Come, Follow Me
Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka W’adwene mu: Worekenkan Apam Dada no


“Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu: Worekenkan Apam Dada no,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Worekenkan Apam Dada no,” Bra, Di M’akyi: 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka W’adwene mu

Worekenkan Apam Dada no

Berɛ a Nephi pɛɛ sɛ ɔhyɛ ne nuanom nkuran ma wɔnya gyidie wɔ Awurade mu no, ɔkaa Mose ho nsɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Yesaia hɔ. Berɛ a Ɔsomafoɔ Paulo pɛɛ sɛ ɔhyɛ tete Akristofoɔ no nkuran ma wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahoroɔ mu no, ɔkaee wɔn gyidie a na Noa, Abraham, Sara, Rahab, ne afoforɔ wɔ no. Na berɛ a Yesu Kristo ka kyerɛɛ Yudafoɔ akannifoɔ no sɛ “wɔnhwehwɛ twerɛnsɛm no mu,” na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “wɔdi me ho adanseɛ” (Yohane 5:39), twerɛnsɛm a na Ɔreka ho asɛm no yɛ ntwerɛeɛ a yɛfrɛ no Apam Dada no.

Nsɛm foforɔ mu no, sɛ wokenkan Apam Dada no a, na worekenkan nsɛm a akanyan Onyankopɔn nkorɔfoɔ, akyekye wɔn werɛ, na wɔahyɛ wɔn nkuran mfeɛ mpempem ankasa.

Nanso so biribi a wɔtwerɛɛ no berɛ tenten a atwam no bɛtumi aboa ma woanya ɛnnɛ yi ɔhaw ahoroɔ ano aduro? Aane, ɛbɛtumi! Nkanka sɛ wokae onii ko a Apam Dada no fa ne ho ankasa.

Yesu Kristo ho Adanseɛ Bi

Ɔhaw biara a ebia wo ne w’abusua rehyia no, berɛ biara mmuaeɛ no yɛ Yesu Kristo. Enti sɛ wopɛ sɛ wonya mmuaeɛ wɔ Apam Dada no mu a, hwehwɛ No. Ɛrenyɛ ahogono so berɛ biara. Ebia wobɛhia sɛ woto wo bo ase dwennwene ho na wohwehwɛ honhom fam akwankyerɛ. Ɛtɔ da bi a, ayɛ sɛ deɛ wɔka fa Ne ho no yɛ tee pa ara, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ Yesaia paemuka no mu no, “Wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabarima: na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Asomdwoeɛ Hene” .(Yesaia 9:6). Wɔ mmea afoforɔ no, wɔde anifirie na ɛkyerɛ Agyenkwa no, denam nsɛnkyerɛnneɛ ne nsɛdie so—sɛ nhwɛsoɔ no, ɛnam mmoa afɔrebɔ ho nkyerɛkyerɛmu so anaa twerɛtohɔ a ɛfa Yosef a ɔde ne nuanom bɔne kyɛɛ wɔn na ɔgyee wɔn firii ɛkɔm mu.

Yesu Kristo gyina ɔbotan so rehwɛ ɛpo

Wiase Hann, ɛfiri Scott Sumner hɔ

Sɛ wohwehwɛ gyedie kɛseɛ wɔ Agyenkwa no mu berɛ a wosua Apam Dada no a, wobɛhunu. Ebia yei bɛtumi ayɛ w’adesua no botaeɛ afeɛ yi. Bɔ mpaeɛ sɛ Honhom no bɛkyerɛ wo kwan ama woahunu na wode w’adwene asi nkyekyɛmu, abasɛm, ne nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛbɛma wo abɛn Yesu Kristo so.

Wɔakora so wɔ Kronkron mu

Nhwɛ kwan sɛ Apam Dada no de adasamma abakɔsɛm nyinaa na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ bɛma. Ɛnyɛ ɛno ne deɛ na mfitiaseɛ atwerɛfoɔ ne wɔn a wɔboaboaa ano no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ. Na wɔn botaeɛ titire ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ biribi afa Onyankopɔn ho—afa Ne nhyehyɛeɛ ma Ne mma ho, afa deɛ aseɛ kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ N’apam nkorɔfoɔ, ne sɛdeɛ yɛbɛnya ɔgyeɛ berɛ a yɛtɔ sin. Ɛtɔ da bi a na wɔde toto abakɔsɛm ahoroɔ ho wɔ sɛdeɛ na wɔte aseɛ fa, a nkɔnhyɛfoɔ akɛseɛ asetena mu abasɛm ka ho. Gyenesis yɛ yei ho nhwɛsoɔ, na saa ara na nwoma te sɛ Yosua, Atemmufoɔ, ne 1 ne 2 Ahemfo nso teɛ. Nanso Apam Dada no atwerɛfoɔ afoforɔ amfa anyɛ wɔn botaeɛ sɛ wɔbɛyɛ abakɔsɛm mufoɔ koraa. Mmom, wɔnam adwinnie ahoroɔ te sɛ anwonsɛm ne nwoma atwerɛ so kyerɛkyerɛɛe. Nnwom ne Mmebusɛm ahoroɔ no fata wɔ saa kuo yi mu. Ɛna afei nkɔnhyɛfoɔ nsɛm a ɛsombo wɔ hɔ, te sɛ Yesaia ne Malaki a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ tete Israel no—na, ɛnam Twerɛ Kronkron anwanwadeɛ so, wɔda so kasa kyerɛ yɛn ɛnnɛ.

So na saa nkɔmhyɛfoɔ, anwonsɛm atwerɛfoɔ, ne wɔn a wɔboaboaa ano yi nyinaa nim sɛ mfeɛ mpempem pii akyi no, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkenkan wɔn nsɛm no? Yɛnnim. Nanso ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ yei ne deɛ asie pɛpɛɛpɛ. Aman sɔree na wɔhwehwee ase, wɔdii nkuro so nkonim, ahemfo tenaa ase na wɔwuwuui, nanso Apam Dada no kyɛree sene wɔn nyinaa, firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so, firi ɔtwerɛfoɔ so kɔsi ɔtwerɛfoɔ so, firi nkyerɛaseɛ so kɔsi nkyerɛaseɛ so. Ɛwom sɛ nneɛma bi yeraeɛ anaasɛ wɔsesaa mu, nanso ɔkwan bi so no, wɔkoraa nneɛma pii so wɔ kwan nwanwasoɔ so.

tete nkɔnhyɛni retwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ so

Apam Dada Nkɔnhyɛni, ɛfiri Judith A. Mehr hɔ (nkyerɛkyerɛmu)

Yeinom yɛ nneɛma kakraa bi a ɛsɛ sɛ ɛwɔ w’adwene mu berɛ a worekenkan Apam Dada no afeɛ yi. Onyankopɔn koraa saa tete ntwerɛeɛ yi so ɛfiri sɛ ɔnim wo ne deɛ worefa mu. Wasiesie honhom mu nkrasɛm ama wo wɔ saa nsɛm yi mu, a ɛbɛtwe wo abɛn No na ahyɛ wo gyedie wɔ Ne nhyehyɛeɛ ne Ne Dɔ Ba no mu. Ebia Ɔbɛdi w’anim akɔ nkyekyɛmu anaa nhumu bi a ɛbɛhyira obi a wonim no—nkrasɛm a wobɛtumi ne adamfoɔ, obusuani, anaa wo yɔnko Ɔhoteni bi akyɛ. Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛbɛtumi aba mu. So ɛno nyɛ anigyeɛ sɛ wobɛdwene ho?

Nephi kaa sɛ, “Me kra ani gye twerɛnsɛm no ho” (2 Nephi 4:15). Ebia wobɛte nka saa ara berɛ a wokenkan nsɛm korɔ no ara a Nephi kenkanee no bebree—deɛ seesei yɛfrɛ no Apam Dada no.

Nwoma a ɛwɔ Apam Dada no mu

Wɔ Kristofoɔ Apam Dada. afa mu no wɔahyehyɛ nnwoma no sononko sen sɛdeɛ wɔyɛɛ no mua kane no. Enti berɛ a Hebrifoɔ Twerɛ Kronkron no kyekyɛ nwoma ahoroɔ no mu akuo mmiɛnsa—mmara, nkɔnhyɛfoɔ, ne ntwerɛeɛ—no, Kristofoɔ Twerɛ Kronkron dodoɔ no ara hyehyɛ nwoma ahoroɔ no akuo nnan: mmara (Gyenesis–Deuteronomium), abakɔsɛm (Yosua–Ester), anwonsɛm nwoma (Hiob–Salomo Dwom), ne nkɔnhyɛfoɔ (Yesaia–Malaki).

Adɛn nti na saa akuo ahoroɔ yi ho hia? Ɛfiri sɛ wohunu nwoma korɔ a woresua a, ɛbɛtumi aboa wo ma woate sɛdeɛ wobɛsua no ase.

Biribi a ɛsɛ sɛ ɛwɔ w’adwene mu berɛ a worehyɛ aseɛ akenkan “mmara no,” anaa Apam Dada no mu nwoma nnum a ɛdi kan no nie. Ebɛtumi aba sɛ nwoma ahoroɔ yi a atetesɛm kyerɛ sɛ Mose na ɔtwerɛeɛ no faa atwerɛfoɔ ne mmoanofoɔ pii nsam berɛ a berɛ kɔɔ anim no. Na yɛnim sɛ, wɔ mfehaha pii mu no, wɔyiyii “afa ahoroɔ pii a ɛmu da hɔ na ɛsombo” firii Twerɛ Kronkron no mu (hwɛ 1 Nephi 13:23–26). Nanso, Mose nwoma ahoroɔ no daso yɛ Onyankopɔn asɛm a ɛfiri mu, ɛwom sɛ—te sɛ Onyankopɔn adwuma biara a wɔnam nnipa a wɔwuo so de ma no—ɛhyɛ nnipa sintɔ ase deɛ (hwɛ Moses 1:41; Gyidikansɛm 1:8). Moroni nsɛm, a ɛfa Mormon Nwoma kronkron twerɛtohɔ a ɔboa ma wɔboaboaa ano no ho no, boa wɔ ha: “Sɛ mfomsoɔ bi wɔ hɔ a ɛyɛ nnipa mfomsoɔ; ɛno nti, mma mommmu Onyankopɔn nneɛma fɔ” (Mormon Nwoma no tiasɛm krataafa). Nsɛm foforɔ mu no, ɛnhia sɛ twerɛsɛm nwoma bi de ne ho firi nnipa mfomsoɔ ho ansa na ayɛ Onyankopɔn asɛm.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ 1 Nephi 4:2–3; 17:23–43; 19:22–23.

  2. Hwɛ Hebrifoɔ 11.

  3. Hwɛ Russell M. Nelson, “Berɛ Biara Mmuaɛ No Yɛ Yesu Kristo,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 127–28.

  4. Hwɛ Lewitikos 1:3–4.

  5. Hwɛ Gyenesis 45–46.

  6. Titenani M. Russell Ballard kaa sɛ: “Ɛnyɛ akwanhyia anaasɛ biribi a ɛbaeɛ ara kwa sɛ yɛwɔ Twerɛ Kronkron no ɛnnɛ. Honhom no kanyann ankorankoro ateneneefoɔ ma wɔtwerɛɛ nneɛma kronkron a wohunuiɛ ne nkanyan nsɛm a wɔtee na wɔkaeɛ no nyinaa. Wɔkanyann nnipa afoforɔ a wɔatu wɔn ho ama sɛ wɔmmɔ saa twerɛtohɔ ahoroɔ yi ho ban na wɔnkora so” (“The Miracle of the Holy Bible,” Liahona, Kɔtɔnima 2007, 80).