“Ɔpɛpɔn 19–25. Adam ne Hawa Ahweaseɛ: Gyenesis 3–4; Moses 4–5,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ɔpɛpɔn 19–25. Adam ne Hawa Ahweaseɛ,” Bra, Di M’akyi: 2026
Adam ne Hawa, ɛfiri Douglas M. Fryer hɔ
Ɔpɛpɔn 19–25: Adam ne Hawa Ahweaseɛ
Gyenesis 3–4; Moses 4–5
Mfitiaseɛ no, Adam ne Hawa Ahweaseɛ ho asɛm no bɛtumi ayɛ te sɛ awerɛhosɛm. Wɔpamm Adam ne Hawa firii Eden Turo fɛfɛ no mu. Wɔde wɔn kɔɔ wiase a yea, awerɛhoɔ, ne owuo wom mu (hwɛ Gyenesis 3:16–19). Na wɔtee wɔn firii wɔn Soro Agya ho. Nanso nokorɛ a wɔnam Nkɔnhyɛnyi Joseph Smith so asan de aba no ma yɛn Ahweaseɛ no ho nhumu sononko wɔ Moses nwoma no mu.
Aane, na Eden Turo no yɛ fɛ. Nanso na Adam ne Hawa hia deɛ ɛsene baabi a ɛhɔ yɛ fɛ. Na wɔhia—na yɛn nyinaa hia—akwanya a yɛde bɛnyini. Wɔfirii Eden Turo mu hɔ no yɛ anammɔn a ɛdi kan a ɛhia a ɛbɛma yɛasan akɔ Onyankopɔn nkyɛn na awieeɛ no yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno. Ɛno kyerɛɛ sɛ yɛbɛhyia ɔsɔretia, ayi deɛ yɛpɛ, ayɛ mfomsoɔ, asua sɛ yɛbɛsakyera, na yɛde yɛn ho ato Agyenkwa no so, deɛ Ne Mpata ma nkɔsoɔ ne “yɛn gyeɛ mu anigyeɛ” tumi ba no. (Moses 5:11). Enti sɛ wokenkan Adam ne Hawa Ahwease ho asɛm a, mfa w’adwene nsi deɛ ayɛ sɛ ɛyɛ awerɛhosɛm no so na mmom deɛ ɛbɛtumi aba no so—ɛnyɛ paradise a Adam ne Hawa hweree no so na mmom animuonyam a deɛ wɔyiiɛ no ma yɛn kwan ma yɛnya no so.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Gyenesis 3; Moses 4
Na Ahweaseɛ no yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no fa a ɛhia.
Ɛyɛ nokorɛ sɛ deɛ Adam ne Hawa yiiɛ no na ɛde ɔhaw pii a yɛhyia wɔ asetena mu no baeɛ. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ deɛ wɔyiiɛ no ho. Berɛ a wokenkan Gyenesis 3 ne Moses 4, wobɛtumi abisa wo ho sɛ, adɛn nti na na Ahweaseɛ no ho hia ma Onyankopɔn nhyehyɛeɛ?
Sɛdeɛ Moses 5:9–12, kyerɛ no, sɛn na Adam ne Hawa tee nka wɔ Ahweaseɛ no ho? Sɛn na wobɛtumi de wɔn nsɛm no adi dwuma wɔ wo suahunu ahoroɔ wɔ wiase a ahwe aseɛ yi mu? Deɛn bio na wusua firi 2 Nephi 2:19–25?
San hwɛ Mosiah 3:19; Alma 12:21–37; ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam 29:39–43.
Leaving Eden, ɛfiri Annie Henrie Nader hɔ
Gyenesis 3:1–7; Moses 4:22–31; 5:4–15
Yesu Kristo de anidasoɔ ne ɔgyeɛ ma.
Adam ne Hawa abasɛm no yɛ anidasoɔ ne ɔgyeɛ a ɛnam Yesu Kristo so. Sɛ wopɛ sɛ wohunu deɛ enti a, wobɛtumi ahyɛ aseɛ ahwehwɛ Ahweaseɛ no nsunsuansoɔ wɔ Gyenesis 3:1–7; Moses 4:22–31 na woayɛ ahyɛnso anaa woatwerɛ deɛ wobɛhunu. Sɛn na saa nsunsuansoɔ yi ka wo? Afei wobɛtumi ahwehwɛ Moses 5:4–15, ahwehwɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɔde bɛgye yɛn afiri saa nsunsuansoɔ yi mu. Adɛn nti na Adam ne Hawa “ani gyeeɛ” berɛ a ɔbɔfoɔ no kɔsraa wɔn akyire no? Deɛn na wosua firi wɔn hɔ fa Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ ho?
San hwɛ “Ɔno Nti” (sini), Asɛmpa Nwomakorabea.
Because of Him
Gyenesis 3:16; Moses 4:22
Deɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ Adam “di” Hawa so?
Ɛtɔ da a wɔfa saa twerɛsɛm mu nkyekyɛmu yi nkyerɛaseɛ sɛ okunu wɔ hokwan sɛ ɔyɛ ne yere deɛ ɛnyɛ. Yɛn mmerɛ yi mu no, Awurade nkɔnhyɛfoɔ akyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere hunu wɔn ho wɔn ho sɛ ahokafoɔ a wɔyɛ pɛ wɔ wɔn ɔsoro asɛdeɛ dwumadie mu wɔ abusua no mu (hwɛ “Abusua: Dawurubɔ ma Wiase” [Asɛmpa Nwomakorabea]). Elder Dale G. Renlund ne Onuabaa Ruth Lybbert Renlund kyerɛkyerɛɛ mu sɛ okunu a ɔtene “bɛhwehwɛ sɛ ɔbɛsom; ɔbɛgye mfomsoɔ atom na wahwehwɛ bɔnefakyɛ; ɔbɛyɛ ntɛm de ayɛyie ama; ɔbɛdwene deɛ abusuafoɔ no pɛ ho; ɔbɛte asɛdeɛ a ɛmu yɛ duru kɛse nka a ɛne sɛ ɔde ‘asetena mu ahiadeɛ ne ahobammɔ’ bɛma n’abusua; ɔde obuo ne nnidie kɛseɛ pa ara bɛma ne yere. Ɔbɛhyira n’abusua” (Melkisedek Asɔfodie: Worete Nkyerɛkyerɛ no ase, Woredi Nyinasosɛm no so [2018], 23).
Mehia ɔpɛ ne ɔsɔretia de manyini.
Elder Dale G. Renlund kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛnyɛ yɛn Soro Agya botaeɛ wɔ awofoɔyɛ mu ne sɛ ɔbɛma Ne mma ayɛ deɛ ɛtene; ɛyɛ sɛ ɔbɛma Ne mma ayi sɛ wɔbɛyɛ deɛ ɛtene na awieeɛ no wɔabɛyɛ te sɛ Ɔno” (“Choose You This Day,” Liahona, Obubuo 2018, 104). Adɛn nti na ɛho hia yie wɔ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu sɛ yɛyi sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛtene?
Berɛ a wokenkan Moses 4:1–4, hwehwɛ deɛ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yɛeɛ de bɔɔ wo hokwan a wowɔ sɛ woyi ho ban—wo pɛ. Wobɛyɛ dɛn anya wɔn bammɔ tumi no ho kwan? Sɛ wopɛ nsusuiɛ a, dwene ho sɛ wobɛsua ɔfa a ɛyɛ “Make inspired choices” wɔ De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ (4–5).
Dwene ho nso sɛ wobɛkenkan deɛ Lehi kyerɛkyerɛ faa ɔpɛ ho wɔ 2 Nephi 2:11–20, 25–30. Adɛn nti na sɔretia ho hia ma ɔpɛ? Sɛn na wobɛkyerɛ w’anisɔ ama Yesu Kristo sɛ wama “wode wo ho sɛ wobɛyi”? (2 Nephi 2:27).
San hwɛ Dallin H. Oaks, “Sɔretia wɔ Nneɛma Nyinaa mu,” Liahona, Kɔtɔnima 2016, 114–17; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Ɔpɛ,” Asɛmpa Akoraeɛ; “Yi deɛ Ɛyɛ,” Nnwom, no 239.
Ma wɔn a wɔyɛ nnɔɔso Mobɛtumi ayɛ adesua dwumadie pii sɛ ankorankoro, abusua, anaa adesuakuo; wɔ akuo nketewa mu; anaasɛ baanu baanu. Fa akwan ahoroɔ di dwuma na ama nnipa a anka ebia wɔrennya hokwan no ayɛ bi. Saa dwumadie yi mu no, wobɛtumi ama onipa anaa kuo baako akenkan Moses 4 ne De ma Mmabunu Ahoɔden akwankyerɛ no berɛ a kuo foforɔ sua nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛwɔ 2 Nephi 2. Afei wɔbɛtumi de deɛ obiara suaeɛ wɔ ne fa mu akyerɛkyerɛ wɔn ho wɔn ho.
Satan hwehwɛ sɛ “ɔbɛdaadaa me na wafura” m’ani.
Berɛ a wokenkan Moses 4:4–12; 5:13–33, dwene ho sɛ wobɛtwerɛ akwan ahoroɔ a Satan faa so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Adam ne Hawa ne wɔn nkwadaa ahwɛ no. Sɛn na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa nneɛma korɔ yi nnɛ? Sɛn na Ɔsoro Agya boa wo ma wosi Satan nnaadaa kwan?
“Me, Awurade Nyankopɔn na mehyɛɛ wɔn ntaadeɛ.”
Berɛ a Adam ne Hawa dii aduaba a wɔabara no akyi no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkata wɔn ankasa adagya so. Akyire yi, Awurade hyɛɛ wɔn ntaadeɛ. Berɛ a wokenkan Moses 4:13–16, 27, dwene deɛ ɛdidi soɔ yi ho:
-
Dwene deɛ adagya ne ntaadeɛ bɛtumi agyina hɔ ama ho wɔ twerɛnsɛm no mu (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Adiyisɛm 7:9, 13–15; 2 Nephi 9:14; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:22–26, 76). Deɛn na wosua firi Adam ne Hawa adagya ne ntaadehyɛ ho suahunu no mu?
-
Sɛ woagye akyɛdeɛ kronkron wɔ tɛmpol mu a, dwene deɛ Adam ne Hawa betumi aka akyerɛ wo fa deɛ w’ataadeɛ kronkron no kyerɛ ne deɛ ɛgyina hɔ ma ho.
San hwɛ “Tɛmpol Aduradeɛ Kronkron” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.
Sacred Temple Clothing
Sɛ mede ɔpɛ ne setie akoma bɔ afɔreɛ ahoroɔ a, Onyankopɔn bɛgye atom.
Berɛ a wosua Moses 5:4–9, 16–26, dwene Adam ne Hawa ne wɔn mma Kain ne Habel suban wɔ afɔrebɔ ho no ho. Adɛn nti na Awurade gyee Habel afɔrebɔ no toom na wannye Kain deɛ no?
Deɛn na Awurade ka sɛ fa bɔ afɔreɛ? So biribi wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu a ɛkyerɛ sɛdeɛ wodwene fa saa afɔrebɔ ahoroɔ no ho?
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ
Yesu Kristo gye yɛn firi Ahweaseɛ no mu.
-
Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wo nkwadaa ate Adam ne Hawa Ahweaseɛ ase yie no, mobɛtumi ayɛ mfonin ahoroɔ nhwɛsoɔ afiri “Adam ne Hawa” (wɔ Apam Dada Abasɛm, 13–16) na moatwitwa. Afei mobɛtumi abom ahyehyyɛ mfonin ahoroɔ no nnidisoɔ nnidisoɔ berɛ a mobɔ Adam ne Hawa suahunu ahoroɔ ho nkɔmmɔ. Berɛ a moreyɛ no, monka deɛ enti a na ɛho hia, wɔ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu, sɛ Adam ne Hawa bɛfiri Eden Turo no mu.
-
Wo nkwadaa bɛtumi ate aseda nka wɔ Yesu Kristo Mpata no ho berɛ a wɔte sɛdeɛ Ɔdi Ahweaseɛ no nsunsuansoɔ so nkonim ase. Berɛ a mobom kenkan Moses 4:25; 6:48; Romanfoɔ 5:12; 2 Nephi 2:22–23, boa wo nkwadaa ma wɔnhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so awie kasamu yi: “Esiane Ahweaseɛ no nti, me ” Afei, berɛ a mobom kenkan Moses 5:8–11, 14–15; 6:59; Alma 11:42, wɔbɛtumi awie kasamu yi: “Yesu Kristo nti, me ” Mo ne mo ho nkyɛ mo aseda ma Yesu Kristo.
Mɛtumi ayi deɛ ɛyɛ papa.
-
Dwene adesua a ɛnyɛ den bi a wode bɛkyerɛ nnyinasosɛm a ɛfa ɔpɛ ho: ma wo nkwadaa nkɔla nnawɔtwe yi dwumadie kratafa no, nanso ma wɔn kɔla baako pɛ na wɔmfa nyɛ. Adɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛnya nneɛma a wobɛtumi ayi? Afei mobɛtumi abom akenkan Moses 4:1–4 na moaka deɛ enti a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtumi yi papa ne bɔne. Sɛn na Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo boa yɛn ma yɛyi nneɛma pa?
-
Boa wo nkwadaa ma wɔnnwene nneɛma pa a wɔbɛtumi ayi de adi Yesu Kristo akyi ho na wɔnyɛ ho mfonin. Anaasɛ mobɛtumi abom ato dwom bi a ɛfa nneɛma pa a yɛyi ho, te sɛ “Choose the Right Way” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 160–61). Mobɛtumi aka berɛ bi a moyii deɛ ɛyɛ akyerɛ mo ho mo ho na moaka sɛdeɛ motee nka wɔ ɛno akyi no ho asɛm.
The Fall, ɛfiri Robert T. Barrett hɔ
Mɛtumi abɔ mpaeɛ akyerɛ Ɔsoro Agya.
-
Berɛ a na ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa firi Eden Turo no mu no, wɔantumi anka Ɔsoro Agya ho bio. Wo ne wo nkwadaa nkenkan Moses 5:4, 8 na boa wɔn ma wɔnhunu deɛ Adam ne Hawa yɛeɛ ma wɔtee nka sɛ wɔbɛn No na wɔtie No. Nneɛma bɛn na yɛbɛtumi aka akyerɛ Ɔsoro Agya wɔ yɛn mpaebɔ mu?
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.
In Similitude of the Sacrifice of the Only Begotten of the Father, ɛfiri Mike Malm hɔ (hwɛ Moses 5:5–9)