Come, Follow Me
Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu: Apam No


“Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu: Apam No,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Apam No,” Bra, Di M’akyi: 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛwɔ W’adwene mu

Apam no

Wɔ Apam Dada no mu nyinaa no, wobɛtaa akenkan asɛm apam. Ɛnnɛ yɛtaa dwene apam ho sɛ bɔhyɛ kronkron a yɛne Onyankopɔn wɔ, nanso wɔ tete wiase mu no, na apam nso yɛ adeɛ a ɛho hia wɔ nnipa a wɔne wɔn ho wɔn ho di nkutaho no mu. Wɔn ahobammɔ ne nkwagyeɛ nti, na ɛhia sɛ nkorɔfoɔ tumi de wɔn ho to wɔn ho wɔn ho so, na na apam yɛ ɔkwan a wɔfa so nya saa ahotosoɔ no.

Enti berɛ a Onyankopɔn ne Henok, Noa, Mose, ne afoforɔ kasa faa apam ho no, na ɔreto nsa afrɛ wɔn sɛ wɔne No nyɛ abusuabɔ a ahotosoɔ wom. Yɛfrɛ saa apam yi apam foforo ne daapem anaa Abraham apam—a ɛfa apam a Onyankopɔn ne Abraham ne Sara yɛɛe na afei ɔne wɔn asefoɔ Isak ne Yakob (a wɔsan frɛ wɔn Israel) yɛɛ no foforɔ no ho. Wɔ Apam Dada mu no, na wɔnim no kɛkɛ sɛ “apam.” Wobɛhunu sɛ Apam Dada no yɛ nkorɔfoɔ a wɔhunuu wɔn ho sɛ apam yi adedifoɔ fapem—apam nkorɔfoɔ.

Abraham apam no kɔ so hia nnɛ, titire ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Adɛn? Ɛsiane sɛ yɛn nso yɛyɛ apam nkorɔfoɔ nti, sɛ yɛyɛ Abraham, Isak, ne Yakob asefoɔ tee anaasɛ yɛnyɛ. Yei nti, ɛho hia sɛ yɛte deɛ Abraham apam no yɛ ne sɛdeɛ ɛfa yɛn ho nnɛ no ase.

Deɛn Ne Abraham Apam no?

Na Abraham pɛ sɛ “ɔyɛ tenenee kyidini kɛseɛ” (Abraham 1:2), enti Onyankopɔn frɛɛ no kɔɔ apam abusuabɔ mu. Ɛnyɛ Abraham na ɔdii kan nyaa saa ɔpɛ yi, na ɛnyɛ ɔno na ɔdii kan nyaa apam. Na ɛyɛ, sɛdeɛ ɛteɛ no, daa apam. Abraham hwehwɛɛ “agyanom nhyira” (Abraham 1:2)—nhyira a wɔnam apam so de maa Adam ne Hawa na ɛno akyi wɔde maa nnipa a wɔde nsiyɛ hwehwɛɛ saa nhyira yi.

Onyankopɔn apam a ɔne Abraham yɛeɛ no hyɛɛ nhyira a ɛyɛ nwanwa ho bɔ: asase agyapadeɛ, asefoɔ bebree, asɔfodie ayɛyɛdeɛ hokwan nya, ne din a wɔbɛdi no ni ama awoɔntoatoasoɔ a ɛbɛba. Nanso na ɛnyɛ nhyira a Abraham ne n’abusua bɛnya nko na na apam yi twe adwene si so na mmom nhyira a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn mma nkaeɛ nso. Onyankopɔn paee mu kaa sɛ: “Wobɛyɛ nhyira, na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa” . (Gyenesis 12:2–3).

So apam yi maa Abraham, Sara, ne wɔn asefoɔ nyaa kwan sononko wɔ Onyankopɔn mma mu? Wɔ nteaseɛ a ɛne sɛ ɛyɛ hokwan sɛ ɛhyira afoforɔ nko ara. Na ɛsɛ sɛ Abraham abusua no “soa ɔsom adwuma ne Asɔfodie yi ma amanaman nyinaa,” na wɔkyɛ “Asɛmpa no nhyira, a ɛyɛ nkwagyeɛ nhyira, daa nkwa mpo” (Abraham 2:9, 11). Onyankopɔn apam nkorɔfo a wɔyɛ no nkyerɛ sɛ na wɔkyɛn afoforɔ; na ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ asɛdeɛ sɛ wɔboa afoforɔ ma wɔyɛ papa.

Saa apam yi ne nhyira a na Abraham repɛ no. Abraham nsa ka wieeɛ no, ɔkaa wɔ n’akomam sɛ, “W’akoa ahwehwɛ wo anibere so; afei mahu wo” . (Abraham 2:12).

Ɛno yɛ mfeɛ mpempem a atwam, nanso wɔasan de saa apam yi aba wɔ yɛn berɛ yi mu. Na ɛreba mu seesei wɔ Onyankopɔn nkorɔfoɔ asetena mu. Apam no mmamu renya ahoɔden wɔ nna a ɛdi akyire mu berɛ a Onyankopɔn adwuma kɔ so, na ɛhyira mmusua wɔ wiase nyinaa. Na obiara a, te sɛ Abraham, ɔpɛ sɛ ɔyɛ tenenee kyidini kɛseɛ—obiara a ɔhwehwɛ Awurade anibere so no—bɛtumi aka ho.

abusua a wɔgyina tɛmpol anim

Deɛn na Abraham Apam no Kyerɛ ma Me?

Woyɛ apam no ba. Wo ne Onyankopɔn yɛ apam berɛ a wɔbɔ wo asu ne berɛ a wodi sakramɛnte no. Na wo nsa ka apam no mahyɛ ne tɛmpol mu ayɛyɛdeɛ kronkron no.

Ɛnam saa apam ne ayɛyɛdeɛ yi so, yɛbɛyɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ. Wɔnam “daa abusuabɔ” so de yɛn afam Ne ho. Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ: “Sɛ yɛne Onyankopɔn yɛ apam pɛ a, yɛfiri yɛnni ɔfa biara tebea mu korakora. Onyankopɔn rento abusuabɔ a ɔne wɔn a wɔne No ayɛ nkabom a ɛte saa no asaworam. Nokorɛ mu, wɔn a wɔne Onyankopɔn ayɛ apam no wɔ ɔdɔ ne ahummɔborɔ sononko ho kwan. Esiane apam a yɛne Onyankopɔn ayɛ nti, Ɔremmrɛ da wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛboa yɛn no mu, na Ne mmɔborɔhunu boasetɔ ma rensa da.” Wobɛhunu yei wɔ Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ abakɔsɛm mu wɔ Apam Dada no mu, na wobɛhunu no wɔ w’ankasa w’abrabɔ mu sɛ N’apam mma no mu baako.

Yesu gyina nsuo so a watrɛ ne nsam

Be Not Afraid, ɛfiri Dan Wilson hɔ

Yei ne nteaseɛ a ɛsom bo a wɔde ama yɛn esiane Abraham apam no a wɔnam Nkɔnhyɛni Joseph Smith so de Aba bio nti. Enti sɛ wokenkan fa apam ho wɔ Apam Dada no mu a, mɛnnwene Onyankopɔn ne Abraham, Isak, ne Yakob abusuabɔ nko ara ho. Dwene abusuabɔ a Ɔne wo nso wɔ ho. Sɛ wokenkan bɔhyɛ a ɛfa asefoɔ a wɔntumi nkan wɔn ho a, mɛnnwene mpempem a ɛnnɛ wɔfrɛ Abraham wɔn agya no nko ara ho. Dwene Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde ama wo a ɛfa daa mmusua ne daa nkɔanim ho nso ho. Sɛ wokenkan agyapadeɛ asase ho bɔhyɛ ho asɛm a, mɛnnwene asase a wɔde hyɛɛ Abraham bɔ no nko ara ho. Dwene asase ankasa ɔsoro nkrabea nso ho—agyapadeɛ a wɔahyɛ ho bɔ ama “ahobrɛasefoɔ” a “wɔtwɛn Awurade” (Mateo 5:5; Nnwom 37:9, 11). Na sɛ wokenkan bɔhyɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ bɛhyira “asase so mmusua nyinaa” (Abraham 2:11), mɛnnwene Abraham anaa nkɔnhyɛfoɔ a wɔfiri ne mu no som adwuma nko ara ho. Dwene deɛ wobɛtumi ayɛ—sɛ Yesu Kristo apam kyidini—de ayɛ nhyira ama mmusua a wɔatwa wo ho ahyia no nso ho.