Kutawonsa 27–Ɔsanaa 2. ‘Mereyɛ a Adwuma Kɛseɛ”: Ezra’ 1; 3–7; Nehemia 2; 4–6; 8,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
Kutawonsa 27–Ɔsanaa 2. ‘Mereyɛ Adwuma Kɛseɛ,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
Mewɔ Adwuma Kɛseɛ Yɛ, ɛfiri Tyson Snow hɔ
Kutawonsa 27–Ɔsanaa 2: “Mereyɛ Adwuma Kɛseɛ”
Esra 1; 3–7; Nehemia 2; 4–6; 8
Na Yudafoɔ ayɛ nkoasomfoɔ wɔ Babylonia bɛyɛ mfeɛ70. Na wɔahwere Yerusalem ne tɛmpol no, na na bebree werɛ afiri wɔn ahofama ma Onyankopɔn mmara no. Nanso na Onyankopɔn werɛ mfirii wɔn. Nokorɛ, na ɔnam Ne nkɔnhyɛni so apae mu aka sɛ, “Mɛsra mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, ama moasan mo akyi ” (Yeremia 29:10). Nkɔnhyɛ yi nokorɛ nti, Awurade bɔɔ kwan maa Ne nkorɔfoɔ sanee wɔn akyi—kɔɔ Yerusalem ne titire no, wɔn apam nyinaa. Na Ɔtetee asomfoɔ a “wɔwiee adwuma kɛseɛ” (Nehemia 6:3): Amarado bi a na wɔfrɛ no Serubabel na ɔhwɛɛ Awurade fie no sie bio so. Esra, ɔsɔfo ne ɔtwerɛtwerɛfoɔ bi, boaa nkorɔfoɔ no maa wɔsan de wɔn akoma maa Awurade mmara no. Na Nehemia dii Yerusalem bammɔ afasuo no sie bio anim. Wɔhyiaa sɔretia, nanso wɔn nso nyaa mmoa firii mmea a na wɔn ani nna. Wɔn suahunu bɛtumi akasa na akanyan yɛn ɛfiri sɛ yɛn nso yɛreyɛ adwuma kɛseɛ. Na te sɛ wɔn deɛ no, yɛn adwuma no gyina Awurade fie so pii, Awurade mmara no, ne honhom mu bammɔ a yɛnya firi Ne mu.
Sɛ wopɛ Esra ne Nehemia nwoma no mu nsɛm nyinaa a, hwɛ “Esra” ne “Nehemia” wɔ Bible Dictionary no mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Ezra 1
Awurade kanyan nkorɔfoɔ ma Ne botaeɛ ba mu.
Persia dii Babilon so nkonim akyi no, Awurade kanyann Persia hene Siprus ma ɔsomaa Yudafoɔ kuo bi kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsi tɛmpol no bio. Berɛ a wokenkan Ezra 1no, hyɛ deɛ Siprus yɛ de boaa Yudafoɔ no wɔ saa adwuma kɛseɛ yi mu no nso. Sɛn na mohunu sɛ Awurade nam mmarima ne mmaa a wɔatwa mo ho ahyia so reyɛ adwuma, a nkorɔfoɔ a wɔnyɛ N’Asɔremma no ka ho? Deɛn na yei kyerɛ wo fa Awurade ne N’adwuma ho?
San hwɛ Yesaia 44:24–28.
Esra 3:8–13; 6:16–22
Awurade fie yɛ anigyeɛ bea.
Berɛ a Babilonfoɔ tohyɛɛ Yerusalem so no, wɔsɛee tɛmpol no hyee no koraa (hwɛ 2 Ahemfo 25:1–10; 2 Beresosɛm 36:17–19). Wodwene sɛ sɛ woyɛ Yudafoɔ a wɔhunuu yei no mu baako a, anka atenka bɛn na wobɛnya? (hwɛ Nnwom 137). Hyɛ sɛdeɛ Yudafoɔ no tee nka, mfeɛ bebree akyi, berɛ a wɔmaa kwan sɛ wɔnsan nkɔsi tɛmpol no bio no nso (hwɛ Ezra 3:8–13; 6:16–22). Ɛno bɛtumi akae wo ma woadwene w’ankasa atenka fa Awurade ne Ne fie ho. Adɛn nti na tɛmpol sie yɛ adeɛ a enti ɛsɛ sɛ wodi ahurisie?
Zerubbabel tɛmpol; nkyerɛmu firi Sam Lawlor hɔ
Esra 4–7; Nehemia 2; 4; 6
Onyankopɔn wɔ dwumadie bi a ɛho hia sɛ meyɛ.
Ɛntaa mma sɛ Awurade adwuma no nni sɔretia. Na yei yɛ nokorɛ wɔ Zerubbabel ne Nehemia mmɔdemmɔ mu. Ɔkwan tiawa bi a ɛbɛtumi aboa ama woasua biribi afiri saa nsɛm yi mu na woasusu sɛdeɛ wobɛtumi ayɛ Awurade adwuma, ɛmfa ho ne sɔretia nie:
Onyankopɔn adwuma ma Zerubbabel (Esra 4:3):
Onyankopɔn adwuma ma Nehemia (Nehemia 2:17–18):
Onyankopɔn adwuma ma me:
Sɔretia a Zerubbabel hyiaeɛ (Esra 4:4–24):
Sɔretia a Nehemia hyiaeɛ (Nehemia 2:19; 4:1–3, 7–8; 6:1–13):
Sɔretia a mehyia:
Sɛdeɛ Zerubbabel sɔɔ mu (Esra 5:1–2):
Sɛdeɛ Nehemia sɔɔ mu (Nehemia 2:20; 4:6, 9; 6:3–15):
Sɛdeɛ mɛtumi asɔ mu:
Sɛ wopɛ mmoa a wode Nehemia suahunu bɛtoto w’abrabɔ ho a, wobɛtumi asua Titenani Dieter F. Uchtdorf nkrasɛm “Yɛreyɛ Adwuma Kɛseɛ na Yɛrentumi Mma Fam” (Liahona, Kɔtɔnima 2009, 59–62), titire afa mmienu a ɛtwa toɔ no. Woredwennwene fa adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wo nsa ho no, wobɛtumi asua “Young Women Theme” anaasɛ “Aaronic Priesthood Quorum Theme” (Asɛmpa Akoraeɛ). Anaasɛ wobɛtumi ahwɛ dwom bi te sɛ“As Sisters in Zion” (Nnwom,, no. 309) anaasɛ “Ye Elders of Israel” (Nnwom,, no. 319) mu.
Wosusu sɛ deɛn na ɛkyerɛ sɛ wobɛnya “adwene a wode bɛyɛ adwuma” wɔ Agyenkwa no som mu? (Nehemia 4:6). Deɛn na ɛbɛtumi akyerɛ sɛ wowɔ “Onyankopɔn nsa pa wɔ [wo] so” berɛ a woreyɛ N’adwuma no? (Nehemia 2:8; san hwɛ Nehemia 2:18; Esra 7:6, 9, 27–28). Sɛn na woahunu Ne nsa wɔ wo mmɔdemmɔ a wode som No no mu?
Nehemia 8
Wɔhyira me berɛ a mesua twerɛnsɛm no.
Wɔ awoɔntoatoasoɔ pii mu no, na Yudafoɔ no ntumi nnya “Mose mmara nwoma no” (Nehemia 8:1). Wɔ Nehemia 8, Esra kenkan mmara no kyerɛ nkorɔfoɔ no. Deɛn na wohunu wɔ saa ti yi mu a ɛkyerɛ sɛdeɛ Esra ne ne nkorɔfoɔ tee nka wɔ Onyankopɔn ne N’asɛm ho? nkyekyɛmu 1–12). Deɛn na w’abrabɔ mu ɛkyerɛ sɛdeɛ wote nka fa Onyankopɔn ne N’asɛm ho?
San hwɛ Teachings of Presidents of the Church: Ezra Taft Benson (2014), 115–24.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Esra 3:8–13; 6:16–22
Awurade fie yɛ anigyeɛ bea.
-
Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo nkwadaa anigyeɛ a Yudafoɔ nyaeɛ berɛ a wɔsan sii wɔn tɛmpol no a, wobɛtumi de mfonin a ɛte sɛ deɛ ɛwɔ aseɛ ha yi akyerɛ wɔn. Kasa fa deɛ enti a saa nkorɔfoɔ yi ani bɛtumi agye sɛ wɔbɛwɔ Awurade fie ho. Wobɛtumi nso aka sɛnti a tɛmpol yɛ anigyeɛ bea ma wo akyerɛ wo nkwadaa. Sɛn na tɛmpol aboa wo ama woabɛn Soro Agya ne Agyenkwa no?
-
Berɛ a wo ne wo nkwadaa kenkan Esra 3:10–13 no, boa ma wɔnhwehwɛ nsɛmfua a ɛkyerɛ sɛdeɛ na Yudafoɔ no atenka teɛ berɛ a na wɔresi tɛmpol no. Sɛ moduru nkyekyɛmu 13awieeɛ a, ebia mobɛtumi ateam anigyeɛ mu abom. Boa wo nkwadaa ma wɔnnwene deɛ enti a ɛsɛ sɛ wɔn ani gye sɛ Awurade ama yɛn tɛmpol. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akyerɛ saa anigyeɛ no?
-
Dwene ho sɛ wo ne wo nkwadaa bɛto dwom bi a ɛfa tɛmpol ho, te sɛ “Welcome Home” (Asɛmpa Akoraeɛ) nkyekyɛmu a ɛtɔ so mmienu no. Nkyekyɛmu biara akyi no, wobɛtumi agyina kakra abisa abofra bi sɛ ɔnka biribi a n’ani gye ho wɔ tɛmpol ho. Mobɛtumi nso ahwɛ tɛmpol mfonin ahodoɔ berɛ a moreto dwom no.
Nehemia 2:17–20; 6:1–9
Awurade bɛboa me ama mayɛ “N’adwuma kɛseɛ.”
-
Wo ne wo nkwadaa nkyɛ Nehemia abasɛm no (hwɛ Nehemia 2:17–20; 6:1–9; or “Nehemia” wɔ Apam Dada Abasɛm mu, 173–74). Berɛ a wokenkan Nehemia 2:20no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi ‘asɔre’ na moayɛ mo ho sɛ mobɛboa ama wɔasisi Yerusalem fasuo no. Anaasɛ ebia wo nkwadaa ani bɛgye sɛ wɔde borɔɔko anaasɛ nneɛma afoforɔ bɛsi ɔfasuo. Berɛ a wɔyɛ no, wobɛtumi aboa wɔn ama wɔadwene nneɛma a ɛho hia a Ɔsoro Agya pɛ sɛ yɛyɛ ho.
1:38Nehemiah
-
Berɛ a mokenkan Nehemia 6:9no, ma wo nkwadaa mma wɔn nsa so berɛ a wɔte sɛ woka sɛ “yɛ me nsa den.” Ka berɛ bi a wotee nka sɛ Onyankopɔn yɛɛ wo nsa den de yɛɛ N’adwuma kyerɛ nkwadaa no.
Nehemia 8:1–12
Twerɛnsɛm no yɛ nhyira.
-
Kenkan kasasini bi den firi Nehemia 8:2–3, 5–6, 8–9, 12 a ɛkyerɛkyerɛ deɛ nkorɔfoɔ no yɛeɛ berɛ a wɔtee sɛ Esra rekenkan twerɛnsɛm no. Berɛ a mokenken no, wo nkwadaa bɛtumi ayɛ saa kasasini yi ho yɛkyerɛ. Afei mobɛtumi aka sɛdeɛ mote nka berɛ a mokenkan anaasɛ motie twerɛnsɛm no akyerɛ mo ho mo ho.
-
Berɛ a mokenken Nehemia 8:8bom no, wobɛtumi abisa wo nkwadaa no deɛ ɛboa wɔn ma wɔte twerɛnsɛm no ase. Kyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔde twerɛsɛm adesua nwoma te sɛ Guide to the Scriptures ne Topics and Questions (Asɛmpa Akoraeɛ) di dwuma. Ma wo nkwadaa ma nka biribi a wɔasua afa Agyenkwa no ho afiri twerɛsɛm no mu.
Hwehwɛ ɛnniawieeɛ nokorɛ wɔ twerɛnsɛm no mu. “Nsɛmpa nokorɛ ahyɛ twerɛsɛm no ma, nanso ɛtɔ da bi a ɛhia mmɔden a wɔde anigyeɛ na ɛhwehwɛ. Berɛ a mobom sua adeɛ firi twerɛnsɛm no mu no, twɛn na bisa wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no asɛmpa nokorɛ a wɔhyɛ no nso. Boa wɔn ma wɔnhunu sɛdeɛ saa nokorɛ yi fa Ɔsoro Agya nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ ho. Ɛtɔ da a, wɔka ɛnniawieeɛ nokorɛ wɔ twerɛnsɛm no mu, na ɛtɔ da nso a wɔyɛ ho mfonin wɔ nnipa a yɛkenkan wɔn ho asɛm no abasɛm ne wɔn abrabɔ mu. Ɛbɛtumi nso aboa sɛ mobɛbom ahwehwɛ nkyekyɛmu a worekenkan no abakɔsɛm mu akyigyina, ne nkyekyɛmu no nteaseɛ ne sɛdeɛ ɛfa yɛn ho nnɛ” (Teaching in the Savior’s Way, 22).
Sɛ wopɛ nsusuiɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.