Come, Follow Me
Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae: Ntomadan ne Afɔrebɔ


“Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae: Ntomadan ne Afɔrebɔ,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ntomadan ne Afɔrebɔ,” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

Ntomadan ne Afɔrebɔ

Sɛ yɛkenkan Apam Dada no a, ɛtɔ da a yɛhunu nkyekyɛmu atenten a ɛfa nneɛma a na ɛda adi pefee sɛ ɛho hia Awurade nanso ebia ɛho nhia yɛn seesei nnɛ. Eksodɔs 25–30; 35–40 ne Lewitikɔs 1–9; 16–17 yɛ nhwɛsoɔ. Saa ti ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ Israel ntomadan a ɛwɔ serɛ so ne mmoa afɔreɛ a na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔ hɔ no mu kɔ akyiri. Na ntomadan no yɛ tɛmpol a wɔtumi de nante, Awurade tenabea wɔ Ne nkorɔfoɔ mu.

Yɛn nnɛyi tɛmpol ahoroɔ no ne Israel tɛmpol no di nsɛ, nanso nokorɛ mu ɛne ne nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Eksodɔs no nyɛ pɛ. Na yɛnkum mmoa wɔ yɛn tɛmpol ahoroɔ mu—Agyenkwa no Mpata no de mmoa afɔrebɔ baa awieeɛ bɛyɛ mfeɛ 2,000 a atwam. Nanso ɛmfa ho ne saa nsonsonoeɛ yi no, mfasoɔ kɛseɛ wɔ so nnɛ sɛ yɛbɛkenkan tete Israel som ahoroɔ ho asɛm, titire sɛ yɛhunu wɔn sɛdeɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ a wɔwɔ Mormon Nwoma no mu yɛeɛ no a—sɛ kwan a “wɔde hyɛ wɔn gyidie wɔ Kristo mu den” (Alma 25:16). Sɛ yɛte ntomadan ne mmoa afɔrebɔ ho ahyɛnsodeɛ no ase a, yɛbɛtumi anya honhom mu nhumu a ɛbɛhyɛ yɛn gyidie wɔ Kristo mu nso mu den.

Israelfoɔ de odwammaa reba ntomadan no mu

Sacrifice of a Lamb, ɛfiri Robert T. Barrett hɔ

Ntomadan no Hyɛ Yesu Kristo mu Gyidie Den

Berɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Mose sɛ ɔnsi ntomadan wɔ Israelfoɔ nsraban mu no, Ɔkaa nebotaeɛ sɛ: “na matena wɔn mu” (Eksodɔs 25:8). Wɔ ntomadan no mu no, na wɔde apam adaka—nnua adaka, a wɔde sika kɔkɔɔ akata so, a Onyankopɔn ne Ne nkorɔfo apam a wɔatwerɛ ho twerɛtohɔ wom no agyina hɔ ama Onyankopɔn anim. Na wɔde adaka no sie dan kronkron pa ara a ɛwɔ mu no mu, a wɔde nkatanim ate ho afiri ntomadan no fa a aka no ho. Saa nkatanim yi bɛtumi ayɛ ahyɛnsodeɛ ama yɛn ho a yɛate afiri Onyankopɔn anim esiane Ahweaseɛ no nti, ne yɛn kwan a yɛbɛsan de akɔ Ne nkyɛn—ɛnam Agyenkwa no so.

Sɛ Mose firi hɔ a, onipa baako pɛ na yɛnim a ɔbɛtumi akɔ saa “kronkronbea kɛseɛ” hɔ (Eksodɔs 26:34)—ɔsɔfo panin no. Te sɛ asɔfoɔ afoforɔ no, na ɛsɛ sɛ wɔdi kan hohoro ne ho na wɔsra no na ɔhyɛ ntaade kronkron a ɛyɛ ne dibea ho ahyɛnsodeɛ. Da koro wɔ afe biara mu, da a wɔfrɛ no Mpata Da no, na ɔsɔfo panin no gyina nkorɔfoɔ no ananmu bɔ afɔreɛ ansa na ɔno nko ara akɔ ntomadan no mu. Wɔ nkatanim no ho no, na ɔhye aduhwam. Na wisie a ɛyɛ hwam a ɛreforo kɔ soro no gyina hɔ ma nkorɔfo no mpaebɔ a ɛreforo kɔ Onyankopɔn nkyɛn. Afei ɔsɔfo panin a ɔkura mogya a ɛfiri aboa afɔrebɔ mu no bɛfa nkatanim no mu abɛn Onyankopɔn ahennwa, a apam adaka no yɛ ho ahyɛnsodeɛ no.

Worehunu deɛ wonim fa Yesu Kristo ne Ne dwumadie ho wɔ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu no, wobɛtumi ahunu sɛdeɛ ntomadan no twe yɛn adwene kɔ Agyenkwa no so? Sɛdeɛ na ntomadan no, ne adaka a ɛwɔ mu no gyina hɔ ma Onyankopɔn anim wɔ Ne nkorɔfo mu no, saa ara na na Yesu Kristo nso Onyankopɔn anim wɔ Ne nkorɔfo mu. Te sɛ ɔsɔfo panin no, Yesu Kristo yɛ Ntamgyinafoɔ wɔ yɛne Onyankopɔn Agya ntam. Ɔfaa nkatanim no mu sɛdeɛ ɔbɛsrɛ ama yɛn denam N’ankasa afɔrebɔ mogya no so.

Israel ntomadan no afa ahoroɔ bi bɛtumi asɛ deɛ wonim, titire sɛ woakɔ tɛmpol akɔgye w’ankasa ayɛyɛdeɛ ahoroɔ a. Tɛmpol yɛ Awurade fie—Ne tenabea wɔ Ne nkorɔfoɔ mu. Te sɛ ntomadan no kronkronbea kɛseɛ no, tɛmpol sɛlɛhyia dan no gyina hɔ ma Onyankopɔn anim. Sɛ yebɛkɔ mu a, ɛsɛ sɛ wɔdi kan hohoro yɛn ho na wɔsra yɛn. Yɛhyɛ ntaade kronkron. Yɛyɛ apam ahoroɔ. Yɛbɔ mpaeɛ wɔ afɔrebukyia a mpaebɔ no firi so foro kɔ Onyankopɔn nkyɛn. Na awieeɛ no yɛfa nkatanim bi mu kɔ Onyankopɔn anim.

Ebia nsɛdie a ɛho hia pa ara wɔ nnɛyi tɛmpol ne tete ntomadan no ntam ne sɛ, sɛ wɔte ne mmienu nyinaa ase yie a, ɛhyɛ yɛn gyidie wɔ Yesu Kristo mu den na ɛhyɛ yɛn aseda ma Ne mpata afɔrebɔ no ma. Onyankopɔn pɛ sɛ Ne mma nyinaa hyɛn N’anim; Ɔpɛ “asɔfoɔ ahemman” ne asɔfo mmaa (Eksodɔs 19:6). Nanso yɛn bɔne mma yɛnnya saa nhyira no, ɛfiri sɛ “deɛ ɛho nteɛ biara ntumi ntena Onyankopɔn nkyɛn” (1 Nephi 10:21). Enti Onyankopɔn Agya somaa Yesu Kristo, yɛn “nneɛma pa a ɛbɛba no sɔfo panin” no (Hebrifoɔ 9:11). Ɔpae nkatanim no mu ma yɛn na ɔma Onyankopɔn nkorɔfoɔ nyinaa tumi sɛ “wɔmfa akokoɔduro mmra adom ahennwa no ho, na yɛanya mmɔborɔhunu” (Hebrifoɔ 4:16).

Ɛnnɛ, tɛmpol botaeɛ boro sɛ yɛbɛnya mmasoɔ ama yɛn ankasa ho. Yaɛnya yɛn ankasa ayɛyɛdeɛ na yɛne Onyankopɔn ayɛ apam akyi no, yɛbɛtumi agyina yɛn nananom ananmu na yɛagye ayɛyɛdeɛ ama wɔn. Ɛkwan bi so no, yɛbɛtumi abɛyɛ biribi te sɛ tete ɔsɔfo panin—ne Ɔsɔfo Panyin Kɛseɛ no—abue kwan akɔ Onyankopɔn anim ama afoforɔ.

Afɔrebɔ Hyɛ Yesu Kristo mu Gyidie mu Den

Wɔkyerɛkyerɛ mpata ne nkabom nnyinasosɛm ahoroɔ no tumi mu wɔ tete mmoa afɔrebɔ dwumadie a ɛwɔɔ hɔ kyɛree ansa na Mose mmara reba no mu. Adam ne Hawa bɔɔ afɔreɛ. Wɔtee n’ahyɛnsodeɛ ntotoho a ɛfa Agyenkwa no afɔrebɔ ho no ase. Na wɔde yei kyerɛkyerɛɛ wɔn mma.

Mmoa afɔrebɔ ahyɛnsodeɛ no bɛtumi ayɛ deɛ ɛyɛ awerɛhoɔ kɛse wɔ tete Israel Mpata Da (“Yom Kippur” wɔ Hebri kasa mu) no mu. Wɔdaa hia a ɛhia sɛ wɔyɛ afe afe afahyɛ yi adi wɔ Lewitikɔs 16:30: “Saa da no ɔsɔfo no bɛpata ama mo, na wate mo ho, na mo ho ate afiri mo bɔne nyinaa ho wɔ Awurade anim.” Yei maa Onyankopɔn kɔɔ so tenaa nkorɔfo no mu. Wɔnam afahyɛ ahoroɔ so na ɛyɛɛ mpata yi. Wɔ yeinom mu baako mu no, wɔkum abirekyie de bɔ afɔreɛ ma ɔman no bɔne, na ɔsɔfo panin no de abirekyie no mogya kɔ kronkronbea hɔ. Akyire yi, ɔsɔfo panin no de ne nsa gu abirekyie a ɔte ase so na ɔka Israelfoɔ bɔne—ɔde saa bɔne no kɔ abirekyie no so sɛ ahyɛnsodeeɛ. Afei wɔpam abirekyi no firi Israel nsraban mu.

Wɔ amanneɛ ahoroɔ yi mu no, na mmirekyie no gyina hɔ ma Yesu Kristo, a ɔsii nnebɔneyɛfoɔ no ananmu. Ɛnsɛ sɛ wɔma bɔne ho kwan wɔ Onyankopɔn anim. Nanso sɛ anka Onyankopɔn bɛsɛe anaa ɔbɛpam nnebɔneyɛfoɔ no, ɔde kwan foforɔ maeɛ—wɔbɛkum anaa wɔbɛpam abirekyie mmom. “Na abirekyie no bɛsoa wɔn amumuyɛ nyinaa” (Lewitikɔs 16:22).

Saa amanneɛ ahoroɔ yi twee adwene sii kwan a Onyankopɔn de ama sɛ ɔde yɛn bɛsan aba N’anim—Yesu Kristo ne Ne Mpata. Agyenkwa no “afa yɛn yea, na wasoa yɛn awerɛhoɔ,” mpo “yɛn nyinaa amumuyɛ” (Yesaia 53:4, 6). Ɔgyinaa yɛn ananmu, de ne nkwa maeɛ de tuaa bɔne asotwe, na afei ɔnam Ne Wusɔreɛ so dii owuo so nkonim. Yesu Kristo afɔrebɔ no ne “afɔrebɔ kɛseɛ a ɛtwa toɔ; aane, ɛnyɛ onipa afɔrebɔ, anaa aboa deɛ” na mmom “afɔrebɔ a ɛnni ano na ɛnni awieeɛ” (Alma 34:10). Ɔno ne biribiara a tete afɔrebɔ ahoroɔ no twee adwene sii so no mmamu.

Yesu a ɔso asɛnnua no

Yei nti, N’afɔrebɔ no baa awieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mommfa mogya a wɔhwie guo no mmɔ afɔreɛ mma me bio; aane, mo afɔrebɔ ahoroɔ no wɔbɛyi afiri hɔ. Na afɔreɛ a mobɛbɔ ama me ne akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ” (3 Nephi 9:19–20).

Enti sɛ wohunu nkyekyɛmu bi wɔ Apam Dada no mu a ɛfa afɔrebɔ ne ntomadan (anaa, akyire yi, tɛmpol) ho—na wobɛhunu pii—a kae sɛ ne nyinaa botaeɛ titire ne sɛ ɛbɛhyɛ wo gyidie wɔ Mesia, Yesu Kristo mu no mu den. Fa deɛ wokenkan na wosua no bata wo som ho wɔ Ne fie. Ma w’akoma ne w’adwene nkɔ Ne so. Dwene deɛ Wayɛ de wo asan aba Onyankopɔn anim—ne deɛ wobɛyɛ de adi N’akyi no ho.

Atwerɛ.

  1. Eksodɔs 33:7–11 ka “ahyiaeɛ ntomadan” bi ho asɛm, faako a Mose ne Awurade dii nkutaho, nanso na ɛnyɛ yei ne bea a wɔbɔ afɔreɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Eksodɔs ne Lewitikɔs no. Wɔyɛɛ saa afɔrebɔ ahoroɔ no wɔ ntomadan a wɔaka ho asɛm wɔ Eksodɔs 25–30, a Onyankopɔn hyɛɛ Mose ne Israel mma sɛ wɔnsi no (hwɛ Eksodɔs 35–40). Na wɔtaa frɛ saa ntomadan yi a Aaron ne ne mma mmarima bɔɔ mmoa afɔreɛ wom no nso sɛ “ahyiaeɛ ntomadan” (sɛ nhwɛsoɔ no, hwɛ, Eksodɔs 28:43; 38:30; Lewitikɔs 1:3).

  2. San hwɛ Yakob 4:5; Yarom 1:11.

  3. Hwɛ Eksodɔs 25:10–22.

  4. Hwɛ Hebrifoɔ 10:19–20.

  5. Hwɛ Eksodɔs 40:12–13.

  6. Hwɛ Eksodɔs 28.

  7. Hwɛ Lewitikɔs 16:12.

  8. Hwɛ Nnwom 141:2.

  9. Hwɛ Lewitikɔs 16:14–15.

  10. Hwɛ Yohane 1:14.

  11. Hwɛ Hebrifoɔ 8–10.

  12. Hwɛ Moses 5:4–12; san hwɛ Gyenesis 4:4.

  13. Hwɛ Mosiah 15:8–9.