“Oforisuo 20–26. ‘Deɛ Awurade Aka Nyinaa Yɛbɛyɛ’: Eksodɔs 19–20; 24; 31–34,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Oforisuo 20–26. ‘Deɛ Awurade Aka Nyinaa Yɛbɛyɛ,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada
Mose ne Apono no, ɛfiri Jerry Harston hɔ (nkyerɛmu)
Oforisuo 20–26: “Deɛ Awurade Aka Nyinaa Yɛbɛyɛ”
Eksodɔs 19–20; 24; 31–34
Ɛwom sɛ na Israelfoɔ anwiinwii na wɔahinhim wɔ berɛ a atwam no mu deɛ, nanso berɛ a Mose kenkann mmara no wɔ Bepɔ Sinai ase no, wɔyɛɛ apam yi: “Deɛ Awurade aka nyinaa yɛbɛyɛ, na yɛayɛ setie” (Eksodɔs 24:7). Afei Onyankopɔn frɛɛMose baa bepɔ no so, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi ntomadan sɛdeɛ mɛtumi ne wɔn akasa” (Exodus 25:8).
Nanso berɛ a na Mose wɔ bepɔ no atifi resua sɛdeɛ Israelfoɔ no bɛtumi anya Onyankopɔn anim wɔ wɔn mu no, na Israelfoɔ no wɔ bepɔ no ase reyɛ sika kɔkɔɔ honi bi a wɔbɛsom no mmom. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ ‘wɔrennya anyame foforɔ biara’ akyi no, ankyɛ na “wɔtwee wɔn ho ntɛm” firii wɔn bɔhyɛ no ho (Eksodɔs 20:3; 32:8; san hwɛ Eksodɔs 24:3). Na ɛyɛ nsakraeɛ a ɛyɛ nwanwa, nanso yɛnim firi suahunu mu sɛ ɛtɔ mmerɛ bi a ahopere, ehu, anaa annye annie di gyidie ne ahofama so nkonim. Berɛ a yɛrehwehwɛ Awurade anim wɔ yɛn abrabɔ mu no, ɛhyɛ nkuran sɛ yɛbɛhunu sɛ Awurade ampa aba wɔ tete Israel ho na Ɔrempa aba wɔ yɛne nnipa a yɛdɔ wɔn no ho—ɛfiri sɛ Ɔyɛ “mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, abodwokyerɛ, na Ne papayɛ ne nokorɛ dɔɔso” (Eksodɔs 34:6).
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Eksodɔs 19:3–6
Awurade apam nkorɔfoɔ som bo ma No.
Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Wɔ Apam Dada no mu no, Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ sononko ase firii mu ne segullah, a ɛkyerɛ ‘agyapadeɛ a ɛsom bo,’ anaa ‘ademudeɛ.’ Sɛ Awurade asomfoɔ bɛhunu yɛn sɛ ne man sononko yɛ nkamfoɔ a ɛkorɔn kɛseɛ pa ara” (“Children of the Covenant,” Ensign, Kɔtɔnima 1995, 34). Sɛn na Titenani Nelson nsɛm no nya nkɛntɛnsoɔ wɔ wo nteaseɛ a ɛwɔ Eksodɔs 19:3–6? Sɛn na Awurade akyerɛ wo sɛ wosom bo ma No?
Eksodɔs 19:10–11, 17
Suahunu kronkron hia ahosiesie.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɛhia sɛ Israelfoɔ siesie wɔn ho ansa na wɔatumi “ne Onyankopɔn ahyia” (Eksodɔs 19:10–11, 17) na wɔne No ayɛ apam (hwɛ Eksodɔs 19:5). Sɛn na wosiesie wo ho ma honhom mu suahunu, a adidi kronkron ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ ka ho? Sɛn na wobɛboa afoforɔ ma wɔasiesie wɔn ho? Deɛn na wosua fa ahosiesie ho firi Luka 6:12–13; Enos 1:2–6; Alma 17:2–3?
Wɔgye di sɛ saa bepɔ a ɛwɔ Misraim yi ne Bepɔ Sinai.
Eksodɔs 20:1–17
Onyankopɔn mmaransɛm so die de nhyira ba.
Berɛ a na Israelfo no ahyiam wɔ Bepɔ Sinai ase no, wɔtee sɛ Onyankopɔn nne de Mmaransɛm Du no rema (hwɛ Deuteronomium 4:12–13). Nokorɛ mu no, ɛnyɛ yeinom nko ara ne Onyankopɔn mmaransɛm—afoforɔ pii wɔ twerɛnsɛm no mu. Enti berɛ a wokenkan Eksodɔs 20:1–17, a, bisa wo ho deɛ enti a Onyankopɔn sii saa du yi so dua titire. Nhwɛsoɔ pono a wobɛtumi de adi dwuma berɛ a wodwennwene hia a Mmaransɛm Du no ho hia wɔ w’abrabɔ mu nie:
|
Mmarasɛm |
Ɔkwan foforɔ so no, Awurade rebisa me sɛ |
Nhyira a ɛfiri mmaransɛm a yɛde bɔ bra mu ba |
|---|---|---|
-
Sɛn na mmaransɛm du yi a wodi so boa wo ma wodi mmaransɛm akɛseɛ mmienu a Yesu de maeɛ no so Mateo 22:34–40?
-
Nneɛma bɛn na ɛbɛtumi asɔ wo ahwɛ sɛ wode bɛto Onyankopɔn anim? Nhyira bɛn na woahunu afiri Onyankopɔn a wode di kan no mu?
-
Sɛn na wobɛbua obi a ɔka sɛ wɔde Mmaransɛm Du no maeɛ berɛ tenten a atwam na ɛnyɛ adwuma nnɛ? W’abrabɔ mu nhwɛsoɔ ahoroɔ bɛn na wobɛkyɛ sɛ wo mmuaeɛ no fa? Sɛn na dwom “How Gentle God’s Commands” (Nnwom, nɔma 125) bɛtumi anya nkɛntɛnsoɔ wɔ kwan a wofa so kyerɛkyerɛ Onyankopɔn mmaransɛm no mu kyerɛ afoforɔ?
-
Sɛn na Awurade ama bɔhyɛ a ɛwɔ Eksodɔs 20:6 no aba mu wɔ w’abrabɔ mu?
San hwɛ “Mmaransɛm Kɛseɛ No—Dɔ Awurade,” wɔ Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Ezra Taft Benson (2014), 37–45; Dallin H. Oaks, “Anyame Foforɔ Bi Nni Hɔ,” Liahona, Obubuo 2013, 72–75; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Mmaransɛm,” Asɛmpa Nwomakorabea.
Eksodɔs 24:1–11
Apam a meyɛ no kyerɛ sɛ mewɔ ɔpɛ sɛ mɛdi Onyankopɔn mmara so.
Berɛ a wokenkan Eksodɔs 24:3–8, no, dwene apam a wo ne Onyankopɔn ayɛ no ho. Berɛ a na amanneɛ ahoroɔ a ɛyɛ sononko firi deɛ Onyankopɔn hwehwɛ nnɛ ho ka Israel apam no ho no, wobɛtumi ahunu nsɛdie ahoroɔ bi. Sɛ nhwɛsoɔ no, nkyekyɛmu 4, 5, ne 8 ka afɔrebukyia, mmoa afɔrebɔ, ne mogya ho asɛm. Deɛn na saa nneɛma yi bɛtumi agyina hɔ ama, na sɛn na ɛfa w’apam ahoroɔ ho?
Eksodɔs 32–34
Bɔne ne sɛ wotwe wo ho firi Onyankopɔn ho; adwensakyera ne sɛ wodane kɔ Ne nkyɛn na wotwe wo ho firi bɔne ho.
Bɔ mmɔden fa wo ho hyɛ Israelfoɔ no tebea mu—wowɔ serɛ so, Mose nni hɔ nnafua 40, ɛna akasakasa a wo ne Kanaanfoɔ bɛnya wɔ bɔhyɛ asase no ho no da w’anim (hwɛ Eksodɔs 32:1–8). Wodwene sɛ adɛn nti na na Israelfoɔ no pɛ sika ohoni? Deɛn na ɛkanyan wo wɔ Mose adesrɛ a ɔde kɔmaa Awurade no ho wɔ Eksodɔs 33:11–17?
Berɛ a na Israelfoɔ bɔne no yɛ hu no, na Onyankopɔn mmɔborohunu ne bɔnefakyɛ nkrasɛm bi nso ka abasɛm yi ho. Deɛn na Eksodɔs 34:1–10 kyerɛkyerɛ wo fa Agyenkwa no ho? (hwɛ Eksodɔs 32:30–32; Mosiah 14:4–8; 15:9; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:3–5).
Eksodɔs 31:13–16
Homeda yɛ sɛnkyerɛnneɛ.
Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Meyɛ abɔfra no, mesuaa afoforɔ a wɔboaboaa nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Homeda no ano no adwuma. Akyire yi na mesua firii twerɛnsɛm no mu sɛ m’abrabɔ ne me suban wɔ Homeda no yɛ sɛnkyerɛnneɛ wɔ me ne me Soro Agya ntam [hwɛ Eksodɔs 31:13; Hesekiel 20:12, 20]. Saa nteaseɛ no nti, na menhia nneɛma a ɛsɛ sɛ meyɛ ne deɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ mmoano bio. Berɛ a na ɛsɛ sɛ mesi gyinaeɛ sɛ dwumadie bi fata Homeda anaasɛ ɛmfata no, na mebisa me ho tiawa sɛ, ‘Deɛn sɛnkyerɛnneɛ na mepɛ sɛ mede ma Onyankopɔn?’ Saa asɛmmisa no maa nneɛma a meyi wɔ Homeda da no mu daa hɔ pefee” (“Homeda Yɛ Anigyeɛ,” Liahona, Kɔtɔnima 2015, 130). Dwene sɛnkyerɛnneɛ a wopɛ sɛ wode ma Onyankopɔn wɔ Homeda a wodi so no ho.
Eksodɔs 34:1–4
Nsonsonoeɛ bɛn na na ɛda aboɔ apono mmienu a Mose yɛeɛ no ntam?
Mose firi bepɔ no so baeɛ no, ɔde mmara a na wɔatwerɛ wɔ aboɔ apono so no baeɛ. Berɛ a Mose hunuu sɛ Israelfoɔ no abu wɔn apam no so no, ɔbubuu apono no (hwɛ Eksodɔs 31:18; 32:19). Akyire yi, Onyankopɔn hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ aboɔ apono foforɔ na ɔnsan mfa nkɔ bepɔ no so (hwɛ Eksodɔs 34:1–4). Na Joseph Smith Nkyerɛaseɛ ma Eksodɔs 34:1–2 (wɔ Twerɛ Kronkron nkekaho mu) ma ɛmu da hɔ sɛ na aboɔ apono a ɛdi kan no kura Onyankopɔn “nhyehyɛeɛ kronkron,” anaa Melkisedek Asɔfodie no. Deɛ na ɛtɔ so mmienu no kura “honam fam ahyɛdeɛ ho mmarasɛm.” Na yei yɛ mmara ketewa a “asɔfodie ketewa” no na ɛhwɛ so (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:17–27), a na wɔayɛ sɛ ɛbɛsiesie Israelfoɔ no ama mmara kɛseɛ ne asɔfodie kɛseɛ no na wɔatumi akɔ Onyankopɔn anim.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Eksodɔs 20:3–17
Onyankopɔn ma me mmaransɛm ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ m’ani gye.
-
Sɛn na wobɛtumi ama Mmaransɛm Du no ho adesua ayɛ anigyeɛ ama wo nkwadaa? Berɛ a mobom kenkan Eksodɔs 20:3–17 no, ma wo nkwadaa mmoa wo na hwehwɛ anaa yɛ mfonin bi a ɛbɛgyina hɔ ama Mmaransɛm Du no mu biara. Afei wo nkwadaa no bɛtumi ayiyi mfonin no mmako mmako na wɔaka sɛdeɛ wɔbɛtumi adi saa mmarasɛm no so. Monka sɛdeɛ saa mmarasɛm no so die de anigyeɛ brɛ mo nkyerɛ mo ho mo ho.
-
Mobɛtumi nso ato dwom bi te sɛ “Kora Mmaransɛm No” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 146–47). Boa wo nkwadaa ma wɔnhwehwɛ nsɛm wɔ dwom no mu a ɛkyerɛ wɔn deɛ enti a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛdi Ne mmaransɛm so.
Sɛ nkwadaa kyɛ honhom mu suahunu a, wɔn adansedie nyini. Nsɛmmisa a wobisa no bɛtumi ahyɛ wo nkwadaa nkuran ma wɔaka sɛdeɛ wɔte nka wɔ Agyenkwa no ho ne sɛdeɛ asɛmpa no a wɔdi soɔ no ahyira wɔn (hwɛ Nkyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so, 32). Sɛ wɔyɛ yei a, na wɔredi adanseɛ. Dwene sɛdeɛ wobɛtumi ayɛ yei berɛ a mokasa fa nhyira a ɛfiri Mmaransɛm Du no a modebɛbɔ bra mu ba no ho.
Eksodɔs 20:12
Awurade pɛ sɛ medi m’awofoɔ ni.
-
Boa wo nkwadaa ma wɔnsua kasasin “Di w’agya ne wo na ni” . (Eksodɔs 20:12). Ebia wobɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ mu sɛ sɛ wode “nidie” ma obi a, ɛbɛtumi akyerɛ sɛ wobɛkyerɛ obuo ama no anaa wobɛma n’ani agye. Deɛn na Yesu yɛeɛ de hyɛɛ Ne maame a ɔwuo ne Ne Soro Agya no animuonyam? (hwɛ Luka 2:48–51; Yohane 19:26–27). Ebia wo nkwadaa bɛtumi ayɛ nneɛma a wɔbɛtumi de ahyɛ wɔn awofoɔ animuonyam ho yɛkyerɛ mmako mmako, berɛ a nkwadaa nkaeɛ no susu deɛ wɔreyɛ.
Eksodɔs 31:13, 16–17
Homeda a mɛdi no ni no yɛ ɔdɔ a mewɔ ma Awurade ho sɛnkyerɛnneɛ.
-
Wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛhwɛ nsɛnkyerɛnneɛ ho nhwɛsoɔ—te sɛ ɛkwan so nsɛnkyerɛnneɛ anaa ɛdan bi ho nsɛnkyerɛnneɛ. Deɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ atirimpɔ ahoroɔ? Afei na wo nkwadaa bɛtumi ahwehwɛ asɛmfua “sɛnkyerɛnneɛ” wɔ Eksodɔs 31:13, 16–17. Deɛn na Awurade kaa sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛne No ntam? Mo ne mo ho mo ho nkyɛ akwan a mo ne mo abusua bɔ mmɔden sɛ mobɛda mo dɔ adi ama Awurade wɔ Homeda no bi.
Mose kura Mmara Nsɛm Du no ho mfonin, ɛfiri Sam Lawlor hɔ (nkyerɛmu)
Eksodɔs 32:1–8, 19–24; 34:6–7
Meren “twe me ho” mfiri Onyankopɔn akwan ho.
-
Dwene ho sɛ wobɛfa “Mose wɔ Bepɔ Sinai so” (wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 77–82) de aboa wo nkwadaa ma wɔasua abasɛm a ɛwɔ Eksodɔs 32:1–8, 19–24. Adɛn nti na na ɛyɛ bɔne sɛ Israelfoɔ no bɛsom ohoni bi mmom sene Onyankopɔn?
2:55Moses on Mount Sinai
-
Ɛbɛtumi ayɛ anika sɛ wobɛbɔ kwan bi wɔ fam (anaa wobɛhwehwɛ bi a ɛbɛn wo fie) de ayɛ mfatoho ama nsɛm yi wɔ Eksodɔs 32:8: “Wɔatwe wɔn ho ntɛmso afiri kwan no so.” Berɛ a wɔnam kwan no so no, wo nkwadaa bɛtumi aka afa sɔhwɛ a yɛhyia a ɛbɛtwe yɛn afiri Onyankopɔn ho no ho. Deɛn na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so wɔ Onyankopɔn kwan so—na sɛ yɛayera a, yɛsan kɔ so? (hwɛ Eksodɔs 34:6–7).
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.