Come, Follow Me
Ɔsanaa 10–16. “Nanso Mede Me ho Bɛto Ne so”: Job 1–3; 12–14; 19; 21–24; 38–40; 42


“Ɔsanaa 10–16. ‘Nanso Mede Me ho Bɛto Ne so’: Hiob 1–3; 12–14; 19; 21–24; 38–40; 42,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɔsanaa 10–16. ‘Nanso Mede Me ho Bɛto Ne so,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Nnipa afoforɔ atwa Hiob ho ahyia

The Judgments of Job, ɛfiri Joseph Brickey hɔ

Ɔsanaa 10–16: “Nanso Mede Me ho Bɛto Ne so”

Hiob 1–3; 12–14; 19; 21–24; 38–4042

Ɛnyɛ nwanwa sɛ wobɛdwene deɛ enti a nneɛma bɔne to nnipa papa—anaasɛ, sɛdeɛ ɛteɛ no, deɛ enti a nnipa bɔne nya nneɛma papa no ho. Adɛn nti na Onyankopɔn a ɔtene ma ho kwan saa? Hiob nwoma no hwehwɛ nsɛmmisa a ɛte saa mu. Na Hiob yɛ saa nnipa papa no mu baako a nneɛma bɔne pii totoo no. Esiane Hiob sɔhwɛ ahoroɔ nti, ne nnamfonom dwenee sɛ enti na ɔyɛ onipa pa saa anaa. Hiob paee mu kaa n’ankasa teneneeyɛ na ɔdwenee sɛ enti Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ pa ara saa anaa. Nanso emfa ho ne n’amanehunu ne adwennwene no, Hiob kutaa ne nokorɛdie ne gyedie wɔ Yesu Kristo mu mu. Wɔ Hiob nwoma mu no, wɔbisa na wɔsɔ gyedie hwɛ nanso wɔanyi no totwene koraa. Ɛno nkyerɛ sɛ wɔabua nsɛmmisa no nyinaa. Nanso Hiob nwoma no kyerɛkyerɛ sɛ kɔsi sɛ wɔbɛbua no, nsɛmmisa ne gyedie bɛtumi abom awɔ hɔ. Na ɛmfa ho ne deɛ ɛbɛba saa berɛ yi mu no, yɛbɛtumi aka afa yɛn Awurade ho sɛ, “Nanso Mede me ho bɛto ne so” (Hiob 13:15).

Sɛ wopɛ Hiob nwoma no mu nsɛm nyinaa a, hwɛ “Hiob” wɔ Twerɛnsɛm Akwankyerɛ no mu (Asɛmpa Akoraeɛ).

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Hiob 1–3; 12–13

Mɛtumi de me ho ato Onyankopɔn so wɔ tebea nyinaa mu.

Hiob ti ahoroɔ a ɛdi kan no si dwuma a Satan di sɛ yɛn tamfo anaasɛ soboɔ-bɔfoɔ so dua, wɔ anwensɛm kwan so; wɔnka nkutahodie ankasa bi a ɛda Onyankopɔn ne Satan ntam ho asɛm. Berɛ a wokenkan deɛ Satan ka faa Hiob ho no (hwɛ Hob 1:9–11; 2:4–5), wobɛtumi abisa wo ho sɛ, “Adɛn nti na medi nokorɛ ma Onyankopɔn?” Adɛn nti na ɛyɛ hu sɛ yɛyɛ setie ma Awurade esiane deɛ Satan susuiɛ no nko ara nti?

Deɛn na w’ani gye ho wɔ Hiob mmuaeɛ ma ne sɔhwɛ ahoroɔ no ho? Hiob 1:20–22; 2:9–10).

Hiob nnamfonom susuu sɛ Onyankopɔ retwe n’aso (hwɛ Hiob 4–5; 811). Ɔhaw ahoroɔ bɛn na wohunu wɔ saa nsusuiɛ yi ho? Kenkan Hiob mmuaeɛ wɔ ti 12–13. Deɛn na na Hiob nim fa Onyankopɔn ho a ɛboaa no maa ɔkɔɔ so gyee no diiɛ? Deɛn na wonim fa Onyankopɔn ho a ɛboa wo ma wofa ɔhaw ahoroɔ mu?

Hiob 19

Yesu Kristo yɛ me Dimafoɔ.

Ɛtɔ da bi a, yɛsua nokorɛ ahoroɔ a ɛho hia pa ara wɔ yɛn mmerɛ a ɛyɛ den pa ara no mu. Dwene nsɔhwɛ a Hiob kyerɛkyerɛɛ wɔ Hiob 19:1–22 ne nokorɛ ahoroɔ ɔpaee mu kaa wɔ nkyekyɛmu 23–27no ho. Sɛn na wosi hunu sɛ wo Dimafoɔ te ase? Nsesaeɛ bɛn na nimdeɛ yei yɛ wɔ w’abrabɔ mu?

Dwene ho sɛ wobɛto anaasɛ wobɛtie dwom bi a ɛfa Yesu Kristo ho, te sɛ “Menim Sɛ Me Dimafoɔ Te ase” (Nwom, no. 136). Nnwom no mu nsɛm bɛn na ɛkyerɛ w’atenka fa Ne ho?

San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:1–12122.

Hiob 21–24

seminary ahyɛnsodeɛ
“Sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛpue sɛ sikakɔkɔɔ.”

Hiob 21–24, wobɛkenkan Hiob ne ne nnamfonom ntam akyinnyegyeɛ. Ade titire a na ɛwɔ akyinnyegyeɛ yi mu ne asɛmmisa a nnipa bebree abisa: Adɛn nti na ɛtɔ mmerɛ bi a ateneneefoɔ hunu amane?

Ɛwom sɛ yɛnni mmuaeɛ no nyinaa deɛ, nanso wɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no mu no, yɛwɔ nokorɛ bi a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛate amanehunu ne yea ase. Deɛ ɛwɔ aseɛ yi yɛ nna a ɛdi akyire twerɛnsɛm a ɛkuta saa nokorɛ no bi. Deɛn na saa twerɛnsɛm yi kyerɛ wo fa Soro Agya ne Ne nhyehyɛeɛ ho?

Wobɛtumi nso akenkan Titenani Spencer W. Kimball nkyerɛkyerɛ fa amanehunu ho wɔ “Tragedy or Destiny?” (Asɔre no Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Spencer W. Kimball [2011]), 11–21).

Wogyina deɛ woasua no so a, sɛn na wobɛtumi abua asɛmmisa bi te sɛ “Adɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma ateneneefoɔ hunu amane?”

Yesu ne ɔbarima foforɔ te koroɔ mu wɔ wiem a nsoromma ahyɛ ma ase

Calm and Stars, ɛfiri Yongsung Kim hɔ. Mfonin no firi havenlight.com hɔ

Hiob 38–40; 42

Onyankopɔn nhumu so sene me deɛ.

N’aba mu buu wɔ ne nnamfonom soboɔ ahoroɔ no ho (hwɛ Hiob 16:1–5; 19:1–3), Hiob bisaa Onyankopɔn mpɛn pii deɛ enti a na ɛsɛ sɛ ɔhunu amane kɛse saa (hwɛ Hiob 19:6–7; 23:1–931). Awurade amma deɛ enti pɔtee wɔ Hiob nwoma no mu. Nanso Ɔkyerɛkyerɛɛ nkrasɛm a ɛho hia wɔ ti 38–40. Sɛn na wobɛsi abɔ saa nkrasɛm no tɔfa? Nhwɛsoɔ, deɛn na wosua firi Awurade nsɛmmisa mu wɔ Hiob 38:1–7, 18–24?

Wobɛhunu sɛ Awurade kasa kyerɛɛ Hiob faa N’abɔdeɛ ahoroɔ ne nnwuma akɛseɛ bi ho (hwɛ Hiob 38–39). Wobɛtumi ahwɛ saa abɔdeɛ ahoroɔ no bi (anaasɛ ɛho mfonin). Sɛn na saa nneɛma yi boa wo ma wodwene Onyankopɔn ho soronko fa wo sɔhwɛ ho? Sɛn na wɔsesaa Hiob nhumu? (hwɛ Hiob 42:1–6; san hwɛ Mose 1:8–10).

Amansan nhyiamu nkransɛm mmienu a ɛbɛtumi aboa asesa yɛn nhumu nie: Tamara W. Runia, “Seeing God’s Family through the Overview Lens” (Liahona, Obubuo 2023, 62–69); Russell M. Nelson, “Dwene Sɛlɛtia!” (Liahona, Obubuo. 2023, 117–20). Wɔ wɔn nkransɛm no mu no, hwehwɛ biribi a wobɛpɛ sɛ wokae berɛ foforɔ a wo nsɔhwɛ ahoroɔ bɛyɛ te sɛ deɛ ɛyɛ den no. Sɛn na wobɛsi akae wo ho wɔ deɛ woasua no ho?

Yɛ obi a wodwene yɛ biribi. Ɛnsɛ sɛ adesua yɛ akenkan, adwennwene, ne kasa nko ara. Ɛtɔ mmerɛ bi a, adesua a wɔkae pa ara no ba wɔ ahokeka nneyɛɛ mu wɔ akwan horoɔ so. Sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a wokenkan sɛdeɛ Awurade sesaa Hiob nhumu wɔ Hiob 38–40, wobɛtumi anante na woahwɛ Awurade abɔdeɛ akɛseɛ ne nketewa bi. Anaasɛ wobɛtumi ahwɛ adeɛ bi afiri akwan ahoroɔ so—firi soro, aseɛ, deɛ ɛbɛn, akyirikyiri, ne deɛ ɛkeka ho.

Sɛ wopɛ nsusuiɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Hiob 1–2; 1219

Yesu Kristo mu gyedie bɛboa me wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu.

  • Hyɛ wo nkwadaa nkuran ma wɔnka deɛ wɔnim fa Hiob ho nkyerɛ wo. Sɛ wɔhia mmoa a wobɛtumi akyerɛ wɔn Hiob 1:1, 13–22; 2:7–10 anaasɛ “Hiob” (wɔ Apam Dada Abasɛm mu, 145–47). Sɛn na Hiob gyinaa ɔhaw ahoroɔ ano? (hwɛ Hiob 1:21; 2:10).

    1:55

    Job

  • Hiob dii nokorɛ wɔ ne haw ahoroɔ mu ɛnam deɛ na ɔnim fa Awurade ho nti. Ebia wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahwɛ mfonin ahoroɔ a Yesu Kristo ne afoforɔ redi nkutaho (te sɛ deɛ ɛwɔ aseɛ hɔ no anaasɛ mfonin ahoroɔ a ɛwɔ Gospel Art Book). Kasa fa deɛ wonim fa Ne ho ne sɛdeɛ Ɔteɛ ho. Nkyekyɛmu ahoroɔ bi a ɛkyerɛ deɛ na Hiob nim wɔ Awurade ho nie: Hiob 12:10, 13, 16; 19:25–27. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhunu saa nneɛma yi fa Ne ho?

Yesu retene Ne nsa asa ɔbarima bi yareɛ.

Ɔsaa Wɔn Nyinaa Yareɛ, ɛfiri Michael Malm hɔ

Hiob 14:14

Ɛnam Yesu Kristo nti, mɛtena ase bio wɔ me wuo akyi.

  • Hiob bisaa asɛmmisa a ɛho hia wɔ Hiob 14:14. Ebia wo ne wo nkwadaa bɛtumi aka sɛdeɛ mobɛbua Hiob mmaako mmaako. Wobɛtumi ahwehwɛ nsusuiɛ wɔ Alma 11:42–44, wɔ sini “In a Coming Day” (Asɛmpa Akoraeɛ), anaasɛ wɔ dwom bi a ɛfa Wusɔreɛ ho te sɛ “Did Jesus Really Live Again?Nkwadaa Nnwomnwoma64).

1:11

#BECAUSEofHIM: An Easter Message of Hope and Triumph

Hiob 16:1–5; 22:5

Nnamfo pa ma nkanyan na wɔhyɛ wɔn ho nkuran.

  • Berɛ a Hiob werɛ hoeɛ no, ne nnamfonom kaa sɛ Onyankopɔn retwe n’aso ɛfiri sɛ wayɛ bɔne (hwɛ Hiob 22:5). Sɛ anka na yɛyɛ Hiob nnamfonom a, sɛn na anka yɛbɛbɔ mmɔden aboa no? Sɛn na yɛn nsɛm bɛtumi aboa afoforɔ berɛ a wɔn werɛ ahoɔ? (hwɛ Hiob 16:5). Dwene ho sɛ wobɛkyerɛ mfonin ahoroɔ a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi mu baako anaasɛ deɛ ɛboro saa berɛ a mobooboo saa nsɛmmisa yi ho.

  • Dwene ho sɛ wobɛma wo nkwadaa atwerɛ adamfo pa su ahoroɔ bi na wɔabɔ adamfoɔ bi a ɔwɔ saa su ahoroɔ yi din. Afei wobɛtumi ahwɛ Yesu Kristo mfonin. Akwan ahoroɔ bɛn so na Yesu yɛ yɛn mu biara adamfo pa? Mobɛtumi adwene obi a ɔwɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den ho. Dwene sɛdeɛ wobɛyɛ Kristosu adamfoɔ ama wɔn ho.

Hiob 19:23–27

Yesu Kristo yɛ me Dimafoɔ.

  • Mokenkan Hiob 19:23–27wie a, wo ne wo nkwadaa bɛtumi akasa afa sɛdeɛ monim sɛ yɛn Dimafoɔ te ase ho. Mobɛtumi abom de mo adansedie (anaasɛ Agyenkwa no mfonin) ahyɛ nwoma bi mu (hwɛ nkyekyɛmu 23).

  • Mobɛtumi nso ato dwom bi a ɛfa Agyenkwa no ho, te sɛ “Menin Sɛ Me Dimafoɔ Te Ase” (Nnwom, no. 136). Monka kasasin ahoroɔ a ɛfiri dwom no mu a ɛhyɛ mo gyedie den wɔ Ne mu. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛhunu sɛ Yesu Kristo te ase?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Nnipa afoforɔ atwa Hiob ho ahyia

Hiob ne Ne Nnamfonom, ɛfiri Ilya Repin hɔ

Primary dwumadie krataafa: Yesu Kristo yɛ me Dimafoɔ.