Come, Follow Me
Ogyefuo 23–Ɔbɛnem 1. “Biribi Yɛ Awurade Yɛna?”: Gyenesis 18–23


“Ogyefuo 23–Ɔbɛnem 1. ‘Biribi Yɛ Awurade Yɛna?’: Gyenesis 18–23,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ogyefuo 23–Ɔbɛnem 1. ‘Biribi Yɛ Awurade Yɛna?’,” Bra, Di M’akyi: 2026

Sara a ɔkura akokoaa Isak

Sarah and Isaac, ɛfiri Scott Snow hɔ

Ogyefuo 23–Ɔbɛnem 1: “Biribi Yɛ Awurade Yɛna anaa?”

Gyenesis 18–23

Abraham ne Sara asetena a na nsɛm a ɛyɛ awerɛhoɔ ne deɛ ɛyɛ anigyeɛ nyinaa ahyɛ mu ma no, yɛ nokorɛ bi a Abraham suaeɛ wɔ anisoadehunu mu ho adanseɛ—sɛ yɛwɔ asase so sɛ wɔbɛsɔ yɛn ahwɛ, “sɛ yɛbɛyɛ biribiara a Awurade [yɛn] Nyankopɔn bɛhyɛ yɛn a” (Abraham 3:25). Enti Abraham ne Sara bɛyɛ anokwafoɔ? Enti wɔbɛkɔ so anya gyidie wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa asefoɔ pii ho no mu, berɛ mpo a na wɔda so ara nni mma wɔ wɔn mpanin mfeɛ mu no? Na wɔwoo Isak no, so wɔn gyidie bɛgyina deɛ wɔnsusu no ano—ahyɛdeɛ sɛ wɔmfa ɔba korɔ no a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛfa ne so ama saa apam no abam no mmɔ afɔreɛ?

Abraham ne Sara gyee Onyankopɔn diiɛ, na Ɔno nso gyee wɔn diiɛ (hwɛ Gyenesis 15:6; Romafoɔ 4:3). Wɔ Gyenesis 18–23, yɛhunu nsɛm a ɛfiri Abraham, Sara, ne afoforɔ abrabɔ mu a ɛbɛtumi akanyan yɛn ma yɛadwene yɛn ankasa pɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛgye Onyankopɔn bɔhyɛ adi, sɛ yɛbɛdwane amumuyɛ na yɛnhwɛ yɛn akyi da, na yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so ɛmfa ho ne afɔrebɔ no. Berɛ a Onyankopɔn resɔ yɛn ahwɛ no, ɔma yɛtu mpɔn nso.

adesua ahyɛnspdeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Gyenesis 18:9–14; 21:1–7

Awurade di ne bɔhyɛ ahoroɔ so wɔ N’ankasa berɛ mu.

Awurade ama anokwafoɔ animuonyam bɔhyɛ, nanso ɛtɔ da bi a yɛn abrabɔ mu tebea ahoroɔ bɛtumi ama yɛadwene sɛdeɛ saa bɔhyɛ ahoroɔ yi bɛtumi aba mu. Ebia Abraham ne Sara tee nka saa. Deɛn na wosua firi wɔn suahunu ahoroɔ no mu? Ɛbɛtumi aboa sɛ wobɛhyɛ w’adesua ase berɛ a wosan hwɛ deɛ na Awurade ahyɛ ho bɔ wɔ Gyenesis 17:4, 15–22. Sɛn na Abraham ne Sara yɛeɛ? (hwɛ Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 17:23 [wɔ Gyenesis 17:17, aseɛ atwerɛ b]; Gyenesis 18:9–12). Sɛn na Awurade buaeɛ de boaa wɔn ma wɔnyaa gyidie kɛseɛ wɔ Ne bɔhyɛ mu? (hwɛ Gyenesis 18:14).

Deɛn na wohunu wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu a ɛhyɛ wo gyidie den? Suahunu afoforɔ bɛn na—wɔ w’abrabɔ anaa obi foforɔ deɛ mu—ahyɛ wo gyidie den sɛ Awurade bɛdi Ne bɔhyɛ so wɔ N’ankasa berɛ ne Ne kwan so? Wobɛtumi nso adwennwene sɛdeɛ wobɛtumi akura wo gyidie mu berɛ a wonnya nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ saa asetena yi mu. Afotuo bɛn na wohunu wɔ Hebrifoɔ 11:8–13 ne Titenani Russell M. Nelson nkrasɛm “Christ Is Risen; Faith in Him Will Move Mountains”? (Liahona, Kɔtɔnima 2021, 101–4).

San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:68.

Gyenesis 19:12–29

Awurade hyɛ me sɛ mennwane amumuyɛ na menhwɛ m’akyi.

Sɛ wokenkan Lot ne n’abusua ho asɛm a, adesua bɛn na wonya fa dwane a wobɛdwane afiri amumuyɛ ho? Sɛ nhwɛsoɔ no, deɛn na w’ani gye ho fa deɛ abɔfoɔ no kaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ de boaa Lot ne n’abusua ma wɔfirii ɔsɛeɛ mu no ho? (hwɛ Gyenesis 19:12–17). Sɛn na Awurade boa wo ne w’abusua ma modwane anaa monya ahobammɔ firi nkɛntɛnsoɔ bɔne a ɛwɔ wiase no ho? Dwene tebea ahoroɔ a ɛbɛtumi asɔ wo ahwɛ sɛ “[hwɛ] w’akyi” (nkyekyɛmu 26) berɛ a ɛsɛ sɛ wode gyidie wɔ Agyenkwa no mu hwɛ w’anim no ho. Deɛn na Luka 9:62 de ka nteaseɛ a wowɔ fa saa nsusuiɛ yi ho no ho?

San hwɛ Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 19:9–15 (wɔ Twerɛ Kronkron nkekaho no mu).

Gyenesis 19:26

Deɛn mfomsoɔ na Lot yere yɛeɛ?

Elder Jeffrey R. Holland kyerɛkyerɛɛ sɛ:

“Ɛda adi sɛ, deɛ na ɛha Lot yere ne sɛ na ɛnyɛ sɛ ɔrehwɛ n’akyi kɛkɛ; n’akoma mu no na ɔpɛ sɛ ɔsan n’akyi. Ɛbɛyɛ sɛ ansa na ɔreduru kurotia no mpo, na wafe deɛ Sodom ne Gomora de ama no no dada.

“Ɛbɛtumi aba sɛ Lot yere de Awurade ho abufuo wɔ deɛ na Ɔreka sɛ ɔnnya hɔ no ho na hwɛɛ n’akyi. Enti ɛnyɛ sɛ ɔhwɛɛ n’akyi kɛkɛ; ɔhwɛɛ n’akyi wɔ akɔnnɔ mu. Ne tiatwa mu no, na ne ho a ɔde ato nneɛma a atwam so no boro n’akokoɔduro ma daakye so. Ɛda adi sɛ, anyɛ koraa, na ɛka ne bɔne ho.

“Mesrɛ sɛ monntena nna a atwam mu anaa momfa akɔnnɔ hunu nnnɔ nnora nneɛma, ɛmfa ho ne deɛ saa nnora nneɛma no bɛtumi ayɛ. Ɛsɛ sɛ yɛsua adeɛ firi deɛ atwam mu na ɛnsɛ sɛ yɛtena mu. Yɛhwɛ akyire gye egyansrama firi suahunu a ɛredɛre mu na ɛnyɛ nso no. Na sɛ yɛasua deɛ ɛhia sɛ yɛsua na yɛde deɛ ɛyɛ papa a yɛanya mu suahunu aba a, ɛnneɛ yɛhwɛ yɛn anim na yɛkae sɛ berɛ biara wɔde gyidie kyerɛ daakye.

“Nneɛma a atwam a yɛkaekae, a mfomsoɔ ahoroɔ a atwam ka ho, nyɛ papa! Ɛnyɛ Yesu Kristo asɛmpa.

“[Nnipa] a mowɔ awoɔntoatoasoɔ biara mu nyinaa, mefrɛ sɛ, ‘Monkae Lot yere’ [Luka 17:32]. Gyidie wɔ hɔ ma daakye. Gyidie gyina deɛ atwam so nanso ɛnnɔ sɛ ɛbɛtena hɔ. Gyidie wɔ ahotosoɔ sɛ Onyankopɔn wɔ nneɛma akɛseɛ ma yɛn mu biara na Kristo ne ‘nneɛma pa a ɛbɛba no sɔfo panin ampa’ (Hebrifoɔ 9:11)” (“The Best Is Yet to Be,” Ensign, Ɔpɛpɔn 2010, 24, 26–27).

Abraham hwɛ ɔsoro a ɔkura sekan na Isak da afɔrembukyia no so

Abraham and Isaac, ɛfiri Harold Copping hɔ

Gyenesis 22:1–19

seminary ahyɛnsodeɛ
Ɔpɛ a Abraham wɔ sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre no yɛ Onyankopɔn ne Ne Ba no nsɛsoɔ.

Ɛwom sɛ yɛnnim sɛnti nyinaa a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔreɛ deɛ, nanso yɛnim sɛ na ɛyɛ ne gyidie wɔ Onyankopɔn mu ho sɔhwɛ. Yɛsan nim sɛ na ɛyɛ “Onyankopɔn ne ne Ba a Ɔwoo no Koro no nsɛsoɔ” (Jacob 4:5). Berɛ a wokenkan Gyenesis 22:1–19, wobɛtumi ahwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ anaa nsɛsoɔ a ɛda Abraham afɔrebɔ a ɔde Isak bɔeɛ ne Agya no afɔrebɔ a ɔde Ne Ba, Yesu Kristo bɔeɛ no ntam. Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ deɛ wobɛhunu wɔ pono bi te sɛ yei so:

Abraham ne Isak

Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo

Abraham ne Isak

Na Isak yɛ Abraham ne Sara ba a wɔwoo no koro (Gyenesis 22:2; san hwɛ Hebrifoɔ 11:17)

Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo

Yesu yɛ Agya no Ba a Ɔwoo No Koro (Yohane 3:16)

Abraham ne Isak

Na ɛwɔ sɛ wɔde Isak si adwammaa ananmu bɔ afɔreɛ (Gyenesis 22:7–9)

Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Adwammaa (Yohane 1:29)

Nsɛnkyerɛnneɛ anaa nsɛsoɔ bɛn na ɛwɔ Agyenkwa no mpata afɔrebɔ no ho a nteaseɛ wɔ mu ma wo pa ara? Dwene ho sɛ mobɛto anaa mobɛkenkan dwom bi mu nsɛm a ɛkyerɛ Ɔsoro Agya dɔ ma yɛn, te sɛ “God Loved Us, So He Sent His Son,” Nnwom, no. 187. Wobɛtumi nso atwerɛ w’atenka a ɛfa Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ne Wɔn afɔrebɔ ma wo no ho.

Sɛ wopɛ sɛ wosua pii fa yɛn Agyenkwa no afɔrebɔ ho a, dwene ho sɛ wobɛkenkan Titenani Jeffrey R. Holland nkrasɛm “Behold the Lamb of God” (Liahona, Kɔtɔnima 2019, 44–46). Adɛn nti na adwammaa yɛ Onyankopɔn Ba no ho sɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ saa? Deɛn na Titenani Holland kyerɛkyerɛeɛ a ɛma nnidie a wowɔ ma Ɔsoro Agya akyɛdeɛ no yɛ kɛse?

San hwɛ “Akedah (The Binding)” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.

12:57

Akedah (The Binding)

Fa mfonin ahoroɔ kyerɛkyerɛ. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wode nneɛma ahoroɔ bɛka adekyerɛ ne adesua ho no, wobɛtumi afa mfonin baako anaa deɛ ɛboro saa wɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu berɛ a wosua nsɛm a ɛwɔ Gyenesis 18–23. Sɛ nhwɛsoɔ no, wo ne w’abusua anaa w’adesuakuo bɛtumi ahyɛ Abraham ne Isak mfonin ahoroɔ mu nkyerɛmu nso. Ka deɛ enti a saa nkyerɛmu ahoroɔ yi ho hia ma abasɛm no, na hwehwɛ saa nkyerɛmu yi wɔ twerɛnsɛm no mu. Sɛn na wɔtwe adwene si abasɛm no mu sɛnkyerɛnneɛ a ɛfa Onyankopɔn Ba no afɔrebɔ ho no so?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ 01

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Gyenesis 17:15–21; 18:14; 21:1–7

Mɛtumi de me ho ato Onyankopɔn so sɛ Ɔbɛdi Ne bɔhyɛ so.

  • Sɛdeɛ wobɛsua afa ahotosoɔ a Abraham ne Sara wɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahoroɔ mu ho no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi aka berɛ bi a na ɛwɔ sɛ wɔtwɛn biribi a wɔpɛ ankasa ho asɛm. Afei mobɛtumi ahwɛ Sara ne Isak mfonin a ɛwɔ saa nhyehyɛeɛ yi mfitiaseɛ no na moaka ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ ɔne Abraham no ho asɛm (san hwɛ “Abraham ne Sara,” wɔ Apam Dada Abasɛm mu, 28–31). Boa wo nkwadaa ma wɔnnwene nneɛma a sɛ yɛ anokwafoɔ a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ ho. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnnya aboterɛ na wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn bɛdi Ne bɔhyɛ ahoroɔ so.

    2:20

    Abraham and Sarah

  • Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wo nkwadaa asua nokorɛ a ɛho hia wɔ Gyenesis 18:14, wobɛtumi atwerɛ asɛmfua biara ɛwɔ saa nkyekyɛmu no kasamu a ɛdi kan no mu agu nkrataa nketewa nsonoeɛ so. Afei fa nkrataa no fra, na ma wo nkwadaa nhyehyɛ nsɛmfua no nnidisoɔ sɛdeɛ ɛfata. Afei wo ne mo nkwadaa bɛtumi akenkan Gyenesis 17:15–21; 21:1–7 de ahwehwɛ biribi a Awurade yɛeɛ a na ɛte sɛ deɛ ɛrentumi nyɛ yie ho nhwɛsoɔ. Wo ne wo nkwadaa nkyɛ wo gyidie sɛ Awurade bɛma Ne bɔhyɛ aba mu, sɛ ɛte sɛ deɛ ɛrentumi nyɛ yie anaa ɛbɛkyɛ mpo a.

Gyenesis 19:15–26

Mɛtumi adwane abɔnefosɛm.

  • Bisa wo nkwadaaa fa tebea ahoroɔ a obi bɛtumi aka sɛ wɔnyɛ biribi a wɔnim sɛ ɛnyɛ ho. Sɛn na ‘yɛbɛdwane’ afiri tebea ahoroɔ yi ho? Bɔ Gyenesis 19:15–26 mua berɛ a wokyerɛkyerɛ mu sɛ na Lot abusua te kuropɔn a bɔne wɔ mu pa ara mu na abɔfoɔ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔmfiri hɔ. Berɛ a wo ne wo nkwadaa bom kenkan nkyekyɛmu 15–17, 26, no, bisa wɔn deɛ ɛbɛtumi akyerɛ ama yɛn nnɛ sɛ “yɛbɛdwane” bɔne na “yɛnhwɛ akyire” . (nkyekyɛmu 17).

ɔbarima ne mmaa a wɔredwane afiri Sodom ne Gomora

Sodom, ɛfiri Julius Schnorr von Carolsfeld hɔ

Gyenesis 22:1–14

Abraham tiee Awurade.

  • Abraham ne Isak ne Asɛnnuamubɔ mfonin (hwɛ Asɛmpa Adwinnie Nwoma, nɔma 957) bɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔde abasɛm a ɛwɔ Gyenesis 22 atoto Agyenkwa no afɔrebɔ no ho (hwɛ Mateo 27:26–37). Deɛn na yɛbɛtumi asua afa Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ho afiri Abraham ne Isak ne Asɛnnuamubɔ ho twerɛtohɔ ahoroɔ no mu? (San hwɛ “Abraham ne Isak,” wɔ Apam Dada Abasɛm mu, 34–37.)

    2:0

    Abraham and Isaac

  • Wobɛtumi adwene agorɔ bi a ɛnyɛ den a wo ne wo nkwadaa bɛdi a ɛhwehwɛ sɛ wɔdi akwankyerɛ ahoroɔ akyi ho? Ebia akwankyerɛ no bɛtumi akɔpue Agyenkwa no mfonin bi a ahinta so. Agodie no bɛtumi akanyan nkɔmmɔdie a ɛfa nneɛma a Ɔsoro Agya ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi ne No ne Yesu Kristo atena bio. Dwene ho sɛ mobɛto dwom bi te sɛ “Keep the Commandments” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 146–47). Nnawɔtwe yi dwumadie kratafa nso bɛtumi aboa.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Abraham rehwɛ Isak a ɔso nnua adesoa

Abraham and Isaac, ɛfiri Jeff Ward hɔ

Primary dwumadie kratafa: Abraham tiee Awurade