Come, Follow Me
Ɔsanaa 24–30. “Mɛka Deɛ Wayɛ ama Me Kra”: Nnwom 49–51; 61–66; 69–72; 77–78; 85–86


“Ɔsanaa 24–30. ‘Mɛka Deɛ Wayɛ ama Me Kra’: Nnwom 49–51; 61–66; 69–72; 77–78; 85–86,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɔsanaa 24–30. ‘Mɛka Deɛ Wayɛ ama Me Kra,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Yesu kura kanea anadwo

Rekora Deɛ Na Ayera, ɛfiri Michael Malm hɔ

Ɔsanaa 24–30: “Mɛka Deɛ Wayɛ ama Me Kra”

Nnwom 49–51; 61–66; 69–72; 77–78; 85–86

Nnwom atwerɛfoɔ no kaa ankorankoro atenka a ɛmu dɔ wɔ wɔn anwensɛm mu. Wɔtwerɛ faa aba mu buo, ehu, ne ahonu a wɔtee nka ho. Ɛtɔ mmerɛ bi mpo a, na wɔte nka sɛ Onyankopɔn apo wɔn, na nnwom ahoroɔ bi kura ahoyera anaasɛ abasamtuo nne. Sɛ woate nka saa pɛn a, Nnwom akenkan bɛtumi aboa wo ma woahunu sɛ nyɛ wo nko ara. Nanso wobɛhunu nnwom nso a ɛbɛtumi ahyɛ wo nkuran berɛ a worenya atenka a ɛte saa, ɛfiri sɛ adwontofoɔ no san yii Awurade ayɛ wɔ Ne papayɛ ho, Ne tumi maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔn ani gyee wɔ Ne mmɔborɔhunu mu. Na wɔnim sɛ abɔnefosɛm ne bɔne yɛ yɛn adesoa nanso Awurade “yɛ, na wayɛ krado sɛ ɔdebɛkyɛ” (Nnwom 86:5). Wɔtee aseɛ sɛ, sɛ wowɔ gyidie wɔ Awurade mu a, ɛnkyerɛ sɛ wo ne dadwene, bɔne, anaasɛ ehu rempere da. Ɛkyerɛ sɛ wonim deɛ wobɛdane w’ani akyerɛ no berɛ a ɛsɛ mu.

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Nnwom 49; 62:5–12

Ɔgyeɛ nam Yesu Kristo nko ara so na ɛba.

Nnwom 49 wɔ nkrasɛm ma “wɔn a wɔwɔ fam ne wɔn a wɔkorɔn, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa” (nkyekyɛmu 2). Wobɛka sɛ saa nkrasɛm yi yɛ deɛn? Deɛn na wote nka sɛ Nnwom 62:5–12 de ka saa nkrasɛm no ho?

Nnwom yi kenkan bɛtumi akanyan wo ama woadwene akwan a wɔsɔ yɛn hwɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto biribi foforɔ so a ɛbɛgye yɛn asene Onyankopɔn (hwɛ Nnwom 49:6–7). Sɛn na w’adansedie sɛ “Onyankopɔn bɛgye [wo] kra afiri owuo tumi mu” no nya nkɛntɛnsoɔ wɔ w’abrabɔ so? (Nnwom 49:15).

Nnwom 51; 85–86

seminary ahyɛnsodeɛ
Esiane Agyenkwa no mmɔborɔhunu nti, wɔbɛtumi de akyɛ me.

Ɔhene Dawid twerɛɛ Nnwom 51 akyire yi a ɔhunuu sɛ ɔhia bɔne fafiri yie—biribi a yɛn nyinaa hia no. Nkyekyɛmu ahoroɔ bɛn na ɛkyerɛ atenka a woanya? Deɛn na wohunu wɔ saa nnwom yi mu a ɛma wo anidasoɔ wɔ bɔnefakyɛ mu?

Wobɛtumi nso ahwehwɛ Nnwom 51 mu apɛ adwensakyera asekyerɛ ho mpopoeɛ. Twerɛ deɛ wohunu no. Hwɛ sɛ ebia wobɛtumi de bi aka deɛ woatwerɛ no ho afiri Titenani Russell M. Nelson nkrasɛm “We Can Do Better and Be Better” (Liahona, Kɔtɔnima2019, 67–69).

Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ ɛteɛ mu sɛ obi nam Kristo so bɛnya bɔnefakyɛ? Sɛ wohia mmoa wɔ w’atenka nkyerɛkyerɛmu ho a, wobɛtumi ahwɛ Nnwom 51:1–2, 7–12; 85:2–9. Nnipa binom pɛ sɛ wɔyɛ anaasɛ wɔhwehwɛ mfonin de da wɔn atenka adi; wobɛtumi asɔ ahwɛ. Wobɛtumi nso ato anaasɛ atie dwom bi a ɛfa Agyenkwa no ho, te sɛ “I Stand All Amazed” (Nnwom, no. 193).

Sɛ yɛbɛsakyera a, yɛhia gyidie a ɛnyɛ sɛ Yesu Kristo bɛtumi ate yɛn ho nko ara na mmom nso sɛ Ɔbɛyɛ. Deɛn na wohunu wɔ Nnwom 86:5, 13, 15 a ɛboa wo ma wohunu sɛ Agyenkwa no wɔ tumi ne ɔpɛ nyinaa sɛ ɔde bɛkyɛ?

San hwɛ Alma 36; Peter F. Meurs, “He Could Heal Me!,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 39–41.

Nnwom 51:13–15; 66:5–20; 71:15–24

M’adanseɛ fa Yesu Kristo ho bɛtumi aboa afoforɔ ama wɔaba Ne nkyɛn.

Dwene sɛdeɛ wonyaa w’adanseɛ a ɛfa Yesu Kristo ne Ne mpata tumi ho no ho. Afei, berɛ a wosua Nnwom 51:13–15; 66:5–20; 71:15–24, dwene ho sɛdeɛ wobɛtumi ato nsa afrɛ afoforɔ ama wɔabɛhwɛ Onyankopɔn nnwuma” (Nnwom 66:5). Sɛ wobɛka deɛ [Awurade] ayɛ ama [wo] kra ho asɛm a” (Nnwom 66:16), deɛn na anka wobɛka?

Deɛn na “wobɛka [Ne] tenenee ho asɛm da mu nyinaa” ase kyerɛ wo? (Nnwom 71:24).

San hwɛ Alma 26.

abranteɛ a ɔne afoforɔ rekyɛ twerɛnsɛm no

“Bra bɛtie, na mɛka deɛ [Onyankopɔn] ayɛ ama me kra” (Nnwom 66:16).

Nnwom 63; 69; 77–78

Awurade bɛboa me wɔ m’ahohia mmerɛ mu.

Nnwom pii kyerɛkyerɛ sɛdeɛ ɛteɛ sɛ wobɛte nka sɛ wo ne Onyankopɔn ntam kwan ware na wohia Ne mmoa denneennen (hwɛ Nnwom 63:1, 8; 69:1–8, 18–21; 77:1–9). Wɔ Nnwom 6369; 77–78, deɛn na wohunu a ɛmaa adwontofoɔ no bɔhyɛ?

Sɛ woteetee a, sɛn na ɛboa wo ma “wokae Awurade nnwuma“ ne Ne “tete anwanwadeɛ ahoroɔ”? (Nnwom 77:11). Wɔakyerɛkyerɛ saa anwanwadeɛ no bi mu wɔ Nnwom 78. Berɛ a wokenkan wɔn ho asɛm no, dwene deɛ ɛboa wo ma ‘wode [w’anidasoɔ] si Onyankopɔn so ho” (nkyekyɛmu 7).

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Esiane sɛ Kwasiada yi yɛ Kwasiada a ɛtɔ so nnum wɔ bosome no mu nti, wɔhyɛ Primary akyerɛkyerɛfoɔ nkuran sɛ wɔmfa adesua dwumade a ɛwɔ “Nkekaho B: Yɛresiesie Nkwadaa ama Nkwa Nna Nyinaa wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so” nni dwuma.

Nwom 51; 86:5, 13, 15

Sɛ meyi deɛ ɛnyɛ a , Yesu bɛtumi aboa me ama masesa.

  • Sɛdeɛ ɛbɛboa wo nkwadaa ama wɔahunu adwensakra ho nokorɛ ahoroɔ wɔ Nnwom 51, wobɛtumi ayɛ akoma kɛseɛ mfonin bi. Afei wobɛtumi aboa wo nkwadaa ama wɔatwerɛ nneɛma bɔne a Satan sɔ yɛn hwɛ sɛ yɛnyɛ no wɔ akoma no mu. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛayi saa nneɛma yi afiri yɛn akoma mu? Ma wo nkwadaa nhwehwɛ asɛmfua “akoma” wɔ Nnwom 51:10, 17. Kasa fa deɛ saa nkyekyɛmu yi kyerɛkyerɛ fa adwensakyerɛ ho. Ma wo nkwadaa mpepa nsɛm a ɛwɔ akoma no mu na wɔntwerɛ nsɛm afoforɔ a ɛkyerɛkyerɛ akwan a Yesu bɛtumi afa so asesa yɛn berɛ a yɛsakyera.

  • Wobɛtumi aboa wo nkwadaa ama wɔahunu deɛ ɛkyerɛ sɛ wowɔ “akoma a abubuo na ɛdwoɔ ” (Nnwom 51:17). Wɔbɛtumi abubu biribi a ɛwɔ abona a ɛyɛ den te sɛ kosua anaasɛ aduaba mmaako mmaako. Wobɛtumi aboa wɔn ma wɔde abena no atoto nneɛma a ɛmma yɛnte Ɔsoro Agya dɔ nka ho. Sɛn na yɛbɛtumi abue yɛn akoma mu ama No?

  • Mobɛtumi nso abom ahwɛ Agyenkwa no mfonin na woabisa wo nkwadaa no nsɛm a wɔde bɛka Ne ho asɛm. Ma wɔnhwehwɛ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ Ne mu wɔ Nnwom 86:5, 13, 15. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛbɛhunu saa nneɛma yi afa Ne ho?

Nnwom 61:2–3

Yesu Kristo ne me botan.

  • Ebia wo nkwadaa ani bɛgye sɛ wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛwɔ Nnwom 61:2–3no mfonin. Sɛn na Yesu Kristo te sɛ “ɔbotan” a ɛware (nkyekyɛmu 2), “dwankɔhyɛbea,” ne “abantenten a ɛyɛ den”? (nkyekyɛmu 3).

abantenten a wɔde aboɔ asi

“Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den” (Nnwom 61:3).

Nnwom 66:16; 77:11; 78:6–7

“Mɛkae Awurade nnwuma.”

  • Ma wo nkwadaa no nkyɛ wɔn twerɛsɛm abasɛm a wɔn ani gye ho yie (mfonin a ɛfiri Gospel Art Book bɛtumi aboa). Deɛn na saa abasɛm ahoroɔ yi kyerɛ yɛn fa Agyenkwa no ho?” Mobɛtumi abom akenkan Nnwom 66:16 na moabua asɛmmisa “Deɛn na Awurade ayɛ ama me kra”? mmaako mmaako.

  • Berɛ a mokenkan Nnwom 77:11; 78:6–7 bom no, mobɛtumi ne mo ho mo ho akyɛ sɛdeɛ mobɔ mmɔden “kae Awurade nnwuma” (Psalm 77:11), a Ne nnwuma a ɛwɔ mo abrabɔ mu ka ho. Sɛn na adidikronkron no boa yɛn ma “yɛkae mmerɛ nyinaa”? (Moroni 4:3; 5:2).

Nnwom 71:8

Mɛtumi aka Yesu ho nsɛm akyerɛ afoforɔ.

  • Wo ne wo nkwadaa akenkan Nnwom 71:8 akyi no, ma wɔnyɛ ano kɛseɛ bi mfonin. Ma wɔmmoa wo na momfa mfonin anaasɛ nsɛm a ɛgyina hɔ ma nneɛma a yɛbɛtumi aka akyerɛ afoforɔ fa Yesu Kristo ho “nhyehyɛ” ano no mu.

  • Wobɛtumi de Yesu Kristo mfonin bi akyerɛ wɔn ahyia. Onipa a ɔkura mfonin no bɛtumi aka adeɛ baako a wɔnim fa Ne ho. Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforɔ ama wɔahunu saa nneɛma yi?

Nkwadaa wɔ pii a wɔbɛkyɛ. “Sɛ nkwadaa sua biribi foforɔ a, wɔtaa pɛ sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ afoforɔ. Hyɛ saa ɔpɛ yi mu kena berɛ a woma nkwadaa akwanya ma wɔkyerɛkyerɛ asɛmpa no nnyinasosɛm kyerɛ wɔn ho, wɔn abusuafoɔ, ne wɔn nnamfonom. Afei nso ma wɔne wo nkyɛ wɔn nsusuiɛ, atenka, ne suahunu a ɛfa nnyinasosɛm a worekyerɛkyerɛ no ho. Wobɛhunu sɛ wɔwɔ nhunumu a ɛyɛ tiawa, korɔgyenn na ɛwɔ tumi” (Rekyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so32).

Nnwom 86:7

Ɔsoro Agya tie na ɔbua me mpaebɔ.

  • Nnwom no mu dodoɔ no te sɛ mpaebɔ ma Onyankopɔn. Berɛ a wo ne wo nkwadaa rekenkan Nnwom no, wobɛtumi akyerɛ wɔn nneɛma a yɛbɛtumi ne nnipa a wɔwɔ akyirikyiri de adi nkutaho, te sɛ telefon anaasɛ krataatwerɛ. Afei kenkan Nnwom 86:7. Sɛn na “yɛsu frɛ” Soro Agya? Sɛn na Ɔbua yɛn?

  • Mobɛtumi abom ato dwom a ɛfa mpaebɔ ho, te sɛ “A Child’s Prayer” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 12–13; san hwɛ Susan H. Porter, “Pray, He Is There,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 77–79). Monka mmerɛ a Onyankopɔn buaa mo mpaebɔ nkyerɛ mo ho mo ho.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma

Yesu mfonin

Bra Kristo nkyɛn, ɛfiri Casey Childs hɔ

Primary dwumadie krataafa: Sɛ meyi deɛ ɛnyɛ a, Yesu bɛtumi aboa me ama masesa