“Ɔpɛnimma 29–Ɔpɛpɔn 4. “Yesu Kristo Apam a Ɛdi Kan: Apam Dada no Nnianim asɛm,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Apam Dada no Nnianim asɛm,” Bra, Di M’akyi: 2026
Ɔpɛnima 29–Ɔpɛpɔn 4: Yesu Kristo Apam a Ɛdi Kan
Apam Dada no Nnianim asɛm
Sɛ wodwene ho sɛ wobɛsua Apam Deda no afe yi a, atenka bɛn na wonya? Ahopereɛ? Naayɛ? Ehu? Atenka ahoroɔ yi nyinaa yɛ deɛ nteaseɛ wom. Apam Dada no yɛ ntwerɛeɛ a wɔaboaboa ano a akyɛ pa ara wɔ wiase no mu baako, na yei bɛtumi ama ayɛ anigyeɛ ne ehu nyinaa. Saa ntwerɛeɛ yi firi tete amammerɛ bi a ɛbɛtumi ayɛ te sɛ ɔman bi so adeɛ na ɛtɔ mmerɛ bi a ɛyɛ nwanwa anaa mpo ɛnyɛ mmrɛ. Nanso wɔ saa ntwerɛeɛ yi mu no yɛhunu sɛ nkorɔfo wɔ suahunu ahoroɔ a ɛsɛ deɛ yɛnim. Yɛhunu asɛmpa nsɛntire a ɛdi Yesu Kristo nyamesu ne N’asɛmpa no ho adanseɛ. Aane, nnipa te sɛ Abraham, Sara, Hana, ne Daniel nom bɔɔ abrabɔ a, wɔ akwan bi so no, na ɛyɛ sononko firi yɛn deɛ ho koraa. Nanso wɔn nso nyaa abusua mu anigyeɛ ne abusua mu akasakasa, gyidie berɛ ne berɛ a na wɔnnim deɛ wɔnyɛ, ne nkonimdie ne nkoguo—sɛdeɛ yɛn nyinaa yɛ no. Deɛ ɛhia yie ne sɛ, wɔdaa gyidie adi, nuu wɔn ho, yɛɛ apam, nyaa honhom mu suahunu, na wɔampa aba wɔ Agyenkwa bi bɔhyɛ no ho da. Berɛ a yɛsua sɛdeɛ Onyankopɔn baa wɔn abrabɔ mu no, yɛn nso yɛhunu no wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛne odwontofoɔ no ka sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann. Enti w’akoa dɔ no” (Nnwom 119:105, 140).
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Apam Dada no di Yesu Kristo ho adanseɛ.
Ɔkwan baako a wobɛfa so anya honhom mu aduane papa wɔ Apam Dada no mu ne sɛ wobɛhwehwɛ Nkwa Aboodoo, Yesu Kristo (hwɛ John 6:48). Nhwɛsoɔ, sɛn na wohunu Agyenkwa no wɔ deɛ ɛdidi soɔ yi mu?
-
Manna (Eksodos 16:4, 11–15; Yohane 6:35)
-
Afɔrebɔ adwammaa no (Eksodos 12:3–5; Yohane 1:29)
-
Kɔɔbere ɔwɔ no (Numeri 21:4–10; Yohane 3:14)
-
Yona (Yona 1:4–17; Mateo 12:38–41)
Deɛn na nhwɛsoɔ ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ fa Ne ho? Yesu Kristo ho nsɛm foforɔ bɛn na ɛwɔ Apam Dada no mu a wonim dada?
Wɔ ne nkrasɛm “Jesus Christ Is the Treasure,” Elder Dale G. Renlund hyɛɛ yɛn nkuran sɛ “yɛnkae na berɛ biara yɛmfa yɛn adwene nsi Yesu Kristo so” (Liahona, Obubuo 2023, 98). Dwene ho sɛ wobɛkenkan ne nkrasɛm no, ahwehwɛ nneɛma a wobɛtumi ayɛ de ahunu Yesu Kristo a ɛnyɛ Apam Dada no mu nko na mmom w’abrabɔ mu nso.
San hwɛ “Types or Symbols of Christ” wɔ Twerɛnsɛm no mu Akwankyerɛ, “Jesus Christ,” Asɛmpa nwoma Akoraeɛ; “Seek the Lord Early,” Mmɔfra Nnwom nwoma, 108.
Hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi Yesu Kristo ho adanseɛ. Awurade kyerɛkyerɛɛ Adam sɛ, “Nneɛma nyinaa wɔ wɔn sɛsoɔ, na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa na wɔama wɔadi me ho adanse” (Moses 6:63). Sɛ woresua anaa worekyerɛkyerɛ no, sɛ wode w’adwene si Yesu Kristo so a, ɛbɛtumi aboa wo ma woanya nteaseɛ wɔ twerɛnsɛm no mu na ama wo dɔ ne gyidie a wowɔ ma No no ayɛ kɛseɛ. (Hwɛ Worekyerɛkyerɛ Adeɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so, 7.)
Yesu Kristo yɛ Yehowa wɔ Apam Dada no mu.
Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Agya no de Ne Ba a Ɔwoo no Korɔ, Yesu Kristo, kyerɛɛ sɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ na ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ sɛ ‘yɛnti No.’ Yɛgyina akwankyerɛ yi so de wie sɛ ɛkame ayɛ sɛ twerɛsɛm mu twerɛtohɔ a ɛfa nsɛm a “Onyankopɔn” anaa “Awurade” kaeɛ ho no yɛ Yehowa, yɛn Awurade Yesu Kristo a wasɔre no nsɛm berɛ nyinaa.” (“Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ,” Liahona, Kɔtɔnimma 2023, 102).
Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ no
Berɛ a Yudafoɔ akannifoɔ no twaa Yesu mpoa wɔ ne nipasu ho no, Ɔpaee mu kaa sɛ, “Ansa na Abraham reba no, na Mewɔ hɔ.” Saa nsɛm yi maa nnipa a wɔtee Yesu kasa no ho dwirii wɔn, na na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛsi no aboɔ (hwɛ Yohane 8:58–59). Dwene ho sɛ wobɛkenkan Eksodɔs 3:13–15; 6:3–5 ahwehwɛ deɛ enti a Yudafoɔ binom bo fuu saa wɔ deɛ Yesu kaeɛ no ho.
Adɛn nti na ɛho hia ma wo sɛ wobɛhunu sɛ Yesu Kristo ne Yehowa?
Awurade nam Joseph Smith so san de “nneɛma a ɛmu da hɔ na ɛsom boɔ” bebree baeɛ.
Wɔ anisoadehunu mu no, Awurade kyerɛɛ Nifae Twerɛ Kronkron a ɛreba no, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔbɛfa “nneɛma bebree a ɛmu da hɔ na ɛsom boɔ” afiri mu. Dwene ho sɛ wobɛkenkan 1 Nephi 13:21–29, 38–42, ahwehwɛ sɛdeɛ Awurade yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ “ɔbɛma wɔahunu nneɛma a ɛmu da hɔ na ɛsom boɔ.” Sɛdeɛ 2 Nephi 3:12, kyerɛ no, sɛn na Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no bom yɛ adwuma?
Berɛ a woresua Apam Dada no afeɛ yi no, wobɛsua “nwoma afoforɔ” a Nephi hunuiɛ no nso bi. Yeinom bi ne:
-
Mose nwoma, Joseph Smith Twerɛ Kronkron nkyerɛaseɛ no fa bi. Ɛsan de nokorɛ ne twerɛtohɔ ahoroɔ ba a ɛnni seesei ntwerɛeɛ a ɛwɔ Gyenesis 1–6.
-
Abraham nwoma, a wɔdaa no adi kyerɛɛ Joseph Smith berɛ a ɔhwehwɛɛ tete Misraimfoɔ papyri mu no (hwɛ Nsɛntire ne Nsɛmmisa, “Abraham Nwoma,” Asɛmpa nwoma Akoraeɛ).
-
Ayɛsɛm ahoroɔ a ɛfiri Joseph Smith Nkyerɛaseɛ no mu, a ɛmu bi pue wɔ aseɛ ntwerɛeɛ, Twerɛ Kronkron nkekaho, ne Twerɛnsɛm no Akwankyerɛ nwoma mu.
Apam Dada mu nsɛm a wɔnam Joseph Smith so san de baeɛ no ho nhwɛsoɔ bi nie: Henok kuropɔn Sion (Moses 7:18–19), Abraham anisoadehunu a ɛfa ɔsoro agyinatuo ho (Abraham 3:22–28), ne Melkisedek som adwuma (Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 14:25–40). Adɛn nti na twerɛtohɔ ahoroɔ yi “mu da hɔ na ɛsom boɔ” ma wo?
Adam ne Hawa a Wɔrebɔ Afɔre, ɛfiri Keith Larson hɔ (nkyerɛmu)
Apam Dada no boa ma mete apam abusuabɔ a me ne Onyankopɔn wɔ ase.
Apam Dada no yɛ Onyankopɔn a ɔrehwehwɛ sɛ ɔnam apam so bɛyɛ yɛn “ademudeɛ sononko” ho abasɛm (Eksodɔs 19:5). Ɛno nti, ɔkwan pa a yɛbɛfa so asiesie yɛn ho akenkan Apam Dada no ne sɛ yɛbɛsua apam ahoroɔ ho adeɛ—titire ne daapem apam a Onyankopɔn de maa tete nkɔnhyɛfoɔ te sɛ Abraham, Isak, Yakob, ne wɔn asefoɔ no. Na ɔkwan pa a yɛbɛfa so asua apam ho adeɛ ne sɛ yɛbɛsua Titenani Russell M. Nelson nkrasɛm “The Everlasting Covenant” (Liahona, Ahinime 2022, 4–11).
Woayɛ krado anaa, bisa wo ho sɛ: Adɛn nti na apam ahoroɔ ho hia ma me? “Ɔdɔ ne mmɔborɔhunu sononko” bɛn na menya firi Onyankopɔn hɔ berɛ a medi apam ahoroɔ a me ne No wɔ so? Berɛ a worekenkan Apam Dada no afeɛ yi no, hwɛ nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ wo fa apam abusuabɔ a wo ne No wɔ ho.
San hwɛ Yeremia 31:31–34.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ ma Mmɔfra
Mɛtumi asua afa Yesu Kristo ho wɔ Apam Dada no mu.
-
Apam Dada no mu nsɛm ne amammerɛ bɛtumi ayɛ den ama mmɔfra sɛ wɔbɛte aseɛ, nanso wobɛtumi aboa wɔn ma wɔahunu Yesu Kristo wɔ nsɛnkyerɛnneɛ ne ayɛsɛm ahoroɔ mu. Ebia wo ne wo nkwadaa no bɛtumi ahwɛ mfonin a ɛwɔ aseɛ hɔ no, Nkɔnhyɛni Yesaia Hyɛ Kristo Awoɔ ho nkɔm. Ma wo nkwadaa nka nkyerɛkyerɛmu a wɔhunu. Twe wɔn adwene, ne titirre, kɔ akokoaa Yesu so. Afei wobɛtumi ne wɔn akenkan deɛ Yesaia twerɛ faa Agyenkwa no awoɔ ho wɔ Yesaiasaiah 7:14; 9:6. Wo ne wo nkwadaa nkyɛ sɛdeɛ wote nka wɔ Agyenkwa a worehwehwɛ no wɔ Apam Dada mu afeɛ yi no ho.
Yesaia Twerɛ fa Kristo Awoɔ ho (Nkɔnhyɛni Yesaia Hyɛ Kristo Awoɔ ho nkɔm), ɛfiri Harry Anderson hɔ
-
Wo ne wo nkwadaa bɛtumi nso akenkan Nnwom 23 anaasɛ Yesaia 53:3–9 ahunu nsɛm a ɛkae mo Yesu Kristo awoɔ. Deɛn na saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ yɛn fa N’asetena ne Mpata ho?
Ɔsoro Agya pɛ sɛ Ɔne me yɛ apam.
-
Apam yɛ asɛntire kɛseɛ wɔ Apam Dada mu. Sɛ wode asɛntire yi rekyerɛ wo nkwadaa a, wobɛtumi ne wɔn akasa afa bɔhyɛ ahoroɔ a wɔhyɛ wɔn abusuafoɔ anaa nnamfoɔ na wɔdi so ne deɛ nti a ɛho hia sɛ wɔdi saa bɔhyɛ ahoroɔ yinom so. Afei mobɛtumi ahwɛ asubɔ mfonini bi na moaka bɔhyɛ, anaa apam a yɛne Onyankopɔn yɛ berɛ a yɛabɔ asu no ho asɛm (hwɛ Mosiah 18:10, 13). Wobɛtumi nso de tɛmpol mfonini akyerɛ na wo ne wɔn akyɛ atenka a wonya fa apam ahoroɔ a yɛyɛ wɔ hɔ no ho.
-
Nnawɔtwe yi dwumadie krataafa bɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔn ani agye sɛ wɔne Ɔsoro Agya bɛyɛ apam ahoroɔ na wɔadi so. Mobɛtumi nso ato dwom a ɛfa apam a yɛyɛ ho, te sɛ “When I Am Baptized” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 103).
Yesu Kristo yɛ Yehowa wɔ Apam Dada no mu.
-
Wo nkwadaa nim obi a ɔwɔ din ahoroɔ wɔ mmeaeɛ ahoroɔ? Ebia ɛsono sɛdeɛ wɔfrɛ ɔwofoɔ anaa ɔkyerɛkyerɛni bi wɔ adwuma mu, efie, ne asɔre. Monkasa mfa saa din ahoroɔ no ho; afei monkenkan Eksodɔs 6:3 mmom na ma wo nkwadaa nhwehwɛ edin a na wɔde nim Yesu Kristo ansa na wɔrewo No (san hwɛ Joseph Smith Nkyerɛaseɛ wɔ aseɛ atwerɛ no mu c).
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.