Come, Follow Me
Ɔsanaa 17–23. “Awurade Ne Me Hwɛfoɔ”: Nnwon 1–2; 8; 19–33; 40; 46


Ɔsanaa 17–23. ‘Awurade Ne Me Hwɛfoɔ’: Nnwom 1–2; 8; 19–33; 40; 46,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

Ɔsanaa 17–23. ‘Awurade Ne Me Hwɛfoɔ,’” Bra, Di M’akyi Me: Apam Dada 2026

Yesu di nnwan anim

Awurade Ne Me Hwɛfoɔ, ɛfiri Yongsung Kim hɔ Mfonin no firi havenlight.com

Ɔsanaa 17–23:“Awurade Ne Me Hwɛfoɔ”

Nnwom 1–2; 8; 19–33; 4046

Yɛnnim onipa ko pɔtee a ɔtwerɛɛ Nnwom no. Wɔkyerɛ sɛ ebi yɛ Ɔhene Dawid dea, nanso wɔn mu dodoɔ no ara wɔnnim atwerɛfoɔ no din. Nanso sɛ yɛkenkan Nnwom no wie a, yɛte nka sɛ yɛnim adwontofoɔ no akoma, sɛ yɛnnim wɔn din mpo a. Yɛnim sɛ na Nnwom no yɛ ɔsom fa a ɛho hia wɔ Israelfoɔ no mu, na yɛnim sɛ Agyenkwa no kaa emu asɛm mpɛn pii. Wɔ Nnwom no mu no, yɛnya nteaseɛ wɔ Onyankopɔn tete nkorɔfoɔ kra mu. Yehunu sɛdeɛ wɔtee nka wɔ Onyankopɔn ho, deɛ na ɛha wɔn, ne sɛdeɛ wɔnyaa asomdwoeɛ. Sɛ ɛnnɛ wiase agyidifoɔ nyinaa no, yɛda so de saa nsɛm yi di dwuma wɔ Onyankopɔn sɔreɛ mu. Ɛkame ayɛ sɛ na Nnwom atwerɛfoɔ no wɔ nteaseɛ bi wɔ yɛn akra mu, ɛfiri sɛ wɔkyerɛɛ sɛdeɛ yɛte nka wɔ Onyankopɔn ho, deɛ yɛha yɛn ho wɔ ho, ne sɛdeɛ yɛnya asomdwoeɛ.

Sɛ worepɛ Nnwom nwoma nsɛm nyinaa a, hwɛ “Psalms” wɔ Bible Dictionary.

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Nnwom 1; 23; 26–2846

“Manya awerɛhyem wɔ Awurade mu.”

Berɛ a wokenkan Nnwom no, wobɛtumi ahunu sɛdeɛ atwerɛfoɔ no taa da ehu, awerɛhoɔ, anaasɛ dadwene adi. Saa atenka no yɛ adeɛ a ɛwɔ hɔ, mpo wɔ nnipa a wɔwɔ gyidie fam. Nanso deɛ ɛma Nnwom no yɛ nkanyan ne sɛ ɛsan ma mmuaeɛ a ɛkanyan, a Awurade mu ahotosoɔ a ɛdi mu ka ho. Berɛ a wokenkan Nnwom 1; 23; 26–2846, twerɛ yei to hɔ:

  • Nsatofrɛ sɛ yɛmfa yɛn ho nto Awurade so.

  • Nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ Ɔteɛ.

  • Nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ asomdwoeɛ, ahoɔden, ne nhyira afoforɔ a Ɔde ma.

  • Nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ nnipa a wɔde wɔn ho to Ne so teɛ.

Afei nso hwehwɛ mfonin titire ne nsɛnkyerɛnneɛ a Nnwom de kyerɛkyerɛ fa Agyenkwa no ho. Nhwɛsoɔ, wɔ Nnwom 23, deɛn na kasasin ahoroɔ te sɛ “da adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm” anaasɛ “nsuo a ɛdwoɔ” (nkyekyɛmu 2) de ba adwene mu? Deɛn na “dadeɛ” ne “poma” a ɛkyekye werɛ (nkyekyɛmu 4) no bɛtumi akyerɛ? Deɛn na yɛn “kuruwa” (nkyekyɛmu 5) yɛ ma bu so aseɛ bɛtumi akyerɛ?

Nnwom 222

Yesu Kristo ne Mesaia a wɔahyɛ Ne ho bɔ no.

Nnwom no mu pii twe adwene si Yesu Kristo asase so asetena so. Akristofoɔ a wɔwɔ Apam Foforɔ mmerɛ mu nso hunuu saa ayɔnkofa yi. Dwene ho sɛ wobɛkenkan twerɛnsɛm mfatoho a ɛdidi soɔ yi. Hwehwɛ ayɔnkofa a ɛda nsɛm a ɛwɔ saa nnwom yi ne Agyenkwa no asetena mu ntam.

  • Nnwom 2:1–3 ne Asomafoɔ 4:24–28

  • Nnwom 2:7 ne Asomafoɔ 13:30–33

  • Nnwom 22:1 ne Mateo 27:45–46

  • Nnwom 22:7–8 ne Mateo 27:39–43

  • Nnwom 22:16 ne Luka 23:32–33

  • Nnwom 22:18 ne Mateo 27:35

  • Nnwom 31:5 ne Luka 23:46

Deɛn na wosua firi saa ayɔnkofa yi mu? Twerɛnsɛm mu nkɔhyɛ ne bɔhyɛ ahoroɔ bɛn na ɛnnya mmaa mu? Deɛn na wohunu wɔ bɔhyɛ ahoroɔ yi mu a ɛma wonya daakye ho anidasoɔ?

asubɔntene bi ne abotan

Nnwom 8; 1933

“Awurade papayɛ ahyɛ asase so ma.”

Worekenkan Nnwom 8; 1933 bɛtumi akanyan wo ama woadwene Awurade abɔdeɛ nwanwasoɔ bebree ho. Tie w’atenka yie berɛ a woyɛ saa no. Ebia mobɛpɛ sɛ moto anaasɛ modwene dwom bi mu nsɛm a ɛfa nnwom yi ho, te sɛ “How Great Thou Art” (Nnwom, 86). Sɛn na Awurade abɔdeɛ ahoroɔ “ka Onyankopɔn animuonyam” kyerɛ mo? (Nnwom 19:1).

Nnwom afoforɔ a Nnwom kanyan wɔn no bi nie:

  • Nnwom 23:Awurade Ne Me Hwɛfoɔ” (Nnwom, no. 108)

  • Nnwom 23:6150:Praise to the Lord, the Almighty” (Nnwom, no. 72)

  • Nnwom 26:8:We Love Thy House, O God” (Nnwom, no. 247)

  • Nnwom 27:1:The Lord Is My Light” (Nnwom, no. 89)

  • Nnwom 33:1–6; 95:1–6:For the Beauty of the Earth” (Nnwom, no. 92)

  • Nnwom 37:3–9:Be Still, My Soul” (Nnwom, no. 124)

  • Nnwon 148:All Creatures of Our God and King” (Nnwom, no. 62)

Fa nnwom yɛ President Dallin H. Oaks kaa sɛ: “Nnwontoɔ yɛ ɔkwan papa baako a yɛfa so de yɛn ho hyɛ Awurade Honhom no. Nnwom kronkron wɔ tumi soronko bi a ɛma yɛka yɛn dɔ a yɛwɔ ma Awurade no ho asɛm. Nkutahodie a ɛte sei yɛ mmoa a ɛyɛ nwanwa ma yɛn som. Yɛn nnwom no kura nkyerɛkyerɛ asɛnka a ɛso bi nni hɔ, a twerɛnsɛm no nko ara na ɛboro so wɔ wɔn nokorɛ ne anwensɛm nkɛntɛnsoɔ mu” (“Worship through Music,” Ensign, Obubuo 1994, 10, 11). Nnwom bɛn na ɛfa Nnwom ho a wobɛtumi atie anaasɛ ato de ama wo som ayɛ kɛse nnawɔtwe yi?

Nnwom 19:7–1129

Awurade asɛm wɔ tumi, “ɛma akoma anigyeɛ.”

Wɔ Nnwom mu, nsɛmfua te sɛ adansedie, mmara ahoroɔ, mmarasɛm, ne atemmuo bɛtumi agyina hɔ ama Awurade asɛm. Kae ɛno berɛ a wokenkan Nnwom 19:7–11. Deɛn na nkyekyɛmu ahoroɔ yi kyerɛ wo fa Awurade asɛm ho? Deɛn na Nnwom 29 kyerɛ wo fa Ne nne ho? Wɔ wo suahunu mu no, sɛn na Awurade asɛm anaasɛ ne nne ne saa nkyerɛkyerɛmu yi akɔ?

Nnwom 24; 26–27

seminary ahyɛnsodeɛ
Agyenkwa no bɛtumi aboa me ama me ho ate na matumi akɔ Onyankopɔn anim.

Esiane sɛ wɔsii Yerusalem tɛmpol no wɔ bepɔ so nti, kasasin “Yehowa bepɔ” (Psalm 24:3) bɛtumi akyerɛ tɛmpol anaasɛ Onyankopɔn anim. Deɛn na yei de ka wo nteaseɛ a ɛwɔ Nnwom 24ho? Deɛn na ɛkyerɛ wo sɛ wobɛnya “nsa a efi nni ho, ne akoma korɔgyenn”? (nkyekyɛmu 4). Sɛ wokenkan Nnwom 26–27a, deɛn bio na wosua fa Awurade fie ho?

Ɛtɔ mmerɛ bi a, yɛn abam bɛtumi abu sɛ yɛbɛte sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ho te ansa na yɛatumi akɔ Onyankopɔn anim. Ne nyinaa akyi no, yɛn nyinaa di aperepere, na yɛn mu biara nni hɔ a ɔwie pɛyɛ. Anidasoɔ bɛn na wohunu wɔ Elder David A. Bednar nkrasɛm “Nsa a efi Nni ho ne Akoma Korɔgyennmu”? (Liahona, Obubuo 2007, 80–83). Sɛn na wobɛtumi de ne nkrasɛm no aboa obi a ɔte nka sɛ pɛyɛ a ɔrepɛ no ahyɛ ne so? Dwene sɛdeɛ wobɛtumi anya Agyenkwa no mmoa wɔ wo mmɔdemmɔ mu de anya “nsa a efi nni ho, ne akoma a ɛmu te.”

San hwɛ Bradley R. Wilcox, “Worthiness Is Not Flawlessness,” Liahona, Obubuo 2021, 61–67.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Nnwom 23; 27–28; 3246

Awurade ma me asomdwoeɛ, ahoɔden ne akwankyerɛ.

  • Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ Awurade ne Ma wo nkwadaa nhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so de twerɛnsɛm te sɛ yeinom awie kasamu no: Nnwom 23:1; 27:1; 28:1; 28:7; 32:7; 46:1. Deɛn na saa nkyekyɛmu yi kyerɛ fa sɛdeɛ Awurade bɛtumi aboa yɛn ho?

  • Wobɛtumi ne wo nkwadaa akasa afa deɛ odwammaa hia na ama wanya ahobammɔ ne apɔmuden ho. Afei, berɛ a mobom kenkan Nnwom 23, boa wo nkwadaa ma wɔmfa deɛ odwanhwɛfoɔ yɛ ma odwammaa no ntoto deɛ Yesu yɛ ma yɛn ho. Deɛn na yɛhia na ama yɛanya honhom fam ahobammɔ ne apɔmuden? Mommom nto dwom bi a ɛbɛtumi ama wɔn nsusuiɛ, te sɛ “I Feel My Savior’s Love” (Nkwadaa Nnwom nwoma,, 74–75).

Concepción Chile Tɛmpol

Concepción Chile Tɛmpol

Nnwom 24:3–4

Sɛ yɛbɛkɔ tɛmpol a, yɛhia “nsa a efi nni ho, ne akoma a ɛmu te.”

  • Berɛ a mokenkan Nnwom 24:3 bom no, wo nkwadaa bɛtumi ahwehwɛ nsɛmfua a ɛkae wɔn tɛmpol. Wɔbɛtumi nso ahwɛ tɛmpol mfonin bi. Afei mobɛtumi abom akenkan nkyekyɛmu 4 de asua deɛ ɔbɛtumi akɔ tɛmpol ho asɛm. Mobɛtumi akasa afa sɛdeɛ nsa ho yɛ fi ne sɛdeɛ yɛhohoro ho. Sɛn na yɛyɛ yɛn ho fi wɔ honhom mu? Sɛn na Agyenkwa no boa te yɛn ho wɔ honhom mu?

Nnwom 30:5

Yesu Kristo bɛtumi adane awerɛhoɔ ayɛ no anigyeɛ.

  • Sɛ wowɔ nkwadaa nkumaa a, wobɛtumi ama wɔayɛ te sɛ deɛ wɔresu berɛ a wokenkan firi Nnwom 30:5, “Osu bɛwɔ hɔ anadwo.” Afei ma wɔnkyerɛ anigyeɛ berɛ a wokenkan, “Nanso anigyeɛ ba anɔpa.” Ti saa kasasin yi mu mpɛn kakra.

  • Kyerɛ wo nkwadaa Agyenkwa no mfonin, na ka deɛ Wayɛ ama wo a ɛde anigyeɛ brɛ wo. Wobɛtumi nso ama akwadaa biara kwan ama wɔakura mfonin no na wɔaka deɛ Yesu ayɛ a ɛde anigyeɛ brɛ wɔn.

Nnwom 46:10

“Monyɛ Komm, na Monhunu Sɛ Mene Onyankopɔn”

  • Boa wo nkwadaa ma wɔnkyere nsensaneeɛ a ɛdi kan wɔ Nnwom 46:10: “Monyɛ Komm na Monhunu Sɛ Mene Onyankopɔn” ngu wɔn tirim. “Monyɛ komm” asekyerɛ ne sɛn? Ebia mobɛtumi de mmerɛ kakra asua sɛdeɛ mobɛyɛ komm. Mobɛtumi nso ne mo ho mo ho akyɛ suahunu ahoroɔ a moanya berɛ a “kommyɛ” hyɛɛ mo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den. Boa wo nkwadaa ma wɔnnwene mmerɛ bi wɔ da a no mu a wɔbɛtumi “ayɛ komm” ama wɔate nka sɛ wɔbɛn Ɔsoro Agya no ho.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma mwoma mu.

Agyenkwa no kura odwammaa

Odwanhwɛfoɔ Pa No, ɛfiri Eva Timothy hɔ

Primary dwumadie krataafa: Yesu Kristo yɛ me Hwɛfoɔ