Come, Follow Me
Ɔpɛpɔn 12–18. “Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro ne Asase”: Gyenesis 1–2; Moses 2–3; Abraham 4–5


“Ɔpɛpɔn 12–18. ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro ne Asase’: Gyenesis 1–2; Moses 2–3; Abraham 4–5,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɔpɛpɔn 12–18. ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro ne Asase’,” Bra, Di M’akyi: 2026

asase ne bosome

Ɔpɛpɔn 12–18: “Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ Soro ne Asase”

Gyenesis 1–2; Mose 2–3; Abraham 4–5

Esiane sɛ wiase a atwa yɛn ho ahyia no yɛ fɛ na ɛyɛ kɛseɛ nti, ɛyɛ den sɛ yɛde yɛn ani bɛbu asase berɛ a na “ɛyɛ basabasa, ne hunu” na “ɛda mpan na ɛyɛ amamfo” no.(Gyenesis 1:2; Abraham 4:2). Adeɛ baako a Adebɔ ho asɛm no kyerɛkyerɛ yɛn ne sɛ, berɛ rekɔ so no, Onyankopɔn bɛtumi de biribi a wɔnhyehyɛeɛ ayɛ biribi a ɛyɛ nwanwa. Ɛno boa sɛ wobɛkae berɛ a ayɛ sɛ asetena ayɛ basaa no. Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yɛ Adebɔfoɔ, na Wɔn adebɔ adwuma a wɔde yɛn yɛ no nsaeɛ. Wɔbɛtumi ama hann ahyerɛn wɔ esum berɛ mu wɔ yɛn abrabɔ mu. Wɔbɛtumi de nkwa ahyɛ anigyeɛ a yɛnni mu ma. Wɔbɛtumi asesa yɛn ayɛ ɔsoro abɔdeɛ a wɔyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. Ɛno na ɛkyerɛ sɛ wɔabɔ obi wɔ Onyankopɔn su so, wɔ Ne nsɛsoɔ so (hwɛ Gyenesis 1:26). Yɛwɔ tumi a yɛde bɛyɛ te sɛ Ɔno: wɔapagya yɛn, ahyɛ yɛn animuonyam, wɔ ɔsoro.

Sɛ wopɛ Gyenesis nwoma no nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ “Gyenesis” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm Asekyerɛ nwoma mu.

adesua ahyɛnspdeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Gyenesis 1:1–25; Mose 2:1–25; Abraham 4:1–25

“Menam Deɛ Mewoo no Koro no so na mebɔɔ saa nneɛma yi.”

Ɛwom sɛ yɛnnim sɛdeɛ wɔbɔɔ wiase no ho biribiara deɛ, nanso ɛyɛ anika sɛ yɛbɛhyɛ deɛ Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛda no adi wɔ Adebɔ ho no nso. Deɛn na Onyankopɔn kyerɛkyerɛ wo fa ho wɔ Gyenesis 1:1–25; Moses 2:1–25; ne Abraham 4:1–25? Adɛn nti na Ɔpɛ sɛ wohunu saa nneɛma yi? Berɛ a wodwennwene saa nsɛm yi ho no, wobɛtumi nso adwene deɛ wɔkyerɛkyerɛ wo fa Ɔsoro Agya, Yesu Kristo, wiase, ne w’ankasa ho.

Sɛdeɛ w’adesua bɛtu mpɔn no, dwene ho sɛ wobɛkenkan nkyekyɛmu ahoroɔ yi berɛ a wowɔ Onyankopɔn abɔdeɛ mu anaa berɛ a woretie dwom te sɛ “All Creatures of Our God and King” (Nnwom, nɔma 62). Wobɛttumi ahwehwɛ N’abɔdeɛ ho mfonin ahoroɔ a ɛboa ma wonya nnidie atenka ma Ɔbɔadeɛ no. Dwene ho sɛ wobɛkyɛ saa mfonin yi, ne w’adansedie, akyerɛ afoforɔ.

San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 101:32–34.

Eden Turo no ho mfonin

Eden Turo no, ɛfiri Grant Romney Clawson hɔ

Gyenesis 1:26–27; Moses 2:26–27; Abraham 4:26–27

seminary ahyɛnsodeɛ
Wɔbɔɔ me wɔ Onyankopɔn sɛso.

Berɛ a wokenkan Gyenesis 1:26–27; Moses 2:26–27; ne Abraham 4:26–27, dwennwene deɛ ɛkyerɛ sɛ wɔbɛbɔ wo wɔ Onyankopɔn “su” anaa “sɛso” ho, ɔbarima ne ɔbaa. Adɛn nti na ɛhia ma wo sɛ wobɛhunu nokorɛ a ɛwɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu? Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛn na saa nokorɛ ahoroɔ yi nya nsunsuansoɔ wɔ sɛdeɛ wohunu wo ho, afoforɔ, ne Onyankopɔn so? Sɛ wowɔ atenka a ɛnyɛ fa w’ankasa wo ho a, sɛn na wɔbɛtumi aboa wo?

Sɛdeɛ ɛbɛboa wo ma woadwene nsɛmmisa yi ho no, bɔ mmɔden sɛ wobɛwie kasamu te sɛ yei: “Esiane sɛ menim sɛ wɔbɔɔ me wɔ Onyankopɔn su so nti, meyi sɛ” Worehwehwɛ “Your body is sacred” mu wɔ De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ (nkratafa 22–29) bɛtumi aboa. Dwene ho sɛ wobɛyi biribi a wobɛyɛ de akyerɛ Onyankopɔn sɛ wonim sɛ wo nipadua yɛ kronkron.

Wɔ sini “Onyankopɔn Abɔdeɛ Kɛseɛ pa ara” (Asɛmpa Nhomakorabea) mu no, Titenani Russell M. Nelson di nipadua a ɛyɛ anwanwadeɛ no ho adanseɛ. Berɛ a worehwɛ sini yi, bisa wo ho sɛ, “Sɛn na Ɔsoro Agya pɛ sɛ mete nka fa me nipadua ho?” Sɛn na yei yɛ soronko firi nkransɛm a ebia wobɛte afiri afoforɔ hɔ no ho?

2:51

God's Greatest Creation

Ebia nnipa bi bɛka sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so no kyerɛ sɛ yɛn nsusuiɛ, atenka, ne ɔpɛ nyinaa yɛdeɛ Ɔpene so na ɛnhia sɛ (anaasɛ yɛrentumi) ntu mpɔn. Deɛn na wobɛka wɔ ho? Nhumu bɛn na wonya firi Mosiah 3:19 ne Ether 12:27?

San hwɛ Russell M. Nelson, “Your Body: A Magnificent Gift to Cherish,” Liahona, Ɔsanaa 2019, 50–55.

Gyenesis 1:27–28; 2:18–25; Moses 3:18, 21–24; Abraham 5:14–18

Onyankopɔn ahyira ɔbarima ne ɔbaa ntam awareɛ so.

“Wɔnam [daapem] asɔfodie no tumi so kaa Adam ne Hawa bɔɔ mu wɔ awareɛ mu maa mmerɛ ne ɛnniawieeɛ nyinaa” (Russell M. Nelson, “Lessons from Eve,” Ensign, Obubuo 1987, 87). Dwennwene yei ho berɛ wokenkan Gyenesis 1:27–28; 2:18–25; Moses 3:18, 21–25; ne Abraham 5:14–19. Sɛn na wobɛtumi de kronkronyɛ a Onyankopɔn de ama awareɛ no ayɛ ho dwuma?

San hwɛ 1 Korintofoɔ 11:11; “Abusua: Dawubɔ ma Wiase,” Asɛmpa Akoraeɛ.

Gyenesis 1:28; Moses 2:28; Abraham 4:28

Ɛyɛ m’asɛyɛdeɛ sɛ mɛhwɛ Onyankopɔn abɔdeɛ so.

Deɛn na Gyenesis 1:28; Moses 2:28; ne Abraham 4:28 susu fa yɛn asɛyɛde wɔ Onyankopɔn abɔdeɛ ho? Deɛn na Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:16–21 ne 104:13–18 de ka wo nteaseɛ ho?

San hwɛ Gérald Caussé, “Our Earthly Stewardship,” Liahona, Obubuo 2022, 57–59; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Environmental Stewardship and Conservation,” Asɛmpa Akoraeɛ.

Gyenesis 2:2–3; Moses 3:2–3; Abraham 5:2–3

Onyankopɔn hyiraa Homeda no na ɔtee ho.

Onyankopɔn yɛɛ Homeda no kronkron, na Ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no kronkron. Berɛ a wokenkan Gyenesis 2:2–3; Moses 3:2–3; ne Abraham 5:2–3, dwene deɛ ɛma Homeda no yɛ “nhyira” ma wo ho.

San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:9–13; “Homeda Yɛ Anigyeɛ kɛseɛ” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.

0:50

Highlight: The Sabbath Is a Delight

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ 01

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ

Gyenesis 1:1–25; Moses 2:1–25; Abraham 4:1–25

Yesu na ɔbɔɔ asase.

  • Sɛn na wobɛyɛ ama Adebɔ ho adesua ayɛ anigyeɛ ama wo nkwadaa? Wobɛtumi de wɔn akɔhwehwɛ nneɛma ahoroɔ a wɔyɛeɛ wɔ Adebɔ berɛ biara mu wɔ abɔnten. Wo nkwadaa bɛtumi nso ahwɛ nneɛma a Yesu bɔeɛ ho mfonin (hwɛ “The Creation of the Earth” wɔ Apam Dada Abasɛm ahoroɔ, 8–12). Afei wo ne wo nkwadaa bɛtumi akasa afa sɛdeɛ mote nka wɔ Yesu Kristo ho berɛ a moakenkan Adebɔ ho asɛm awie no.

  • Dwene ho sɛ mobɛbom ato dwom bi afa yɛn wiase fɛfɛ no ho, te sɛ “My Heavenly Father Loves Me” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 228–29). Ebia wo nkwadaa bɛtumi de nneɛma afoforɔ a Onyankopɔn abɔ a ɛboa wɔn ma wɔte Ne dɔ nka aka dwom no ho.

Boa nkwadaa ma wɔnkyerɛ nneɛma a wɔtumi yɛ. “Sɛ woka kyerɛ nkwadaa sɛ wɔnyɛ mfonin, nsi, wɔn kɔla, anaa wɔntwerɛ biribi a ɛfa asɛmpa nnyinasosɛm bi ho a, woboa wɔn ma wɔte nnyinasosɛm no ase yie na woma wɔn nkaeɛ a ɛda adi wɔ deɛ wɔasua no ho” (Nkyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so32).

Gyenesis 1:26–27; Moses 2:26–27; Abraham 4:26–27

Wɔbɔɔ me Onyankopɔn suban so.

  • Wo nkwadaa bɛtumi anya nnidie ne obuo ama wɔn ankasa ne afoforɔ nipadua berɛ a wɔsua sɛ wɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ Onyankopɔn suban so no. Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wɔate deɛ yei kyerɛ ase no, wobɛtumi ama wo nkwadaa ahwɛ wɔn ho wɔ ahwehwɛ anaa mfonin mu berɛ a wokenkan Moses 2:26–27 kyerɛ wɔn. Wobɛtumi nso akyerɛ wɔn sɛdeɛ mmoa nketewa taa “sɛ” wɔn awofoɔ (sɛ nhwɛso no, hwɛ mfonin a ɛwɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu). Yei bɛtumi de nkɔmmɔbɔ aba afa deɛ enti a ɛho hia ma wo sɛ wobɛhunu sɛ wɔbɔɔ wo wɔ wo Soro Agya suban so no ho.

    sisire ne ne mmaa
  • Ebia wo ne wo nkwadaa ani bɛgye ho sɛ mobɛyɛ nipadua mfonin na moatwitwa mfonin ahoroɔ no mu ayɛ ahodwirideɛ. Berɛ a wo nkwadaa boaboa wɔn ahodwirideɛ ano no, wɔbɛtumi akasa afa akwan a wɔbɛfa so akyerɛ Ɔsoro Agya sɛ wɔda ase wɔ wɔn nipadua ho.

Gyenesis 2:2–3; Moses 3:2–3; Abraham 5:2–3

Homeda no yɛ kronkron.

  • Berɛ a mokenkan Moses 3:2–3, ma wo nkwadaa ntie deɛ Onyankopɔn yɛɛ no da a ɛtɔ so nson no. Boa wo nkwadaa ma wɔnhwehwɛ anaa wɔnyɛ mfonin a ɛfa nneɛma a wɔbɛtumi ayɛ wɔ Kwasida de ayɛ no da kronkron ne sononko afiri nna afoforɔ ho. Mo ne mo ho mo ho nkyɛ deɛ enti a ɛhia ma mo sɛ mobɛma Homeda no ayɛ kronkron.

  • Boa wo nkwadaa ma wɔnyɛ te sɛ wɔkyerɛkyerɛ deɛ enti a wɔyi sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛhyɛ Ɔsoro Agya ne Yesu anuonyam wɔ Kwasiada akyerɛ adamfoɔ bi. Kyerɛ sɛ wɔmfa Genesis 2:2–3 nni dwuma wɔ wɔn nkyerɛkyerɛmu no mu. Sɛn na Homeda a yɛyɛ no kronkron no kyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.azine.

Yehowa gyina mununkum mu a Ne nsa wɔ wiase a Ɔreyehyɛ no so

Adebɔ no, ɛfiri Annie Henrie Nader hɔ

Primary dwumadie krataafa: Yesu na ɔbɔɔ asase