Come, Follow Me
Ɔpɛpɔn 5–11. “Yei ne M’adwuma ne M’Animuonyam”: Moses 1; Abraham 3


“Ɔpɛpɔn 5–11. ‘Yei ne M’adwuma ne M’Animuonyam’: Moses 1; Abraham 3,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɔpɛpɔn 5–11. ‘Yei ne M’adwuma ne M’Animuonyam’,” Bra, Di M’akyi: 2026

nsoromma ne mununkum wɔ ewiem

Ɔpɛpɔn 5–11: “Yei ne M’adwuma ne M’Animuonyam”

Moses 1; Abraham 3

Twerɛ Kronkron no hyɛ aseɛ sɛ “mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase” (Genesis 1:1). Na deɛn na na ɛwɔ hɔ ansa na saa “mfitiaseɛ no”? Na adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ yei nyinaa? Awurade nam Nkɔnhyɛnyi Joseph Smith so akyerɛkyerɛ saa nsɛmmisa yi mu.

Sɛ nhwɛsoɔ no, Ɔmaa yɛn twerɛtohɔ a ɛfa anisoadehu bi a Abraham hunuu yɛn asetena sɛ ahonhom “ansa na wiase reba” (hwɛ Abraham 3:22–28). Awurade san maa yɛn nkyerɛaseɛ a ɛyɛ nkanyan anaa nsakraeɛ wɔ Gyenesis ti nsia a ɛdi kan no mu, a wɔfrɛ no Mose nwoma—a ɛnhyɛ aseɛ sɛ “mfitiaseɛ no”. Mmom, ɛde suahunu bi a Mose nyaeɛ a ɛma nnyinasoɔ wɔ Adebɔ ho abasɛm mu na ɛhyɛ aseɛ. Wɔka bom a, saa nna a ɛdi akyire twerɛnsɛm yi yɛ bea pa a yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ asua Apam Dada no ɛfiri sɛ wɔbua nsɛmmisa atitire bi a ɛbɛtumi ahyehyɛ yɛn akenkan no: Hwan ne Onyankopɔn? Yɛyɛ hwannom? Deɛn ne Onyankopɔn adwuma, na deɛn ne yɛn gyinabea wom? Wobɛtumi ahunu Gyenesis ti ahoroɔ a ɛdi kan no sɛ mmuaeɛ a Awurade de maa Mose abisadeɛ no: “Hunu w’akoa mmɔbɔ, O Onyankopɔn, na ka asase yi ne ɛsofoɔ ho asɛm kyerɛ me, ne ɔsoro nso” (Moses 1:36).

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Moses 1

seminary ahyɛnsodeɛ
Sɛ Onyankopɔn ba no, mewɔ ɔsoro nkrabea.

President Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Sɛ na Awurade rekasa kyerɛ wo tee a, adeɛ a ɛdi kan a anka Ɔbɛhwɛ sɛ wote aseɛ ne wo nipasu ankasa” (“Choices for Eternity” [worldwide devotional for young adults, Kɔtɔnimma 2022], Asɛmpa Nwomakorabea). Ɛno nti Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma w’adwene ayɛ basaa wɔ asɛm korɔ no ara ho. Hwehwɛ saa nhwɛsoɔ yi wɔ Onyankopɔn nkrasɛm a ɔde maa Mose wɔ Moses 1:4, 6 ne Satan nkrasɛm a ɛwɔ Moses 1:12. Deɛn na wosua firi nkyekyɛmu yeinom mu fa nsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn ne Satan ntam ho?

President Nelson san kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛkame ayɛ sɛ sɛdeɛ wodwene fa onipa ko a woyɛ ankasa ho no ka gyinaesie biara a wobɛsi da” (“Choices for Eternity”). Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ nneɛma a woyi ɛfiri sɛ wo nipasu sɛ Onyankopɔn ba di ahyɛnsodeɛ afoforɔ anim.

Nkyekyɛmu anaa nsɛm afoforɔ bɛn na ɛwɔ Moses 1 a ɛboa ma woate wo soro bo a wosom ase? Wobɛtumi nso akenkan President Nelson nkrasɛm no pii wɔ ɔfa a ɛwɔ “Choices for Eternity” a wɔato din “First: Know the truth about who you are.” Deɛn na wote nka sɛ yɛ na ama wo nipasu sɛ Onyankopɔn ba ayɛ wo nkyerɛkyerɛmu a ɛho hia pa ara?

San hwɛ “I Am a Child of God,” Nnwom (1985), nɔma 301; “Our True Identity” (sini), Asɛmpa Nwomakorabea; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Children of God,” Asɛmpa Nwomakorabea.

3:39

Our True Identity

ɛna, agya, ne abɔdoma a wɔresere

Moses 1:12–26

Awurade mmoa nti, mɛtumi asi Satan kwan.

Sɛdeɛ Moses 1 kyerɛ pefee no, honhom mu suahunu ahoroɔ a tumi wom nkyerɛ sɛ wɔrensɔ yɛn nhwɛ bio. Nokorɛ mu, Satan nyansakwan baako ne sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ ma yɛnnye saa suahunu ahoroɔ yi nni. Sɛ wokenkan Mose mmuaeɛ a ɔde maa Satan wɔ nkyekyɛmu 12–26, deɛn na wosua a ɛbɛtumi aboa ma woakɔ so adi nokorɛ wɔ adanseɛ a woanya no mu? Deɛn na awieeɛ no ɛboaa Mose ma ɔdii Satan so nkonim?

Adesua foforɔ a ɛwɔ Mose suahunu no mu ne sɛ Satan de Onyankopɔn nokorɛ ne tumi ho nnaadaa sɔ yɛn hwɛ. Dwene nneɛma bi a ɛyɛ nnaadaa te sɛ dua a onipa ayɛ anaa abɔdoma aboduaba ho hwɛ. Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɛyɛ nnaadaa? Afei dwene nnaadaa nneɛma a Satan de sɔ wo hwɛ ɛnnɛ no ho. Deɛn na wosua firi Moses 1:13–18 fa sɛdeɛ wobɛhunu na woapo ne nnaadaa no ho? Sɛn na Awurade bɛtumi aboa wo? (hwɛ Moses 1:24–26).

San hwɛ Mateo 4:1–11; Gary E. Stevenson, “Deceive Me Not,” Liahona, Obubuo 2019, 93–96; “I Am a Son of God” (sini), Asɛmpa Nwomakorabea.

6:31

I Am a Son of God

Efie adesua bɛtumi ayɛ deɛ woahyehyɛ anaa mpofirimu. “Nkyerɛkyerɛ ho akwanya ahoroɔ wɔ abusua mu taa ba wɔ berɛ a wɔnhyehyɛeɛ wɔ daa tebea mu—berɛ a yɛredidi, yɛreyɛ efie nnwuma, yɛredi agorɔ, [anaasɛ] yɛretu kwan” (Teaching in the Savior’s Way, 31). Sɛ nhwɛsoɔ no, akenkan a ɛfa sɛdeɛ Mose sii Satan kwan wɔ Moses 1, akyi no, mobɛtumi de berɛ kakra wɔ anwummerɛ adibi berɛ mu abɔ nkɔmmɔ sɛ abusua afa sɛdeɛ mosii ɔtamfo no nkɛntɛnsoɔ kwan ho.

Moses 1:27–39; Abraham 3

Onyankopɔn adwuma ne n’animuonyam ne sɛ ɔbɛboa ma manya daa nkwa.

Mose hunuu Onyankopɔn adebɔ ho anisoadehunu akyi no, ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ka deɛ enti a yeinom te saa kyerɛ me” (Moses 1:30). Deɛn na ɛsɔ w’ani wɔ Awurade mmuae ho wɔ Moses 1:31–39? Nsonoeɛ bɛn na ɛwɔ ɛnwuo tebea ne daa nkwa ntam? (hwɛ Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Daa Nkwa,” Asɛmpa Nwomakorabea). Sɛn na Yesu Kristo boa ma mmienu no nyinaa ba mu? Abraham nso nyaa anisoadehunu, a wɔatwerɛ wɔ Abraham 3. Deɛn na wohunu wɔ nkyekyɛmu 24–26 a ɛbɛtumi aboa ma wɔabua Mose abisadeɛ no?

Abraham 3:22–28

Metenaa ase sɛ honhom ansa na wɔrewo me wɔ asase so.

Kakraa bi na yɛnim fa yɛn asetena ansa na wɔrewo yɛn no ho. Nanso deɛ yɛnim no mu pii firi Abraham anisoadehunu mu wɔ Abraham 3:22–28. Berɛ a wokenkan nkyekyɛmu ahoroɔ yi no, twerɛ nokorɛ ahoroɔ a wohunu—a nokorɛ ahoroɔ a ɛfa wo ho ne Yesu Kristo ho ka ho. Adɛn nti na nokorɛ ahoroɔ yi som bo ma wo? Nsakraeɛ bɛn na wɔde ba w’asetena mu?

San hwɛ Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Premortal Life,” Asɛmpa Nwomakorabea.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ 01

Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ ma Mmɔfra

Moses 1:1–4, 6, 12

Meyɛ Onyankopɔn Ba.

  • Sɛ mobom kenkan Onyankopɔn nkrasɛm a ɔde maa Mose wɔ Moses 1:4, wie a, dwene ho sɛ wobɛma wo nkwadaa ahwɛ wɔn ho wɔ ahwehwɛ mu na wɔde nkrasɛm a ɛte saa ara ama wɔn ho: “Meyɛ Onyankopɔn ba.” Afei wɔbɛtumi de asɛm korɔ no ara amema wɔn ho: “Woyɛ Onyankopɔn ba.” Wobɛtumi mpo ahwehwɛ nnipa ahoroɔ mfonin na woama wo nkwadaa de wɔn nsa akyerɛ wɔn mu biara so na wɔaka sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn ba.” Monka deɛ enti a mo ani gye sɛ moahu sɛ moyɛ Onyankopɔn mma no nkyerɛ mo ho mo ho. Sɛn na saa nimdeɛ yi sesa ɔkwan a mofa so ne mo ho ne afoforɔ tena?

  • Wo ne wo nkwadaa bɛtumi de Onyankopɔn nkrasɛm a ɔde maa Mose wɔ Moses 1:4 atoto Satan nkrasɛm a ɛwɔ nkyekyɛmu 12. Sɛn na wobɛboa wo nkwadaa ma wɔahunu nsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn nkrasɛm a ɔde ma wɔn ne Satan deɛ ntam?

Yehowa reda ne ho adi akyerɛ Mose

Mose Hunu Yehowa, ɛfiri Joseph Brickey hɔ (nkyerɛkyerɛmu)

Moses 1:6, 39

Ɔsoro Agya wɔ adwuma bi ma me sɛ meyɛ.

  • Berɛ a wo ne wo nkwadaa kenkan Moses 1:6 no, wobɛtumi ne wɔn abɔ “adwuma” a na Onyankopɔn wɔ ma Mose ho nkɔmmɔ. Dwene ho sɛ wobɛfa Asɛmpa Mfoninyɛ Nwoma, nɔma 13–16, anaa Apam Dada mu Abasɛm, kratafa 64–84, de aboa wo nkwadaa ma wɔahunu deɛ Mose de Ɔsoro Agya mmoa yɛeɛ. Deɛn adwuma na Onyankopɔn wɔ ma yɛn sɛ yɛnyɛ? (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ no, Nkyerɛkyerɛ ne Apam 11:20).

Moses 1:12–26

Mɛtumi asi Satan nsɔhwɛ ahoroɔ kwan.

  • Berɛ a wo ne wo nkwadaa sua Moses 1:12–26 no, boa wɔn ma wɔnhunu deɛ Mose yɛɛe de sii Satan kwan (hwɛ nkyekyɛmu 13, 15, 18, 20–22, 26). Ɛbɛtumi ayɛ anigyeɛ ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a wɔbɛtumi de asi sɔhwɛ kwan (te sɛ mpaebɔ, retwe wɔn ho, anaa rebisa mmoa) ho agorɔ.

Abraham 3:22–28

Metenaa ase sɛ honhom ansa na wɔrewo me wɔ asase so.

  • Sɛ wo nkwadaa hunu yɛn asetena ansa na wɔrewo yɛn a, ɛbɛtumi akanyan wɔn ma wɔayi nneɛma a ɛgyina daapem nokorɛ so. Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wɔasua ho asɛm no, wobɛtumi ama wɔn nsɛm ne kasasin atitire bi a wɔbɛhunu wɔ Abraham 3:22–28, te sɛ “ansa na wiase reba,” “ahonhom,” “yɛ asase,” ne “kyerɛ.” Deɛn na nkyekyɛmu ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ yɛn fa deɛ enti a Ɔsoro Agya somaa yɛn baa asase so no ho?

  • Dwom bi te sɛ “I Will Follow God’s Plan” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 164–65) bɛtumi ahyɛ deɛ Abraham 3 kyerɛkyerɛ no mu den. Ebia wobɛtumi ama wo nkwadaa ayɛ mfonin ahoroɔ a ɛne nsɛmfua no hyia.

  • Boa wo nkwadaa ma wɔnsusu tebea ahoroɔ a ɛsɛ sɛ wɔyi sɛ wɔbɛyɛ deɛ Onyankopɔn aka sɛ wɔnyɛ anaasɛ wɔrenyi ho (hwɛ Abraham 3:25; see also De ma Mmabunu Ahoɔden: Akwankyerɛ ma Nneɛma a Wɔyi). Ma wɔnsua sɛdeɛ wɔbɛtumi ama mmuaeɛ wɔ tebea ahoroɔ yi ho. Sɛn na Agyenkwa no bɛtumi aboa yɛn berɛ a yɛyi deɛ ɛnyɛ?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Mose repam Satan

Mose Di Nkunim wɔ Satan so, ɛfiri Joseph Brickey hɔ

Primary dwumadie kratafa: Meyɛ Onyankopɔn Ba