Come, Follow Me
Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu: Israel Fie


“Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu: Israel Fie,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Israel Fie,” Bra, Di M’akyi: 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu

Israel fie

Yakob de ahopopoɔ twɛnee wɔ Kanaan apueɛ fam serɛ so baabi sɛ ɔne ne nua Esau bɛdi ahyia. Berɛ a ɛtwa toɔ a na Yakob ahunu Esau, na bɛyɛ mfeɛ 20 atwam no, na Esau pɛ sɛ ɔkum no. Yakob dii aperepereɛ anadwo mu nyinaa, hwehwɛɛ Onyankopɔn hɔ nhyira. Esiane Yakob gyidie, ne nsiyɛ, ne pintinnyɛ nti, Onyankopɔn buaa ne mpaebɔ. Saa anadwo no Yakob din sesa bɛyɛɛ Israel, edin a asekyerɛ, a ɛnyɛ ɛno nko ara, ne “ɔne Onyankopɔn di asie” (Gyenesis 32:28, aseɛ atwerɛ b).

Jabbok asubɔntene

Jabbok asubɔntene nkyɛn na Yakob nyaa edin Israel.

Yei ne berɛ a ɛdi kan a edin Israel pue w] Twerɛ Kronkron mu, na ɛyɛ edin a ɛdi akotene wɔ nwoma no mu nyinaa ne abakɔsɛm mu nyinaa. Ankyɛre na edin no bɛkyerɛɛ deɛ ɛboro ɔbarima baako pɛ. Na Israel wɔ mma mmarima12, na na wɔka wɔn asefoɔ bom frɛ wɔn “Israel fie,” “Israel mmusuakuo,” “Israel mma,” anaasɛ “Israelfoɔ.”

Abakɔsɛm mu nyinaa, Israel mma no maa Israel mmusuakuo dummienu no mu baako a wɔfiri mu ho hiaa wɔn kɛse. Na wɔn abusua a wɔfiri mu no yɛ wɔn apam mu nipasu no fa titire. Ɔsomafoɔ Paulo paee mu kaa sɛ “ɔyɛ Benjamin abusuani” (Romans 11:1). Adeɛ baako nti a Lehi somaa ne mma mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔgye yaawa mprɛte no ne sɛ na “n’agyanom abusua anatoɔ” wɔ mprɛte no so.(1 Nephi 5:14). Lehi hunuu sɛ ɔyɛ Yosef aseni, na n’asefoɔ nteaseɛ wɔ abusuabɔ a ɛda wɔne Israel fie ntam no daa adi sɛ ɛho hia wɔn wɔ mfeɛ a na ɛdi akyire no mu.

Wɔ Asɔre no mu nnɛ no, ebia wobɛte nsɛm bi afa Israel ho te sɛ “Israel anoboaboa.” Yɛto nnwom te sɛ “Redeemer of Israel,” the “Hope of Israel,”ne “Ye Elders of Israel.” Wɔ saa nsɛm yi mu no, ɛnyɛ tete Israel ahemman anaasɛ ɛnnɛ yi ɔman a wɔfrɛ no Israel no ho asɛm na yɛreka anaasɛ yɛreto nnwom. Mmom, yɛreka nkorɔfoɔ a wɔaboaboa wɔn ano afiri wiase aman mu aba Yesu Kristo Asɔre no mu. Yɛreka nkorɔfoɔ a wɔne Onyankopɔn gyina, a wɔde anibere hwehwɛ Ne nhyira, na wɔnam asubɔ so abɛyɛ N’apam nkorɔfoɔ. Wɔ Titenani Russell M. Nelson nsɛm mu no, yɛbɛyɛ Israelfoɔ kyerɛ sɛ “yɛbɛma Onyankopɔn adi nkonim wɔ yɛn abrabɔ mu, yɛbɛma Onyankopɔn ayɛ nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ wɔ yɛn abrabɔ mu.”

W’agya panin nhyira da wo ne Israel fie mmusuakuo no mu baako ntam abusuabɔ adi. Ɛno sene abusua abakɔsɛm a ɛyɛ anika. Ɛfa wo seesei ne daakye nso ho. Woka Israel fiefoɔ ho no kyerɛ sɛ wo ne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo wɔ apam abusuabɔ. Ɛkyerɛ sɛ, te sɛ Abraham, wɔahyɛ da ayɛ sɛ “wobɛyɛ nhyira” ama Onyankopɔn mma (Gyenesis 12:2; Abraham 2:9–11). Ɛkyerɛ sɛ, wɔ Petro nsɛm mu no, sɛ “moyɛ abusua a wɔayi wɔn, adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron, nkorɔfoɔ sononko; sɛ mobɛka deɛ wafrɛ mo afiri sum mu aba ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayɛyie akyerɛ” (1 Petro 2:9). Ɛkyerɛ sɛ mo “bɛma Onyankopɔn adi nkonim”—sɛ moyɛ baako a “mo ne Onyankopɔn gyina” berɛ a modi apam a mo ne No wɔ so.

abusua dua

Yakob (Israel) Abusua Dua, ɛfiri Brent Evans hɔ

Atwerɛ.

  1. San hwɛ Gyenesis 32:24–32. Edin Israel wɔ nkyerɛaseɛ afoforɔ, a ebi ne “Onyankopɔn di hene,” “Onyankopɔn ko anaasɛ gyina,” ne “Ma Onyankopɔn nni anim.”

  2. Hwɛ Alma 26:36; 3 Nephi 20:25.

  3. Nnwom (1985), nɔma 6, 259319.

  4. Russell M. Nelson, “Let God Prevail,” Liahona, Obubuo 2020, 92.