Come, Follow Me
Ogyefuo 16–22. “Sɛ Wobɛyɛ Teneneeyɛ ho Okyidini Kɛseɛ”: Gyenesis 12–17; Abraham 1–2


“Ogyefuo 16–22. ‘Sɛ Wobɛyɛ Teneneeyɛ ho Okyidini Kɛseɛ’: Gyenesis 12–17; Abraham 1–2,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ogyefuo 16–22. ‘Sɛ Wobɛyɛ Teneneeyɛ ho Okyidini Kɛseɛ’,” Bra, Di M’akyi: 2026

Melkisedek de ne nsa regu Abram ti so ahyira no

Melchizedek Blesses Abram, ɛfiri Walter Rane hɔ (nkyerɛmu)

Ogyefuo 16–22: “Sɛ Wobɛyɛ Teneneeyɛ ho Okyidifoɔ Kɛseɛ”

Gyenesis 12–17; Abraham 1–2

Esiane apam a Onyankopɔn ne no yɛeɛ nti, wɔafrɛ Abraham “nokwafoɔ agya” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:41) ne “Onyankopɔn Adamfo” (Yakobo 2:23). Ɛnnɛ mpempem hyɛ no animuonyam sɛ wɔn nana tee, na wɔnam nsakyeraeɛ ma Yesu Kristo asɛmpa no so agye afoforɔ aba n’abusua mu. Nanso na Abraham ankasa firi abusua a na ɔhaw wom mu—n’agya a na wagyae Onyankopɔn nokorɛ som no bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Abraham bɛbɔ afɔreɛ ama atorɔ anyame. Yei nyinaa akyi no, na Abraham pɛ ne sɛ “ɔbɛyɛ teneneeyɛ ho okyidini kɛseɛ” (Abraham 1:2), na n’asetena ho twerɛtohɔ kyerɛ sɛ Onyankopɔn maa ne pɛ no baa mu. Abraham asetena gyina hɔ sɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛmfa ho ne sɛdeɛ obi abusua abakɔsɛm ayɛ no, anidasoɔ bɛtumi awɔ hɔ ama no daakye.

adesua ahyɛnspdeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Abraham 1:1–19

Onyankopɔn bɛhyira me wɔ me gyidie ne me tenenee pɛ ho.

Elder Neil L. Andersen kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Yɛn nyinaa mmusua [ne] yɛn amammerɛ nya nkɛntɛnsoɔ wɔ yɛn so, nanso megye di sɛ bea bi wɔ yɛn mu a yɛwɔ so tumi na yɛyɛ no sononko ne ankorankoro. Awieeɛ no, wɔma ɔpɛ a ɛwɔ yɛn mu no nkwa na wɔhunu wɔ deɛ yɛyi ne yɛn nneyɛɛ mu” (“Educate Your Desires, Elder Andersen Counsels,” ChurchofJesusChrist.org). Dwene sɛdeɛ Abraham 1:1–19 kyerɛ deɛ Elder Andersen kyerɛkyerɛeɛ no. Nsɛmmisa te sɛ yeinom bɛtumi aboa:

  • Deɛn na na Abraham pɛ? Sɛn na na ne pɛ no da adi wɔ ne nneyɛɛ mu? Sɛn na Onyankopɔn boaa ne pɛ no?

  • Deɛn ne wo pɛ? Sɛn na ɛda adi wɔ wo nneyɛɛ mu? Sɛn na Onyankopɔn boa wo?

  • Nkrasɛm bɛn na nkyekyɛmu ahoroɔ yi wɔ ma nnipa a wɔn abusuafoɔ mpɛ teneneeyɛ?

Abraham ne Sara pɛ akɛseɛ pa ara mu baako—sɛ wɔbɛwo ba—amma mu mfeɛ bebree (hwɛ Gyenesis 15:1–6). Deɛn na wosua firi Hebrifoɔ 11:8–13 fa sɛdeɛ Abraham ne Sara gyinaa sɔhwɛ yi ano ho? Sɛn na Agyenkwa no boa wo ma “wogye” Ne bɔhyɛ tom, sɛ “wɔwɔ akyirikyiri” mpo a?

San hwɛ “Deliverance of Abraham” (sini), Asɛmpa Nwomakorabea.

1:38

Deliverance of Abraham

Gyenesis 12:1–3; 13:15–16; 15:1–6; 17:1–8, 15–22; Abraham 2:6–11

seminary ahyɛnsodeɛ
Onyankopɔn pɛ sɛ me ne No yɛ apam na medi so.

Adɛn nti na ɛhia sɛ wohunu apam a Onyankopɔn ne Abraham yɛeɛ no ho asɛm? Ɛfiri sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔne wo yɛ apam a ɛte saa ara. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ saa apam yi bɛkɔ so wɔ Abraham nkyirimma, anaa “asefoɔ” mu, na “dodoɔ a wɔbɛgye Asɛmpa yi, wɔbɛbu wɔn sɛ w’asefoɔ” . (hwɛ Abraham 2:10–11). Ɔkwan foforɔ so no, apam no kɔ so wɔ wo mu—berɛ a wɔabɔ wo asu na ne kɛseɛ pa ara berɛ a woyɛ apam wɔ tɛmpol (hwɛ Galatiafoɔ 3:26–29; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:30–32).

Ɛno nti, ebia wobɛpɛ sɛ wosua Abraham 2:6–11 na wotwerɛ deɛ Onyankopɔn de hyɛɛ Abraham ne Sara bɔ no pɛpɛɛpɛ (san hwɛ Gyenesis 12:1–3; 13:15–16; 15:1–6; 17:1–8, 15–22). Sɛn na nhyira ahoroɔ yi bɛtumi afa wo ho?

Saa bɔhyɛ ahoroɔ yi bi wɔ daapem nsɛdie. Sɛn na bɔhyɛ ahoroɔ te sɛ agyapadeɛ asase anaa asefoɔ bebrebe bi ba mu daapem? (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131:1–4; 132:20–24, 28–32).

Sɛ nhyira a ɔhyɛɛ bɔ da nkyɛn a, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ “ɔnyɛ nhyira” (Gyenesis 12:2; wɔasi so dua). Wodwene sɛ ɛno kyerɛ dɛn? Sɛn na wo bɛyɛ nhyira? (hwɛ Abraham 2:11).

Sɛdeɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afa apam ho no, Elder Dale G. Renlund kaa asorɔkye a ɛwɔ Amazon Asubɔnten no mu ho asɛm, ɛna Titenani Emily Belle Freeman kasa faa ɔbotan kwan a wɔde ɛnan a ɛmu abu nante so ho (hwɛ “Accessing God’s Power through Covenants,” Liahona, Kɔtimma 2023, 35–37; “Walking in Covenant Relationship with Christ,” Liahona, Obubuo 2023, 76–79). Hwehwɛ saa nkransɛm yi mu baako anaa mmienu no nyinaa mu pɛ kasamu ahoroɔ a ɛboa bua asɛmmisa “Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ me ne No yɛ apam?”

Ma nkorɔfo nkyerɛkyerɛ wɔn ho wɔn ho. Sɛ worekyerɛkyerɛ w’abusua anaa Asɔre adesuakuo bi apam ho asɛm a, dwene ho sɛ wode Elder Renlund anaa Titenani Freeman nkrasɛm no fa bi bɛma biara ma wasua. Afei wɔbɛtumi aka deɛ wɔasua akyerɛ abusuafoɔ anaa adesuakuo nkaeɛ no. Yei ma nnipa tumi di adanseɛ na wɔsua biribi firi wɔn ho wɔn ho hɔ, na ɛno frɛ Honhom no. (Hwɛ Worekyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so26.)

San hwɛ Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Abrahamic Covenant,” Asɛmpa Nwomakorabea; “Nsusuiɛ s ɛwɔ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu: Apam No,” wɔ saa aboadeɛ yi mu.

Abraham ne Sara

The Abrahamic Covenant, ɛfiri Dilleen Marsh hɔ (nkyerɛmu)

Gyenesis 14:18–19; Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 14:25–40

“Na Melkisedek yɛ obi a ɔwɔ gyidie.”

Fa no sɛ wode Melkisedek rekyerɛ obi a ɔnnim no. Deɛn na anka wobɛkay? Hwehwɛ nsusuiɛ wɔ Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 14:26–27, 33–38 (wɔ Twerɛ Kronkron nkekaho mu); Alma 13:13–19; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:1–4. Kristo su ahoroɔ bɛn na wohunu wɔ Melkisedek ho nkyerɛkyerɛmu ahoroɔ yi mu? Sɛn na deɛ wosua fa Melchizedek abrabɔ ho no nya nsunsuansoɔ wɔ sɛdeɛ wohunu Melchizedek Asɔfodie no so?

Gyenesis 14:18–24; Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 14:36–40

Abraham tuaa ntotosoɔ du.

Deɛn na wosua fa Abraham su wɔ ahonyadeɛ ho firi Gyenesis 14:18–24 ne Joseph Smith Nkyerɛseɛ, Gyenesis 14:36–40 (wɔ Twerɛ Kronkron nkekaho mu)? Sɛ nhwɛsoɔ no, hyɛ mmuaeɛ a ɔde maa Sodom hene no nso wɔ Gyenesis 14:23. Sɛn na ntotoso du ho mmara a wodi so anya nsunsuansoɔ wɔ sɛdeɛ wohunu sika so?

Genesis 16

Onyankopɔn tie me.

Berɛ a wokenkan Gyenesis 16, wobɛtumi adwene berɛ bi a wotee nka sɛ wɔne wo anni no yie ho, sɛdeɛ Hagar yɛeɛ no. Hyɛ no nso sɛ “Ishmael” kyerɛ sɛ “Onyankopɔn tie.” Sɛn na Onyankopɔn akyerɛ wo sɛ watie wo?

San hwɛ “Secret Prayer,” Nnwom, nɔma 144.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ 01

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Abraham 1:18; 2:8

Yesu Kristo bɛsɔ me nsa adi m’anim.

  • Berɛ a wo ne wo nkwadaa kenkan Abraham 1:18 ne 2:8, wobɛtumi ama wɔatie nipadua no akwaa bi a wɔbɔ din wɔ nkyekyɛmu mmienu no nyinaa mu. Ebia mobɛtumi adi agorɔ bi a abɔfra bi kata n’ani na wosɔ abɔfra no nsa de no kɔ baabi. Afei mobɛtumi akasa afa sɛdeɛ ɛteɛ sɛ Yesu Kristo bɛsɔ yɛn nsa anaasɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban no ho.

Genesis 13:5–12

Mɛtumi ayɛ patafoɔ.

  • Wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔde abasɛm a ɛwɔ Gyenesis 13:5–12, bɛyɛ yɛkyerɛ, ayɛ wɔn ho sɛ Abraham, Lot, ne nnwanhwɛfoɔ no. Sɛn na yɛbɛtumi adi Abraham nhwɛsoɔ sɛ patafoɔ no akyi wɔ yɛne yɛn abusuafoɔ anaa nnamfonom ntam? Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wɔn mmuaeɛ ahoroɔ no ho yɛkyerɛ.

Abraham rekasa kyerɛ Lot

Lot’s Choice, ɛfiri William Fredericks © Providence Collection/licensed from goodsalt.com

Gyenesis 13:16; Gyenesis 15:1–6; 17:1–8; Abraham 2:9–11

Onyankopɔn pɛ sɛ me ne No yɛ apam.

  • Dwene ho sɛ wode ahina a anwea wom, nsoromma a ɛwɔ wiem anadwo, anaa mfonin a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ no bɛkyerɛ wo nkwadaa. Yei bɛtumi aboa ma wɔate Onyankopɔn bɔhyɛ ahoroɔ ase wɔ Gyenesis 13:16; 15:1–6. Ka sɛdeɛ woasua sɛ wobɛgye Onyankopɔn bɔhyɛ ahoroɔ adi, berɛ mpo a ayɛ sɛ deɛ ɛrentumi nyɛ yie no.

  • Sɛdeɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo nkwadaa afa apam ho no, ma wɔnka mmerɛ bi a wɔhyɛɛ bɔ anaa obi hyɛɛ wɔn bɔ ho asɛm nkyerɛ wo. Sɛ ɛboa a, kyɛ w’ankasa wo nhwɛsoɔ bi—a apam a wo ne Onyankopɔn ayɛ wɔ asubɔ mu anaa tɛmpol mu ka ho. Sɛn na w’apam ahoroɔ anya nsunsuansoɔ wɔ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ so? Yiyi kasasin kakraa bi firi Gyenesis 15:1–6; 17:1–8; Abraham 2:9–11 fa ka nhyira a Onyankopɔn de hyɛɛ Abraham ne Sara bɔ no bi.

  • Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wo nkwadaa asiesie wɔn ho sɛ wɔne Onyankopɔn bɛyɛ apam berɛ a wɔabɔ asu no, wobɛtumi afa dwumadie ho adwene a wɔasusu wɔ nkekaho A anaa nkekaho B.

Abraham 1:12–17; Gyenesis 16:7–11

Onyankopɔn tie me.

  • Berɛ a Abraham nkwa da asiane mu no, ɔfrɛɛ Onyankopɔn. Berɛ a ɛkaa Hagar nko ara wɔ serɛ so no, ohunuu sɛ Onyankopɔn tiee no. Dwene ho sɛ wobɛka saa abasɛm mmienu yi akyerɛ wo nkwadaa: “Abraham ne Sarah” ne “Hagar” wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 28–31, 32–33. Deɛn na yɛsua fa Onyankopɔn ho firi saa abasɛm yi mu? Afei mobɛtumi ne mo ho akyɛ mo suahunu ahoroɔ berɛ a motee nka sɛ Onyankopɔn tiee mo. Dwom bi te sɛ “A Child’s Prayer” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 12–13) bɛtumi ahyɛ nnyinasosɛm yi mu den.

2:20

Abraham and Sarah

1:23

Hagar

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Sarah rehwɛ nsoromma wɔ wiem

Pondering God’s Promise, ɛfiri Courtney Matz hɔ

Primary dwumadie kratafa: Onyankopɔn pɛ sɛ me ne No yɛ apam