Come, Follow Me
Nkekaho B: De ma Primary—Woresiesie Nkwadaa ama Nkwa nna Nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so


“Nkekaho B: De ma Primary—Woresiesie Nkwadaa ama Nkwa nna Nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 2026)

“Nkekaho B,” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

A man baptizing a young girl.  They are standing in the font.

Nkekaho B

De ma Primary—Woresiesie Nkwadaa ama Nkwa nna Nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so

Wɔ abosome a ɛwɔ Kwasiada num no, wɔhyɛ Primary akyerɛkyerɛfoɔ nkuran sɛ wɔmfa adesua dwumadie ahoroɔ yi mu baako anaa deɛ ɛboro saa nhyɛ Bra, Di M’akyi nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ no ananmu wɔ Kwasiada a ɛtɔ so num no.

Yesu Kristo Asɛmpa no Nkyerɛkyerɛ ne ayɛyɛdeɛ

Kristo nkyerɛkyerɛ no kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛsan akɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Berɛ a Yesu Kristo yii Ne ho kyerɛɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ Amɛrika no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Ne nkyerɛkyerɛ. Ɔkaa sɛ sɛ yɛnya gyedie, sakyera, bɔ asu, gye Honhom kronkron no, na yɛgyina kɔsi awieeɛ a, yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn ahemman mu (hwɛ 3 Nephi 11:31–40; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:29). Dwumadie ahoroɔ a ɛwɔ aseɛ ha yi bɛtumi aboa ma woakyerɛ nkwadaa no sɛ saa nkyerɛkyerɛ ne ayɛyɛdeɛ yi bɛboa ma yɛabɛn Agyenkwa no wɔ yɛn nkwa nna nyinaa.

Sɛ wopɛ sɛ wo sua bebree fa Kristo nkyerɛkyerɛ ho a, hwɛ 2 Nephi 31.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Ma nkwadaa no mfonin a ɛgyina hɔ ma gyedie wɔ Yesu Kristo mu, adwensakyera, asubɔ, ne denhyɛ (hwɛ Gospel Art Book, no. 1, 111, 103, ne 105). Wo ne nkwadaa no nkenkan gyidika nsɛm a ɛtɔ so nanno anaasɛ monka mfiri mo tirim, na ma wɔmpagya mfonin no berɛ a moka saa nnyinasosɛm anaasɛ ayɛyɛdeɛ no. Boa nkwadaa no ma wɔnte sɛdeɛ saa nnyinasonsɛm ne ayɛyɛdeɛ yi mu biara boa ma yɛbɛyɛ te sɛ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ase.

  • Sɛn na wobɛboa nkwadaa no ma wɔate aseɛ sɛ gyedie, adwensakyera, asubɔ ne denhyɛ nyɛ prɛko-pɛ adeɛ na mmom ɛnya nsunsuansoɔ wɔ yɛn honhom mu nyini so yɛn nkwa nna nyinaa? Wobɛtumi de aduaba ne dua kɛseɛ mfonin akyerɛ wɔn (anaasɛ woayɛ saa nneɛma yi mfonin wɔ pono so). Boa ma wɔnnwene nneɛma a ɛboa ma aba no nyini bɛyɛ dua kɛseɛ ho, te sɛ nsuo, dɔteɛ, ne awia. Boa ma wɔnhunu sɛ yeinom te sɛ nneɛma a yɛyɛ de bɛn Onyankopɔn wɔ yɛn nkwa nna nyinaa—renya gyedie wɔ Yesu Kristo mu, resakyera da biara, redi yɛn asubɔ apam so, refa adidikronkron, na yɛregye Honhom Kronkron no.

  • Wo ne nkwadaa no nkyɛ ogya topaeɛ abasɛm a ɛfiri Elder Dale G. Renlund nkrasɛm “Sɛn na Adwensakyera Bɛtumi Aboa Ma M’ani Agye?” (Adamfoɔ, Ɔpɛnima 2017, 12–13, anaasɛ Liahona, Ɔpɛnima 2017, 70–71; san hwɛ sini “Repentance: A Joyful Choice” [Asɛmpa Akoraeɛ]). Berɛ ano berɛ ano wɔ abasɛm no mu no, ma nkwadaa no nnwene atenka a Elder Renlund tumi nyaeɛ. Adɛn nti na sɛ yɛsakyera a yɛnya anigyeɛ? Wo ne nkwadaa no nkyɛ anigyeɛ ne ɔdɔ a wonyaeɛ berɛ a wobisaa bɔnefakyɛ firii Ɔsoro Agya hɔ.

    4:36

    Repentance: A Joyful Choice

Asubɔ

Yesu Kristo yɛɛ nhwɛsoɔ maa me berɛ a wɔbɔɔ no asu no.

Ɛwom sɛ na bɔne nni Yesu ho, nanso wɔbɔɔ No asu de yɛɛ setie ma Ɔsoro Agya ho nhwɛsoɔ mapa (hwɛ 2 Nephi 31:6-10.).

Wopɛ sɛ wosua bebree fa asubɔ ho a, hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Asubɔ,” Asɛmpa Akoraeɛ.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Fa Agyenkwa no asubɔ mfonin ne obi foforɔ asubɔ mfonin kyerɛ (anaasɛ hwɛ Gospel Art Book, no. 35 ne no. 103 anaasɛ no. 104). Bisa nkwadaa no ma wɔnka deɛ ɛda nso ne deɛ ɛyɛ pɛ wɔ mfonin mmienu no ntam. Kenkan Mateo 3:13–17 anaasɛ “Ti 10: Jesus Is Baptized” wɔ Apam Foforɔ Abasɛm mu, 26–29. Ma nkwadaa no nkyerɛ nneɛma a ɛwɔ mfonin no mu a wɔte ho asɛm wɔ abasɛm no mu. Ka ɔdɔ a wowɔ ma Agyenkwa no ne wopɛ sɛ wobɛdi N’akyi kyerɛ nkwadaa no.

    1:52

    Chapter 10: Jesus Is Baptized

  • Montie anaasɛ monto nnwom bi a ɛfa asubɔ ho, te sɛ “When Jesus Christ Was Baptized” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 102). Deɛn na yɛsua fa asubɔ ho firi nnwom no mu? Kenkan 2 Nephi 31:9-10, na ma nkwadaa no ntie deɛ enti a wɔbɔɔ Yesu Kristo asu. Ma wɔnyɛ wɔn asubɔ da ho mfonin.

Mɛtumi ayi sɛ me ne Onyankopɔn bɛyɛ apam na mabɔ asu.

Asubɔ ahosiesie nkyerɛaseɛ boro sɛ woresiesie wo ho ama dwumadie bi. Ɛkyerɛ sɛ woresiesie wo ho ayɛ apam na afei woadi saa apam no so wo nkwa nna nyina ara. Dwene sɛdeɛ wobɛboa nkwadaa no ma wɔate apam a wɔne Onyankopɔn bɛyɛ berɛ a wɔbɔ asu, a bɔhyɛ a Ɔde ma wɔn ne bɔhyɛ a wɔdema No ka ho no ase.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Kyerɛmu sɛ apam yɛ bɔhyɛ a ɛda onipa ne Ɔsoro Agya ntam. Berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ ahoroɔ ma Onyankopɔn so no, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ Ɔbɛhyira yɛn. Twerɛ wɔ twerɛpono so Me bɔhyɛ ma Onyankopɔn ne Onyankopɔn bɔhyɛ ma me. Mommom nkenkan Mosiah 18:10, 13 ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37, na boa nkwadaa no ma wɔntwerɛ bɔhyɛ a wɔhunu wɔ atifinsɛm a ɛfata ase (san hwɛ Dallin H. Oaks, “Wasubɔ Apam,” Adamfoɔ, Ɔgyefuo. 2021, 2–3). Ka sɛdeɛ Ɔsoro Agya ahyira wo berɛ a wobɔ mmɔden di w’asubɔ apam so.

  • Fa nneɛma a Yesu Kristo yɛɛ wɔ Ne som berɛ mu ho mfonin kyerɛ nkwadaa no (nhwɛsoɔ, hwɛ Asɛmpa Mfonin Nwoma, nos. 33–49). Ma nkwadaa no nkasa mfa deɛ Yesu reyɛ wɔ mfonin biara ho. Kenkan Mosiah 18:8–10, 13, na ma nkwadaa no ntie akwan a wɔbɛtumi afa so akora asubɔ apam no (san hwɛ “My Baptismal Covenant,” Liahona, Ɔsanaa 2023, 10–11). Sɛn na asubɔ apam no bɛtumi anya nkɛntɛnsoɔ wɔ yɛn daadaa nneyɛɛ so? Ma nkwadaa no nyɛ wɔn ankasa mfonin a wɔreboa obi sɛdeɛ Yesu bɛyɛ.

Denhyɛ

Sɛ wɔbɔ me asu na wɔhyɛ me den a, mebɛyɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɔreba.

Worebɛyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɔeba no de nhyira pii ba, a akwanya a nkwadaa no de bɛyɛ Onyankopɔn adwuma ahokeka mu ka ho.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Ma obi a wɔbɔɔ no asu, hyɛɛ no den nkyɛree mmra adesuabea hɔ na ɔnka sɛdeɛ ɛteɛ sɛ wɔbɛhyɛ wo den. Ma onipa no nkasa mfa deɛ ɛkyerɛ ma no sɛ wabɛyɛ Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ba. Boa nkwadaa no ma wɔnnwene akwan ahoroɔ a wɔbɛtumi afa so akora wɔn asubɔ apam sɛ Asɔremma. Ka sɛdeɛ saa nneɛma yinom yɛ aboa ma woanya anigyeɛ sɛ woyɛ Kristo Asɔreba.

  • Fa nkorɔfoɔ a wɔgyina Mormon Nsuo no nkyɛn mfonin kyerɛ (hwɛ Gospel Art Book, nɔma 76), na ma nkwadaa no nkyerɛ deɛ wɔhunu wɔ mfonin no mu. Ka Alma ne ne nkorɔfoɔ a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ hɔ ho abasɛm (hwɛ Mosiah 18:1–17; “Alma at the Waters of Mormon,” wɔ Mormon Nwoma no Abasɛm mu). Monsan nhwɛ Mosiah 18:8-9 na ma nkwadaa no nyɛ nneyɛɛ a ɛboa ma wɔkae nneɛma a na nkorɔfoɔ no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ sɛ Kristo Asɔremma. Kyɛ berɛ bi a woahunu sɛ Asɔremma bi resom wɔ saa akwan yi so ho suahunu.

    2:41

    Alma at the Waters of Mormon

Sɛ wɔhyɛ me den a, megye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.

Sɛ yɛbɔ asu na wɔhyɛ yɛn den a, Ɔsoro Agya hyɛ bɔ sɛ yɛ “bɛtumi anya ne Honhom no aka [yɛn] ho da biara” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77). Saa akyɛdeɛ nwanwasoɔ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no wɔfrɛ no Honhom Kronkron akyɛdeɛ.

Wopɛ sɛ wosua bebree fa Honhom kronkron akyɛdeɛ ho a, hwɛ Gary E. Stevenson, “Promptings of the Spirit,” Liahona, Nov. 2023, 42–45; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Gift of the Holy Ghost,” Asɛmpa Akoraeɛ.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Kenkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 33:15, na ma nkwadaa no ntie akyɛdeɛ sononko a Ɔsoro Agya de ma yɛn berɛ a yɛbɔ asu na wɔhyɛ yɛn den. Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wɔasua bebree afa sɛdeɛ Honhom Kronkron akyɛdeɛ no bɛboa wɔn ho no, mommom nkenkan Yohane 14:26; Galatifoɔ 5:22–23; 2 Nephi 32:5; 3 Nephi 27:20. Wobɛtumi nso ahwehwɛ asɛm yi mu “Akyɛdeɛ Sononko” (Liahona, Ɔsanaa 2023, 18–19).

  • Ansa na mobɛhyɛ aseɛ no, bisa nkwadaa no baako anaa dodoɔ awofoɔ sɛ wɔnkyɛ sɛdeɛ wɔanya nhyira esiane Honhom Kronkron akyɛdeɛ a wɔwɔ nti. Sɛn na Ɔboa wɔn? Sɛn na wɔte Ne nne?

  • Mommom nto nnwom bi mfa Honhom Kronkrom ho, te sɛ “Honhon Kronkron no” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 105). Boa nkwadaa no ma wɔnte deɛ nnwom no kyerɛ yɛn fa sɛdeɛ Honhom Kronkrom no bɛtumi aboa yɛn ase?

Honhom Kronkron no tumi kasa kyerɛ me wɔ kwan ahoroɔ so.

Nkwadaa a wɔbɛtumi ahunu Honhom no nne bɛyɛ ahosiesie anya ankasa adiyisɛm ama akyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn abrabɔ mu nyinaa. Boa ma wɔnte aseɛ sɛ kwan ahoroɔ pii so na Honhom Kronkron no bɛtumi akasa akyerɛ yɛn.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Boa nkwadaa no ma wɔnnwene akwan ahoroɔ a yɛbɛtumi ne adamfoɔ bi a ɔte akyirikyiri akasa, te sɛ krata twerɛ, remane nkrasɛm wɔ intanɛte so, anaasɛ rekasa wɔ tetefon so. Kyerɛ wɔn sɛ Ɔsoro Agya bɛtumi afa Honhom Kronkron no so ne yɛn akasa wɔ akwan ahoroɔ so. Fa Titenani Dallin H. Oaks nkrasɛm “Sɛn na Ɔsoro Agya Kasa Kyerɛ Yɛn?” boa nkwadaa no ma wɔnte akwan ahoroɔ a Honhom Kronkron no bɛtumi afa so akasa akyerɛ yɛn adwene ne yɛn akoma ase (Adamfoɔ, Ɔbɛnem 2020, 2–3, or Liahona, Ɔbɛnem 2020, F2–F3).

  • Ka suahunu bi a Honhom Kronkron no ne wo kasaeɛ, sɛ ɛbaa w’adwene mu anaasɛ atenka bi wɔ w’akoma mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:22–23; 8:2–3; san hwɛ Henry B. Eyring, “Open Your Heart to the Holy Ghost,” Liahona, Ɔsanaa 2019, F2–F3). Di adanseɛ kyerɛ nkwadaa no sɛ Honhom Kronkron no bɛtumi aboa wɔn wɔ saa kwan no so.

  • Boa nkwadaa no ma wɔnhunu berɛ a wɔrete Honhom no nka—nhwɛsoɔ, berɛ a woreto nnwom bi fa Agyenkwa no ho anaasɛ berɛ a woreyɛ biribi papa ama afoforɔ. Boa ma wɔnnhunu honhom mu atenka a Honhom Kronkron no de ba, titiri Ne nkanyan sɛ yɛnyɛ biribi. Wodwene sɛ deɛn nti na Honhom Kronkron no ma yɛn saa atenka yeinom? Boa nkwadaa no ma wɔnnwene nneɛma a ɛhia sɛ yɛbɛyɛ sɛdeɛ yɛbɛte sɛ Honhom Kronkrom no kasa kyerɛ yɛn? Ka deɛ woyɛ de tie Honhom Kronkron no yie.

Adidikronkron

Sɛ mefa adidikronkron no a, mekae Agyenkwa no afɔrebɔ no na me ne No yɛ apam foforɔ.

Sɛ yɛfa adidikronkron no a yɛyɛ apam sɛ yɛbɛkae Agyenkwa no mmerɛ nyinaa, fa Ne din to yɛn ho so, na yɛdi Ne mmaransɛm so.

Wopɛ sɛ wosua bebree a, hwɛ Mateo 26:26–30; 3 Nephi 18:1-12; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77,79.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Ma nkwadaa mfa ahosuo nyɛ “Yesu de Adidikronkron no Maa Nephifoɔ no” wɔ Twerɛsɛm Abasɛm ahoroɔ Ahosuo Nwoma: Mormon Nwoma (2019), 26. Bisa ma wɔnkyerɛ deɛ nnipa no redwene ho wɔ mfonin no mu. Kenkan ɛfa yi kyerɛ nkwadaa no 3 Nephi 18:1–12 anaasɛ “Jesus Shares the Sacrament,” wɔ Mormon Nwoma Abasɛm mu. Deɛn na yɛbɛtumi ayɛ de akae Yesu Kristo berɛ a yɛrefa adidikronkron no?

  • Bisa nkwadaa no ma wɔnka nneɛma bi a ɛwɔ sɛ wɔkae sɛ wɔbɛyɛ, te sɛ wɔbɛkyekyere wɔn mpaboa anaasɛ wɔbɛhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛbɛkae nneɛma yeinom? Kenkan Moroni 4:3 kyerɛ nkwadaa no, na ma wɔntie deɛ yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛkae mmerɛ nyinaa berɛ a yɛfa adidikronkron no. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛbɛkae Yesu Kristo? Boa nkwadaa no ma wɔnte sɛdeɛ adidikronkron paano ne nsuo no boa ma yɛkae deɛ Yesu ayɛ ama yɛn no ase (hwɛ Moroni 4:3; 5:2).

  • Twerɛ wɔ pono no so “Mehyɛ bɔ sɛ” Kenkan adidikronkron mpaeɛ no kyerɛ nkwadaa no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79). Sɛ wɔte ɛbɔ a yɛhyɛ kyerɛ Onyankopɔn a, twɛn so na boa ma wɔmfa bɔhyɛ a wɔteeɛ no nwie kasamu a ɛgu twerɛpono no so no.

  • Asekyerɛ ne sɛn sɛ yɛde Yesu Kristo din bɛto yɛn ho so? Sɛdeɛ ɛbɛboa nkwadaa no ma wɔayi asɛmmisa yi ano no, ma biribi a yɛde yɛn din to so ho nhwɛsoɔ. Adɛn nti na yɛde yɛn din to nneɛma yeinom so? Adɛn nti na Yesu Kristo pɛ sɛ Ɔde Ne din to yɛn so? Dwene ho sɛ wo ne wɔn bɛkyɛ nkyerɛmu a ɛfiri Titenani Russell M. Nelson hɔ yi: “yɛde Agyenkwa no din reto yɛn ho so kyerɛ sɛ yɛbɛka na yɛadi ho adanseɛ akyerɛ afoforɔ—wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛɛ mu—sɛ Yesu ne Kristo no.” (“Asɔre no Din Papa no,” Liahona, Obubuo. 2018, 88).

Asɔfodie Tumi, Tumidie, ne Safoa

Onyankopɔn nam asɔfodie tumi so hyira Ne mma.

Onyankopɔn mma nyinaa—mmaa ne mmarima, mpanin ne nkwadaa—gye Onyankopɔn tumi berɛ a wɔdi apam a wɔ ne No ayɛ so. Yɛyɛ saa apam yi berɛ a yɛgye asɔfodie ayɛyɛdeɛ te sɛ asubɔ (hwɛ Amansan Akwankyerɛ Nwoma: woresom wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu, 3.5, 3.6, Asɛmpa Akoraeɛ). Wopɛ sɛ wosua bebree a, hwɛ Russell M. Nelson, “Honhom mu Adamudeɛ,” Liahona, Obubuo. 2019, 76–79; “Asɔfodie Nkyerɛkyerɛ,” ti 3 in Amansan Akwnkyerɛ Nwoma.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Boa ma nkwadaa no nhunu nhyira a wɔnya esiane asɔfodie tumi no nti. Sɛdeɛ wɔbɛnya adwene bi no, wobɛtumi ayi sini “Asɔfodie Nhyira” (Asɛmpa Akoraeɛ). Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ saa nhyira yi wɔ twerɛpono so. Adɛn nti na saa nhyira yeinom ho hia? Di adanseɛ sɛ yɛnya saa nhyira yinom esiane Yesu Kristo ne N’asɔfodie tumi no nti.

    3:5

    Blessings of the Priesthood

  • Boa nkwadaa no ma wɔnhwehwɛ mfonin a ɛkyerɛ sɛdeɛ Onyankopɔn de Ne tumi hyira yɛn. Nhwɛsoɔ, wɔbɛtumi ahwehwɛ ewiase a Ɔbɔ maa yɛn no mfonin, ayarefoɔ ayaresa nhwɛsoɔ, ne ayɛyɛdeɛ kronkron a Ɔde ama yɛn (hwɛ Gospel Art Book, no. 3, 46, 104, 105, 107120). Kyɛ deɛ enti a wode aseda ma asɔfodie ne nhyira a ɛde ba. Boa nkwadaa no ma wɔnnwene suahunu ahoroɔ a wɔnyaa nhyira firii Onyankopɔn asɔfodie tumi mu ho.

  • Kwan baako a yɛnam so nya nhyira firi Onyankopɔn tumi mu wɔ yɛn abrabɔ mu yɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:20). Sɛdeɛ ɛbɛboa nkwadaa no ma wɔasua saa nokorɛ yi no, wobɛtumi atwerɛ twerɛnsɛm a ɛdidi soɔ yi agu twerɛpono no so: 3 Nephi 11:21–26, 33 (asubɔ); Moroni 2 (denhyɛ); Moroni 4–5 (adidikronkron). Nkwadaa no mu biara bɛtumi ayi ayɛsɛm no mu baako na wakyerɛ ayɛyɛdeɛ a ɛkasa fa ho. Ma nkwadaa no nkyɛ sɛdeɛ wɔn ankasa anya nhyira berɛ a wɔgyee asɔfodie ayɛyɛdeɛ.

  • Boa ma nkwadaa no nte aseɛ sɛ wɔbɛnya tumi afiri Onyankopɔn hɔ berɛ a wɔabɔ asu na wɔdi wɔn asubɔ apam so. Bisa nkwadaa no kwan a saa tumi yi bɛtumi aboa wɔn.

Asɔfodie nsafoa na ɛkyerɛ Onyankopɔn adwuma no kwan na Asɔfodie tumi no ayɛ.

Berɛ biara a wɔbɛte obi ho ama ɔfrɛ bi anaasɛ ɔmmoa Onyankopɔn adwuma no, ɔbɛtumi de asɔfodie tumi nsiananmu ayɛ adwuma. Bio, wɔbɛtumi de asɔfodie no ama Asɔremma mmarima a wɔn ho teɛ na wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ akɔ asɔfodie dibea bi mu. Akannifoɔ a wɔkura asɔfodie nsafoa, te sɛ stake titenani, bishop, ne korum titenafoɔ na wɔma akwankyerɛ wɔ sɛdeɛ wɔde asɔfodie tumi di dwuma ho wɔ Asɔre no mu. Asɔfodie nsafoa yɛ tumi a ɛkyerɛ kwan a yɛde asɔfodie no yɛ Awurade adwuma.

Dwumadie ahoro a wɔbɛtumi ayɛ

  • Wo ne nkwadaa no nkenkan Marko 3:14-15, na fa mfonini a ɛkyerɛ deɛ ɛwɔ hɔ no mu kyerɛ wɔn (te sɛ Asɛmpa Mfonin Nwoma, nɔma38). Bisa nkwadaa no sɛ wɔahunu sɛ wɔrete obi ho ama ɔfrɛ bi anaasɛ wɔrehyɛ obi sɔfoɔ akɔ asɔfodie dibea bi mu (anaasɛ ka wo suahunu kyerɛ wɔn). Kwan bɛn so na ɛne deɛ Agyenkwa no ne N’Asomafoɔ no yɛeɛ no sɛ? Boa nkwadaa no ma wɔntwerɛ ɔfrɛ anaasɛ asɔfodie dibea ahoroɔ a wɔbɛtumi de ama Asɔremma, te sɛ ɔkyerɛkyerɛni anaasɛ ɔkannifoɔ wɔ kuo bi mu wɔ twerɛpono so. Wɔ ɔfrɛ anaasɛ dibea biara nkyɛn no, wobɛtumi atwerɛ deɛ obi a ɔwɔ saa ɔfrɛ anaasɛ dibea no wɔ tumi sɛ ɔyɛ. Ka sɛdeɛ obi a ɔwɔ asɔfodie nsafoa akwankyerɛ tee wo ho aboa ma woasom kyerɛ nkwadaa no.

  • Ma nkwadaa no nnwene biribi a wohia safoa ansa, te sɛ a Lɔɔre anaa ɛpono ho. Sɛ wonni safoa a deɛn na ɛbɛsi? Mommom nkenkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 65:2, na monkyɛ mo adanseɛ mfa hia a ɛhia sɛ yɛwɔ asɔfodie nsafoa ho. Mobɛtumi nso ahwɛ sini “Nsafoa no Wɔ He?” (Asɛmpa Akoraeɛ) na hwehwɛ deɛ Elder Gary E. Stevenson kyerɛkyerɛ fa asɔfodie nsafoa ho.

    2:51

    Where Are the Keys?

Tɛmpol ne Anigyeɛ Nhyehyɛeɛ no.

Tɛmpol yɛ Awurade fie.

Tɛmpol ka Ɔsoro Agya Nhyehyɛeɛ ma Ne mma no ho. Wɔ tɛmpol mu no, yɛne No yɛ apam kronkron, nya asɔfodie tumi akyɛdeɛ, nya adiyisɛm, yɛ ayɛyɛdeɛ ma yɛn nananom a wɔawuo, na wɔsɔ yɛne yɛn mmusua ano ma ɛnniawieɛ. Yeinom nyinaa tumi yɛ hɔ esiane Yesu Kristo ne Ne Mpata afɔrebɔ no nti.

Sɛn na wobɛtumi aboa nkwadaa a wokyerɛ wɔn adeɛ no ma wɔahunu sɛ Awurade fie yɛ kronkron na wɔasiesie wɔn ho afata sɛ wɔbɛyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ? Dwene ho hwehwɛ saa akadeɛ yi mu: Russell M. Nelson, “The Temple and Your Spiritual Foundation,” Liahona, Obubuo 2021, 93–96; “Why Latter-day Saints Build Temples,” temples.ChurchofJesusChrist.org.

mmabunu wɔ tɛmpol

Tɛmpol ka Ɔsoro Agya Nhyehyɛeɛ ma Ne mma no ho.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Fa tɛmpol mfonin baako anaa mmienu kyerɛ. Bisa nkwadaa no deɛ ɛma tɛmpol yɛ beaɛ sononko. Kyerɛ wɔn sɛ wɔatwerɛ wɔ tɛmpol biara ho sɛ: “Kronkronyɛ ma Awurade—Awurade fie.” Bisa nkwadaa no deɛ wɔdwene sɛ “Kronkronyɛ ma Awurade” kyerɛ. Adɛn nti na wɔfrɛ Tɛmpol sɛ Awurade fie? Deɛn na yei kyerɛkyerɛ yɛn fa tɛmpol ho? Sɛ nkwadaa no bi akɔ tɛmpol a, wɔn nso bɛtumi akyɛ atenka a wɔnyaeɛ berɛ a na wɔwɔ hɔ no. Sɛ woakɔ tɛmpol a, kyɛ sɛdeɛ woate Onyankopɔn nka wɔ hɔ, na ka deɛ nti a tɛmpol yɛ kronkron beaɛ ma wo.

  • Mommom nkenkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 97:15-17. Bisa nkwadaa no ma wɔnhwehwɛ deɛ Awurade hwehwɛ firi wɔn a wɔkɔ Ne fie kronkron hɔ. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛbɛfata ansa na yɛakɔ Ne fie? Wɔ nkɔmmɔdie yi mu no, kasa fa tɛmpol kamfoɔ nkrataa ho, ne sɛdeɛ wɔgye no kyerɛ nkwadaa no. Wobɛtumi ama ɔhwɛfoɔ fotufoɔ baako akasa afa sɛdeɛ tɛmpol kamfoɔ krataa anototoɔ teɛ ne nsɛm a wɔbisa wɔ mu ho.

Wɔ tɛmpol mu no, yɛne Onyankopɔn yɛ apam.

Titenani Russell M. Nelson akyerɛ sɛ, “Yesu Kristo frɛ yɛn sɛ yɛmfa apam kwan no so nsan nkɔ yɛn Soro Awofoɔ hɔ wɔ fie na yɛne yɛn adɔfoɔ nkɔtena” (“Bra, Di M’akyi,” Liahona, Kɔtɔnima 2019, 91). Boa nkwadaa no ma wɔnte aseɛ sɛ apam kwan no asubɔ, denhyɛ, ne tɛmpol akyɛdeɛ kronkron ne nsɔano ka ho.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Ma nkwadaa no mmoa wo na monsan nhwehwɛ apam a yɛne Onyankopɔn yɛ berɛ a wɔbɔ yɛn asu ne berɛ a yɛfa adidikronkron no mu (hwɛ Mosiah 18:10, 13; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79). Fa tɛmpol mfonin kyerɛ, na kyerɛmu sɛ Ɔsoro Agya wɔ nhyira pii a Ɔpɛ sɛ Ɔdema yɛn wɔ tɛmpol.

  • Yɛ ɛpono a ɛdekɔ anammɔnkwan bi so. Bisa nkwadaa no deɛ nti a ɛhia sɛ wɔwɔ anammɔnkwan a wɔnante so. Mommom nenkan 2 Nephi 31:17-20, baabi a Nephi de asubɔ apam toto ɛpono ho na ɔfrɛ yɛn sɛ yɛnkɔso so wɔ anammɔnkwan no so wɔ asubɔ akyi. Apam ahoroɔ bebree wɔ asubɔ akyi, a apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol no ka ho. Kyerɛmu sɛ Titenani Nelson frɛ saa anammɔnkwan yi “apam anammɔnkwan.”

Wɔ tɛmpol mu no, yɛbɛtumi abɔ asu na wɔahyɛ yɛn den ama nananom a wɔawuo.

Yesu Kristo asɛmpa no ma kwan sɛ Onyankopɔn mma nyinaa bɛtumi asan Ne akɔtena, mpo sɛ wɔwu wɔ berɛ a wɔante asɛmpa no a. Wɔ tɛmpol mu no, wɔbɛtumi abɔ yɛn asu na wɔahyɛ yɛn den ama wɔn.

Dwumadie ahoroɔ a wɔbɛtumi ayɛ

  • Kasa fa berɛ bi a obi yɛɛ biribi maa wo a na wontumi nyɛ mma wo ho. Ma nkwadaa no nkyɛ wɔn suahunu a ɛte saa. Kyerɛmu sɛ sɛ yɛkɔ tɛmpol a, yɛbɛtumi agye ayɛyɛdeɛ kronkron te sɛ asubɔ ne denhyɛ ama wɔn a wawuo. Sɛn na yɛreyɛ te sɛ Yesu berɛ a yɛreyɛ adwuma ama awufoɔ? Deɛn na Ɔyɛ maa yɛn a na yɛrentumi nyɛ mma yɛn ho?

  • Ma mmabunu baako anaa mmienu a wɔabɔ asu ama wɔn nananom nkyɛ wɔn suahunu. Bisa wɔn sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ tɛmpol no mu. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkyɛ atenka a wɔnyaaɛ berɛ a na wɔreyɛ saa adwuma ama wɔn nananom.

  • Yɛ dua mfonin wɔ twerɛpono so, a ne nhini ne nkorabata ka ho. Ma nkwadaa no nnwene sɛdeɛ abusua te sɛ dua ho. To nhini no din Nananom, to nkorabata no din Asefoɔ, na to dua no mfimfini no din Wo. Mommom nkenkan kasamu yi mfiri Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:18.: “Na sɛ wɔn [yɛn nananom] nka yɛn ho a yɛrentumi nyɛ pɛ; saa ara na sɛ yɛnka wɔn ho a wɔrentumi nyɛ pɛ.” Bisa nsɛm bi te sɛ deɛ ɛdidisoɔ yi: “Adɛn nti na yɛhia yɛn nananom? Adɛn nti na yɛn nananom hia yɛn? Sɛn na yɛn awofoɔ, nananom, ne nananom afoforɔ aboa yɛn?” Ma nkwadaa no nhwehwɛ deɛ aka wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:18 mu mpɛ kasasin a ɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi aboa yɛn nananom.

  • Dwene ho sɛ wo ne akwadaa biara awofoɔ bɛhwehwɛ wɔn nana bi a ɔhia ayɛyɛdeɛ wɔ tɛmpol din (hwɛ FamilySearch.org).