Come, Follow Me
Oforisuo 13–19. “Monnyina Pintinn, na Monhwɛ Awurade Nkwagyeɛ”: Eksodɔs 14–18


“Oforisuo 13–19. ‘Monnyina Pintinn, na Monhwɛ Awurade Nkwagyeɛ: Eksodɔs 14–18,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Oforisuo 13–19. ‘Monnyina Pintinn, na Monhwɛ Awurade Nkwagyeɛ,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Ɛpo Kɔkɔɔ

Oforisuo 13–19: “Monnyina Pintinn, na Monhwɛ Awurade Nkwagyeɛ”

Eksodɔs 14–18

Israelfoɔ no ho kyeree wɔn. Na Ɛpo Kɔkɔɔ no wɔ ɔfa baako, ɛna Farao asraafoɔ no firi ɔfa fofoɔ reba. Na ayɛ sɛ deɛ dwane a wɔdwane firii Misraim no renkyɛ. Nanso na Onyankopɔn wɔ nkrasɛm bi de ma Israelfoɔ a ɔpɛɛ sɛ wɔkae wɔ awoɔntoatoasoɔ mu: “Monnsuro. Awurade bɛko ama mo” (Eksodɔs 14:13–14).

Efiri saa berɛ no, sɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ ahia gyide ne akokoɔduro a, wɔaka saa abasɛm yi. Berɛ a na Nifae pɛ sɛ ɔhyɛ ne nuanom nkuran no, ɔkaa sɛ, “Momma yɛnyɛ den sɛ Mose; ɛfiri sɛ ɔkasa kyerɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ nsuo no ampa na ɛmu kyɛɛ ha ne ha, na yɛn agyanom faa mu, firii nnommumfa mu, wɔ asase wesee so” (1 Nephi 4:2). Berɛ a na Ɔhene Limhi pɛ sɛ ne nkorɔfoɔ a wɔafa wɔn nnommum no ‘ma [wɔn] ti so, na wɔdi ahurusie’ no, ɔkaee wɔn abasɛm korɔ yi ara(Mosiah 7:19). Saa ara na Alma yɛeɛ, berɛ a na ɔpɛ sɛ ɔdi Onyankopɔn tumi ho adanseɛ kyerɛ ne ba no (hwɛ Alma 36:28). Na sɛ yɛn ho kyere yɛn—berɛ a yɛhia gyidie kɛseɛ kakra sɛ “yɛbɛhunu Awurade nkwagyeɛ” a—yɛbɛtumi akae sɛdeɛ “Awurade gyee Israel nkwa saa da no” . (Eksodɔs 14:13, 30).

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Eksodɔs 14; Eksodɔs 15:1–21

Awurade bɛtumi ayɛ “adwuma kɛseɛ” wɔ m’abrabɔ mu.

Berɛ a wokenkan Eksodɔs 14:1–10, no, susu atenka a Israelfoɔ no bɛtumi anya berɛ a wɔhunuu sɛ Farao asraafoɔ no rebɛn. Ebia wote nka sɛ wohia anwanwadeɛ bi na ama woatumi agyina wɔ ɔhaw dennen bi a worehyia mu. Deɛn na wohunu wɔ Eksodɔs 14:13–31 a ɛkanyan wo ma wohwehwɛ Onyankopɔn tumi wɔ w’abrabɔ mu? Dwene sɛdeɛ woahunu Ne tumi wɔ berɛ a atwam no mu ho. Deɛn na woasua afa Ne ho afiri saa suahunu ahoroɔ yi mu?

Eksodɔs 15:1–19 yɛ ayɛyie dwom a Israelfoɔ no toeɛ berɛ Awurade paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu akyi. Kasasin ahoroɔ bɛn na ɛwɔ dwom yi mu a wohunu sɛ nteaseɛ titire wom? Ebia dwom bi wɔ hɔ a ɛyɛ wo sɛ to berɛ a Awurade ayɛ biribi a ɛyɛ nwanwa ama wo, te sɛ “Redeemer of Israel” (Nnwom, nɔma 6). Dwene ho sɛ wobɛto anaa wobɛtie aka wo som ho ɛnnɛ.

San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8:2–3.

Eksodɔs 15:22–27; 16:1–15; 17:1–7

Awurade bɛtumi ama nneɛma a ɛyɛ nwono ayɛ dɛ.

Worekenkan Israel akwantuo ho asɛm bɛtumi ama woadwene nneɛma a ɛwɔ w’abrabɔ mu a ayɛ sɛ “ɛyɛ nwono” te sɛ Mara nsuo no ho (hwɛ Eksodɔs 15:23–27). Sɛn na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ nwono wɔ w’abrabɔ mu ayɛ dɛ? Mfasoɔ bɛn na saa suahunu ahoroɔ yi de aba w’abrabɔ mu?

Wobɛhunu Israelfoɔ no suahunu ahoroɔ a ɛyɛ yea ho nhwɛsoɔ pii wɔ Eksodɔs 16 ne 17. Anhwɛ a wobɛkasa atia wɔn anwiinwii anaasɛ kasakasa, nanso sɛ wokenkan a, dwene ho sɛ ebia woayɛ ade korɔ no ara da anaa. Deɛn na wosua firi Israelfoɔ no suahunu ahoroɔ mu a ɛbɛtumi aboa wo ma woanwiinwii kakraa bi na woagye Onyankopɔn adi kɛse? Deɛn na nkyekyɛmu ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ wo fa Onyankopɔn ho?

San hwɛ 1 Nephi 2:11–12.

Israelfoɔ reboaboa mana ano

Israelfoɔ no reboaboa mana ano. Goth-foforɔ mfonin, Trnava (nkyerɛmu)

Eksodɔs 16

seminary ahyɛnsodeɛ
Awurade ma me honhom mu aduane da biara.

Esiane sɛ ɛhia sɛ yɛn nyinaa didi nti, Awurade taa de honhom mu nneɛma toto aduane ho. Hwehwɛ Ne honhom mu asuadeɛ wɔ Israelfoɔ no suahunu a ɛfa mana ho wɔ Eksodɔs 16. Sɛ nhwɛsoɔ no, deɛn na wohunu wɔ Awurade akwankyerɛ a ɛwɔ Eksodɔs 16:16, 19, 22–26 a ɛfa wo honhom mu aduane ho?

Sɛ wobɛhunu asuadeɛ foforɔ a ebia Awurade bɛpɛ sɛ wosua firi saa anwanwadeɛ yi mu a, dwene nsɛmmisa te sɛ yeinom ho:

  • Deɛn na Awurade de ma me a ɛte sɛ da biara mana a ɔde maa Israelfoɔ no?

  • Deɛn na mɛtumi ayɛ a ɛte sɛ mereboaboa mana ano?

Wobɛtumi anya nhumu foforɔ wɔ sini ahoroɔ yi mu baako anaa deɛ ɛboro saa mu: “Daily Bread: Pattern,” “Daily Bread: Experience,” ne “Daily Bread: Change” (Asɛmpa Akoraeɛ).

2:52

Daily Bread: Pattern

3:12

Daily Bread: Experience

3:0

Daily Bread: Change

Dwene nneɛma afoforɔ a, adidie akyi, woyɛ no da biara ho. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi da biara ansa na atumi atu mpɔn? Deɛn na wote nka sɛ yɛ fa hwehwɛ honhom mu suahunu ahoroɔ da biara?

San hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Daily Restoration,” Liahona, Obubuo 2021, 77–79; “Daily Restoration” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.

5:27

Daily Restoration

Eksodɔs 17:1–7

Yesu Kristo yɛ me honhom mu ɔbotan ne nkwa nsu.

Dwene Agyenkwa no ho berɛ a wokenkan Eksodɔs 17:1–7. Sɛn na Yesu Kristo te sɛ ɔbotan ma wo? (hwɔ Nnwom 62:6–7; Helaman 5:12). Sɛn na Ɔte sɛ nsuo? (hwɛ Yohane 4:10–14; 1 Korintofoɔ 10:1–4; 1 Nephi 11:25).

Hwehwɛ honam fam nneɛma a ɛdi Kristo ho adanseɛ. Berɛ biara a twerɛnssɛm no kyerɛkyerɛ nneɛma a ɛbɛtumi ayɛ Yesu Kristo ahyɛnsodeɛ, te sɛ deɛ Ek 17:1–7 yɛ no, ɛbɛtumi ayɛ akwanya ama adeɛ a aniwa hunu adesua. Sɛ yɛhwɛ anaa yɛde yɛn nsa ka ɔbotan anaa nsuo bi a, ɛbɛtumi ama ayɛ mmerɛ sɛ yɛbɛte sɛdeɛ nneɛma yi te sɛ Yesu Kristo no ase. Sɛ wobɛtumi de atenka ahoroɔ pii ahyɛ adesua mu a, ɛbɛma wɔakae na anya nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ.

Eksodɔs 17:8–16; 18:13–26

Asuafoɔ boa wɔn ho wɔn ho ma “wɔsoa adesoa” a ɛyɛ Awurade adwuma wɔreyɛ.

Ebia mmerɛ bi wɔ w’abrabɔ mu a wobɛtumi de atoto Mose ho—berɛ a afoforɔ de wɔn ho to wo so, nanso wo “nsa [te sɛ] agyene” (Eksodɔs 17:12). Mmerɛ afoforɔ nso, wobɛtumi ayɛ te sɛ Aaron, Hur, ne Yetro a wɔboaa Mose. Fa wo ho hyɛ saa nnipa yi mu biara gyinabea mu berɛ a wokenkan Eksodɔs 17:8–16; 18:13–26, na hwɛ deɛ Awurade kyerɛkyerɛ wo fa N’adwuma ho.

San hwɛ Mosiah 4:27; 18:8–9.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Eksodɔs 14:5–22

Awurade bɛtumi ayɛ “adwuma kɛseɛ” wɔ m’abrabɔ mu.

  • Berɛ a Awurade paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, Mose ne Israelfoɔ no hunuu tumi a Ɔwɔ. Ma wo nkwadaa mmoa wo na monnwene kwan a ɛyɛ anika a mode bɛsan ayɛ abasɛm no afiri Eksodɔs 14:5–22 (san hwɛ “The Passover” wɔ Apam Dadaa mu Abasɛm, 70–74). Ebia wobɛtumi de nkonnwa anaa kuntu agu hɔ na “woakyekyɛ” mu te sɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Afei mobɛtumi ne mo ho mo ho akyɛ sɛdeɛ moahunu Onyankopɔn tumi wɔ mo abrabɔ mu.

    2:54

    The Passover

  • Deɛn na Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8:2–3 de ka wo nteaseɛ ho wɔ abasɛm a ɛwɔ Eksodɔs 14? Dwene ho sɛ wobɛka suahunu bi a ɛfa sɛdeɛ Honhom Kronkron no kaa biribi kyerɛɛ wo wɔ w’adwene anaa w’akoma mu kyerɛ wo nkwadaa, na ma wɔnka wɔn suahunu ahoroɔ. Mobɛtumi nso ato dwom bi afa Honhom Kronkron ho, te sɛ “Let the Holy Spirit Guide” (nnwom, nɔma 143).

Eksodɔs 15:22–25

Awurade bɛtumi ama nneɛma a ɛyɛ nwono ayɛ dɛ.

  • Ebia wo ne wo nkwadaa bɛtumi anom biribi a ɛyɛ dɛ ne biribi a ɛyɛ nwono berɛ a moresua Eksodɔs 15:22–25 abom. Sɛn na Agyenkwa no ama suahunu a “ɛyɛ nwono” wɔ yɛn abrabɔ mu “ayɛ dɛ”?

Eksodɔs 15:23–25; 16:14–15; 17:1–6

Yesu ne me Nkwa Nsuo, me Nkwa Abodoo, ne me Botan.

  • Berɛ a wo ne wo nkwadaa kenkan Eksodɔs 15:23–25; 16:14–15; 17:1–6, ma wɔmmoa wo na pɛ nneɛma a ɛbɛboa ma woaka abasɛm biara—te sɛ dua (a wɔde sesa nsuo wɔ Mara), toa anaa kukuo (a wɔde mana hyɛ mu ma), ne ɔbotan (ma nsuo a ɛwɔ Horeb). Deɛn na saa abasɛm ahoroɔyi kae yɛn fa deɛ Yesu Kristo yɛ ma yɛn no ho? Sɛ mo nkɔmmɔbɔ no fa no, mobɛtumi akenkan Mat 7:24–27; John 4:10–14; 6:29–35, 48–51; Helaman 5:12; Doctrine and Covenants 20:77, 79.

mfonin a ɛkyerɛ Mose, Aaron, ne Hur

One Before God, ɛfiri Joseph Brickey hɔ (nkyerɛmu)

Eksodɔs 17:8–16; 18:13–26

Mɛtumi aboa ma “wɔasoa adesoa” a ɛyɛ Awurade adwuma no.

  • Berɛ a mokenkan Eksodɔs 17:8–16, no, wobɛtumi ama abɔfra bi asɔ wɔn nsa akɔ wiem. Sɛ abɔfra no brɛ a, mmɔfra afoforɔ bɛtumi aboa, sɛdeɛ Aaron ne Hur boaa Mose no. Deɛn na saa abasɛm yi kyerɛkyerɛ fa sɛdeɛ yɛbɛtumi aboa Onyankopɔn ahemman ma ayɛ yie ho? Mobɛtumi nso akenkan Eksodɔs 18:13–26 na moaka nnipa a wɔsom wɔ mo wɔɔd mu no asɛdeɛ a ɛmu yɛ duru ho asɛm. Deɛn na yɛbɛtumi ayɛ nnɛ de aboa yɛn Asɔre akannifoɔ, sɛdeɛ Aaron ne Hur boaa nkɔnhyɛni Mose no?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Mose repae Ɛpo Kɔkɔɔ no mu

Crossing the Red Sea, ɛfiri Otto Semler hɔ

Primary dwumadie kratafa: Awurade bɛtumi ayɛ “adwuma kɛseɛ” wɔ m’abrabɔ mu