“Oforisuo 27–Kɔtɔnima 3. ‘Kronkronyɛ ma Awurade”: Eksodɔs 35–40; Lewitikɔs 1; 4; 16; 19,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Oforisuo 27–Kɔtɔnima 3. ‘Kronkronyɛ ma Awurade,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
Rio de Janeiro Brazil Tɛmpol
Oforisuo 27–Kɔtɔnima 3: “Kronkronyɛ ma Awurade”
Eksodɔs 35–40; Lewitikɔs 1; 4; 16; 19
Wɔrefiri Misraim—a na ɛho hia yie no—amma Onyankopɔn atirimpɔ ahoroɔ a na ɔwɔ ma Israelfoɔ no amma mu anwie. Mpo na ahotɔ asetena wɔ bɔhyɛ asase no so nyɛ Onyankopɔn tirimpɔ titire de ma wɔn. Na yeinom yɛ anammɔntuo kɛkɛ a ɛkɔ deɛ Onyankopɔn pɛ ankasa ma Ne nkorɔfoɔ: “Mobɛyɛ kronkron: ɛfiri sɛ me, Awurade mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron” . (Lewitikɔs 19:2). Sɛn na Onyankopɔn hyehyɛeɛ sɛ ɔbɛma Ne nkorɔfo ayɛ kronkron berɛ a na wɔatena nnommumfa mu awoɔntoatoasoɔ pii akyi no? Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ kronkronbea wɔ serɛ so—ntomadan. Ɔmaa wɔn apam ne mmara a ɛbɛkyerɛ wɔn nneyɛɛ kwan na asesa wɔn akoma. Na Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa mmoa mmɔ afɔreɛ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn afa wɔn bɔne ho mpata ho. Na wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛ ɛbɛtwe wɔn adwene, akoma, ne wɔn abrabɔ akɔ Agyenkwa no so. Ɔno ne nokorɛ kwan a ɛkɔ kronkronyɛ mu, ma Israelfoɔ no ne yɛn. Yɛn nyinaa atena bɔne nnommumfa bi mu, na wɔto nsa frɛ yɛn nyinaa sɛ yɛnnyae bɔne na yɛnni Yesu Kristo akyi, deɛ wahyɛ bɔ sɛ, “Mɛtumi ayɛ wo kronkron” no. (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 60:7).
Sɛ wopɛ Lewitikɔs nwoma no mu nsɛm nyinaa a, hwɛ “Lewitikɔs” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Eksodɔs 35–40; Lewitikɔs 19
Awurade pɛ sɛ meyɛ kronkron.
Eksodɔs 35–40 kyerɛkyerɛ Israelfoɔ no mmɔdemmɔ sɛ wɔbɛsi ntomadan, baabi a ayɛyɛdeɛ kronkron bɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ nnipa kronkron. Sɛ wokenkan saa ti ahodoɔ yi a, hwehwɛ nneɛma a Awurade ka kyerɛɛ ne nkorɔfoɔ sɛ wɔmfa ngu ntomadan no mu. Deɛn na nneɛma yi bɛtumi agyina hɔ ama? Deɛn na ɛsusu kyerɛ wo fa kronkronyɛ mu nkɔanim ho? Titire dwene sɛdeɛ saa nneɛma yi twe w’adwene kɔ Agyenkwa no so ho. Ɛpono te sɛ yei bɛtumi aboa wo:
|
Adeɛ bɛn na wohunuiɛ? |
Deɛn na yei bɛtumi agyina hɔ ama? |
|---|---|
Adeɛ bɛn na wohunuiɛ? Apam Adaka (Eksodɔs 37:1–9; 40:20–21) | Deɛn na yei bɛtumi agyina hɔ ama? (Hwɛ Eksodɔs 25:20–22; Twerɛnsɛm no mu Akwankyerɛ, “Ark of the Covenant”) |
Adeɛ bɛn na wohunuiɛ? Aduhwam afɔrebukyia (Eksodɔs 40:26–27; san hwɛ Eksodɔs 30:1, 6–8) | Deɛn na yei bɛtumi agyina hɔ ama? (Hwɛ Adiyisɛm 8:3–4) |
Adeɛ bɛn na wohunuiɛ? Kaneadua (Eksodɔs 37:17–24) | Deɛn na yei bɛtumi agyina hɔ ama? (Hwɛ Mateo 5:14–16; Yohane 8:12) |
Adeɛ bɛn na wohunuiɛ? Afɔrebɔ afɔrebukyia (Eksodɔs 38:1–7; san hwɛ Eksodɔs 27:1; 29:10–14) | Deɛn na yei bɛtumi agyina hɔ ama? (Hwɛ Twerɛnsɛm no mu Akwankyerɛ, “Afɔrebɔ”) |
Adeɛ bɛn na wohunuiɛ? Kuduo (yaawa) a wɔde nsuo gu mu (Eksodɔs 30:17–21) | Deɛn na yei bɛtumi agyina hɔ ama? (Hwɛ 2 Berɛsosɛm 4:6; Yesaia 1:16; Yeremia 33:8) |
Nokorɛ mu no, kronkrommea ahoroɔ a yɛwɔ kɛkɛ mma yɛnyɛ kronkron. Leviticus 19 kyerɛkyerɛ mmara ne mmaransɛm a Awurade de maeɛ sɛ ɛbɛboa Israelfoɔ no kronkronyɛ nkɔanim. Deɛn na wohunu wɔ saa mmaransɛm yi mu a ɛbɛtumi aboa wo ma woahwehwɛ kronkronyɛ afiri Awurade hɔ? Deɛn na wote nka sɛ yɛ na wode nnyinasonsɛm yi abɔ bra yie?
San hwɛ Henry B. Eyring, “Holiness and the Plan of Happiness,” Liahona, Obubuo 2019, 100–103; “The Tabernacle” (sini), Asɛmpa Nwomakorabea
The Tabernacle
Fa nnwom kronkron yɛ. Nnwom wɔ tumi kɛseɛ a ɛde frɛ Honhom no nkɛntɛnsoɔ na ɛma gyidie wɔ Yesu Kristo mu nyini. Nkransɛm a ɛwɔ nnwom mu no taa hyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ twerɛnsɛm mu no mu den. Sɛ nhwɛsoɔ no, dwom te sɛ “More Holiness Give Me” (Nnwom, nɔma 131) bɛtumi ahyɛ nkransɛm a wɔkyerɛkyerɛ no bi mu den wɔ Lewitikɔs 19. Ɛbɛtumi nso aboa wo ma woadwene deɛ ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ kronkron kɛse te sɛ Agyenkwa no na woadwennwene sɛdeɛ Ɔreboa wo ma woakɔ anim wɔ kronkronyɛ mu ho.
Eksodɔs 35:4–35; 36:1–7
Awurade se me sɛ memfa ɔpɛ akoma mmɔ m’afɔdeɛ.
Wɔfirii Misraim akyi afe no, na wɔbɛtumi aka sɛ abusuabɔ a na Israelfoɔ ne Yehowa wɔ no nnyina faako. Nanso, berɛ a wokenkan Eksodɔs 35:4–35 ne 36:1–7, no, hyɛ sɛdeɛ Israelfoɔ no gyee mmarasɛm no too mu sɛ wɔbɛsi ntomadan no nso. Deɛn na wosua firi Israelfoɔ no hɔ a ɛbɛtumi aboa ma woasom Awurade yie?
Ebia ɔremmisa wo nnadeɛ, nwera, anaa nnua a ɛsom bo a wode bɛyɛ ntomadan. Deɛn na Awurade de ama wo, na deɛn na ɔrese wo sɛ fa ma? Berɛ bɛn na wo “koma akanyan [wo] sɛ bra adwuma no mu”?
San hwɛ Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Afɔrebɔ,” Asɛmpa Nwomakorabea.
Israelfoɔ de “ɔpɛ akoma” bɔɔ afɔdeɛ maa ntomadan no (Eksodɔs 35:5). Mfonin no firi Corbert Gauthier hɔ, © Lifeway Collection/wɔama ho tumi firi goodsalt.com
Eksodɔs 40:12–14
Wɔde tɛmpol ayɛyɛdeɛ maeɛ firi tete.
Eksodɔs 40:12–14 kyerɛ tete ayɛyɛdeɛ a wɔyɛ no yɛn mmerɛ yi mu nso wɔ Awurade fie. Nkyekyɛmu foforɔ bi a ɛbɛtumi aboa wo ma woasua sɛdeɛ saa ayɛyɛdeɛ yi di Yesu Kristo ho adanseɛ nie:
-
Nhohoroho: Nnwom 51:2; Hesekiel 36:25–27
-
Ntaade kronkron a wɔhyɛ: Yesaia 61:10; Mateo 22:11–14; Adiyisɛm 19:7–8
-
Ngosra: Luka 4:18–19; Asomafoɔ Nnwuma 10:38
Lewitikɔs 1:1–9; 4; 16
Esiane Yesu Kristo afɔrebɔ nti, wɔbɛtumi de me bɔne akyɛ me.
Lewitikɔs nwoma no fa kɛseɛ no ara bɛtumi ayɛ yɛn nwanwa—mmoa afɔrebɔ, mogya ne nsuo amanneɛ ahoroɔ, ne mmara a ɛfa asetena mu nsɛm nketenkete ho. Nanso wɔyɛɛ saa amanneɛ ne mmara yi sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nnyinasonsɛm a yɛnim—adwensakyera, kronkronyɛ, ne Agyenkwa no Mpata. Sɛdeɛ wobɛhunu nnyinasonsɛm yi berɛ a wokenkan Lewitikɔs 1:1–9; 4; 16, no, dwene nsɛmmisa te sɛ yeinom ho:
-
Nsɛm anaa kasasin ahoroɔ bɛn na mehunu a ɛkae me Yesu Kristo ne Ne mpata afɔrebɔ no?
-
Deɛn na mesua firi afɔrebɔ ahoroɔ yi mu fa Agyenkwa no afɔrebɔ ho?
-
Sɛn na mete sɛ nnipa a wɔde wɔn ho bɔɔ saa afɔreɛ ahoroɔ yi?
Awurade nhwehwɛ mmoa afɔrebɔ bio. Nanso afɔrebɔ da so ara yɛ asɛmpa no nnyinasosɛm a ɛho hia. Sɛ wopɛ sɛ wosua afɔrebɔ ahoroɔ a Awurade hwehwɛ a, sua 3 Nephi 9:19–20; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:34. Sɛn na worebɔ afɔreɛ ahoroɔ yi? Deɛn na Moses 5:7 kyerɛkyerɛ wo fa sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wohunu w’afɔrebɔ ahoroɔ ho?
San hwɛ “Thoughts to Keep in Mind: The Tabernacle and Sacrifice.”
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Eksodɔs 35:20–29; 36:1
Onyankopɔn ama me akyɛdeɛ ahoroɔ a mede bɛboa N’adwuma.
-
Israelfoɔ serɛ so ntomadan no mfonin wɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ. Ebia wobɛpɛ sɛ wo ne wo nkwadaa hwɛ mu na wobisa wɔn nneɛma a anka ɛbɛhia na wɔde asi ntomadan no. Afei mobɛtumi abom akenkan Eksodɔs 35:20–29 de ahunu sɛdeɛ wɔde saa nneɛma yi maeɛ. Sɛn na Awurade afrɛ yɛn sɛ yɛmmoa nkyekyere N’ahemman?
-
Dwene ho sɛ wo ne wɔn bɛkenkan Eksodɔs 36:1 na moahunu deɛ Awurade de maa Besaleel ne Aholiab sɛ wɔmfa mmoa nsi ntomadan no. Afei wo ne wo nkwadaa bɛtumi akasa afa deɛ wote nka sɛ Awurade de ama wɔn sɛ wɔmfa mmoa nkyekyere N’ahemman ho. Sɛn na yɛbɛtumi de saa nneɛma yi ahyira afoforɔ?
Rome Italy Tɛmpol
Eksodɔs 40:17–34
Mɛtumi ate Awurade nka wɔ mmea kronkron.
-
Eksodɔs 40:17–34 bobɔ nneɛma a na ɛka Israelfoɔ ntomadan no ho din. Ebia wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahunu wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu ne ntomadan no mfonin a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ no mu. Monka sɛdeɛ ntomadan no fa biara bɛtumi akyerɛkyerɛ afa Agyenkwa no anaa Ɔsoro Agya ho no ho asɛm. Sɛ nhwɛsoɔ no, adansedie adaka no bɛtumi akae yɛn Onyankopɔn mmaransɛm, afɔrebukyia no bɛtumi akae yɛn Yesu Kristo afɔrebɔ no, ne deɛ ɛkeka ho.
-
Mmea kronkron bɛn na yɛwɔ nnɛ a ɛboa ma yɛte nka sɛ yɛbɛn Yesu Kristo? Sɛ nkɔmmɔbɔ yi fa no, mobɛtumi abom ahwɛ sini a wɔato din “Temples” (Asɛmpa Akoraeɛ). Mobɛtumi nso ato dwom bi te sɛ “Holy Places” (Asɛmpa Akoraeɛ). Monka sɛdeɛ mote nka fa mmea kronkron te sɛ tɛmpol ho nkyerɛ mo ho mo ho.
What Is a Temple?
Lewitikɔs 1:1–4
Esiane Yesu Kristo afɔrebɔ nti, wɔbɛtumi de me bɔne akyɛ me.
-
Mmoa afɔrebɔ a wɔaka ho asɛm wɔ Apam Dada no mu no, wɔyɛɛ sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ Israel mma no bɔnefakyɛ a ɛnam Yesu Kristo so. Dwene sɛdeɛ afɔrebɔ ahoroɔ yi ho akenkan bɛtumi ayɛ saa ara ama wo nkwadaa no ho. Wobɛtumi de Yesu Kristo a ɔwɔ Getsemane ne asɛnnua no so mfonin akyerɛ (hwɛ Asɛmpa Adwinnie Nwoma, nɔma 56, 57) berɛ a wo ne nkwadaa no kenkan Lewitikɔs 1:1–4. Boa wɔn ma wɔnhwehwɛ nsɛmfua anaa kasasin ahoroɔ a ɛkae wɔn Yesu Kristo afɔrebɔ no.
-
Mobɛtumi nso abom akenkan 3 Nephi 9:19–20 de ahwehwɛ deɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛmfa mmɔ afɔreɛ mmom sene mmoa. Deɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛde akoma a abubuo ne ahonu honhom bɛma Awurade? Hwɛ Twernnsɛm no mu Akwankyerɛ, “Akoma a Abubuo” (Asɛmpa Nwomakorabea) na woanya mmoa a de abua asɛmmisa yi.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.