Come, Follow Me
Nkekaho A: De ma Awofoɔ—Woresiesie Wo Nkwadaa ama Nkwa Nna nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so.


“Nkekaho A: De ma Awofoɔ—Woresiesie Wo Nkwadaa ama Nkwa Nna nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so.,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 2026)

“Nkekaho A,” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Ɛna ne ɔbabarima

Nkekaho A

Nkekaho A: De ma Awofoɔ—Woresiesie Wo Nkwadaa ama Nkwa Nna nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so.

Esiane sɛ Ɔdɔ wo, gye wo di, na Ɔnim deɛ wobɛtumi ayɛ nti, Ɔsoro Agya ama wo akwanya sɛ boa wo nkwadaa ma wɔnwura na wɔnkɔ anim wɔ N’apam kwan no so, kwan a ɛkɔ daa nkwa mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:25-28.). Yɛreboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho ayɛ na wɔakora apam kronkron, te sɛ asubɔ apam ne apam ahodoɔ a wɔyɛ wɔ tɛmpol no ka ho. Ɛnam saa apam yi so, wo nkwadaa bɛtumi de anigyeɛ abata Agyenkwa, Yesu Kristo ho wɔ anigyeɛ mu.

Akwan bebree wɔ hɔ a wode bɛsiesie wo nkwadaa ama saa akwantuo yi wɔ apam kwan no so, na Ɔsoro Agya bɛboa wo ma woahunu kwan papa a wode bɛboa wɔn. Berɛ a wohwehwɛ nkanyan no, kae sɛ nyɛ adesua nyinaa na ɛkɔ so wɔ sɛdeɛ wɔhyehyɛɛ adesuadeɛ ahodoɔ no. Nokorɛ, deɛ ɛma efie adesua yɛ papa no fa bi ne akwanya sɛ yɛnam nhwɛsoɔ ne adekyerɛ mmerɛ nketenkete, a ɛnyɛ den so—deɛ ɛkɔ so wɔ daadaa abrabɔ mu bɛsua adeɛ. Sɛdeɛ apam kwan no so nanteɛ yɛ daadaa abrabɔ adeyɛ no, saa ara na apam kwan no ho adesua teɛ. (hwɛ “Efie ne Abusua,” Adekyerɛ wɔ Agyenkwa no kwan so [2022], 30–31.)

Deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ nsusuiɛ ahodoɔ bi a ɛbɛtumi de nkanyan kɛseɛ aba. Wobɛtumi anya nsusuiɛ a wɔde kyerɛ Primaryfoɔ adeɛ aka ho wɔ “Nkekaho B: De ma Nkwadaa—Woresiesie Wo Nkwadaa ama Nkwa Nna nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so.”

Asubɔ ne Denhyɛ

Nephi kyerɛkyerɛɛ sɛ “ɛpono a ɛwɔ sɛ [yɛ] de kɔ” apam kwan no so “yɛ adwensakyera ne nsuom asubɔ” (2 Nephi 31:17). Wo mmɔdemmɔ sɛ wobɛboa ma wo nkwadaa asiesie wɔn ho ama asubɔ ne denhyɛ bɛtumi de wɔn nan asi hɔ pi wɔ kwan no so. Saa mmɔdemmɔ yi hyɛ aseɛ wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne adwensakyerae ho. Wɔsan nso de nkyerɛkyerɛ a ɛfa sɛdeɛ yɛnam adidikronkron so yɛ yɛn asubɔ apam foforɔ nnawɔtwe biara.

agya a ɔrebɔ ne babarima asu wɔ asubɔ kyɛnsee mu

Nephi kyerɛɛ sɛ “ɛpono a ɛwɔ sɛ [yɛ] wura mu kɔ” apam kwan no so “ne adwensakyera ne nsuom asubɔ” (2 Nephi 31:17

Yei yɛ akadeɛ binom a ɛbɛtumi aboa wo: 2 Nephi 31; ɔfa sononko bi a ɛwɔ Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu fa asubɔ ho; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Asubɔ,” Asɛmpal Akoraeɛ.

  • Berɛ biara a wobɛnya suahunu a ɛhyɛ wo gyidie wɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo mu den no, wo ne wo ba nkyɛ. Boa ma wɔnte aseɛ sɛ gyedie yɛ adeɛ bi a ɛtumi nyini yɛ den wɔ abrabɔ mu nyinaa. Nneɛma bɛn na wo ba bɛtumi ayɛ de anya gyedie a ɛyɛ den wɔ Kristo mu ansa na wɔabɔ asu?

  • Sɛ wo ba yi deɛ ɛnyɛ a, fa anigyeɛ kasa fa adwensakyera akyɛdeɛ ho. Na sɛ woyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ woyi ho a, ka anigyeɛ a ɛba berɛ wosakyera firi wo bɔne ho da biara. Di adanseɛ sɛ esiane sɛ Yesu Kristo hunuu amane na ɔwu maa yɛn bɔne nti, yɛbɛtumi asakyera da biara, anya bɔnefakyɛ, na yɛanya tumi de asesa. Sɛ wo ba hia bɔnefakyɛ a, fakyɛ kwa wɔ anigyeɛ mu.

  • Ka w’asubɔ ho asɛm kyerɛ wo ba. Fa mfonin ne deɛ wo kae kyerɛ wɔn. Ka sɛdeɛ wotee nka, sɛdeɛ w’asubɔ apam a wokora no aboa wo ama woabɛhunu Yesu Kristo yie, ne sɛdeɛ w’apam ahodoɔ kɔ so hyira w’abrabɔ. Hyɛ wo ba no nkuran ma no mmisa nsɛm.

  • Sɛ asubɔ wɔ wo ward anaa w’abusua mu a, fa wo ba kɔhwɛ bi. Wo ne wo ba nkasa mfa deɛ mohunuiɛ ne atenka a monyaeɛ ho. Sɛ ɛbɛyɛ yie a, wo ne onipa a wɔrebɔ no asu no nkasa na bisa nsɛm te sɛ deɛ ɛdidi soɔ yi: “Sɛn na wosii saa gyinaeɛ yi? Sɛn na wosiesiee wo ho?”

  • Berɛ biara a wobɛhunu sɛ wo ba reyɛ biribi a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, yi no ayɛ nokorɛ mu. Ma ɛnna adi sɛ ahofama boa ma yɛdi apam a yɛyɛ no asubɔ berɛ no so. Bɔhyɛ bɛn na yɛde ma Onyankopɔn wɔ asubɔ berɛ? Bɔhyɛ bɛn na Ɔde ma yɛn? (Hwɛ Mosiah 18:8–10, 13.)

  • Ka sɛdeɛ denhyɛ sɛ asɔreba wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no ahyira wo. Nhwɛsoɔ: Sɛn na woabɛn Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo wɔ berɛ a woasom afoforɔ na afoforɔ nso asom wo? Boa wo ba ma ɔnnwene akwan a ɔde bɛsom na wahyɛ afoforɔ den sɛ Asɔre ba. San boa ma wɔnnya suahunu na wɔnhunu anigyeɛ a ɛwɔ ɛsom mu.

  • Sɛ wo ne wo ba nya suahunu kronkron bom (te sɛ wɔ asɔre, berɛ a morekenkan twerɛnsɛm, anaasɛ berɛ a moresom obi) a, ka honhom mu atenka anaasɛ adwene a wonya kyerɛ wɔn. Ma wo ba nkyɛ sɛdeɛ wɔte nka. Hyɛ akwan ahodoɔ a Honhom no bɛtumi ne nnipa akasa, a akwan a Ɔne w’ankasa kasa ka ho no nso. Boa wo ba ma ɔnhunu na ɔne wo nkyɛ mmerɛ a na ebia wɔrenya suahunu afiri Honhom Kronkron no nkɛntɛnsoɔ mu.

  • Mommom nhwɛ sini ahodoɔ no mu kakra wɔ Asɛmpa Akoraeɛ mmoano a wato din “Tie No!” Monkasa mfa akwan ahodoɔ a Awurade asomfoɔ te Ne nne ho. Ma wo ba nyɛ mfonin anaasɛ ɔnyɛ sini mfa sɛdeɛ wɔte Agyenkwa no nne ho.

  • Ma adidikronkron no nyɛ anigyeɛ ne adeɛ kronkron wɔ w’abusua mu. Wone w’akwadaa nkyɛ sɛdeɛ wotwe w’adwene si Kristo so wɔ adidikronkron berɛ mu. Boa wo ba ma ɔnyɛ nhyehyɛeɛ a ɛkyerɛ sɛ adidikronkron no yɛ kronkron ma wɔn. Nhwɛsoɔ, woretie adidikronkron mpaeɛ no mu nsɛm bɛtumi akae yɛn yɛn asubɔ apam.

  • Afa bebree a ɛwɔ Adamfoɔ nsɛmma nwoma no mu wɔ nsɛm, abasɛm, ne dwumadie ahodoɔ a ɛboa ma nkwadaa siesie wɔn ho ma asubɔ ne denhyɛ. Ma wo ba nyi bi nkenkan na mo ani nnye. (san hwɛ mmoano “Asubɔ Ahosiesie” wɔ nkwadaa fa wɔ Asɛmpa Akoraeɛ.)

Asɔfodie Tumi, Tumidie, ne Nsafoa

Asɔfodie yɛ Onyankopɔn tumidie ne Ne tumi a Ɔde hyira Ne mma. Onyankopɔn asɔfodie wɔ asase so nnɛ wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu. “Asɔremma nyinaa a wɔdi wɔn apam so—mmaa, mmarima, ne nkwadaa—nya nhyira firi Onyankopɔn asɔfodie tumi mu wɔ wɔn afie mu de hyɛ wɔne wɔn mmusua den” (General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints3.6, Asɛmpa Akoraeɛ). Saa tumi yi bɛboa asɔremma wɔ Onyankopɔn nkwagyeɛ ne mpagya adwumayɛ mu wɔ wɔn ankasa abrabɔ ne abusuafoɔ deɛ mu (hwɛ General Handbook2.2).

Sɛ mmaa ne mmarima som wɔ Asɔre frɛ mu a, wɔde asɔfodie tumi na ɛyɛ, wɔ akwankyerɛ a ɛfiri wɔn a wɔkura asɔfodie nsafoa no hɔ. Ɔsoro Agya mma nyinaa—Ne mma mmarima ne Ne mma mmaa—bɛnya nhyira berɛ a wɔbɛte N’asɔfodie no ase yie.

Ɛnam asɔfodie tumi so na yɛnya ayɛyɛdeɛ. “Asɔremma mmarima a wɔfata gye asɔfodie tumi no berɛ a wɔde nsa gu wɔn so de ma wɔn, na wɔhyɛ wɔn asɔfoɔ kɔ asɔfodie diberɛ ahodoɔ mu ” (General Handbook3.4). Wɔn a wɔwɔ asɔfodie diberɛ no bɛtumi anya akwanya afiri wɔn a wɔwɔ asɔfodie nsafoa hɔ de ayɛ asɔfodie mu ayɛyɛdeɛ.

Sɛ wopɛ sɛ wosua bebree fa asɔfodie ho a, hwɛ Russell M. Nelson, “Honhom mu Adamudeɛ,” Liahona, Obubuo 2019, 76–79; Russell M. Nelson, “Asɔfodie Tiumi no Boɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2016, 66–69; “Asɔfodie Nkyerɛkyerɛ,” ti 3General Handbook.

  • Ma asɔfodie ayɛyɛdeɛ nyɛ daadaa adeɛ wɔ w’abusua abrabɔ mu. Nhwɛsoɔ, boa wo ba ma ɔnsiesie ne ho mma adidikronkron nnawɔtwe biara. Hyɛ wo ba nkuran ma ɔnhwehwɛ asɔfodie nhyira berɛ a wɔyare anaasɛ wɔhia awerɛkyekyerɛ anaasɛ akwankyerɛ. Ma ɛnyɛ wo suban sɛ wobɛkyerɛ akwan a Awurade nam N’asɔfodie tumi no so rehyira w’abusua.

  • Berɛ a mobom kenkan twerɛnsɛm no, hwehwɛ akwanya a mode bɛkasa afa sɛdeɛ Awurade nam Ne tumi so hyira nnipa ho. Kyɛ w’ankasa suahunu berɛ a Awurade nam N’asɔfodie tumi so ahyira wo. Nhwɛsoɔ a ɛfa nhyira a yɛnya firi Onyankopɔn hɔ a ɛnam asɔfodie so no, hwɛ General Handbook, 3.23.5.

  • Kyerɛ wo ba sɛ asubɔ akyi, wɔbɛtumi anya asɔfodie tumi berɛ a wɔdi asubɔ apam no so. Monsan nhwɛ Titenani Russell M. Nelson nkrasɛm “Honhom mu Agyapadeɛ” (Liahona, Nov. 2019, 76–79). Ka sɛdeɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ de Onyankopɔn tumi aba w’abrabɔ mu kyerɛ wo ba. Akwan binom a yɛnya nhyira firi asɔfodie tumi mu no, hwɛ, General Handbook3.5.

  • susu asɛmmisa yi ho “Sɛn na Awurade akoa teɛ?” Mommom nkenkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:36-42, na monhwehwɛ mmuaeɛ. Berɛ biara a wobɛhunu sɛ wo ba (anaa obi foforɔ) rede nnyinasonsɛm anaasɛ su ahodoɔ a ɛwɔ nkyekyɛmu yi mu baako so no, ka.

  • Sɛ wo anaasɛ wo ba de safoa bie pono anaa sopake lɔɔre a, gye berɛ na fa saa nsafoa no toto nsafoa a asɔfodie akannifoɔ kura no ho. (Wopɛ nkyerɛaseɛ fa asɔfodie nsafoa ho a, hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, 3,4,1). Deɛn na asɔfodie nsafoa “bie” anaa “hyɛ aseɛ” ma yɛn? San hwɛ Gary E. Stevenson, “Asɔfodie Tumi ne Nsafoa no Wɔ He?,” Liahona, Kɔtɔnima 2016, 29-32; “Nsafoa no Wɔ He?” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.

    2:51

    Where Are the Keys?

Worebɔ asu, ahyɛ den ama Nananom.

Tɛmpol ka Ɔsoro Agya Nhyehyɛeɛ ma Ne mma no ho. Wɔ Awurade fie no, yɛne Ɔsoro Agya yɛ apam kronkron ahodoɔ berɛ a yɛyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron ahodoɔ, a ne nyinaa kɔsi Yesu Kristo so. Ɔsoro Agya ama kwan a Ne mma nyinaa bɛtumi ayɛ apam ne ayɛyɛdeɛ ahodoɔ, a nnipa wɔannyeɛ berɛ a na wɔte ase nso ka ho. Wɔ afe a woba di mfeɛ 12 mfitiaseɛ no, wɔanyini yie a wɔbɛtumi abɔ wɔn asu, ahyɛ den wɔ tɛmpol ama nananom a wɔawuo (san hwɛ 1 Korintofoɔ 15:29).

  • Kɔ Awurade fie mpɛn dodoɔ biara a wo tebea bɛma wo kwan. Ka deɛ enti a worekɔ ne sɛdeɛ tɛmpol boa ma wobɛn Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo kyerɛ wo ba.

  • Mommom nsan nhwɛ na monni tɛmpol kamfoɔ krataa nsɛmmisa no ho nkɔmmɔ. Wobɛhunu wɔn wɔ nkrataafa 36–37De ma Mmabunu Ahoɔden: A Guide for Making Choices. Wo ne wo ba nkasa mfa deɛ ɛkɔso wɔ tɛmpol kamfoɔ krataa anototoɔ mu. Ka deɛ enti a tɛmpol kamfoɔ krataa ho hia ma wo.

  • Mommom nkenkan Malaki 4:6. Monkasa mfa sɛdeɛ mo akoma bɛtumi adane akɔ mo nananom so ho. Monsua bebree mfa mo nananom ho berɛ a mobom hwehwɛ abusua abakɔsɛm wɔ FamilySearch.org Hwehwɛ nananom a wɔhia asubɔ ne denhyɛ. Ward tɛmpol ne abusua abakɔsɛm ho ɔfotufoɔ bɛtumi aboa wo.

  • Mo nhwɛ mom akadeɛ no bi a w’aboa ano ato din “Tɛmpol” wɔ nkwadaa fa wɔ Asɛmpa Akoraeɛ. (San hwɛ “Preparing Your Child for Temple Baptisms and Confirmations” on ChurchofJesusChrist.org.)

Regye Agya Panin Nhyira

Agya panin nhyira bɛtumi ayɛ akwankyerɛ, awerɛkyekyerɛ ne nkanyan fibea. Ɛwɔ ankorankoro afotuo a ɛfiri Ɔsoro Agya hɔ ma yɛn na ɛboa ma yɛnya nteaseɛ fa yɛn botaeɛ ne ɛnniawieɛ su ho. Boa ma wo ba nsiesie ne ho sɛ ɔbɛgye agya panin nhyira berɛ a wokyerɛkyerɛ wɔn mfasoɔ ne kronkron a agya panin nhyira yɛ.

Sɛ wobɛnya bebree a hwɛ Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Patriarchal Blessings,” Asɛmpa Akoraeɛ.

  • Wo ne wo ba nkyɛ wo suahunu berɛ a na woregye agya panin nhyira no. Wobɛtumi aka sɛdeɛ wosiesiee wo ho de gyeeɛ, sɛdeɛ aboa ma woabɛn Onyankopɔn, ne sɛdeɛ Ɔnam saa nhyira yi so kɔso ma wo akwankyerɛ. Wobɛtumi ama wo ba ne abusuafoɔ afoforɔ a wɔagye agya panin nhyira akasa.

  • Mommom nhwɛ Elder Randall K. Bennett nkrasɛm “Your Patriarchal Blessing—Inspired Direction from Heavenly Father” ne Elder Kazuhiko Yamashita nkrasɛm “When to Receive Your Patriarchal Blessing” (Liahona, Kɔtɔnima 2023, 42–43, 88–90). Mo ne mo ho mo ho nkyɛ deɛ moasua afiri saa nkransɛm yi mu fa deɛ enti a Ɔsoro Agya pɛ sɛ yɛgye agya panin nhyira. Sɛ wopɛ sɛ wosua sɛdeɛ wɔgye agya panin nhyira a, hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, 18.17.

  • Sɛ wowɔ nananom a wɔgyee agya panin nhyira a, ɛbɛyɛ nkanyan sɛ wo ne wo ba bɛkenkan bi. Sɛ wobɛbisa wo nananom a wɔawuo nhyira a, kɔ ChurchofJesusChrist.org, mia Tools wɔ wo nsa nifa soro hɔ wɔ ahwehwɛ no so, na yi Patriarchal Blessing.

  • Sɛ woba gye agya panin nhyira wie a, ma abusuafoɔ a na wɔwɔ hɔ ntwe atenka a wɔnyaaɛ nto hɔ na wɔne wo ba no nkyɛ.

Regye Akyɛdeɛ Kronkron no

Onyankopɔn pɛ sɛ Ɔde “tumi a ɛfiri soro” kyɛ anaa hyira Ne mma nyinaa (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 95:8). Yɛkɔ tɛmpol kɔgye yɛn ankasa akyɛdeɛ kronkron prɛko pɛ, nanso apam a yɛne Onyankopɔn yɛ ne honhom mu tumi a Ɔde ma yɛn wɔ akyɛdeɛ kronkron no mu no bɛtumi ahyira yɛn daa daa abrabɔ.

  • Fa tɛmpol mfonin tare wo dan mu. Ka atenka a wonyaa wɔ Awurade fie kyerɛ wo ba. Taa kasa fa ɔdɔ a wowɔ ma Awurade ne Ne fie ne apam a woayɛ wɔ hɔ ho. Hwehwɛ akwanya a wo ne wo ba bɛkɔ tɛmpol akɔyɛ asubɔ ne denhyɛ ama wɔn nananom.

  • Monwehwɛ temples.ChurchofJesusChrist.org mmom. Monkenkan nsɛm bi te sɛ “About the Temple Endowment” ne “Prepare for the House of the Lord.” Ma wo ba no mmisa nsɛmmisa biara a ɔwɔ fa tɛmpol ho. Sɛ wopɛ akwankyerɛ fa deɛ wobɛtumi aka ho asɛm wɔ tɛmpol abɔnten a, hwɛ Elder David A. Bednar nkrasɛm “SPrepared to Obtain Every Needful Thing” (Liahona, Kɔtɔnima 2019, 101–4; hwɛ titire ɔfa a wɔato din “Home-Centered and Church-Supported Learning and Temple Preparation”).

  • Berɛ a wo ne wo ba yɛ anaasɛ hwɛ ayɛyɛdeɛ afoforɔ (te sɛ adidikronkron anaasɛ ayaresa nhyira) no, gye berɛ tiawa na kasa fa ahyɛnsodeɛ a ɛwɔ ayɛyɛdeɛ no mu ho. Ahyɛnsodeɛ no gyina hɔ ma deɛn? Sɛn na wɔdi Yesu Kristo ho adanseɛ? Yei bɛtumi aboa ma wo ba asiesie ne ho sɛ ɔbɛdwene tɛmpol ayɛyɛdeɛ ahyɛnsodeɛ nkyerɛaseɛ, a ɛsan di Yesu Kristo ho adanseɛ ho.

  • Boa wo ba ma ɔnhunu sɛdeɛ wɔrekora asubɔ apam a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Mosiah 18:10, 13 (san hwɛ nkyekyɛmu 8–9, a ɛkyerɛkyerɛ apam no aduaba mu no). San boa wo ba ma ɔnhunu sɛdeɛ Awurade rehyira wɔn. Ma wo ba nnya akokoɔduro wɔ tumi a wɔde bɛdi apam so mu.

  • Taa Ka sɛdeɛ wo tɛmpol apam ahodoɔ ma wo akwankyerɛ wɔ ɔpɛ ho na ɛboa ma wo bɛn Yesu Kristo. Wobɛtumi de Amansan Akwankyerɛ Nwoma, 27.2, ahwɛ apam ahodoɔ a yɛyɛ wɔ tɛmpol. Sɛ woagye akyɛdeɛ kronkron a, ka sɛdeɛ tɛmpol ataade kronkron no boa wo ma wokae apam a wo ne Yesu Kristo wɔ (hwɛ “Sacred Temple Clothing” [sini], Asɛmpa Akoraeɛ; Anette J. Dennis, “Put Ye On the Lord Jesus Christ,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 10–13).

    4:12

    Sacred Temple Clothing

Reyɛ Asɛmpatrɛ adwuma

Elder David A. Bednar akyerɛ sɛ: “Ahiadeɛ kɛseɛ baako a wobɛtumi ayɛ de asiesie wo ho ama asɛmpatrɛ adwuma ne sɛ wobɛyɛ asɛmpatrɛni koraa ansa na woakɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma. Nyɛ ɛne sɛ yɛbɛkɔ akɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma; mmom, ɛne sɛ yɛbɛyɛ asɛmpatrɛfoɔ na yɛde yɛn akoma, ahoɔden, adwene, ne yɛn nneɛma nyinaa bɛsom wɔ yɛn abrabɔ mu nyinaa. Woresiesie wo ho ama nkwa nna nyinaa asɛmpatrɛ adwuma” (“Rebɛyɛ Asɛmpatrɛni,” Liahona, Obubuo. 2005, 45–46). Suahunu a wo ba nya sɛ asɛmpatrɛni no bɛhyira wɔn wɔ nkwa a ɛnniawieɛ mu, ɛnyɛ berɛ a wɔbɛsom sɛ asɛmpatrɛni nko ara.

Sɛ wopɛ sɛ wosua bebree a, hwɛ Russell M. Nelson, “Preaching the Gospel of Peace,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 6–7; Gary E. Stevenson, “Love, Share, Invite,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 84–87; “Adjusting to Missionary Life,” Asɛmpa Akoraeɛ.

  • Yɛ sɛdeɛ wɔkyɛ asɛmpa no wɔ daa daa kwan so ho nhwɛsoɔ. Yɛ krado berɛ biara sɛ wobɛnya kwan ne afoforɔ akyɛ w’atenka fa Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no ho ne nhyira a wonya firi Agyenkwa no asɛmpa a wɔasan de aba no mu ne sɛ woyɛ N’Asɔre ba. Frɛ afoforɔ ma wɔmmɛka w’abusua ho wɔ Asɔre ne abusua dwumadie ahodoɔ mu.

  • Hwehwɛ akwanya a ɛbɛma w’abusua ne asɛmpatrɛfoɔ adi nkutaho. To nsa frɛ wɔn ma wɔnkyerɛ wo nnamfonom adeɛ, anaa ma wɔnkyerɛ nnipa adeɛ wɔ wo fie. Bisa asɛmpatrɛfoɔ no fa suahunu a wɔrenya ne sɛdeɛ asɛmpatrɛ adwuma no reboa ama wɔabɛn Yesu Kristo ho. San bisa deɛ wɔyɛeɛ (anaa wɔnyaaɛ a anka wɔyɛeɛ) de siesiee wɔn ho bɛyɛɛ asɛmpatrɛfoɔ.

  • Sɛ wosomm asɛmpatrɛ adwuma bi a, taa kasa fa wo suahunu ho. Anaa to nsa frɛ abusuafoɔ ne nnamfonom a wɔkɔɔ asɛmpatrɛ adwuma ma wɔnka wɔn suahunu. Wobɛtumi nso akasa afa akwan ahodoɔ a wo ne afoforɔ akyɛ asɛmpa no wo nkwa nna nyinaa. Boa wo ba ma ɔnnwene akwan ahodoɔ a wɔbɛtumi ne afoforɔ akyɛ asɛmpa no ho.

  • Ma wo ba no akwanya ma ɔnkyerɛ w’abusua asɛmpa no nnyinasonsɛm. Wo ba no bɛtumi nso asua sɛdeɛ wɔne afoforɔ bɛkyɛ wɔn gyedie. Nhwɛsoɔ, mobɛtumi akasa afa nsɛmmisa te sɛ “Sɛn na yɛbɛda Mormon Nwoma no adi akyerɛ obi a ɔntee ho asɛm da?” anaa “Sɛn na yɛbɛkyerɛ sɛdeɛ Agyenkwa no ho hia mu akyerɛ obi a ɔnyɛ Kristoni?” (Hwɛ Ahmad S. Corbitt, “Do You Know Why I as a Christian Believe in Jesus Christ?,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 119–21.)

  • Boa ma wo ba no nya ahotosoɔ sɛ ɔne afoforɔ bɛkasa. Akwan papa bɛn na yɛbɛtumi de ahyɛ nkɔmmɔdie ase? Hyɛ wo ba nkuran ma ɔnsua sɛdeɛ ɔbɛtie deɛ afoforɔ ka, ate deɛ ɛwɔ wɔn akoma mu ase, na wakyɛ asɛmpa no nokorɛ a ɛbɛtumi ahyira wɔn abrabɔ.

  • Hwehwɛ akwanya ma wo ba nsua adeɛ mfa amammerɛ ne gyedie ahodoɔ ho. Boa ma wɔnhunu na wɔnmfa obuo mma nneɛma papa ne nokorɛ nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ afoforɔ gyedie mu.

Regye Nsɔano Ayɛyɛdeɛ no

Wɔ tɛmpol mu no, okunu ne ɔyere bɛtumi aware ama ɛnniawieeɛ. Yei kɔso wɔ ayɛyɛdeɛ a wɔfrɛ no “tɛmpol nsɔano.” Ɛwom sɛ saa ayɛyɛdeɛ yi bɛtumi awɔ akyiri mfeɛ pii ama wo babaa anaa babarima, nanso daa daa nneɛma nketekete a moyɛ bom wɔ saa mfeɛ no mu bɛtumi aboa ma wɔasiesie wɔn ho ama saa nhyira nwanwasoɔ yi.

  • Mommom nkenkan “The Family: A Proclamation to the World” (Asɛmpa Akoraeɛ). Deɛn na saa dawurubɔ yi kyerɛkyerɛ fa anigyeɛ wɔ abusua abrabɔ mu ne awarepa ho? Wo ne wo ba no nyi nkyerɛkyerɛ ahodoɔ a ɛwɔ dawurubɔ no mu no baako na monsua. Mobɛtumi ahwehwɛ twerɛnsɛm a ɛfa saa nkyerɛkyerɛ no ho wɔ Guide to the Scriptures. Mobɛtumi nso asi gyinaeɛ sɛ wode saa nkyerɛkyerɛ no bɛyɛ adwuma wɔ w’abusua mu yie. Berɛ a moyɛ mo gyinaɛsie no ho adwuma no, monkasa mfa nsunsuansoɔ a saa nkyerɛkyerɛ no so die wɔ wɔ abusua no so.

  • Wo ne wo ba no nkenkan Titenani Dieter F. Uchtdorf nkrasɛm “In Praise of Those Who Save” (Liahona, Kɔtɔnima 2016, 77–80). Sɛ moduru ɔfa a wɔato din “A Society of Disposablesa,” mobɛtumi ahwehwɛ nneɛma wɔ mo fie a mobɛtumi ato agu ne deɛ montumi Monkasa mfa sɛdeɛ moyɛ nneɛma sononko berɛ a mopɛ sɛ ɛkyɛ ho. Deɛn na yei susu fa sɛdeɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ awareɛ ne abusua nkutahodie ho? Deɛn bio na yɛsua firi Titenani Uchtdorf nkrasɛm mu fa sɛdeɛ Agyenkwa no bɛtumi aboa yɛn ma yɛakyekyere awareɛ ne abusua a ɛmu yɛ den?

  • Ka nokorɛ kyerɛ wo ba fa nneɛma a wo ne wo hokani resua fa sɛdeɛ mobɛnya ɛnniawieeɛ awareɛ a ɛgyina Kristo so ne sɛdeɛ morebɔ mmɔden atu mpɔn ho. Sɛ wo ne wo hokani aayɛ nsɔano wɔ tɛmpol a, fa nhwɛsoɔ kyerɛ wo ba sɛdeɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛdi wo ne Awurade apam so. Ka sɛdeɛ wobɔ mmɔden ma Ɔsoro Agya na Agyenkwa no yɛ w’abrabɔ fapem ne sɛdeɛ Wɔreboa wo (san so hwɛ Ulisses Soares, “In Partnership with the Lord,” Liahona, Obubuo 2022, 42–45).

  • Sɛ ɛwɔ sɛ abusua no si gyinaeɛ a, monkɔ abusua agyinatuo na monkasa mfa ho. Hwɛ sɛ abusuafoɔ no nyinaa akyerɛ wɔn adwene ansa. Fa saa nkɔmmɔtwetweɛ yi sɛ akwanya a wodebɛɛ abusua nkutahodie papa ne ayamyɛ wɔ abusua ayɔnkofa mu, mpo sɛ ɛsono obiara adwene a. (Hwɛ M. Russell Ballard, “Abusua Agyinatufoɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2016, 63-65).

  • Sɛ ntawantawa anaasɛ akasakasa ba abusua mu a, kyerɛ ntoboaseɛ ne tema. Boa wo ba ma ɔnhunu sɛ wɔresiesie ntawatawa wɔ Kristo kwan so bɛtumi aboa ma wɔasiesie wɔn ho ama awareɛ a anigyie wom. Mommom nkenkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:41-42, na monkasa mfa sɛdeɛ nnyinasonsɛm a ɛwɔ saa nkyekyɛmu yi mu bɛtumi ayɛ adwuma wɔ awareɛ mu ho.