“Ogyefuo 9–15. ‘Noa Nyaa Adom wɔ Awurade Anim’: Gyenesis 6–11; Moses 8,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ogyefuo 9–15. ‘Noa Nyaa Adom wɔ Awurade Anim’,” Bra, Di M’akyi: 2026
Jehovah Keeps a Promise, ɛfiri Sam Lawlor hɔ
Ogyefuo 9–15: “Noa Nyaa Adom wɔ Awurade Anim”
Gyenesis 6–11; Mose 8
Nna a ɛdi akyire yi asetena mu nti, yɛwɔ sɛnti titire bi a ɛma yɛde yɛn adwene si Nsuyire no abasɛm no so. Berɛ a Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ sɛdeɛ ɛwɔ sɛ yɛhwɛ Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no kwan no, ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ wɔ Onipa Ba no mmaeɛ” (Joseph Smith—Mateo 1:41). Deɛ ɛka ho ne sɛ, nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ Noa berɛ no, te sɛ “porɔeɛ” ne “basabasayɛ ahyɛ ma” no bɛtumi akyerɛkyerɛ yɛn berɛ yi mu saa ara (Gyenesis 6:12–13; Moses 8:28). Yɛbɛtumi nso de Babel Abantenten no ho asɛm, ne nkyerɛkyerɛmu sɛ ahantan de basabasayɛ ba na afei mpaapaemu a ɛdi akyire no, atoto yɛn berɛ yi ho.
Tete twerɛtohɔ ahoroɔ yi som bo, ɛnyɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn sɛ nsɛmmɔne nsan mmra bio wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Deɛ ɛhia kɛse ne sɛ, wɔkyerɛ yɛn deɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ fa ho. Noah “nyaa adom wɔ Awurade anim” (Moses 8:27). Na Yared ne ne nua no mmusua kɔɔ Awurade nkyɛn na wɔbɔɔ wɔn ho ban firii basabasayɛ ne mpaapaemu a ɛwɔ Babel no ho (hwɛ Ether 1:33–43). Sɛ yɛdwene sɛdeɛ yɛbɛkora yɛn ho ne yɛn mmusua wɔ porɔeɛ ne basabasayɛ berɛ mu a, nsɛm a ɛwɔ ti ahoroɔ yi mu no wɔ pii a ɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Gyenesis 6; Moses 8
Honhom mu bammɔ wɔ Awurade nkɔnhyɛni akyidie mu.
So wohunu biribi wɔ Noa berɛ no ho nkyerɛkyerɛmu no mu a ɛte sɛ yɛn berɛ yi mu tebea ahoroɔ no? Titire no, hwɛ wɔ Moses 8:15–24, 28. Nsɛntire bɛn na wohunu sɛ wɔasan ati mu bio?
Nsɛsoɔ baako a ɛho hia a wobɛhunu ne sɛ Onyankopɔn frɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ nkɔnhyɛni, na Wafrɛ nkɔnhyɛni nnɛ nso. Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ nokorɛ ahoroɔ a wosua fa nkɔnhyɛfoɔ firi Moses 8:13–30. Sɛn na yɛn nkɔnhyɛni teasefoɔ no te sɛ Noa? Ampa, Awurade nkɔnhyɛni a ɔwɔ hɔ nnɛ no mmɔ yɛn kɔkɔ wɔ Nsuyire ho anaasɛ ɔnto nsa mfrɛ yɛn sɛ yɛmmoa ma yɛmpam adaka. Nanso deɛn ho na ɔrebɔ yɛn kɔkɔ? Na deɛn na ɔreto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnyɛ? Sɛdeɛ ɛbɛboa abua nsɛmmisa yi, wobɛtumi asan ahwɛ ti bi a afiri Asɔre Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ wɔ Asɛmpa Nwomakorabea, titire “Nsatofrɛ ne Nhyira a Wɔahyɛ ho Bɔ” fa no. Ebia wobɛtumi ayi kɔkɔbɔ baako ne nsatofrɛ baako a ɛho hia titire ma wo.
Elder Allen D. Haynie kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɔsoro Agya a ɔwie pɛyɛ na ɔwɔ ɔdɔ ayi nhyehyɛeɛ a ɔnam nkɔnhyɛyi so da nokorɛ adi kyerɛ Ne mma” (“Nkɔnhyɛni Teasefoɔ ma Nna a ɛdi Akyire,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 25). Dwene ho sɛ wobɛsua Elder Haynie nkrasɛm, worehwehwɛ sɛnt sɛ wowɔ nkɔnhyɛni a ɛyɛ Ɔsoro Agya no dɔ ho sɛnkyerɛnneɛ. Sɛn na Awurade nkɔnhyɛni a wodi n’akyi no aboa wo ma woate nka sɛ wowɔ bammɔ wɔ nna a ɛdi akyiri yi mu?
San hwɛ Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Nkɔnhyɛfoɔ,” Asɛmpa Akoraeɛ.; “Adɛn nti na Yɛwɔ Nkɔnhyɛfoɔ?” (sini), Asɛmpa womakorabea.
Why Do We Have Prophets?
Gyenesis 6:5–13
Na Nsuyire no kyerɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu.
Nnipa binom dwene Onyankopɔn atɛntenenee ho wɔ Nsuyire a ɔde “sɛee onipa” no nti. (Gyenesis 6:7). Elder Neal A. Maxwell kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Nsuyire berɛ no mu no, “na porɔeɛ aduru baabi a ɛsɛe ɔpɛ, a na wɔrentumi, wɔ atɛntenenee mu, mfa ahonhom mma ha” (Yɛde Yei Bɛsɔ Wɔn Ahwɛ [1982], 58). Wobɛtumi nso adwene sɛdeɛ na Nsuyire no kyerɛ wɔ mmɔborɔhunu ho. Deɛn na wohunu wɔ Gyenesis 6:5–13 a ɛkyerɛ Awurade mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nkorɔfoɔ no?
Gyenesis 9:8–17
Agyiraeɛ anaasɛ nsɛnkyerɛnneɛ boa ma mekae m’apam a me ne Awurade ayɛ.
Sɛdeɛ Genesis 9:8–17, kyerɛ no, deɛn na nyankontɔn bɛtumi akae wo? Deɛn na Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 9:21–25 (wɔ Twerɛ Kronkron nkekaho mu) de ka wo nteaseɛ ho? Wobɛtumi nso adwene ho sɛ wobɛtwerɛ nneɛma afoforɔ (te sɛ agyinahyɛdeɛ, nneɛma, anaa biribi foforɔ bi) a Onyankopɔn de ama wo sɛ fa kae w’apam ahoroɔ. Deɛn na saa nneɛma yi kyerɛ wo? Sɛn na wɔboa wo ma wokae?
San hwɛ Gerrit W. Gong, “Kae No Berɛ Biara,” Liahona, Kɔtɔnima 2016, 108–11; “Reverently and Meekly Now,” Nnwom, no 185.
The Tower of Babel, ɛfiri David Green hɔ
Gyenesis 11:1–9
Yesu Kristo akyi a yɛbɛdi ne ɔkwan baako pɛ a yɛde bɛkɔ Ɔsoro Agya nkyɛn.
Babelfoɔ a wɔresi abantenten ho twerɛtohɔ no ma nsonsonoeɛ a ɛyɛ anika firi Henok ne ne nkorɔfo a wɔresi Sion ho asɛm, a wosuaa ho adeɛ nnawɔtwe a ɛtwaam no ho. Na nnipa akuo mmienu no nyinaa rebɔ mmɔden sɛ wobɛduru soro wɔ akwan nsonoeɛ so. Sɛn na Sion nkorɔfoɔ nyaa ɔsoro? (hwɛ Moses 7:18–19, 53, 62–63, 69). Deɛn na wosua firi Gyenesis 11:1–9 ne Helaman 6:26–28 fa Babel nkorɔfoɔ ho? Deɛn na yei kyerɛ yɛn fa yɛn ankasa mmɔdemmɔ sɛ yɛbɛsan akɔ Onyankopɔn anim no ho? Deɛn na Onyankopɔn de ama sɛ ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛaduru ɔsoro’? (Gyenesis 11:4; san hwɛ Yohane 3:16).
Fa ahokeka sua Adesua bɛtumi aboro sɛ worekenkan anaa woretie kɛkɛ. Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ woresua Babel Abantenten no ho adeɛ a, wo ne w’abusua anaa w’adesuakuo no bɛtumi atwerɛ, wɔ nkrataa nketenkete so, nneɛma a ɛtwe yɛn fi Onyankopɔn ho. Afei, mobɛtumi atwerɛ nneɛma a ɛde yɛn bɛn Onyankopɔn wɔ nkrataa afoforɔ so. Hyehyɛ nkrataa kuo a ɛdi kan no te sɛ abantenten ne kuo a ɛtɔ so mmienu no te sɛ tɛmpol.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ
Gyenesis 6:14–22; 7–8; Moses 8:16–24
Awurade nkɔnhyɛni akyi a yɛdi no bɛhyira me ne m’abusua.
-
Nkwadaa dodoɔ no ara ani gye Noa ne adaka ho abasɛm no ho. Dwene ho sɛ wobɛma wo nkwadaa kwan ma wɔaka deɛ wɔnim fa ho. Sɛdeɛ ɛbɛboa wɔn no, wobɛtumi afa mfonin ahoroɔ a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi mu no, “Noa ne N’abusua” wɔ Apam Dada mu Abasɛm (22–25), ne nkyekyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ “Follow the Prophet” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 110–11). Wo nkwadaa ani bɛgye ho sɛ wɔbɛyɛ abasɛm no afa ahoroɔ bi ho yɛkyerɛ—sɛ nhwɛsoɔ no, wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wɔde adwinnadeɛ bi reyɛ adaka no anaasɛ wɔnante te sɛ mmoa a wɔrewura adaka no mu.
-
Berɛ a mobom ka Noa ho asɛm no, boa wo nkwadaa ma wɔnhunu sɛdeɛ wɔahyira yɛn sɛ yɛwɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛni nnɛ. Boa wo nkwadaa ma wɔnhwehwɛ Moses 8:16–24 na wɔnhunu nneɛma a Noa kyerɛkyerɛeɛ a Awurade nkɔnhyɛfoɔ da so kyerɛkyerɛ nnɛ. Sɛ yɛdi nkyerɛkyerɛ yi so a, sɛn na wɔhyira yɛn?
Gyenesis 9:15–16
Onyankopɔn bɛdi ne bɔhyɛ ahoroɔ a ɔde ama me no so.
-
Wo nkwadaa ani bɛgye ho sɛ wɔbɛyɛ nyankontɔn mfonin anaa wɔbɛkɔla berɛ a woka deɛ ɛgyina hɔ ma ho asɛm (hwɛ Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Gyenesis 9:21–25 [wɔ Twerɛ Kronkron nkekaho no mu]). Deɛn na na Onyankopɔn pɛ sɛ Noa ne n’abusua dwene ho berɛ biara a wɔbɛhunu nyankontɔn?
-
Wobɛtumi nso de biribi a wowɔ a ɛkae wo biribi a ɛho hia wɔ w’asetena mu, te sɛ ayeforɔhyia mpɛtea, mfonin, anaa nsɛmma nwoma akyerɛ wo nkwadaa. Ma wo nkwadaa nka wɔn ankasa nhwɛsoɔ. Yei bɛtumi de nkɔmmɔ a ɛfa nneɛma a ɛboa ma yɛkae yɛn apam, te sɛ sakramɛnte, a ɛboa ma yɛkae yɛn asubɔ apam sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi aba (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:75–79).
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa abusua sɛ nyankontɔn bɛyɛ “apam a me ne mo yɛ no agyiraeɛ” .(Gyenesis 9:12).
Gyenesis 11:1–9
Yesu Kristo akyi a yɛbɛdi ne ɔkwan baako pɛ a yɛde bɛkɔ ɔsoro.
-
Ɛbɛtumi ayɛ anika sɛ wo ne wo nkwadaa de aboɔ anaa nneɛma afoforɔ bɛsi abantenten. Berɛ a woreyɛ saa no, kyerɛkyerɛ mu sɛ Babel nkorɔfoɔ susuu sɛ wɔbɛtumi afa abantenten a ɛware a wɔbɛsi so akɔ ɔsoro. Afei mobɛtumi abom ahwɛ Agyenkwa no mfonin na woabisa mo nkwadaa sɛdeɛ Ɔboa yɛn ma yɛkɔ ɔsoro. Afei mobɛtumi ne mo ho mo ho akasa afa nneɛma a mobɛtumi ayɛ de adi Agyenkwa no akyi ho.
-
Babel abantenten ho abasɛm a mobɛkenkan wɔ Gyenesis 11:1–9, akyi no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi akenkan Helaman 6:28. Sɛdeɛ nkyekyɛmu yi kyerɛ no, adɛn nti na Babel nkorɔfoɔ sii abantenten no? Adɛn nti na abantenten yi a na wɔresi no nyɛ ɔkwan pa a wɔfa so kɔ ɔsoro? Afei mobɛtumi ahwehwɛ 2 Nephi 31:20–21 ne Helaman 3:28 mu de ahunu ɔkwan pa a mobɛfa so akɔ ɔsoro. Afotuo bɛn na yɛde bɛma Babel nkorɔfoɔ?
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.