“Ɔbɛnem 16–22. ‘Na Onyankopɔn de Rebɛyɛ Papa’: Gyenesis 42–50,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ɔbɛnem 16–22. ‘Na Onyankopɔn de Rebɛyɛ Papa’,” Bra, Di M’akyi: 2026
Forgiveness, ɛfiri Megan Rieker hɔ
Ɔbɛnem 16–22: “Na Onyankopɔn de Rebɛyɛ Papa”
Gyenesis 42–50
Na adi bɛyɛ mfeɛ 22 firi berɛ a Yosef nuanom tɔnn no kɔɔ nkoasom mu. Na Yosef ahyia ɔhaw ahoroɔ bebree, a atorɔ soboɔ ne afiasenna ka ho. Berɛ a awieeɛ no ɔhunuu ne nuanom bio no, na Yosef yɛ Misraim nyinaa amrado, a na Farao nko ara na ɔwɔ tumi kyɛn no. Na anka ɛrenyɛ den mma no sɛ ɔbɛtua ne nuanom no ka, ɛna sɛ wohwɛ deɛ na wɔde ayɛ Yosef no a, na anka nteaseɛ bɛwom. Nanso Yosef de kyɛɛ wɔn. Ɛnyɛ ɛno nko, ɔboaa wɔn ma wɔhunuu ɔsoro tirimpɔ wɔ n’amanehunu no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Na Onyankopɔn de reyɛ papa” (Gyenesis 50:20), ɛfiri sɛ ɛde no sii gyinabea a ɔbɛtumi de agye “n’agya fiefo nyinaa” (Gyenesis 47:12) afiri ɛkɔm mu.”
Wɔ akwan pii so no, na Yosef te sɛ Yesu Kristo. Ɛwom sɛ yɛn bɔne maa Agyenkwa no kɔɔ amanehunu kɛseɛ mudeɛ, nanso Ɔma bɔnefakyɛ, gye yɛn nyinaa firi asiane bɔne a ɛsene ɛkɔm koraa mu. Sɛ yɛhia sɛ yɛbɛnya bɔnefakyɛ anaa yɛde bɛkyɛ no—ɛduru baabi a yɛn nyinaa hia ne mmienu—Yosef nhwɛsoɔ no de yɛn kɔ Agyenkwa, ayaresa ne nkabom nokorɛ fibea no hɔ.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Gyenesis 45:5–7; 47:12
“Onyankopɔn somaa me dii no anim sɛ memmɛkora mo so.”
So woahyɛ nsɛdie bi a ɛwɔ Yosef abrabɔ ne Yesu Kristo mpata botaeɛ no mu nso? Sɛdeɛ wobɛhunu nsɛdie ahoroɔ yi bi ho nhwɛsoɔ no, bɔ mmɔden sɛ wode yeinom bɛtoto ho:
-
Gyenesis 37:3 ne Mateo 3:17.
-
Gyenesis 37:26–28 ne Mateo 26:14–16.
-
Gyenesis 45:5–7 ne Luka 4:18.
-
Gyenesis 47:12 ne Yohane 6:35.
Adwene bɛn na wowɔ wɔ Agyenkwa no ne Ne botaeɛ ho berɛ a wokenkan saa nkyekyɛmu ahoroɔ yi?
Gyenesis 45; 50:15–21
Bɔnefakyɛ de ayaresa ba.
Sɛ wokenkan sɛdeɛ Yosef de kyɛɛ ne nuanom wɔ nneɛma bɔne a wɔde yɛɛ no ho a, ɛbɛtumi akanyan wo ma woadwene obi a mprempren yi ɛyɛ den ma wo sɛ wode bɛkyɛ no ho. Nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi bɛtumi aboa berɛ a wobɔ mmɔden sɛ wode nnyinasosɛm yi bɛdi dwuma no:
-
Adɛn nti na anka na ɛbɛyɛ den ama Joseph sɛ ɔde ne nuanom bɔne bɛkyɛ wɔn? (wopɛ sɛ wohwɛ deɛ wɔyɛɛ no a, hwɛ Gyenesis 37). Suahunu anaa suban bɛn na ɛbɛtumi ama Yosef anya ahoɔden de bɔne akyɛ? (sɛ nhwɛsoɔ no, hwɛ, Gyenesis 45:1–15 anaa 50:15–21).
-
Nhyira bɛn na ɛfirii Yosef nuanom bɔne a ɔde kyɛɛ wɔn no mu baeɛ? Sɛ nhwɛsoɔ no, fa abusuabɔ a ɛwɔ Yakob abusua mu wɔ abasɛm no mfitiaseɛ no toto (sɛ nhwɛsoɔ no, hwɛ, Gyenesis 37:3–11) ne abusuabɔ a ɛwɔ awieeɛ no ho (hwɛ Genesis 45:9–15; 50:15–21). Sɛ Yosef annya ɔpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ a, nneɛma foforɔ bɛn na anka ɛbɛtumi asi?
-
Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ obi a ebia ɔbɛhia wo bɔnefakyɛ no din ato hɔ—sɛ wɔasrɛ bɔnefakyɛ anaa wɔnsrɛeɛ. Deɛn na wobɛtumi ayɛ de ama Agyenkwa no ayaresa tumi aba saa tebea no mu? Sɛ ayɛ sɛ bɔnefakyɛ yɛ den dodo a, dwene ho sɛ wobɛsan ahwɛ Elder Gerrit W. Gong afotuo a ɛwɔ ne nkrasɛm “Happy and Forever” (Liahona, Obubuo 2022, 85) no kasapɛn nsia a ɛtwa toɔ no mu. Deɛn na wohunu a ɛma wo anidasoɔ sɛ wobɛtumi de bɔne akyɛ?
San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:9–11; “Bɔnefakyɛ: M’adesoa Mu Yɛɛ Hare” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.
Forgiveness: My Burden Was Made Light
Gyenesis 49
Yakob de nkɔnhyɛ nhyira maa n’abusua.
Nhyira a Yakob de maa n’asefoɔ no kura mfonin ɛmu da hɔ, nanso ɛnyɛ mmerɛ sɛ wobɛte aseɛ. Anigyesɛm ne sɛ, asɛmpa a wɔasan de aba no boa yɛn. Sɛ wokenkan nhyira a wɔde maa Joseph wɔ Gyenesis 49:22–26, a, kenkan nkyekyɛmu a ɛdidi soɔ yi nso, na hwɛ nhumu a ɛde ma: 1 Nephi 15:12; 2 Nephi 3:4–5; Jacob 2:25; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 50:44.
Berɛ a wokenkan fa Yuda nhyira ho wɔ Gyenesis 49:8–12, no, kae sɛ Yesu Kristo yɛ Yuda aseni. Deɛn na wohunu wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu a ɛkae wo Agyenkwa no? (san hwɛ Adiyisɛm 5:5–6, 9; 1 Nephi 15:14–15; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:59; 133:46–50).
Saa nhyira yi a wobɛkenkan no bɛtumi akanyan wo ma woasan ahwɛ w’agya panin nhyira no mu—anaa, sɛ wonni bi a, woagye bi. Nsɛm ne kasasin ahoroɔ bɛn na ɛwɔ wo nhyira mu a ɛtwe w’adwene kɔ Yesu Kristo so?
San hwɛ Randall K. Bennett, “W’agya Panin Nhyira—Nkanyan Akwankyerɛ a ɛfiri Ɔsoro Agya hɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 42–44.
Gyenesis 50:19–21
Onyankopɔn bɛtumi aboa me ma manya nteaseɛ wɔ me nsɔhwɛ ahoroɔ mu.
Ɛwom sɛ ebia na ɛnna adi pefee berɛ a na ɔrefa mu no, nanso awieeɛ no, Yosef tumi hwɛɛ n’akyi wɔ n’amanehunu wɔ Misraim no mu na ohunuu sɛ “Onyankopɔn de rebɛyɛ papa” (Gyenesis 50:20). Sɛ anka na wobɛtumi akɔsra Yosef berɛ a na ɔwɔ amena mu anaa afiase no a, sɛn na anka wobɛkyekye ne werɛ? Sɛn na Gyenesis 50:19–21 bɛtumi aboa wo wɔ wo nsɔhwɛ mmerɛ mu?
San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122; “How Firm a Foundation,” Nnwom, nɔma 85.
Joseph Smith among the Prophets, ɛfiri Paul Mann hɔ (nkyerɛmu)
Gyenesis 50:24–25
“Awurade me Nyankopɔn bɛma ɔdehununi bi so.”
Berɛ a wokenkan Gyenesis 50:24–25 ne Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 50:24–38 (wɔ Twerɛ Kronkron nkekaho mu) no, dwennwene deɛ enti a na anka ɛho bɛhia sɛ Joseph bɛhunu Mose ne Joseph Smith ho nsɛm mfeha pii ansa na ɛreba. Sɛn na Joseph Smith maa Josef nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛfa ne ho no baa mu? (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:17–23; 20:7–12; 39:11; 135:3).
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Gyenesis 42–44; 45:4–15
Mɛtumi ada ɔdɔ ne bɔnefakyɛ adi akyerɛ m’abusua.
-
Ɛbɛtumi ayɛ anika ama wo nkwadaa sɛ wɔbɛsan ayɛ Yosef a ɔne n’abusua resan abom no ho ɔyɛkyerɛ (hwɛ Gyenesis 42–44). Anaa wɔbɛtumi afa “Yosef ne Ɛkɔm no” (wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 57–60) anaa mfonin ahoroɔ a ɛwɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu de akyerɛkyerɛ wɔn ho wɔn ho abasɛm no. Nsɛmmisa bi a ɛbɛtumi aboa ma wo nkwadaa asua biribi afiri abasɛm no mu nie:
-
Deɛn na Yosef yɛɛe de kyerɛɛ ɔdɔ maa n’abusua? (hwɛ Genesis 45:4–15).
-
Wohwɛ a, adɛn nti na Yosef de ne nuanom bɔne kyɛɛ wɔn?
-
Wodwene sɛ atenka bɛn na Yosef nuanom no nyaeɛ berɛ a wɔhunuu sɛ Yosef de akyɛ wɔn no? Hwan na ɔhia sɛ wode kyɛ no wɔ w’abrabɔ mu? Sɛn na wobɛtumi akyerɛ ɔdɔ ne bɔnefakyɛ?
2:26Joseph and the Famine
-
Berɛ a woresiesie wo ho akyerɛkyerɛ no, bisa sɛ, “Deɛn na me nkwadaa bɛyɛ de asua?” Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔ saa dwumadie yi mu wo nkwadaa reyɛ ɔyɛkyerɛ anaa wɔresan aka abasɛm bi. Yei a wɔbɛyɛ no bɛboa wɔn ma wɔakae deɛ ɛsiiɛ ne asɛmpa nnyinasosɛm a ɛwɔ abasɛm no mu nyinaa.
-
Ebia wo anaa wo nkwadaa bɛpɛ sɛ mobɛkyɛ suahunu bi berɛ a wɔde obi bɔne kyɛɛ no anaa berɛ a obi de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Afei mobɛtumi ato dwom bi te sɛ “Love One Another” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 136) anaa “Help Me, Dear Father” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 99).
Gyenesis 48:8–9
Awurade nam asɔfodie nhyira so boa me.
-
Wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahwɛ Yakob a ɔrehyira ne mma wɔ saa nhyehyɛeɛ yi awieeɛ na moakasa afa deɛ ɛrekɔ so no ho (hwɛ Gyenesis 48:8–9). Sɛ ɛbɛhia a, kyerɛkyerɛ mu sɛ na Yakob, a ɔyɛ Yosef agya, pɛ sɛ ɔma n’abusua asɔfodie nhyira. Ebia mobɛtumi ne mo ho mo ho akyɛ suahunu bi a monam asɔfodie nhyira so de anya mmoa afiri Onyankopɔn hɔ. Botaeɛ ahoroɔ a enti yɛbɛtumi abisa asɔfodie nhyira no bi ne deɛn?
Gyenesis 45:5–11
Ɔsoro Agya somaa Yesu Kristo sɛ Ɔmmɛgye me.
-
Sɛn na wobɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔahunu Agyenkwa no wɔ Yosef a ɔgyee n’abusua firii ɛkɔm mu ho abasɛm no mu? Dwene ho sɛ wobɛyɛ pono bi na woakyɛ mu mmienu, atwerɛ so Yosef ne Yesu Kristo. Boa wo nkwadaa ma wɔnhwehwɛ twerɛnsɛm mmienu mmienu a ɛdidi soɔ yi mu na wɔmfa nneɛma a Yosef ne Yesu nyinaa wɔ nhyehyɛ pono no mu: Gyenesis 37:3 ne Mateo 3:17; Gyenesis 37:26–28 ne Mateo 26:14–16; Gyenesis 45:5–7 ne Luka 4:18; ɛna Gyenesis 47:12 ne Yohane 6:35.
-
Ma wo nkwadaa nka deɛ ɛkyerɛ, sɛ wɔbɛgye obi nkwa anaa afiri asiane bi mu. Sɛ wɔn mu bi anya suahunu a wɔagye no nkwa anaa afiri asiane mu bi a, ma wɔnka ho asɛm. Sɛn na Yosef gyee ne nuanom no nkwa? (hwɛ Gyenesis 42:1–3; 45:5–7). Afei mobɛtumi abom ahwɛ Agyenkwa no mfonin na woama wo nkwadaa aka sɛdeɛ Yesu gye yɛn nkwa ho asɛm.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.