“Ogyefuo 2–8. ‘Awurade Frɛɛ Ne Nkorɔfoɔ Sion’: Moses 7,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ogyefuo 2–8. ‘Awurade Frɛɛ Ne Nkorɔfoɔ Sion’,” Bra, Di M’akyi: 2026
Enoch Sees the Meridian of Time, ɛfiri Jennifer Paget hɔ
Ogyefuo 2–8: “Awurade Frɛɛ Ne Nkorɔfo Sion”
Mose 7
Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, nkorɔfo abɔ mmɔden sɛ wobɛnya deɛ Enoch ne ne nkorɔfoɔ yɛeɛ no: wɔbɛkyekyere ɔman a ɛfata a ohia anaa basabasayɛ nni mu. Sɛ Onyankopɔn nkorɔfo no, yɛwɔ saa ɔpɛ yi bi. Yɛfrɛ no yɛrekyekyere Sion, na—wode yɛrehwɛ nnipa a wɔhia mmoa ne asomdwoeɛ ho dawuro a yɛrebɔ to nkyɛn a—deɛ ɛka ho bi ne sɛ yɛbɛyɛ apam, abom atena tenenee mu, na yɛne yɛn ho yɛn ho ne Yesu Kristo, “Sion Hene no” ayɛ baako. (Moses 7:53). Sɛ wiase, wo mpɔtam, anaa w’abusua nyɛ sɛdeɛ wopɛ no a, ɛboa sɛ wobɛbisa sɛ, Sɛn na Enoch ne ne nkorɔfo yɛɛ no? Ɛyɛɛ dɛn na wɔbɛyɛɛ “koma baako ne adwene baako” (Moses 7:18) ɛmfa ho ne akasakasa a na atwa wɔn ho ahyia no? Wɔ nkyerɛmu pii a Moses 7 de ma yɛn fa Sion ho mu no, baako a ɛsom bo titire ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ bɛtumi ayɛ yei: Sion nyɛ kuropɔn bi kɛkɛ—ɛyɛ akoma ne honhom tebea. Sion, sɛdeɛ Awurade akyerɛkyerɛ no, yɛ “deɛ n’koma mu te” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 97:21). Enti ebia ɔkwan pa a yɛbɛfa so akyekyere Sion ne sɛ yɛbɛhyɛ aseɛ wɔ yɛn ankasa akoma ne yɛn afie mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Mɛtumi aboa ma wɔakyekyere Sion.
Berɛ a Nkɔnhyɛnyi Joseph Smith dii kan tee Enoch ne ne Kronkronyɛ Kuropɔn ho asɛm no, ɛkanyann no. Na “ɔnim sɛ da no aduru a Awurade bɛsan de Sion asi asaase so” (Ahotefoɔ, 1:108–9), na ɔhyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ sɛ ɔbɛkyekyere Sion wɔ nkwa nna nyinaa mu. Worekenkan Moses 7 no bɛtumi akanyan wo ma woatoa saa mmɔdemmɔ no so nnɛ.
Wobɛtumi de nsɛmmisa “Deɛn ne Sion?” ne “Sɛn na ɛyɛ sononko firi wiase nkaeɛ ho?” mu nhwehwɛmu ahyɛ aseɛ. Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ mmuaeɛ wobɛnya berɛ a wosua Moses 7, ne titire nkyekyɛmu 16–21, 27, 53, 62–69.
Mmuaeɛ a wobɛma wɔ saa nsɛmmisa yi ho no bɛtumi ama ada adi pefee sɛ yɛda so wɔ nnwuma pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyekyere Sion. Enti sɛn yɛyɛ no? Ɛbɛtumi aboa sɛ wobɛdwene mmerɛ bi a na wote nka sɛ wo ne obi “wɔ akoma baako ne adwene baako” ho (Moses 7:18). Ebia na ɛwɔ ward, abusua, anaa kuo bi mu wɔ adwumam anaa sukuu mu. Deɛn na nkorɔfoɔ yɛeɛ de nyaa baakoyɛ a ɛtene?
Nneɛma afoforɔ bi a wobɛtumi ahwehwɛ mu de anya adwene ne nkanyan nie. Yi baako anaa deɛ ɛboro saa na sua, na afei twerɛ deɛ wote nka sɛ yɛ fa kyekyere Sion:
-
Filipifoɔ 2:1–4; 4 Nephi 1:15–18; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 97:21; 105:5.
-
Ulisses Soares, “Anuanom wɔ Kristo mu,” Liahona, Obubuo 2023, 70–73.
-
D. Todd Christofferson, “Baako wɔ Kristo,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 77–80.
Onyankopɔn pɛ sɛ Ne nkorɔfoɔ yɛ “akoma baako ne adwene baako” (Moses 7:18).
Yesu Kristo ne “Sion Hene.”
Deɛn na ɛkyerɛ ma wo sɛ wobɛnya Yesu Kristo sɛ wo Hene? Hyɛ Yesu Kristo abodin afoforɔ a ɛwɔ nkyekyɛmu yi mu no nso. Deɛn na wɔkyerɛkyerɛ wo fa Ne ho? Wodwene sɛ deɛn na ɛkyerɛ sɛ wobɛfa “ɔpono no ano na woafa [Ne] so [akɔ anim]”?
San hwɛ “Come, O Thou King of Kings,” Nnwom, nɔma 59.
Onyankopɔn su—na Ɔdi ahurusi—ma Ne mma.
Nnipa binom hunu Onyankopɔn sɛ obi a ɔwɔ akyirikyiri a deɛ ɛto yɛn no nnya nkɛntɛnsoɔ wɔ N’atenka so. Henok hunuu Onyankopɔn sononko wɔ anisoadehunu a wɔatwerɛ wɔ Moses 7. Deɛn na ɔsua faa Onyankopɔn ho—na deɛn na wosua—wɔ nkyekyɛmu 28–40? Wodwene sɛ deɛn nti na Enoch ho dwirii no sɛ ɔhunuu sɛ Onyankopɔn resu? Adɛn nti na ɛho hia ma wo sɛ wobɛhunu sɛ Ɔyɛ saa?
Anisoadehunu no rekɔ so no, Enoch nso suiɛ. Nanso Onyankopɔn kaa deɛ enti a ɛwɔ sɛ ɔdi ahurisie. Hwehwɛ wɔn Moses 7:41–69. Deɛn na wosua firi Enoch anisoadehunu no mu a ɛbɛtumi aboa ma “woama w’akoma so, na w’ani agye,” ɛmfa ho ne “awerɛhoɔ” a ɛwɔ w’asetena mu (nkyekyɛmu 44)?
San hwɛ Jeffrey R. Holland, “The Grandeur of God,” Liahona, Obubuo 2003, 70–73.
Yesu Kristo bɛba bio wɔ nna a ɛdi akyire no mu.
Henok anisoadehunu, titire deɛ wɔatwerɛ wɔ Moses 7:59–67, yɛ abakɔsɛm mu nkɔnhyɛ a ɛdi kan a ɛfa Agyenkwa no Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu ho no mu baako. Deɛn na w’ani gye ho fa sɛdeɛ nkyekyɛmu ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ nna a ɛdi akyire no mu no ho? Sɛ nhwɛsoɔ no, dwene sɛdeɛ wote nka sɛ nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛwɔ nkyekyɛmu 62 no reba mu ho. Deɛn na kasakin ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ wo fa Onyankopɔn adwuma wɔ nna a ɛdi akyire mu no ho?
San hwɛ Henry B. Eyring, “Sisters in Zion,” Liahona, Obubuo 2020, 67–69.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ “akoma baako ne adwene baako.”
-
Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wo nkwadaa aasua Enoch ne Sion ho adeɛ no, wobɛtumi afa “Enoch the Prophet” wɔ Old Testament Stories (19–21) anaa nkyekyɛmu a ɛtɔ so mmienu wɔ “Follow the Prophet” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 110–11). Afei wobɛtumi ama wo nkwadaa asan aka abasɛm no wɔ wɔn ankasa nsɛm mu. Henok mfonin ahoroɔ a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi mu no bɛtumi aboa.
-
Ɔkwan baako a ɛbɛboa ma wo nkwadaa aate deɛ ɛkyerɛ sɛ obi bɛyɛ “akoma baako ne adwene baako” (Moses 7:18) nie: Yɛ akoma wɔ krataa so na twitwa no asinasin, sɛdeɛ ɛbɛdɔɔso ama akwadaa biara anya bi. Ma wɔntwerɛ wɔn din wɔ wɔn krataa sin no so na wɔmmom nka akoma no mmom. Berɛ a wɔreyɛ saa no, wɔbɛtumi aka nneɛma a w’ani gye ho fa akwadaa biara ho.
-
Boa wo nkwadaa ma wɔnkan mpɛn dodoɔ a asɛmfua “Sion” pue wɔ Moses 7:18–21, 62–63, 68–69. Berɛ biara a wɔbɛhunu asɛmfua no, boa wɔn ma wɔnhunu deɛ nkyekyɛmu no ka fa Sion ho (san hwɛ Twerɛnnsɛm no Akwankyerɛ, “Zion,” Asɛmpa Akoraeɛ). Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ te sɛ nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu no yie?
Hyɛ ankorankoro twerɛsɛm sua ho nkuran. Sɛ worekyerɛkyerɛ w’abusua wɔ fie anaa adesuakuo bi Kwasida no, akwan pa a wobɛtumi afa so aboa afoforɔ ama wɔanya daapem gyidie wɔ Yesu Kristo mu no mu baako ne sɛ wobɛboa wɔn ma wɔanya su sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn ankasa suahunu wɔ twerɛnsɛm no mu. Kyɛ suahunu a worenya firi twerɛnmsɛm no mu, na hyɛ abusua anaa adesuakuo mufoɔ nkuran ma wɔnkyɛ wɔn suahunu. Sɛ yɛte sɛdeɛ twerɛnsɛm akenkan no rehyira afoforɔ a, ɛtaa kanyan yɛn ma yɛhwehwɛ saa nhyira korɔ no ara firi Awurade hɔ. (Hwɛ Worekyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so, 25.)
Ɔsoro Agya pɛ sɛ meyi sɛ mɛdi N’akyi.
-
Sɛ wode Moses 7:32–33 bɛkyerɛ wo nkwadaa a, wobɛtumi ne wɔn akasa afa biribi a na ɛsɛ sɛ wɔyi nnansa yi ara ho. Afei mobɛtumi abom akenkan nkyekyɛmu no de ahunu deɛ Ɔsoro Agya pɛ sɛ yɛyi. Nneɛma bɛn na yɛbɛtumi ayi de akyerɛ sɛ yɛyi No? Ebia wo nkwadaa bɛtumi ayɛ nneɛma a wɔayi yi mu baako ho yɛkyerɛ baako baako berɛ a nkaeɛ no ka deɛ yɛkyerɛ no gyina hɔ ma.
Yesu bɛsan aba asase so.
-
Wɔ Moses 7:59, Enock bisa Awurade asɛm bi. Ma wo nkwadaa nhwehwɛ, na afei ma wɔnhwehwɛ mmuaeɛ no wɔ nkyekyɛmu 60. Wobɛtumi nso ne wɔn akasa afa berɛ bi a na wɔrehwɛ kwan sɛ obi bɛsan aba fie hɔ. Bisa wɔn atenka a wɔnyaeɛ ne deɛ wɔyɛeɛ de siesiee wɔn ho. Sɛn na yɛbɛtumi asiesie yɛn ho ama Yesu asan aba?
-
Dwene ho sɛ wode mmerɛ a Agyenkwa no yii ne ho adi kyerɛɛ nkorɔfoɔ ho mfoni bɛkyerɛ (te sɛ Asɛmpa Adwinnie Nwoma, nos. 60, 82, 83, and 84). Deɛn na nkorɔfoɔ no reyɛ wɔ mfonin ahoroɔ no mu? Atenka bɛn na nkorɔfoɔ no bɛtumi anya berɛ a wɔhyiaa Yesu no? Mobɛtumi nso ato dwom bi afa Agyenkwa no Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no ho, te sɛ “When He Comes Again” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 82–83), na woabisa nkwadaa no sɛdeɛ wɔdwene sɛ ɛbɛyɛ berɛ a Yesu bɛba bio no. Ma nkwadaa no nkyɛ sɛdeɛ wɔte nka fa Yesu a wɔbɛhunu no berɛ a Ɔsan ba bio no ho.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.