Come, Follow Me
Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae: Apam Dada mu Abakɔsɛm Nwoma Ahoroɔ


“Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae: Apam Dada mu Abakɔsɛm Nwoma Ahoroɔ,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Apam Dada mu Abakɔsɛm Nwoma Ahoroɔ,” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

Apam Dada mu Abakɔsɛm Nwoma Ahoroɔ

Na wɔfrɛ Yosua nwoma ahoroɔ de bɛsi Ester so no Apam Dada mu “abakɔsɛm nwoma ahoroɔ”. Yei nkyerɛ sɛ nwoma afoforɔ a ɛwɔ Apam Dada mu no nni abakɔsɛm a ɛsom bo. Mmom no, wɔfrɛ abakɔsɛm nwoma ahoroɔ no saa ɛfiri sɛ na wɔn atwerɛfoɔ no botaeɛ titire ne sɛ wɔbɛkyerɛ Onyankopɔn nsa wɔ Israelfoɔ no abakɔsɛm mu. Na ɛnyɛ atirimpɔ no ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Mose mmara no mu sɛdeɛ Lewitikɔs ne Deuteronomium yɛ no. Na ɛnyɛ sɛ wɔbɛkyerɛ ayɛyie anaa wɔbɛtwa adwo wɔ anwensɛm mu, sɛdeɛ Nnwom ne Kwadwom yɛ no. Ɛna na ɛnyɛ sɛ wɔde bɛtwerɛ nkɔnhyɛfoɔ nsɛm, sɛdeɛ Yesaia ne Hesekiel nwoma no yɛ no. Mmom, abakɔsɛm nwoma ahoroɔ no ka abasɛm.

Nhumu Kwan

Wɔtaa de adwene pɔtee bi na ɛka saa abasɛm ahoroɔ yi. Sɛdeɛ ɛnyɛ yie sɛ yɛbɛhwɛ nhwiren, botan, anaasɛ dua bi afiri mmea ahoroɔ wɔ berɛ korɔ mu no, saa naɛntumi nkwati sɛ abakɔsɛm twerɛtohɔ bi bɛda ankorankoro anaasɛ nnipakuo a wɔretwerɛ no nhumu adi. Saa nhumu yi yɛ atwerɛfoɔ no man anaa mmusuakuo mu abusuabɔ ne wɔn amammerɛ nneyɛɛ ne gyidie ahoroɔ. Sɛ yɛhunu yei a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛate ase sɛ abakɔsɛm nwoma ahoroɔ no atwerɛfoɔ ne wɔn a wɔboaboaa ano no de wɔn adwene sii nsɛm pɔtee bi so na wɔgyaa afoforɔ. Wɔyɛɛ nsusuiɛ ahoroɔ a anka afoforɔ renyɛ. Na wɔgyinaa nkyerɛmu ne nsusuiɛ ahoroɔ yi so sii gyinaeɛ ahoroɔ. Yɛbɛtumi mpo ahunu nhumu ahodoɔ wɔ Twerɛ Kronkron nwoma ahodoɔ no nyinaa mu (na ɛtɔ da a ɛwɔ nwoma korɔ no ara mu). Mpɛn dodoɔ a yɛhunu saa nhumu yi no, mpɛn dodoɔ no ara na yɛbɛtumi ate abakɔsɛm nwoma ahoroɔ no ase yie.

Nhumu baako a ɛwɔ Apam Dada abakɔsɛm nwoma nyinaa mu ne Israel mma, Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ no nhumu. Wɔn gyidie wɔ Awurade mu no boaa wɔn ma wɔhunuu Ne nsa wɔ wɔn abrabɔ mu ne wɔn man mu nsɛm mu. Bere a wiase abakɔsɛm nwoma ahorow ntaa nhunu nneɛma wɔ saa kwan yi so no, saa honhom mu nhumu yi ka deɛ ɛma Apam Dada abakɔsɛm nwoma ahoroɔ no som bo kɛse ma nnipa a wɔrehwehwɛ sɛ wɔbɛnya wɔn ankasa gyidie wɔ Onyankopɔn mu no ho.

Nsɛm a ɛfa Apam Dada no Nkaeɛ ho

Abakɔsɛm nwoma ahoroɔ no hyɛ aseɛ firi baabi a Deuteronomium nwoma no wie, berɛ a Israelfoɔ mfeɛ a wɔde kyinkyinii serɛ so no rebɛn awieeɛ. Yosua nwoma no kyerɛ Israelfoɔ a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛhyɛn Kanaan, wɔn bɔhyɛ asase no so, na ɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ wɔfaa no. Nwoma ahoroɔ a ɛdi hɔ, Atemmufoɔ kɔsi 2 Beresosɛm, kyerɛ Israel suahunu wɔ bɔhyɛ asase no so, firi berɛ a wɔtenaa hɔ kɔsii berɛ a Asiriafoɔ ne Babilonfoɔ dii wɔn so nkonim. Esra ne Nehemia nwoma no ka Israelfoɔ akuo pii a wɔsan kɔɔ wɔn ahenkuro Yerusalem mfeɛ bebree akyi no ho asɛm. Awieeɛ no, Ester nwoma no ka Israelfoɔ a wɔtenaa nnommumfa mu wɔ Persia tumi ase ho asɛm.

Na ɛhɔ na Apam Dada no mu mmerɛ nhyehyɛeɛ no ba awiei. Ɛyɛ wɔn a wɔkenkan Twerɛ Kronkron no berɛ a ɛdi kan no bi ahodwiri sɛ wɔhunu sɛ wɔakenkan Apam Dada abasɛm no awie ankasa ansa na wɔakenkan bɛboro ne nkratafa fa kɛseɛ. Ester akyi no, yɛnnya Israelfoɔ abakɔsɛm ho nsɛm pii. Mmom, nwoma ahoroɔ a ɛdi hɔ no—titire nkɔnhyɛfoɔ no nwoma ahoroɔ no—fata berɛ nhyehyɛeɛ a abakɔsɛm nwoma ahoroɔ no de maeɛ no mu. Sɛ nhwɛsoɔ no, nkɔnhyɛni Yeremia som adwuma no sii wɔ nsɛm a ɛsisiiɛ a wɔatwerɛ wɔ 2 Ahemfo 22–25 (ne twerɛtohɔ a ɛne no di nsɛ wɔ 2 Berɛsosɛm 34–36). Sɛ wohunu yei a ɛbɛtumi anya sɛdeɛ wokenkan abakɔsɛm amannebɔ ne nkɔnhyɛ nwoma ahoroɔ no nyinaa so nkɛntɛnsoɔ.

Berɛ a Biribi Mfata

Sɛ worekenkan Apam Dada no a, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ abakɔsɛm biara ho no, wobɛtumi akenkan afa nnipa a wɔreyɛ anaa wɔreka nneɛma a nnɛyi, ayɛ sɛ ɛyɛ nwanwa anaa mpo ɛha adwene ho. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yei kwan—Apam Dada atwerɛfoɔ no hunuu wiase wɔ nhumu a, wɔ akwan bi so no, na ɛyɛ sononko koraa firi yɛn de noho. Basabasayɛ, mmusuakuo ntam abusuabɔ, ne mmaa dwumadie yɛ nsɛm a ebia tete atwerɛfoɔ no hunuu no soronko kyɛn deɛ yɛyɛ no nnɛ yi.

Enti sɛ yɛhyia twerɛnsɛm no mu nkyekyɛmu ahoroɔ a ayɛ sɛ ɛha adwene a, deɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Deɛ ɛdi kan, ɛbɛtumi aboa sɛ yɛbɛhunu nkyekyɛmu biara wɔ tebea kɛseɛ mu. Sɛn na ɛne Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no kɔ? Sɛn na ɛne deɛ wonim fa Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo su ho no kɔ? Sɛn na ɛne nokorɛ ahoroɔ a wɔada no adi wɔ twerɛnnsɛm afoforɔ mu anaa nkɔnhyɛfoɔ ateasefoɔ nkyerɛkyerɛ kɔ? Na sɛn na ɛne Honhom no nne brɛoo a ɛkɔ w’ankasa akoma ne w’adwene mu no kɔ?

Wɔ tebea binom mu no, ɛbɛtumi ayɛ te sɛ deɛ nkyekyɛmu no ne yeinom mu biara nkɔ papa. Ɛtɔ da a, nkyekyɛmu no bɛtumi ayɛ te sɛ ahodwirideɛ sin bi a ayɛ sɛ ɛnni gyinabea wɔ asinasin a woaboaboa ano dada no mu. Worebɔ mmɔdenbɔ de sin no ahyɛ mu ɔhyɛ so no nyɛ kwan papa. Na w’aba mu bɛbu wɔ ahodwirideɛ no nyinaa ho nso nyɛ papa. Mmom, ɛbɛtumi ahia sɛ wode sin no to nkyɛn kakra. Berɛ a wosua pii na woka ahodwirideɛ no pii bobomm no, wobɛtumi ahunu sɛdeɛ asinasin no hyia yie.

Ɛbɛtumi nso aboa sɛ yɛbɛkae sɛ, nhumu pɔtee kakra bi a yɛfa akyi no, nnipa bɛtumi ayɛ mfomsoɔ wɔ twerɛnsɛm abakɔsɛm ahoroɔ mu. Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔ mfehaha pii mu no, “wɔyii nneɛma a ɛmu da hɔ na ɛsom bo pii firii [Twerɛ Kronkron] no mu,” a nokorɛ ahoroɔ a ɛho hia a ɛfa nkyerɛkyerɛ, ayɛyɛdeɛ, ne apam ahoroɔ ho ka ho (1 Nephi 13:28; san hwɛ nkyekyɛmu 26, 29, 40). Berɛ korɔ no ara mu no, ɛsɛ sɛ yɛnya ɔpɛ sɛ yɛbɛgye atom sɛ yɛn ankasa nhumu nso sua: nneɛma a yɛnte aseɛ yie ne nsɛmmisa a yɛntumi mmua bɛwɔ hɔ berɛ biara.

obi a ɔrehyehyɛ ahodwirideɛ

Twerɛnsɛm nkyekyɛmu ahoroɔ binom bɛtumi ayɛ sɛ ahodwirideɛ asinasin a yɛnnim sɛdeɛ ɛne ahodwirideɛ nkae no bɛkɔ.

Worehunu Aboɔ a ɛsom bo

Nanso saa berɛ yi mu no, ɛnsɛ sɛ nsɛmmisa a yɛnnyaa ho mmuaeɛ no si yɛn kwan firi daa nokorɛ no aboɔden aboɔ a ɛsom bo a ɛwɔ Apam Dada mu no ho—sɛ mpo ɛtɔ mmerɛ bi a saa aboɔden aboɔ yi sie wɔ suahu ahoroɔ a ɛha adwene abotan mu ne deɛ ɛnyɛ a nnipa a wɔnyɛ pɛ yi no mu a. Ebia aboɔden aboɔ yi mu a ɛsom bo pa ara ne abasɛm ne nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛdi Onyankopɔn dɔ ho adanseɛ—titire deɛ ɛtwe yɛn adwene kɔ Yesu Kristo afɔrebɔ no so. Sɛ wohwɛ firi ɔfa baabiara a, aboɔden aboɔ te sɛ yeinom hyerɛn nnɛ te sɛ deɛ na ɛhyerɛn saa berɛ no ara. Na esiane sɛ saa twerɛtohɔ ahoroɔ yi ka Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ—mmarima ne mmaa a na wɔwɔ nnipa mmerɛyɛ nanso wɔdɔ Awurade na wɔsom no—ho asɛm nti nokorɛ aboɔden aboɔ dɔɔso wɔ Apam Dada no abakɔsɛm nwoma ahoroɔ mu.

aboɔden aboɔ

Atwerɛ.

  1. Twerɛ Kronkron mu abakɔsɛm amannebɔ a yɛwɔ nnɛ no yɛ atwerɛfoɔ ne mmoanofoɔ pii a wɔammɔ wɔn din, a wɔyɛɛ adwuma mfeɛ pii, mpo mfehaha pii, wɔ mmerɛ a wɔka ho asɛm no akyi no adwuma titire. Wɔde wɔn ho too abakɔsɛm fibea ahoroɔ so na wɔsii deɛ wɔde bɛka wɔn twerɛtohɔ ahoroɔ ho ne deɛ wɔmfa nka ho ho gyinaeɛ.

  2. Sɛ nhwɛsoɔ no, ɛwom sɛ 1–2 Beresosɛm ka bɛyɛ berɛ korɔ no ara a ɛwɔ 1 Samuel 31 kɔsi 2 Ahemfo awieeɛ no ho asɛm deɛ, nanso twerɛtohɔ a ɛwɔ 1–2 Beresosɛm mu no si nsɛm ahodoɔ so dua na ɛma nhumu sononko, a ɛkame ayɛ sɛ ɛtwe adwene si Yuda Anaafoɔ Fam Ahemman so na ɛtaa yi nsɛm a ɛnyɛ a ɛfa Dawid ne Salomo ho firi mu (sɛ nhwɛsoɔ no, fa 2 Samuel 10–12 toto 1 Beresɛm 19–20 ɛna 1 Ahemfo 10–11 ne 2 Beresosɛm 9) ho. Bra, Di M’akyi si Ahemfo 1 ne 2 twerɛtohɔ sua so dua, ɛwom sɛ mfasoɔ wɔ so sɛ yɛde saa twerɛtohɔ no bɛtoto Beresosɛm 1 ne 2 ho deɛ. Ɛbɛtumi aboa sɛ yɛbɛhunu sɛ ɛbɛyɛ sɛ adwuma a wɔyɛɛ wɔ 1 Samuel–2 Ahemfo ho no hyɛɛ aseɛ ansa na Babilon ahemman no redi Yuda so nkonim na wɔwiee wɔ nnommumfa berɛ wɔ Babilon no mu. Mmom, twerɛtohɔ a ɛbɛyɛɛ 1–2 Beresosɛm no wɔboaboaa ano berɛ a Yudafoɔ no firii wɔn nnommumfa mu san kɔɔ Yerusalem akyi. Berɛ a wokenkan no, wobɛtumi adwene sɛdeɛ tebea ahoroɔ yi bɛtumi anya nkɛntɛnsoɔ wɔ wɔn a wɔboaboaa twerɛtohɔ ahoroɔ no ano no nhumu so.

  3. Ɛrekɔ saa aboadeɛ yi mfitiaseɛ no wobɛhunu “Apam Dada Nkyerɛkyerɛmu,” berɛ nhyehyɛeɛ a ɛkyerɛ sɛdeɛ nkɔnhyɛni biara som adwuma ne Israel abakɔsɛm kɔ (ne sɛdeɛ wɔbɛtumi akyerɛ nso). Wobɛhunu sɛ Apam Dada no mu nkɔnhyɛ nwoma dodoɔ no ara bɛn saa berɛ nhyehyɛeɛ no awieeɛ—berɛ a Israelfoɔ atamfo dii wɔn so nkonim, tuu wɔn kɔɔ nnommumfa mu, na wɔhwetee wɔn no anim ne n’akyi pɛɛ.

  4. Hwɛ Gyidikansɛm 1:8.