Come, Follow Me
Ɔsanaa 3–9. “Woaba wɔ Berɛ a Ɛte Sei mu”: Ester


“Ɔsanaa 3–9. ‘Woaba wɔ Berɛ a Ɛte Sei mu”: Esther,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɔsanaa 3–9. ‘‘Woaba wɔ Berɛ a Ɛte Sei mu,’” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026

Ester abu nkotodwe wɔ ɔhene no anim

Ɔhemmaa Ester gye Yehowa Nkorɔfoɔ, ɛfiri Sam Lawlor hɔ

Ɔsanaa 3–9: “Woaba wɔ Berɛ a Ɛte Sei mu”

Ester

Ebia nsɛm pii a ɛsisii wɔ Ester nwoma no mu bɛyɛ te sɛ ahutuo anaasɛ deɛ ɛbaeɛ ara kwa. Ɔkwan foforɔ bɛn so na wokyerɛkyerɛ sɛdeɛ Yudani abaayewa bi a ɔyɛ agyanka bɛyɛɛ Persia hemmaa wɔ berɛ a ɛfata mu de gyee ne nkorɔfoɔ firii awudie mu? Sɛn na ɛbɛtumi aba sɛ Ester busuani Mordekai bɛte ɛpɔ a wɔabɔ sɛ wɔbɛkum ɔhene no? Na yeinom yɛ deɛ ɛbaeɛ ara kwa, anaasɛ na ɛka ɔsoro nhyehyɛeɛ ho? Elder Ronald A. Rasband hunuu sɛ: “Deɛ ebia ɛbɛyɛ te sɛ deɛ ɛbaeɛ ara kwa no, nokorɛ mu, Agya dɔfoɔ a ɔwɔ Soro hwɛ so. Awurade nim nkyerɛmu nketenkete a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu” (“By Divine Design,” Liahona, Obubuo 2017, 56). Ebia ɛnyɛ berɛ biara na yɛbɛhunu Awurade nkɛntɛnsoɔ wɔ saa “nkyerɛmu nketenkete” yi mu. Nanso yɛsua firi Ester suahunu mu sɛ Ɔbɛtumi akyerɛ yɛn kwan na wasiesie yɛn “ama berɛ a ɛte saa” (Ester 4:14) berɛ a yɛbɛtumi ayɛ nnwinnadeɛ wɔ Ne nsam ama Ne botaeɛ ahodoɔ aba mu.

Sɛ worepɛ Ester nsɛm nyinaa a, hwɛ “Esther, book of” wɔ Bible Dictionary no mu.

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Ester

seminary ahyɛnsodeɛ
Awurade de me kɔ tebea ahodoɔ a mɛtumi ahyira afoforɔ mu.

Titenani Dieter F. Uchtdorf kyerɛkyerɛɛ sɛ yɛn mu biara “gyina bea soronko na yɛwɔ adwuma a ɛhia a [yɛn] nko ara na yɛbɛtumi ayɛ. Awurade wɔ sɛnti a ɔde asodie ahodoɔ hyɛɛ wo nsa Ebia nkorɔfoɔ ne akoma bi wɔ hɔ a wo nko ara na wobɛtumi ahunu na woaboa wɔn. Ebia obiara nso ntumi nyɛ no sɛdeɛ wobɛtumi ayɛ no” (“Lift Where You Stand,” Liahona, Obubuo 2008, 56).

Berɛ a wokenkan Ester abasɛm no, dwene sɛedɛ saa asɛm yi fa ne ho. Hwehwɛ akwan a Awurade boa maa ɔtumi de gyee Yudafoɔ no (hwɛ, saa nhwɛsoɔ yi, Ester 2:21–23; 3:10–14; 4:14–16). Afei dwene sɛdeɛ Wama wo akwanya ahodoɔ sɛ fa boa afoforɔ. Tebea anaasɛ abusuabɔ ahodoɔ bɛn na Wakyerɛ wo kwan “ama berɛ a ɛte sei”? (Ester 4:14). Sɛ wowɔ agyapanin nhyira a dwene ho sɛ wobɛkenkan na woasua bebree afa adwuma a Awurade wɔ ma wo sɛ yɛ ho. Deɛn na wobɛtumi ayɛ ama adwuma no aba mu?

San hwɛ “Ma Berɛ a Ɛte Sei” (sini), ChurchofJesusChrist.org.

13:44

For Such a Time as This

Yɛsua adeɛ bebree wɔ ne yɛ mu sene ne tie mu. Elder David A. Bednar tuu akyerɛkyerɛfoɔ fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛn adwene yɛ sɛ ‘Deɛn na menka nkyerɛ wɔn?’ Mmom, asɛmmisa a ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho ne sɛ ‘Deɛn na mɛtumi afrɛ wɔn ma wɔabɛyɛ? Nkanyan nsɛmmisa bɛn na mɛtumi abisa a, sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛbua a, ɛbɛhyɛ aseɛ afrɛ Honhom Kronkron no aba wɔn abrabɔ mu?’” (wɔ Teaching in the Savior’s Way25). Sɛ worekyerɛ w’abusua anaasɛ gyinapɛn bi adeɛ fa Ester ho a, deɛn na wobɛtumi ama wɔayɛ a ɛbɛboa ama wɔasua adeɛ?

Mordekai rehwɛ Haman a ɔte pɔnkɔ so nam mmɔnten so

“Na Haman hunuu sɛ Mordekai ankoto ansɔre no no, abufuo hyɛɛ Haman ma” (Ester 3:5).

Ester 3; 5:9–147

Ahomasoɔ ne abufuo bɛtumi de ahweaseɛ aba.

Wɔ Ester nwoma mu no, yɛsua adeɛ firi Ester ne Mordekai nokorɛdie mu, nanso yɛsan sua adeɛ firi Haman ahomasoɔ ne abufuo mu. Berɛ a wokenkan Ester 3; 5:9–14, no,hyɛ Haman atenka, nsɛm, ne nneyɛɛ nso. Deɛn na wɔda no adi fa ne ho ne deɛ ɛkanyan no ho? Deɛn nsunsuansoɔ na ɔhyiaeɛ? (hwɛ Ester 7). Haman ho akenkan bɛtumi akae wo ama woakari adeɛ a ɛkanyan w’atenka ne nneyɛɛ. Woanya nkanyan a wode bɛyɛ nsakyeraeɛ? Sɛn na wobɛtumi asan akɔ Ɔsoro Agya nkyɛn apɛ mmoa?

San hwɛ Mmebusɛm 16:32; Alma 5:28.

Ester 3–4; 5:2–3; 8:11–12

Akɔnkyene kyerɛ sɛ megye Awurade di na mede me ho to Ne so.

Hyɛ deɛ enti a Ester ne Yudafoɔ nkaeɛ no sii gyinaeɛ sɛ wɔbɛkyene kɔm no nso (hwɛ Ester 3:13; 4:1–3, 10–17). Sɛn na akɔnkyene boaa wɔn? (hwɛ Ester 5:2–3; 8:11–12). Adɛn nti na Awurade hwehwɛ sɛ yɛkyene kɔm? (hwɛ Topics and Questions, “Akɔnkyene ne Mmasoɔ Afɔrebɔ,” Asɛmpa Akoraeɛ). Dwene sɛdeɛ wobɛtumi ama akɔnkyene ayɛ nhyira kɛseɛ wɔ w’abrabɔ mu ho.

San hwɛ Yesaia 58:6–12; “Fasting: Young Single Adult Ward, Amanda” (sini), ChurchofJesusChrist.org.

2:41

Fasting: Young Single Adult Ward, Amanda

Ester 3:1–11; 4:10–17; 5:1–4; 9:17–19

Woreyɛ deɛ ɛtene no taa hia akokoɔduru kɛseɛ.

Berɛ a Mordekai ne Ester gyinaa wɔn gyidie mu ne wɔn nkorɔfoɔ akyi no, wɔde wɔn nkwa too asiane mu. Ebia nneɛma a yɛyi no rennya nsunsuansoɔ a ɛmu yɛ den pii, nanso yɛreyɛ deɛ ɛtene no bɛtumi akɔ so ahia akokoɔduro. Deɛn na wosua firi Ester 3:1–4; 4:10–17 fa akokoɔduro a wobɛnya de ayɛ deɛ ɛtene ho? Hyɛ nsunsuansoɔ ahodoɔ a Mordekai ne Ester nyaeɛ wɔ wɔn akokoɔduro no akyi nso (hwɛ Ester 3:5–11; 5:1–4). Deɛn na na Ester ne Mordekai hia sɛ wɔde bɛhunu afa Onyankopɔn ho de ayi deɛ wɔyiiɛ no?

Dwene tebea ahodoɔ a wohia akokoɔduro de agyina pintinn ama deɛ ɛtene ho. Deɛn na wosua firi Ester ne Mordekai hɔ a ɛbɛboa wo ama woanya akokoɔduro wɔ Awurade mu?

Ester akokoɔduru de no kɔɔ “anigyeɛ da” mu (hwɛ Ester 9:17–19). Sɛn na Kristosu akokoɔduro ama wo “anigyeɛ da”?

San hwɛ “Courage,” “Dare to Stand Alone” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ; “True to the Faith,” Nnwom,, no. 254.

3:19

Courage

4:20

Dare to Stand Alone

Sɛ wopɛ nsusuiɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Ester 2:5–7

Mɛtumi asom m’abusua.

  • Wobɛtumi anya nkanyan sɛ wode Esther 2:7 bɛkyerɛ wo nkwadaa afa sɛdeɛ wɔbɛboa abusuafoɔ a wɔhia mmoa ho, sɛdeɛ Mordekai yɛ maa Ester no. Mobɛtumi abom akenkan nkyekyɛmu no anaasɛ abɔ no tɔfa wɔ mo ankasa mo nsɛm mu. Afei wo ne wo nkwadaa bɛtumi adwene abusuafoɔ a wɔbɛtumi ahia mo mmoa ho. Yɛ nhyehyɛeɛ fa boa wɔn.

Ester 3:1–11; 4:10–17

Awurade bɛtumi aboa me ama mayɛ ɔkokoɔdurofoɔ.

  • Ester ne Mordekai nhwɛsoɔ ahodɔ no bɛtumi aboa wo nkwadaa ama wɔate aseɛ sɛ akokoɔduro kyerɛ sɛ woreyɛ deɛ etene berɛ a mpo wo suro. Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ kasasin na Mordekai wɔ akokoɔduro berɛ a  ne na Ester wɔ akokoɔduro berɛ a . Berɛ a mobom sua Ester ho abasɛm no, wo nkwadaa bɛtumi asusu akwan a mobɛfa so awie kasamu ahodoɔ no. Mobɛtumi akenkan Ester 3:1–11; 4:10–17 anaasɛ “Ɔhemmaa Esther” (wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 166–70) anaasɛ mobɛhwɛ mfonin ahodoɔ wɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu. Afei twerɛ Mɛyɛ ɔkokoɔdurofoɔ wɔ , na ma wo nkwadaa ntwerɛ nneɛma ahodoɔ a Soro Agya pɛ sɛ wɔyɛ a ɛbɛhia akokoɔduro. Dwom a ɛfa akokoɔduro ho, te sɛ “Dare to Do Right” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 158), bɛtumi aboa.

    2:45

    Queen Esther

  • Wobɛtumi nso asua mmerɛ a na Yesu Kristo yɛ ɔkokoɔdurofoɔ—sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a ɔhunuu amane maa yɛn bɔne wɔ Getsemane ne asɛnnua no so (see Mateo 26:36–39; 27:33–35). Ma wo nkwadaa nka berɛ bi a na wɔwɔ akokoɔduro, na kyɛ w’ankasa wo suahunu nso.

Ester 4:1–3, 10–17

Akɔnkyene de Awurade nhyira ba.

  • Morekenkan Ester 4:1–3, 10–17 bɛtumi aboa ama woakyerɛkyerɛ wo nkwadaa afa akɔnkyene ho. Adɛn nti na Ester ne Yudafoɔ no kyenee kɔm? Ka deɛ enti a wokyene kɔm kyerɛ wo nkwadaa. Wobɛtumi nso abisa wɔn sɛdeɛa wɔbɛkyerɛkyerɛ akɔnkyene mu akyerɛ wɔn adamfo bi a ɔnyɛɛ bi da. Sɛn na yɛbɛtumi aboa yɛn nnamfonom ama wɔate nhyira a ɛfiri akɔnkyene mu ba ase?

  • Hyɛ wo nkwadaaa nkuran ma wɔnnwene biribi a wɔbɛtumi hia Awurade mmoa wom ho. Susu sɛ wɔmfa nka wɔn akɔnkyene ho wɔ akɔnkyene Kwasida a ɛdi hɔ no mu.

Ɔhemmaa Ester gyina bɛn ɔhene no

Esiane sɛ na Ester wɔ akokoɔduro nti, ɔtumi gyee Awurade nkorɔfoɔ nkwa.

Ester 4:14

Mɛtumi ayɛ Onyankopɔn nsam adwinnadeɛ

  • Boa wo nkwadaa ma wɔnte aseɛ sɛ berɛ a na Ester suro no, Mordekai hyɛɛ no nkuran kyerɛɛ mu sɛ Awurade na waboa no ama wabɛyɛ ɔhemmaa “wɔ berɛ a te sɛ yei mu” (Ester 4:14). Na Mordekai repɛ akyerɛ sɛ? Mo ne mo ho nni nkɔmmɔ mfa sɛdeɛ na Ester yɛ adwinnadeɛ ma Awurade ho. Sɛn na yɛbɛtumi ayɛ adwinnadeɛ ama Awurade?

  • Sɛn na wobɛtumi aboa wo nkwadaa ama wɔate adwinnadeɛ ase? Wobɛtumi ama obi abɔ dwom bi wɔ nnwom adwinnadeɛ bi so anaasɛ akyerɛ obi a ɔde adwinnadeɛ bi redi dwuma mfonin. Afei mobɛtumi akasa afa deɛ ɛkyerɛ sɛ obi yɛ adwinnadeɛ wɔ Onyankopɔn nsam ho.

Sɛ wopɛ nsusuiɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Ɔhemmaa Ester

Ɔhemmaa Ester, ɛfiri Minerva Teichert, © William ne Betty Stokes hɔ

Primary dwumadie krataafa: Awurade bɛtumi aboa me ama manya akokoɔduro