“Ɔpɛpɔn 6–Ogyefuo 1. ‘Momfa Saa Nneɛma Yi Nkyerɛkyerɛ Mo Mma Kwa’: Gyenesis 5; Moses 6,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ɔpɛpɔn 6–Ogyefuo 1. ‘Momfa Saa Nneɛma Yi Nkyerɛkyerɛ Mo Mma Kwa’,” Bra, Di M’akyi: 2026
Better Than Paradise, ɛfiri Kendal Ray Johnson hɔ
Ɔpɛpɔn 26–Ogyefuo 1: “Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Saa Nneɛma Yi Kwa”
Gyenesis 5; Moses 6
Dodoɔ no ara a ɛwɔ Gyenesis 5 yɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛda Adam ne Hawa ne Noa ntam no din. Yɛkenkan din pii, nanso yɛnsua ho adeɛ bebree. Afei yɛkenkan asɛm a ɛyɛ anigyeɛ nanso wontumi nkyerɛkyerɛ mu yi: “Na Henok ne Onyankopɔn nantee, na na ɔnni hɔ; ɛfiri sɛ Onyankopɔn faa no” (Gyenesis 5:24). Abasɛm bi wɔ saa nkyekyɛmu no akyi ampa ara! Nanso sɛ wɔankyerɛkyerɛ mu ankɔ akyiri a, awoɔ ntoatoasoɔ ahoroɔ din no san hyɛ aseɛ.
Anigyesɛm ne sɛ, Moses 6 kyerɛkyerɛ Henok abasɛm no mu yie—na ɛyɛ abasɛm ankasa. Yehunu Henok ahobrɛaseɛ, akokɔduro a na ɔnni, tumi a Onyankopɔn hunuu wɔ ne mu, ne adwuma kɛseɛ a ɔyɛeɛ sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni. Yɛsan nya Adam ne Hawa abusua ho mfonin a ɛmu da hɔ sɛdeɛ ɛkɔɔ so wɔ awoɔntoatoasoɔ ahoroɔ no mu. Yɛkenkan fa Satan “tumidie kɛseɛ” ho ne awofoɔ nso a wɔkyerɛkyerɛɛ nkwadaa “Onyankopɔn akwan” (Moses 6:15, 21). Deɛ ɛsom bo titire ne deɛ yɛsua fa nkyerɛkyerɛ a awofoɔ yi kyerɛkyerɛeɛ no ho: Yesu Kristo mu gyidie, adwensakra, asubɔ, ne Sunsum Kronkron a yɛbɛgye (hwɛ Moses 6:50–52). Saa nkyerɛkyerɛ no, te sɛ asɔfodie a ɛka ho no, “na ɛwɔ hɔ mfitiaseɛ no [na] ɛbɛwɔ hɔ wɔ wiase awieeɛ nso” (Moses 6:7).
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Bɔne te me tumi a mede bɛhunu, ate nka, na mate Onyankopɔn nneɛma so.
Berɛ a wosua Moses 6:26–36, deɛn na wosua fa bɔne ho nsunsuansoɔ ho? Sɛn na woahunu saa nsunsuansoɔ yi? Su ahoroɔ bɛn na na Henok wɔ a ɛboaa no ma ɔdii saa nsunsuansoɔ ahoroɔ yi so? Sɛn na Onyankopɔn hyiraa no esiane yei nti?
Onyankopɔn frɛ me sɛ menyɛ N’adwuma ɛmfa ho ne me mmrɛyɛ.
Sɛ ɛyɛ a wote nka sɛ deɛ Awurade afrɛ wo sɛ yɛ no boro wo so a, ɛnyɛ wo nko ara. Mpo Enoch dwenee saa berɛ a Awurade frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ nkɔmhyɛni no. Berɛ a wokenkan Moses 6:26–36, hwehwɛ deɛ enti a Henok dwenee sɛ na ɛboro ne so ne deɛ Awurade kaeɛ de maa no akokoɔduro.
Wɔ verses 37–47, wobɛtumi ahwehwɛ akwan a Awurade de boaa Henok na ɔmaa no tumi de yɛɛ N’adwuma (san hwɛ Moses 7:13). Wobɛtumi de Henok suahunu atoto nkɔnhyɛfoɔ afoforɔ a wɔn nso dwenee sɛ wɔmfata deɛ ho, te sɛ Mose (hwɛ Eksodɔs 4:10–16), Yeremia (hwɛ Yeremia 1:4–10), Nephi (hwɛ 2 Nephi 33:1–4), ne Moroni (hwɛ Ether 12:23–29). Deɛn na wote nka sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wosua firi saa twerɛnsɛm yi mu fa adwuma a Ɔde ama wo sɛ yɛ no ho?
A Seer Hath the Lord Raised Up (Moses 6:36), ɛfiri Eva Timothy hɔ
Nnɛyi asomafoɔ ne nkɔnhyɛfoɔ pii ada atenka a ɛte sɛ Henok deɛ no adi berɛ a wɔkaa sɛdeɛ na ɛteɛ sɛ wɔbɛgye wɔn frɛ no. Sɛ nhwɛsoɔ no, hwɛ Elder Ulisses Soares adansedie wɔ “Nkɔhyɛfoɔ nam Honhom Kronkron Tumi so na Kasa” (Liahona, Kɔtɔnima 2018, 98–99).
Deɛn na wobɛtumi asua afiri nkɔnhyɛfoɔ ne asomafoɔ yi hɔ wɔ sɛdeɛ wote nka sɛ womfata no ho? Berɛ bɛn na woate nka sɛ Agyenkwa no boa wo berɛ a Ɔkaa sɛ yɛ nneɛma a ɛmu yɛ den no? Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ suahunu kakra bi wɔ wo daakye mu berɛ a wobɛhia sɛ wode wo ho to Agyenkwa no mmoa so. Sɛn na wobɛtumi de Yesu Kristo mu gyidie ayɛ saa nneɛma yi?
San hwɛ David A. Bednar, “Abide in Me, and I in You; Therefore Walk with Me,” Liahona, Kɔtɔnima2023, 123–25; “I’ll Go Where You Want Me to Go,” Nnwom, no. 270.
Wɔkyerɛkyerɛɛ Yesu Kristo asɛmpa no firii ahyɛaseɛ no.
Esiane sɛ yɛwɔ Mose nwoma no nti, yɛnim sɛ Onyankopɔn akyerɛkyerɛ ne mma sɛdeɛ wɔbɛnya ɔgyeɛ firi Adam ne Hawa berɛ so. Berɛ a wosua Moses 6:48–68, hwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛhunu na yɛyɛ ama wɔagye yɛn. Hyɛ Adam asɛmmisa no nso wɔ nkyekyɛmu 53. So woasusu saa ho pɛn? Deɛn na wosua firi Awurade mmuaeɛ no mu wɔ nkyelyɛmu 53–65? Wobɛtumi adwene sɛ saa nkyekyɛmu ahoroɔ yi yɛ Awurade nkrasɛm wɔ Adam asubɔ som mu. Deɛn na wosua fa asubɔ ho firi Ne nkrasɛm no mu? Wodwene sɛ deɛn nti na Ɔde asubɔ totoo “awo foforɔ” ho? (nkyekyɛmu 59). Deɛn na wobɛtumi ayɛ ama wɔakɔ so ‘awo wo foforɔ’ wɔ w’asetena mu nyinaa?
Hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ ahoroɔ. Twerɛnsɛm no mu no, nneɛma anaa nsɛm a ɛsisiiɛ taa tumi gyina hɔ ma anaa ɛyɛ honhom mu nokorɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ, titire nokorɛ a ɛfa Agyenkwa no ho (hwɛ Worekyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so, 7). Saa nsɛnkyerɛnneɛ ahoroɔ yi bɛtumi ama wo nteaseɛ wɔ Ɔno ne Ne nkyerɛkyerɛ ho no ayɛ kɛse. Sɛ nhwɛsoɔ no, deɛn na wosua firi akoma ne aso ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu wɔ Moses 6:27, aniwa ne dɔteɛ ho wɔ Moses 6:35, anaa nsuo wɔ Moses 6:59–60?
“Momfa yeinom nkyerɛkyerɛ mo mma kwa.”
Ɔkyerɛkyerɛɛ Adam nokorɛ a ɛfa Yesu Kristo asɛmpa no ho wieeɛ wɔ Moses 6:51–63, Awurade ka kyerɛɛ Adam sɛ ɔmfa nkyerɛkyerɛ awoɔntoatoasoɔ a wɔbɛba daakye. Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ nokorɛ ahoroɔ yi. (Ɛbɛtumi aboa sɛ wobɛkyekyɛ akenkansɛm no mu akɔ nkyekyɛmu nketewa akuakuo, te sɛ nkyekyɛmu 51–52, 53–57, 58–60, 61–63). Adɛn nti na nokorɛ ahoroɔ yi som bo ma nnɛyi awoɔntoatoasoɔ a ɛrenyini? Deɛn bio na wobɛtumi asua afiri Awurade akwankyerɛ a ɔde ma awofoɔ no mu wɔ Mosiah 4:14–15 ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:25–28; 93:40–50?
Sɛ wokenkan fa “nkaeɛ nwoma” a Adam ne Hawa abusua de sieeɛ no ho a, ɛbɛtumi akanyan wo anaa w’abusua ma moayɛ mo ankasa nkaeɛ nwoma. Deɛn na wote nka sɛ Awurade bɛpɛ sɛ wode ka ho? Dwene ho sɛ wobɛkora nsɛm afiri wo nkaeɛ nwoma no mu wɔ FamilySearch.org.
San hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Yesu Kristo Ne Awofo Ahoɔden,” Liahona, Kɔtɔnimma 2023, 55–59; “Ɔwofoɔyɛ: Yɛreka Yɛn Mmabunu Akoma,” “Nanso Adɛn?” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Onyankopɔn bɛtumi aboa me ma mayɛ nneɛma a ɛyɛ den.
-
Berɛ a wɔfrɛɛ Henok sɛ ɔnka asɛmpa no, na ɛha no sɛ ebia na wantumi. Nanso Onyankopɔn boaa no. Mommom nkenkan saa abasɛm yi wɔ Moses 6:26–34 (san hwɛ “Enoch the Prophet” wɔ Old Testament Stories, 19–21). Adɛn nti na Henok dwenee sɛ ɔrentumi nka asɛmpa no? (hwɛ Moses 6:31). Sɛn na Onyankopɔn boaa Henok? (hwɛ Moses 6:32–34; 7:13).
-
Wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛyɛ yɛkyerɛ afa berɛ a Onyankopɔn boaa nkorɔfo ma wɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ den ho—nhwɛsoɔ, Noa, Dawid, Ammon, anaa Lamanni Samuel (hwɛ Gospel Art Book, nɔma 7, 19, 78, 81). Wobɛtumi nso akyɛ w’ankasa suahunu bi na woama wo nkwadaa aka sɛdeɛ Onyankopɔn boa wɔn ma wɔyɛ nneɛma a ɛyɛ den.
Gyidie wɔ Kristo mu, adwensakyera, asubɔ, ne Sunsum Kronkron a menya no siesie me sɛ mɛsan akɔ Onyankopɔn nkyɛn.
-
Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ Adam deɛ ɛhia sɛ yɛyɛ na yɛasan aba Ne nkyɛn—yɛnnya gyidie wɔ Yesu Kristo mu, yɛnsakyera, yɛmmɔ asu, na yɛnnya Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no. Boa wo nkwadaa ma wɔnhunu nnyinasosɛm ahoroɔ yi wɔ Moses 6:52, 57. Afei wobɛtumi aboa wɔn ma wɔatwerɛ talk tiawa bi afa nnyinasosɛm no baako ho. Wɔbɛtumi de twerɛsɛm bi afiri Moses 6, suahunu, anaa adansedie bi aka talk no ho. Ma wɔnka wɔn talk no nkyerɛ wɔn ho wɔn ho.
-
Wobɛtumi nso de mfonin ahorowɔ a ɛgyina hɔ ma asɛmpa no nnyinasosɛm a ɛdi kan no akyerɛ (hwɛ gyidikansɛm nnan no). Fa gu hɔ toatoa so ma ɛnkɔ Yesu Kristo mfonin bi ho. Berɛ a mokenkan Moses 6:52, wo nkwadaa bɛtumi agyina abɛn mfonin a ɛyɛ papa no berɛ a wɔte nsɛmfua a mfonin no gyina hɔ ma no.
-
Wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛto nnwom a ɛkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm ahoroɔ a ɛwɔ Moses 6:52, te sɛ “Faith,” “When I Am Baptized,” ne “The Holy Ghost” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 96–97, 103, 105). Boa wɔn ma wɔnhunu nnyinasosɛm ahoroɔ yi wɔ Moses 6:52.
Ɔsoro Agya pɛ sɛ awofoɔ kyerɛkyerɛ wɔn mma.
-
Sɛ wobɛhyɛ wo nkwadaaa nkuran ma wɔaboa wɔn awofoɔ wɔ wɔn dwumadie sɛ asɛmpa akyerɛkyerɛfoɔ mu a, dwene ho sɛ wobɛma abɔfra bi akenkan Moses 6:58 na wɔahunu mmaransɛm a Onyankopɔn de maa awofoɔ. Afei wobɛtumi de Adam ne Hawa a wɔrekyerɛkyerɛ wɔn mma mfonin akyerɛ wɔn (te sɛ deɛ ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ no) na ma wo nkwadaaa no nka deɛ wɔhunu wɔ mfonin no mu. Wo nkwadaa bɛtumi ayɛ wɔn mmusua a wɔbom rekenkan twerɛnsɛm, wɔbom rebɔ mpaeɛ, anaa wɔbom redi agorɔ ho mfonin.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.