Come, Follow Me
Ɔbɛnem 2–8. “Ma Onyankopɔn Nni Nkonim”: Gyenesis 24–33


“Ɔbɛnem 2–8. ‘Ma Onyankopɔn Nni Animu’,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɔbɛnem 2–8. ‘Ma Onyankopɔn Nni Nkonim’,” Bra, Di M’akyi: 2026

Esau tɔn ne panin ma Yakob de gye aduane kyɛnsee ma

Esau Sells His Birthright, ɛfiri Glen S. Hopkinson hɔ (nkyerɛmu)

Ɔbɛnem 2–8: “Ma Onyankopɔn Nni Nkonim”

Genesis 24–33

Sɛn na wonya nhyira firi Onyankopɔn hɔ ma wo ho? Ebia wobɛka sɛ Yakob, Abraham ne Sara banana ho asɛm no yɛ ɔbarima bi a ɔsuaa saa asɛmmisa no ho mmuaeɛ ho abasɛm. Na Yakob tɔ so mmienu awoɔ mu wɔ amammerɛ bi a na abakan barima nya ɔba-panin nhyira mu, a na nsa kura Esau nantin. Edin “Yakob” kyerɛ “ananmusini”—obi a ɔsi obi foforɔ ananmu. Yakob yɛɛ sɛdeɛ ne din kyerɛ pɛpɛɛpɛ bɔɔ mmɔden, boro baako, sɛ ɔbɛsi Esau ananmu sɛ abakan nhyira no ɔdedifoɔ ɛfiri sɛ na Esau mfata (hwɛ Gyenesis 25:30–34; 26:34–35; 27:36). Ne nsunsuansoɔ yɛ abusua no mu akasakasa, a na ɛwɔ sɛ Yakob dwane kɔ serɛ so gye ne nkwa.

Mfeɛ bi akyi no, Onyankopɔn hyɛɛ Yakob sɛ ɔnsan nkɔ fie. Ɔkwan so no, Yakob de ahobrɛaseɛ hwehwɛɛ nhyira bio firii Onyankopɔn hɔ. Twerɛnsɛm no kyerɛ saa berɛ yi sɛ “akodie” ma Yakob, na ɔpaee mu kaa sɛ ɔrempa aba “gye sɛ wohyira me” (Gyenesis 32:26). Afei adesua no—ne nhyira no baeɛ. Onyankopɔn sesaa Yakob din yɛɛ no Israel—a asekyerɛ, a afoforɔ ka ho, ne, “ma Onyankopɔn nni anim.” Israel suaa sɛ sɛ wobɛnya Onyankopɔn nhyira a ɛsom boɔ pa ara, N’apam nhyira a, ɛnhia sɛ wobɛsi obi foforɔ ananmu. Wɔntɔ Ne nhyira anaa wɔnnye no ɔhyɛ so anaa wɔnni so nkonim. Ɔde ma wɔn a wɔn abrabɔ ne Israel din sɛ—wɔn a wɔma Onyankopɔn di nkonim wɔ wɔn abrabɔ mu nyinaa kwa.

adesua ahyɛnspdeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Gyenesis 24

Apam awareɛ ho hia ma Onyankopɔn daapem nhyehyɛeɛ.

Berɛ a worekenkan Gyenesis 24, bisa wo ho deɛ enti a Abraham buu ne ba Isak awareɛ sɛ ɛho hia saa. Adɛn nti na awareɛ ho hia Onyankopɔn?

Su ahoroɔ bɛn na wohunu wɔ Rebeka ho a ɛbɛma awareɛ ne abusua a ɛmu yɛ den? (hwɛ titire nkyekyɛmu 15–28, 57–61).

San hwɛ Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Awareɛ,” Asɛmpa Akoraeɛ.

Gyenesis 25:29–34

Mɛtumi abu daapem nneɛma sɛ ɛsom bo sene honam fam nneɛma.

Wɔ Isak ne Rebeka amammerɛ mu no, ɔba panin no na na ɔdi adeɛ, a na ɛkyerɛ sɛ ɔnya agyapadeɛ kɛseɛ, ne asɛdeɛ kɛseɛ wɔ abusua no hwɛ mu. Berɛ a wokenkan Gyenesis 25:29–34, dwene deɛ enti a Esau bɛtumi anya ɔpɛ sɛ ɔbɛgyae ne mpaninyɛ no de agye aduane no ho. Adesua bɛn na wohunu ma w’ankasa wo ho wɔ twerɛtohɔ yi mu? Ɛbɛtumi aboa sɛ wobɛyɛ mmoano mmienu: (1) daapem nhyira a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde ma wo ne (2) wiase nneɛma a ɛbɛtumi atwe w’adwene. Afei wobɛtumi akenkan ayɛsɛm no, de biribi a ɛfiri mmoano a ɛdi kan no mu asi “abakan” ananmu na wode biribi a ɛfiri deɛ ɛtɔ so mmienu no mu asi “aduane” ananmu. Sɛn na wode w’adwene bɛsi Agyenkwa no ne N’asɛmpa no nhyira a ɛwɔ hɔ daa no so?

San hwɛ Mateo 6:19–33; M. Russell Ballard, “Remember What Matters Most,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 105–7.

Yaob wɔ Betel

Jacob at Bethel, ɛfiri James Smetham hɔ

Gyenesis 28

seminary ahyɛnsodeɛ
Awurade fie apam ahoroɔ de Onyankopɔn tumi ba m’abrabɔ mu.

Berɛ a na Yakob da ɛboɔ a ɔde ayɛ sumiiɛ so no, ɔsoo daeɛ bi a ɛsakraa n’abrabɔ. Na ɛyɛ suahunu kronkron ara maa Yakob frɛɛ bea no Betel, anaa “Onyankopɔn fie,” na ɔpaee mu kaa sɛ, “Ampa ara Awurade wɔ saa bea yi” (Gyenesis 28:16).

Berɛ a wokenkan Gyenesis 28, wobɛtumi abisa wo ho deɛ ɛmaa saa suahunu yi yɛɛ kronkron maa Yakob saa. Deɛn na na ɔrefa mu saa berɛ no? Sɛn na ebia na ɔte nka? Wobɛtumi nso ahwehwɛ nsɛm ne kasasin ahoroɔ wɔ nkyekyɛmu 10–22 a ɛkae wo Awurade fie. Atenka bɛn na wonya fa Onyankopɔn, Ne fie, ne N’apam ahoroɔ ho?

Mfonin bi a ɛkyerɛ Yakob daeɛ no wɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ; wobɛtumi ahwɛ berɛ a wokenkan no. Sɛ anka w’ankasa woreyɛ ne daeɛso no ho adwinnie mfonin a, deɛn na anka wobɛyɛ? Nokorɛ ahoroɔ bɛn na anka wobɛbɔ mmɔden ada no adi afiri abasɛm no mu?

Dwom “Nearer, My God, to Thee” (Nnwom, nɔma 100) gyina Yakob suahunu so. Nkutahodie bɛn na wohunu wɔ dwom yi ne Gyenesis 28:10–22? Sɛn na tɛmpol boa ma wote nka sɛ wobɛn Onyankopɔn? Dwene ho sɛ wobɛhwehwɛ asɛmmisa yi ho mmuaeɛ wɔ Titenani Russell M. Nelson nkrasɛm “The Temple and Your Spiritual Foundation” (Liahona, Obubuo 2021, 93–96 mu). Ebia wobɛpɛ nso sɛ wosan hwɛ Awurade fie apam ne nhyira ahoroɔ wɔ Amansan Akwankyerɛ nwoma, 27.2 (Asɛmpa Akoraeɛ). Sɛn na apam ahoroɔ yi a wodi so no de Onyankopɔn tumi ba w’abrabɔ mu?

Yɛ obi a wodwene yɛ biribi. Akwan pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi de asua twerɛnsɛm no ka akenkan kɛkɛ ho. Nnipa binom hunu sɛ sɛ wɔyɛ twerɛtohɔ ahoroɔ no ho mfonin a, wɔte twerɛnsɛm no ase yie. Afoforɔ nso nya honhom mu nhumu wɔ nnwom kronkron a ɛfa twerɛsɛm no ho mu. Mfa ɛkwan baako pɛ so nsua adeɛ; nya ɔpɛ sɛ wobɛsɔ akwan ahoroɔ ahwɛ.

Gyenesis 29:31–35; 30:1–24

Awurade kae me wɔ me nsɔhwɛ mu.

Berɛ a wokenkan Gyenesis 29:31–35 ne 30:1–24, hwehwɛ nsɛm a ɛkyerɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu ma Rahel ne Lea. Dwene sɛdeɛ Onyankopɔn “ahwɛ [wo] amanehunu” na”wakae’ wo no ho (Gyenesis 29:32; 30:22).

Gyenesis 32–33

Agyenkwa no bɛtumi asa m’abusua yareɛ.

Berɛ a Yakob san kɔɔ Kanaan no, na ɔwɔ “suro ne ahoyera kɛseɛ” mu fa sɛdeɛ ne nua Esau bɛgye no ho (Gyenesis 32:7). Berɛ a wokenkan Gyenesis 32–33, dwene w’ankasa w’abusua mu nkutahodie ho—ne titire bɛtumi ayɛ deɛ ɛhia ayaresa. Ebia saa abasɛm yi bɛtumi akanyan wo ma woaboa obi. Nsɛmmisa te sɛ yeinom bɛtumi aboa w’akenkan:

  • Sɛn na Yakob siesiee ne ho sɛ ɔbɛhyia Esau?

  • Deɛn na ɛda nso ma wo wɔ Yakob mpaebɔ a ɛwɔ Gyenesis 32:9–12?

  • Deɛn na wosua fa bɔnefakyɛ ho firi Esau nhwɛsoɔ no mu?

  • Sɛn na Agyenkwa no bɛtumi aboa ma yɛasa abusua mu nkutahodie yareɛ?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ 01

Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ ma Mmɔfra

Gyenesis 24:10–21

Mɛtumi ada ayamyɛ adi akyerɛ afoforɔ.

  • Sɛdeɛ wobɛtwe adwene asi Rebeka ayamyɛ nhwɛsoɔ a ɛyɛ anika no so no, wobɛtumi de mfonin a ɛwɔ aseɛ anaa nnawɔtwe yi dwumadie kratafa no akyerɛ wo nkwadaa berɛ a wobɔ abasɛm no mua wɔ Gyenesis 24:10–21. Wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛyɛ abasɛm no ho yɛkyerɛ. Yei bɛtumi de nkɔmmɔbɔ a ɛfa ayamyɛ nneyɛɛ ahoroɔ a wo ne wo nkwadaa ahunu ho aba.

  • Dwene ho sɛ mobɛbom ato dwom bi a ɛfa ayamyɛ ho, te sɛ “Kindness Begins with Me” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 145). Wo nkwadaa bɛtumi atie asɛmfua “ayamyɛ” (anaa asɛmfua a ɛte saa) na wɔagyina hɔ berɛ a wɔte no. Sɛn na yɛbɛtumi ada ayamyɛ adi te sɛ Rebeka?

Rebeka mfonin

Old Testament Heroes, ɛfiri Dilleen Marsh hɔ (nkyerɛmu)

Gyenesis 25:21–34

Daapem nneɛma ho hia sene wiase nneɛma.

  • Dwene ho sɛ wobɛfa “Yakob ne Esau” (wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 38–41) de aboa wo nkwadaa ma wɔate abasɛm no ase wɔ Gyenesis 25:21–34. Ebia wo nkwadaa bɛtumi asusu sɛ Esau bisaa wɔn afotuo fa sɛ ɛwɔ sɛ ɔde ne panin sesa aduane no anaa ho. Deɛn na anka wɔbɛka akyerɛ no?

    2:5

    Jacob and Esau

  • Nneɛma bɛn na ɛho hia wo ne wo nkwadaa ma daapem? Ebia wo nkwadaa bɛtumi anya mfonin anaa nneɛma a ɛgyina hɔ ma saa nneɛma yi. Sɛn na yɛbɛkyerɛ Awurade sɛ saa nneɛma yi ho hia yɛn?

Gyenesis 28:10–22

Apam boa ma mesan kɔ Ɔsoro Agya nkyɛn.

  • Berɛ a mobom kenkan Gyenesis 28:10–22 no, mobɛtumi de atwedeɛ (anaa mfonin te sɛ deɛ ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ) akasa afa sɛdeɛ yɛn apam te sɛ atwedeɛ ho. Ebia wo nkwadaa bɛtumi ayɛ wɔn ho sɛ deɛ wɔreforo atwedeɛ, na wɔ anammɔn biara mu, wɔaka mmerɛ a yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn, te sɛ berɛ a yɛbɔ asu, yɛfa sakramɛnte, anaa yɛkɔ tɛmpol. Sɛn na yɛn apam ahoroɔ ma yɛbɛn Onyankopɔn?

Gyenesis 32:6–11; 33:1–4

Ɔsoro Agya na Yesu Kristo bɛtumi aboa me ma madɔ m’abusua.

  • Sɛdeɛ wobɛda nkyekyɛmu ahoroɔ yi adi no, wobɛtumi akyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ abufuo mu mfeɛ pii akyi no, na Yakob rekɔhyia Esau bio. Mommom nkenkan Gyenesis 32:6–11. Atenka bɛn na Yakob nyaeɛ? Deɛn na ɔyɛeɛ sɛdeɛ ɔbɛnya mmoa? Mommom nkenkan Gyenesis 33:1–4 nhunu sɛdeɛ Awurade buaa Yakob mpaebɔ no. Sɛ anka Yakob ne Esau bɛtumi ne yɛn akasa nnɛ a, deɛn na anka wɔbɛtumi aka de aboa yɛn berɛ a akasakasa aba yɛn abusua mu?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Yakob reso atwedeɛ ho daeɛ ne abɔfoɔ a wɔresiane firi ɔsoro

Jacob’s Dream, ɛfiri J. Ken Spencer hɔ

Primary dwumadie kratafa: Mɛtumi ada ayamyɛ adi akyerɛ afoforɔ