Come, Follow Me
Ɔbɛnem 30–Oforisuo 5. “Ɔbɛmene Owuo wɔ Nkonimdie Mu”: Yesu Amanehunu


“Ɔbɛnem 30–Oforisuo 5. ‘Ɔbɛmene Owuo wɔ Nkonimdie Mu’: Yesu Amanehunu,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɔbɛnem 30–Oforisuo 5. ‘Ɔbɛmene Owuo wɔ Nkonimdie Mu,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Yesu damena a hwee nni mu

Damena a hwee nni mu no ho mfonin

Ɔbɛnem 30–Oforisuo 5: “Ɔbɛmene Owuo wɔ Nkonimdie Mu”

Yesu amanehunu

Yesu Kristo abrabɔ “yɛ ade titire wɔ adasamma abakɔsɛm nyinaa mu” (“Kristo Teasefoɔ No: Asomafoɔ no Adansedie,” Asɛmpa Nwomakorabea). Asekyerɛ ne sɛn? Ɔfa bi no, ɛkyerɛ sɛ Agyenkwa no abrabɔ nya obiara a watena ase pɛn anaa ɔbɛtena ase da no ɛnniawieeɛ nkrabea so nkɛntɛnsoɔ. Wobɛtumi nso aka sɛ Yesu Kristo wusɔreɛ, wɔ saa Yesu amanehunu Kwasida a ɛdi kan no, ka Onyankopɔn nkorɔfoɔ nyinaa bom wɔ abakɔsɛm nyinaa mu: wɔn a wɔwoo wɔn ansa na Ne wusɔreɛ reba no de gyidie hwɛɛ kwan (hwɛ Yakob 4:4), na wɔn a wɔwoo wɔn akyire no de gyidie dwenee ho. Berɛ a yɛkenkan Apam Dada mu twerɛtohɔ ne nkɔnhyɛ ahoroɔ no, yɛnhunu edin Yesu Kristo, nanso yɛhunu tete agyidifoɔ no gyidie ne anigyina wɔ wɔn Mesaia ne Ɔgyefoɔ no mu ho adanseɛ. Enti yɛn a wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnkae No no bɛtumi ate abusuabɔ bi nka wɔ yɛne wɔn a wɔhwɛɛ No kwan no ntam. Efiri sɛ ampa ara Yesu Kristo asoa “yɛn bɔne nyinaa” (Yesaia 53:6; wɔasi so dua), na “Kristo mu na wɔbɛma obiara anya nkwa” (1 Korintofoɔ 15:22; wɔasi so dua).

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Tete ne nnɛyi nkɔnhyɛfoɔ di adanseɛ fa Agyenkwa no mpata afɔrebɔ no ho.

Apam Dada no mu nkyekyɛmu bebree twe adwene si Agyenkwa no som adwuma ne mpata afɔrebɔ so. Wɔabobɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi bi din wɔ pono a ɛwɔ aseɛ ha no so. Sɛ wokenkan saa nkyekyɛmu yi a, adwene bɛn na wonya fa Agyenkwa no ho?

Apam Dada

Apam Foforɔ

Apam Dada

Sakaria 9:9

Apam Foforɔ

Mateo 21:1–11

Apam Dada

Sakaria 11:12–13

Apam Foforɔ

Mateo 26:14–16; 27:3–8

Apam Dada

Yesaia 53:4

Apam Foforɔ

Mateo 8:16–17; 26:36–39

Apam Dada

Yesaia 53:7

Apam Foforɔ

Marko 14:60–61

Apam Dada

Nnwom 22:16

Apam Foforɔ

Yohane 19:17–18; 20:25–27

Apam Dada

Nnwom 22:18

Apam Foforɔ

Mateo 27:35

Apam Dada

Nnwom 69:21

Apam Foforɔ

Mateo 27:34, 48

Apam Dada

Nnwom 118:22

Apam Foforɔ

Mateo 21:42

Apam Dada

Yesaia 53:9, 12

Apam Foforɔ

Mateo 27:57–60; Marko 15:27–28

Apam Dada

Yesaia 25:8

Apam Foforɔ

Marko 16:1–6; Luka 24:6

Apam Dada

Daniel 12:2

Apam Foforɔ

Mateo 27:52–53

Nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛkyerɛkyerɛ fa Agyenkwa no ho no dɔɔso mpo na ɛmu da hɔ wɔ Mormon Nwoma no mu. Dwene sɛdeɛ nkyekyɛmu ahoroɔ te sɛ yeinom hyɛ wo gyidie den ho: 1 Nephi 11:31–33; 2 Nephi 25:13; Mosiah 3:2–11; Alma 7:10–13.

Nna a ɛdi akyire nkɔnhyɛfoɔ kɔ so di adanseɛ sononko wɔ Yesu Kristo ne Ne mpata botaeɛ no ho. Berɛ a wotie amansan nhyiamu wɔ Yesu amanehunu nnawɔtwe awieeɛ yi, hyɛ Kristo ho adansedie a wote no nso. Deɛn na wɔkyerɛkyerɛ wo fa Ne ho?

seminary ahyɛnsodeɛ
Yesu Kristo ma me asomdwoeɛ ne anigyeɛ.

Yesu amanehunu yɛ anigyeɛ berɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ berɛ a yɛde di Agyenkwa no Mpata ne Owusɔreɛ ho afahyɛ. Na nanso, Yesu amanehunu mu mpo no, nnipa pii wɔ hɔ a wɔnte anigye nka esiane botaeɛ ahoroɔ bi nti. Deɛn na wobɛtumi ayɛ de atrɛ Agyenkwa no asomdwoeɛ ne anigyeɛ mu wɔ Yesu amanehunu yi mu?

Adwene baako ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nkransɛm a ɛfa asomdwoeɛ ne anigyeɛ a Yesu Kristo de ma ho wɔ twerɛnsɛm no mu, te sɛ yeinom: Nnwom 16:8–11; 30:2–5; Yesaia 12; 25:8–9; 40:28–31; Yohane 14:27; 16:33; Alma 26:11–22. Dwene sɛdeɛ wobɛtumi ne afoforɔ akyɛ saa nkransɛm yi ho. Sɛ nhwɛsoɔ no, ebia wobɛtumi ayɛ Yesu amanehunu nkrataa a wode bɛkyɛ, a ɛgyina saa nkransɛm yi so. Bɔ mpaeɛ fa deɛ ɛhia sɛ ɔgye wo Yesu amanehunu nkyia no ho. Wobɛtumi nso akyɛ wo nkransɛm no wɔ sohyial midia so, baabi a nnipa pii bɛtumi ahunu.

Nnwom a ɛfa Kristo ne Owusɔreɛ ho, te sɛ “He Is Risen!” (Nnwom, nɔma 199), nso bɛtumi aboa ma yɛate asomdwoeɛ ne anigyeɛ nka wɔ Yesu amanehunu berɛ. Hwehwɛ kasasin ahoroɔ wɔ nnwom no mu a, wɔ w’adwene mu no, ɛkyerɛ Yesu amanehunu mu anigyeɛ.

San hwɛ Jeffrey R. Holland, “Not as the World Giveth,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 35–38; Mark S. Palmer, “Our Sorrow Shall Be Turned into Joy,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 88–90.

Yesu rekyia Maria wɔ Ne damena akyi

Why Weepest Thou, ɛfiri Simon Dewey hɔ (nkyerɛmu)

Esiane Ne Mpata no nti, Yesu Kristo wɔ tumi a ɔde bɛboa me ma madi bɔne, owuo, nsɔhwɛ, ne mmerɛyɛ so nkonim.

Dwumadie bi a ɛbɛtumi aboa wo ma woahunu nhyira bebree a ɛnam Yesu Kristo ne Ne Mpata no so ba nie. Kenkan twerɛnsɛm a ɛwɔ aseɛ ha no fa deɛ Yesu Kristo boa yɛn ma yɛdi so nkonim ho. Bɔ mmɔden sɛ wode nkyekyɛmu ahoroɔ no bɛkɔ saa akuo yi mu: bɔne, owuo, nsɔhwɛ, ne mmerɛyɛ (nkyekyɛmu binom bɛtumi akɔ kuo ahoroɔ mu). Berɛ a worekenkan no, adwene bɛn na wonya fa Agyenkwa no tumi ho?

Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ deɛ enti a Yesu Kristo ho hia wo no mu akyerɛ w’adamfo bi a ɔnyɛ Kristoni? Elder Ahmad S. Corbitt’s nkrasɛm “Do You Know Why I as a Christian Believe in Christ?” (Liahona, Kɔtɔnima 2023, 119–21) bɛtumi aboa.

San hwɛ Reyna I. Aburto, “The Grave Has No Victory,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 85–87; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Atonement of Jesus Christ,” “Resurrection,” Asɛmpa Nwomakorabea.

Yesu Kristo tuaa ɛboɔ kɛseɛ no maa me nkwagyeɛ.

Deɛn na wosua firi nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛdidi soɔ yi mu fa ɛboɔ a Yesu Kristo tua maa wo nkwagyeɛ no ho: Yesaia 53:3–5; Mosiah 3:7; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:16–19? Deɛn ɛboɔ na Ɔsoro Agya taeɛ? (hwɛ Yohane 3:16).

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Yesu Kristo hunuu amane na ɔwu maa me.

  • Yesu amanehunu nnawɔtwe no yɛ berɛ pa a wobɛkyerɛkyerɛ wo nkwadaa deɛ Agyenkwa no yɛ maa yɛn wɔ Getsemane ne asɛnnua no so. Wobɛtumi de mfonin ahoroɔ a ɛwɔ ase ha no a akyerɛ wɔn de ahyɛ aseɛ na woama wɔaka deɛ ɛrekɔ so wɔ mfonin ahoroɔ no mu ho asɛm. Berɛ a wo nkwadaa rehwɛ mfonin ahoroɔ no, wobɛtumi akenkan nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu (hwɛ Mateo 26:36–46; 27:35–50; Luka 22:39–46; Yohane 19:16–30). Wo nkwadaa bɛtumi aka nkyerɛmu a ɛwɔ mfonin ahoroɔ no mu a wɔte wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ no mu.

Yesu mfonin wɔ Getsemane ne asɛnnua no so a wɔayɛ abom

Benkum: Christ in Gethsemane, ɛfiri Harry Anderson hɔ. Nifa: The Crucifixion, ɛfiri Harry Anderson hɔ

  • Sɛn na wɔahyira yɛn esiane Yesu afɔrebɔ ma yɛn no nti? Boa wo nkwadaa ma wɔnhwehwɛ nsɛmfua ne kasasin ahoroɔ a ɛbua asɛmmisa yi wɔ Yesaia 53:4–12; Alma 7:11–13; ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:16–19. Mo ne mo ho mo ho nkyɛ sɛdeɛ mote nka fa Agyenkwa no ho berɛ a moakenkan twerɛnsɛm yi awie.

Wɔnyanee Yesu Kristo maa me.

  • Wobɛtumi de nnawɔtwe yi dwumadie kratafa anaa mfonin afoforɔ a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi mu aka Owusɔreɛ no ho asɛm akyerɛ wo nkwadaa (san hwɛ “Yesu Asɔre,” wɔ Apam Foforɔ mu Abasɛm, 139–44). Afei ma wo nkwadaa nsan nka abasɛm no nkyerɛ wo.

  • Dwene sɛdeɛ wobɛboa mo nkwadaa ma wɔanya anigyeɛ wɔ Kristo mu wɔ Yesu amanehunu yi mu. Sɛ nhwɛsoɔ no, mobɛtumi abom ato Yesu amanehunu dwom bi a mo ani gye ho, te sɛ “Christ the Lord Is Risen Today” (Nnwom, nɔma 200) anaasɛ “Getsemane” (Asɛmpa Nwomakorabea). Sɛ wopɛ sɛ wohunu nnwom afoforɔ a ɛfa Owusɔreɛ ho a, wobɛtumi ahwɛ tinsɛm mmataho wɔ Nnwom ne Nkwadaa Nnwomnwoma. Wo ne wo nkwadaa bɛtumi aka deɛ enti a mo ani gye nnwom yi ho ne sɛdeɛ mote nka berɛ a moto no akyerɛ mo ho mo ho. Deɛn na saa nnwom yi kyerɛkyerɛ yɛn fa Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ho?

Nkwadaa bɛtumi ate Honhom no nka nanso ebia wɔbɛhia mmoa de ahunu Ne nkɛntɛnsoɔ. “Kyerɛ nkwadaa fa akwan ahoroɔ a Honhom no ne yɛn di nkutaho no ho. Boa wɔn ma wɔnhunu Ne nne berɛ a Ɔkasa kyerɛ wɔn. Yei bɛboa wɔn ma wɔanya su sɛ wɔbɛhwehwɛ na wɔayɛ wɔ wɔn ankasa adiyisɛm so wɔ wɔn abrabɔ mu nyinaa” (Worekyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so32). Sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a wo ne wo nkwadaa to Agyenkwa no ho nnwom, hwɛ Ne mfonin, anaa mokenkan Ne ho abasɛm no, mo ne mo ho mo ho nkyɛ honhom mu atenka a monya.

  • Asɛmpa Nwomakorabea wɔ Yesu amanehunu sini mmoano a wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho. Ebia wobɛtumi ama wɔayi baako ahwɛ. Bisa wɔn deɛ wɔsua fa Yesu Kristo ho firi sini no mu. Wobɛtumi nso ama wɔde kasamu baako abɔ sini no mu nkrasɛm no mua.

Nkɔnhyɛfoɔ di Yesu Kristo ne Ne Mpata ho adanseɛ.

  • Berɛ a wo ne wo nkwadaa bom hwɛ amansan nhyiamu wɔ Yesu amanehunu nnawɔtwe awieeɛ yi mu no, boa wɔn ma wɔnhyɛ no nso berɛ a Agyenkwa no adansefoɔ sononko no di Owusɔreɛ no ho adanseɛ. Ebia wobɛtumi de ayɛ agodie bi—ma wɔnnyina hɔ berɛ biara a wɔbɛte nsɛm te sɛ Yesu amanehunu anaa Mpata anaa Owusɔreɛ. Mo ne mo ho mo ho nkyɛ deɛ enti a mo ani sɔ nkɔnhyɛfoɔ ateasefoɔ no adansedie a ɛfa Agyenkwa no ho.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Yesu ho mfonin a wɔyɛɛ no Owusɔreɛ no akyi

For This Purpose, ɛfiri Yongsung Kim hɔ. Mfonin no firi havenlight.com

Primary dwumadie kratafa: Wɔnyanee Yesu maa me