɛm akenkan ma ɛda adi pefee sɛ na Mose som adwuma no botaeɛ ankasa—ahosiesie a na nkorɔfo no hia—no nyɛ serɛ so nkwa a wɔbɛnya, atamfo a wɔbɛdi wɔn so nkonim, anaa ɔman a wɔbɛkyekyere. Na ɛfa sɛ yɛresua adɔ Onyankopɔn, ayɛ setie ama No, na yɛakɔ so adi nokorɛ ama No. Ɛno ne ahosiesie a yɛn nyinaa hia de ahyɛn daa nkwa bɔhyɛ asase no so. Enti ɛwom sɛ Mose nan ansi “asase a nufusuo ne ɛwo sene wɔ so” (Eksodɔs 3:8), no so da, nanso esiane ne gyidie ne ne nokorɛdie nti, ɔkɔɔ bɔhyɛ asase a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdi n’akyi nyinaa no so.
Sɛ wopɛ Deuteronomium ho nsɛm nyinaa a, hwɛ “Deuteronomium” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Deuteronomium 6:4–7; 8:2–5, 11–17; 29:18–20; 30:6–10, 14–20
“Fa w’akoma nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.”
Na afahyɛ ne amanneɛ ahoroɔ a aniwa hunu pii ka Mose mmara no ho. Sɛdeɛ wobɛhunu wɔ Mose afotuo a ɛwɔ Deuteronomium mu no, na Awurade san dwene Ne nkorɔfoɔ mu tebea ho—wɔn akoma mu honhom mu tebea.
Wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛwɔ aseɛ ha no mu no, hwehwɛ asɛmfua akoma, na dwene deɛ ɛbɛtumi akyerɛ ho. Wobɛtumi adwene nkyekyɛmu ahoroɔ sɛ honhom mu nhwehwɛmu wɔ w’akoma mu. Yareɛ bɛn na wode bɛma wo ho? Ayaresa bɛn na wobɛkyerɛ na ama w’akoma honhom fam apɔmuden atu mpɔn? Twerɛ wo nsusuiɛ to hɔ:
-
Deuteronomium 6:4–7:
-
Deuteronomium 8:2–5:
-
Deuteronomium 8:11–17:
-
Deuteronomium 29:18–20:
-
Deuteronomium 30:6–10:
-
Deuteronomium 30:14–20:
Ɛkwan baako a wobɛtumi afa so ahyehyɛ wo nsusuiɛ ne sɛ wobɛyɛ akoma mfonin na woatwerɛ nneɛma a Awurade se ɛsɛ sɛ wonya wɔ w’akoma mu wɔ mu. Afei wobɛtumi atwerɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ woyi firi w’akoma mu wɔ akyire.
Sɛn na wokyerɛ sɛ wode w’akoma nyinaa dɔ Onyankopɔn? Sɛ wopɛ nsusuiɛ a, hwɛ “Love God, love your neighbor” wɔ De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ, 10–12.
San hwɛ M. Russell Ballard, “Lovest Thou Me More Than These?,” Liahona, Obubuo 2021, 51–53.
Hwehwɛ w’ankasa honhom mu nhunumu. Bra, Di M’akyi susu nkyekyɛmu ne nnyinasosɛm ahoroɔ a ɛsɛ sɛ adwene kɔ so wɔ twerɛnsɛm no mu, nanso mma ɛno nsi w’adesua mpem hɔ. Sɛ wokenkan Deuteronomium a, wobɛtumi ahunu nnyinasosɛm bi a wɔntwee adwene nsii so wɔ ha. Ma Honhom no nkyerɛ wo deɛ wohia sɛ wosua.
Deuteronomium 6:4–12, 20–25
“Hwɛ yie na wo werɛ amfiri Awurade.”
Israelfoɔ a wɔhyɛnee bɔhyɛ asase no so no mu dodoɔ no ara anhunu ɔhaw ahoroɔ a ɛbaa Misraim no anaa wɔantwa Ɛpo Kɔkɔɔ no. Na Mose nim sɛ ɛho bɛhia sɛ wɔn—ne awoɔntoatoasoɔ a ɛbɛba daakye—kae Onyankopɔn anwanwade ne Onyankopɔn mmara na wɔakɔ so ayɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ.
Afotuo bɛn na wohunu wɔ Deuteronomium 6:4–12, 20–25 a ɛbɛtumi aboa ma woakae nneɛma akɛseɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo? Deɛn na wonya nkuranhyɛ sɛ yɛ sɛdeɛ Awurade asɛm “bɛtena w’akoma mu” da biara? (nkyekyɛmu 6).
Wobɛtumi nso asua Onuabarima Jan E. Newman nkrasɛm “Preserving the Voice of the Covenant People in the Rising Generation” (Liahona, Obubuo 2023, 36–38) na woadwene sɛdeɛ wode wo gyidie wɔ Kristo mu bɛma awoɔntoatoasoɔ a ɛbɛba daakye no ho.
San hwɛ Deuteronomium 11:18–21; Dale G. Renlund, “Consider the Goodness and Greatness of God,” Liahona, Kɔtɔnima 2020, 41–44; Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma, “Frontlets or phylacteries.”
Deuteronomium 15:1–15
Woreboa nnipa a wɔhia mmoa hwehwɛ ayamyɛ nsa ne akoma a ɛwɔ ɔpɛ.
Yɛnnya nnuruu da a “ohiani biara nni mo mu” (Deuteronomium 15:4), enti nnyinasosɛm ahoroɔ a ɛfa ahiafoɔ a wɔbɛboa wɔn ho wɔ Deuteronomy 15 no da so ara som bo, sɛ mpo nneyɛɛ pɔtee no asesa a. Hyɛ deɛ nkyekyɛmu 1–15 kyerɛkyerɛ fa deɛ enti a yɛboa nnipa a wɔhia mmoa ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛn suban yɛ wɔ ho no nso.
Deɛn na ɛkyerɛ sɛ ‘wobɛbue wo nsam kɛseɛ’ ama nnipa a wɔhia mmoa? (nkyekyɛmu 8, 11). Deɛn na wosua firi Awurade nhwɛsoɔ a ɛfa mmoa a wɔde ma nkorɔfoɔ a wɔhia mmoa ho no mu? (hwɛ nkyekyɛmu 15).
San hwɛ “Have I Done Any Good?,” Nnwom, nɔma 223.
Deuteronomium 18:15–19
Na Mose “te sɛ” Yesu Kristo.
Petro, Nephi, Moroni, na Agyenkwa no ankasa nyinaa kaa nkɔnhyɛ no ho asɛm wɔ Deuteronomium 18:15–19 (hwɛ Acts 3:20–23; 1 Nephi 22:20–21; Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:40; 3 Nephi 20:23). Deɛn na wosua fa Agyenkwa no ho firi nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu? Dwene deɛ woakenkan afa Mose ho wɔ nnawɔtwe kakra a atwam no mu ho. Sɛn na Mose “te sɛ” Yesu Kristo?
Yesu Kristo ka kyerɛɛ Ne nkorɔfoɔ a wɔwɔ tete Amerika sɛ, “Mene deɛ nkɔnhyɛni Mose kaa ne ho asɛm no” (3 Nephi 20:23).
Deuteronomium 29:9; 30:15–20
Awurade ka kyerɛ me sɛ menyi papa ne bɔne mu deɛ mepɛ.
Ɛbɛyɛ anika sɛ yɛde Mose nsɛm a ɛwɔ Deuteronomium 29:9; 30:15–20 bɛtoto Lehi nkyerɛkyerɛ a ɛtwa toɔ a ɔde maa n’abusua wɔ 2 Nephi 2:26–29; 4:4. Sɛn na Lehi trɛɛ deɛ Mose kyerɛkyerɛeɛ no mu? Deɛn na wohunu wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu a ɛkanyan wo ma “woyi nkwa”? (Deuteronomium 30:19).
Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ ma Mmɔfra
Deuteronomium 6:5
Metumi de m’akoma nyinaa adɔ Onyankopɔn.
-
Sɛdeɛ ɛboa ma wo nkwadaa ate Deuteronomy 6:5, ase no, wobɛtumi ayɛ akoma, nipadua nsɛsoɔ, ne abasa a ɛyɛ den mfonin. Wo nkwadaa bɛtumi de wɔn nsa akyerɛ mfonin ahoroɔ no so berɛ a wokenkan nsɛmfua “akoma,” “ɔkra,” ne “tumi” a ɛwɔ nkyekyɛmu no mu no. Sɛn na yɛkyerɛ Awurade sɛ yɛde yɛn akoma, yɛn kra, ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ No?
Deuteronomium 6:6–15
Mɛtumi de Onyankopɔn asɛm asie m’akoma mu.
-
Wo ne wo nkwadaa nkenkan Awurade afotuo a ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔmfa twerɛnsɛm nkyekyɛmu ahoroɔ nsi baabi a wɔbɛhunu no da biara (hwɛ Deuteronomium 6:6–9). Yei bɛtumi akanyan wo ne wo nkwadaa ma moadwene akwan a mobɛfa so ahwɛ sɛ mo werɛ “remfi Awurade” (nkyekyɛmu 12) na moakae deɛ Wayɛ ama mo.
-
Wobɛtumi akyerɛ sɛ Deuteronomium 6:13, 16 ne 8:3 boaa Agyenkwa no wɔ berɛ na ɛho hia wɔ N’abrabɔ mu. Sɛ mopɛ sɛ mohunu a, mommom nkenkan Mateo 4:1–10. Afei mobɛtumi ne mo ho mo ho akyɛ twerɛsɛm nkyekyɛmu ahoroɔ bi a aboa mo wɔ ahohia berɛ mu.
Deuteronomium 18:15–18
Nkɔnhyɛfoɔ kyerɛkyerɛ yɛn fa Yesu Kristo ho.
-
Berɛ a mobom kenkan Deuteronomium 18:18 no, boa wo nkwadaa ma wɔnte aseɛ sɛ Nkɔnhyɛni a ɔte sɛ Mose wɔ nkyekyɛmu yi mu no ne Yesu Kristo. Ebia mobɛtumi ahwɛ nneɛma a Mose yɛeɛ ne nneɛma a Yesu Kristo yɛeɛ mfonin, na woama wo nkwadaa de atoto ho (hwɛ Asɛmpa Adwinnie Nwoma, nɔma 15, 16, 38, 39). Deɛn na yɛn nkɔnhyɛni a ɔwɔ hɔ nnɛ akyerɛkyerɛ yɛn afa Agyenkwa no ho?
Deuteronomium 29:12–13; 30:8–10
M’apam ahoroɔ nti, meka Onyankopɔn nkorɔfoɔ ho.
-
Moreka Deuteronomium 29:12–13 ho asɛm ma wo ne wo nkwadaa akwanya sɛ mobɛka apam a wɔne Ɔsoro Agya bɛyɛ anaa wɔayɛ ho asɛm. Yɛbɛyɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ no kyerɛ sɛn? Sɛn na yɛn bɔhyɛ ahoroɔ ma yɛyɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ? nkyekyɛmu 13; san hwɛ Mosiah 18:8–10).
-
Sɛ wo nkwadaa hia mmoa a wɔde bɛte deɛ apam ase a, kyerɛ sɛ wɔnhwehwɛ nkyerɛaseɛ bi wɔ “Covenant” wɔ Twerɛnsɛm no mu Akwankyerɛ (Asɛmpa Nwomakorabea) mu. Bɔhyɛ bɛn na Onyankopɔn ne Israelfoɔ no hyɛɛ wɔn ho wɔn ho wɔ Deuteronomium 30:8–10? Bɔhyɛ bɛn na yɛne Onyankopɔn ahyɛ? (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37, 77). Sɛn na bɔhyɛ ahoroɔ yi de yɛn bata Ne ho? Dwene ho sɛ mobɛbom ato dwom bi a ɛfa apam ho, te sɛ “Standing on the Promises” (Asɛmpa Nwomakorabea).
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.