Come, Follow Me
Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka Adwene mu: Rekenkan Anwensɛm wɔ Apam Dada mu


“Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka Adwene mu: Rekenkan Anwensɛm wɔ Apam Dada mu” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Rekenkan Anwensɛm wɔ Apam Dada mu,” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka Adwene mu

Rekenkan Anwensɛm wɔ Apam Dada mu

Wɔ Apam Dada nwoma ahodoɔ a ɛfiri Gyenesis kɔsi Ester mu no, yɛhunu abasɛm dodoɔ no ara—asɛm a wɔka a ɛkyerɛkyerɛ abakɔsɛm mu firi honhom mu nhumu mu Noa yɛɛ apam adaka, Mose gyee Israelfoɔ, Hanna bɔɔ mpaeɛ pɛɛ ɔbabarima, ne ade. Ɛfiri Hiob so, yɛhunu ntwereɛ su foforɔ. Wɔ nwoma ahodoɔ yi mu no, Apam Dada atwerɛfoɔ dane kɔɔ anwensɛm kasa so de kyerɛɛ atenka a ɛmu dɔ anaasɛ nkɔnhyɛ akɛseɛ wɔ ɔkwan a wɔbɛkae so.

Yɛahunu anwensɛm ho nhwɛsoɔ kakra bi a wɔapete wɔ Apam Dada mu abakɔsɛm nwoma ahodoɔ no nyinaa mu dada. Firi Hiob nwoma no kɔ aim no, yɛbɛhunu bebree. Ɛkame ayɛ sɛ Hiob, Nnwom, ne Mmebusɛm nwoma no nyinaa yɛ anwensɛm, sɛdeɛ nkɔnhyɛ nwoma te sɛ Yesaia, Yeremia, ne Amos afa ahodoɔ nso teɛ. Ɛsiane sɛ anwensɛm kenkan da nso firi abasɛm kenkan ho nti, ne nteaseɛ no taa hia kwan foforɔ. Adwenkyerɛ binom a ɛbɛtumi aboa ama woate Apam Dada anwensɛm ase yie nie.

Hebri Anwensɛm Hunu

Ɛdi kan, ɛbɛtumi aboa wo ama woahunu sɛ Hebri anwensɛm a ɛwɔ Apam Dada mu no nnyina nnyegyeɛ a ɛsɛ so, te sɛ anwensɛm afoforɔ binom. Na ɛwom sɛ nnyegyeɛ nhyehyɛeɛ, nsɛmfuagorɔ, ne nnyegyeɛ nsisoɔ yɛ nneɛma a ɛwɔ tete Hebri anwensɛm mu deɛ, nanso saa nneɛma yi yera wɔ nkyerɛaseɛ mu. Nanso, adeɛ baako a wobɛhunu yɛ adwene anaasɛ nsusuiɛ ahodoɔ nsisoɔ, a ɛtɔ mmerɛ bi a wɔfrɛ no “nsɛdie.” Nhwɛsoɔ tiawa bi a ɛfiri Yesaia nie:

Fa w’ahoɔden hyɛ, O Sion;

fa wo ntaadeɛ fɛɛfɛ hyɛ, O Yerusalem. (Ysaia 52:1)

Nnwom 29 wɔ nsɛdie bebree—nhwɛsoɔ:

Awurade nne wɔ tumi;

Animuonyam ahyɛ Awurade nne ma. (Nnwom 29:4)

Na nhwɛsoɔ bi a berɛ a worehunu sɛ nsensanneɛ a ɛtɔ so mmienu ne deɛ ɛdi kan no di nsɛ no ma ɛyɛ mmrɛ sɛ wobɛte asɛm no ase nie:

Masan ama mo ɛse ho teɛ wɔ mo nkuro nyinaa mu,

ne aduanekɔm wɔ mo tenabea nyinaa mu. (Amos 4:6)

Wɔ nhwɛsoɔ ahodoɔ yi mu no, kasadwumfoɔ no sii adwene bi so a nsonoeɛ kakra wom. Saa nimdeɛ yi bɛtumi asi adwene nsisoɔ no so dua na ɛde nsonoeɛ ahodoɔ no adi dwuma de akyerɛkyerɛ mu yie anaasɛ ama ayɛ kɛse.

Wɔ nsɛm afoforɔ mu no, kasamu mmienu a ɛdi nsɛ no de kasa a ɛsɛ di dwuma de da nsusuiɛ ahodoɔ a ɛbɔ abira adi, te sɛ deɛ ɛwɔ nhwɛsoɔ yi mu no:

Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ:

na nsɛm dennen hwanyan abufuo mu. (Mmebusɛm 15:1)

Saa nsɛdie yi ansi ara kwa. Atwerɛfoɔ no hyɛɛ da yɛeɛ. Ɛboaa wɔn ma wɔde tumi ne fɛ nyinaa daa honhom fam atenka anaasɛ nokorɛ ahodoɔ adi. Enti sɛ wohunu nsɛdie ɛwɔ Apam Dada ntwerɛeɛ mu a, bisa wo ho sɛdeɛ ɛboa wo ma wote ɔtwerɛfoɔ no nkrasɛm ase. Nhwɛsoɔ, deɛn na na Yesaia rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛka berɛ a ɔde “ahoɔden” toto “ntaadeɛ fɛɛfɛ” ho ne “Sion” toto “Yerusalem” ho? (Yesaia 52:1). Deɛn na yɛbɛtumi aka afa kasasin “mmuaeɛ bɔkɔɔ” ho sɛ yɛnim sɛ “nsɛm dennen” ne no bɔ abira a? (Mmebusɛm 15:1).

Apam Dada twerɛfoɔ bi a ɔkura twerɛdua ne nwoma mmobɔeɛ

He Restoreth My Soul, ɛfiri Walter Rane hɔ

Hebri Anwensɛm sɛ Adamfoɔ Foforɔ bi

Ebinom de anwensɛm kenkan toto onipa foforɔ bi hyia ho. Apam Dada mu anwensɛm kenkan saa berɛ no bɛtumi ayɛ te sɛ deɛ yɛahyia obi a ɔfiri akyirikyiri man ne amannɔne ahɔhoɔ bi mu a ɔka kasa soronko firi yɛn deɛ ho—na ayɛ sɛ wadi boro mfeɛ mpem mmienu. Ebia saa onipa yi bɛka nsɛm a yɛnte aseɛ mfitiaseɛ no, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔnni biribi a ɛsom bo a ɔbɛka. Deɛ ɛhia ne sɛ yɛbɛnya berɛ ama wɔn, abɔ mmɔden sɛ yɛbɛhunu nneɛma sɛdeɛ wɔhunu. Ebia yɛbɛhunu sɛ wɔ yɛn akomam no, yɛte yɛn ho yɛn ho ase yie. Na sɛ yɛnya aboterɛ ne ahummɔborɔ a, awieeɛ no, yɛn adamfo foforɔ no bɛtumi abɛyɛ adamfoɔ dɔfoɔ.

Enti sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ wokenkan Yesaia nsɛm bi a, fa no sɛ wo nnianim asɛm a ɛdi kan a wode bɛma adamfoɔ foforɔ no. Bisa wo ho sɛ, “M’adwene nyinaa ne sɛn?” Atenka bɛn na asɛm no ma wo nya—sɛ mpo wonte asɛmfua biara ase a? Ɛnneɛ kan no bio, sɛ ɛbɛtumi a mpɛn pii. Dwene ho sɛ wobɛkenkan no den; ebinom nya nteaseɛ foforɔ wɔ saa kwan no so. Hyɛ nsɛmfua pɔtee a Yesaia yiyiiɛ no nso, titire nsɛmfua a ɛtwa mfonin bi wɔ w’adwene mu. Atenka bɛn na saa mfinin no ma wonya? Deɛn na ɛsusu fa Yesaia atenka ho? Mpɛn dodoɔ a wosua Apam Dada atwerɛfoɔ yi nsɛm no, mpɛn dodoɔ no na wobɛhunu sɛ wɔhyɛɛ da yiyii wɔn nsɛm ne nimdeɛ de akyerɛ honhom mu nkransɛm a ɛmu dɔ.

mmaa mmienu a wɔresua twerɛnsɛm

Anwensɛm bɛtumi ayɛ nnamfoɔ nwanwasoɔ ɛfiri sɛ wɔboa yɛn ma yɛte yɛn atenka ne suahunu ase. Apam Dada mu anwensɛm som bo yie ɛfiri sɛ wɔboa yɛn ma yɛte yɛn atenka ne suahunu ahodoɔ a ɛho hia pa ara ase—deɛ ɛbata yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho.

Sɛ woresua Apam Dada mu anwensɛm a, kae sɛ twerɛsɛm sua som bo yie berɛ a ɛde yɛn kɔ Yesu Kristo nkyɛn. Hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, mfonin, ne nokorɛ a ɛma wo gyedie nyini wɔ Ne mu. Tie nkanyan firi Sunsum Kronkron no hɔ berɛ a wosua.

Nyansa Kasadwini

Apam Dada mu anwensɛm kuo baako ne deɛ nwomanimfoɔ frɛ no “nyansa kasadwini.” Hiob, Mmebusɛm, ne Ɔsɛnkafoɔ ka saa kuo yi ho. Berɛ a nnwom da nkamfoɔ, awerɛhoɔ, ne ɔsom atenka adi no, nyansa kasadwini twe adwene si afotuo a enniawieeɛ anaasɛ nyansapɛ nsɛmmisa a ɛmu dɔ so. Hiob nwoma no sei, hwehwɛ Onyankopɔn atemmuo ne deɛ enti a nnipa hunu amane mu. Mmebusɛm ma afotuo wɔ sɛdeɛ yɛbɛbɔ abrabɔ pa, a nyansasɛm a wɔaboa ano firi kane awoɔntoatoasoɔ so ka ho. Na Ɔsɛnkafoɔ bisa abrabɔ ankasa botaeɛ—berɛ a ayɛ sɛ biribiara twam berɛ tiawa mu na ɛnni nhyehyɛeɛ no, ɛhe na yɛnya nteaseɛ ankasa? Wobɛtumi afa nyansa kasadwini sɛ afotufoɔ a wɔma nkanyan a wɔpɛ sɛ wɔkyɛ deɛ wɔahunu fa Onyankopɔn ne wiase a Ɔbɔeɛ ho—na ebia wɔboa ma wote saa nneɛma yi ase yie kakra sene kane no nyansa nkɔmmɔbɔ.