“Kutawonsa 20–26. ‘Wo So Na Yɛn Ani Da’: 2 Berɛsosɛm 14–20; 26; 30,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Kutawonsa 20–26. ‘Wo So Na Yɛn Ani Da,’” Bra, Di M’akyi: 2026
Ɔhene Yehosafat Mpaeɛ, ɛfiri Keeley Rae hɔ
Kutawonsa 20–26: “Wo So Na Yɛn Ani Da”
2 Berɛsosɛm 14–20; 26; 30
Na wɔatwa Yuda Ahemman no ho ahyia. Na asraafoɔ dɔm a wɔfiri atamfoɔ aman mmiɛnsa a wɔwɔ tumi mu nyinaa reba prɛko pɛ, a na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔ ahohia berɛ a ɛmu yɛ den yi mu no, Yehosafat, Yuda Hene, kɔɔ ɔsoro ne asase Hene no nkyɛn. Yehosafat boaboaa ne nkorɔfo ano wɔ tɛmpol na wɔbɔɔ mpaeɛ. Ɔgyee wɔn nnipa fam mmerɛyɛ too mu na ɔsrɛɛ ɔgyeɛ. Mmuaeɛ mu no, Awurade hyɛɛ Ne bammɔ ho bɔ sɛ: “Monnsuro, na mommma mo akoma ntu” (2 Berɛsosɛm 20:17).
Ebia yɛnni asraafoɔ dɔm a wɔreba yɛn pon ano a wɔrehunahuna yɛn sɛ wɔbɛsɛe yɛn, nanso ɛtɔ mmerɛ bi a yɛte nka sɛ amanehunu ne bɔne atwa yɛn ho ahyia. Yɛn gyeɛ kwan te sɛ deɛ Yehosafat hwehwɛeɛ no ara, na yɛn mpaebɔ nso bɛtumi ayɛ sɛ ne deɛ: “O yɛn Nyankopɔn, yɛnni ahoɔden biara yɛde bɛtia saa nnipakuo kɛseɛ a wɔreba yɛn so yi; ɛna yɛnnim deɛ yɛbɛyɛ, nanso wo so na yɛn ani da” (2 Berɛsosɛm 20:12).
Wɔ 2 Berɛsosɛm 14–30, no, wobɛkenkan afa Yehosafat ne ahemfo afoforɔ a wɔwɔ Yuda ho. Dwene sɛdeɛ wɔn nsakraeɛ, nkonimdie ne ɔhaw ahodoɔ a ɛgyina gyidie so no bɛtumi ayɛ adwuma wɔ w’abrabɔ mu ho.
Sɛ wopɛ 2 Berɛsosɛm nwoma no ho nsɛm nyinaa a, hwɛ “Berɛsosɛm” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
2 Berɛsosɛm 14–16
Sɛ mede me ho to Onyankopɔn so a mɛnya asomdwoeɛ.
Berɛ a na Asa yɛ Yuda hene no, ɔhyiaa ɔhaw ahodoɔ bebree—te sɛ deɛ yɛn nyinaa hyia nnɛ yi. Berɛ a wokenkan fa nsɔhwɛ ahodoɔ a ɔhyiaeɛ ho no, hyɛ deɛ a ɔde ne ho too so ne sɛdeɛ ɛsesaeɛ berɛ kɔɔ anim no nso.
|
Ntotoho |
Ɔhaw ahodoɔ a Asa hyiaeɛ |
Deɛ Asa de ne ho too so |
|---|---|---|
Ntotoho 2 Berɛsosɛm 14:9–12 | ||
Ntotoho 2 Berɛsosɛm 15:1–8 | ||
Ntotoho 2 Berɛsosɛm 16:1–10 |
Adɛn nti na ɛduru mmerɛ bi a yɛgyae sɛ yɛde yɛn ho to Awurade so? Deɛn foforɔ na wosua firi Asa abrabɔ mu?
San hwɛ Elder D. Todd Christofferson, “Our Relationship with God,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 78–80.
2 Berɛsosɛm 18
Mɛtumi abɔ nokorɛ no ho ban, sɛ dodoɔ no ara ani nnye ho mpo a.
Ɔhyɛ kɛseɛ bɛtumi aba nkɔnhyɛni Mikaia so sɛ ɔhyɛɛ nkonimdie ho nkɔm maa ahemfo Yehosafat ne Ahab wɔ wɔne Syriafoɔ ɔko no mu. Hwehwɛ saa ɔhyɛ no ho adanseɛ wɔ 2 Berɛsosɛm 18:1–12. Adanseɛ bɛn na wohunu fa Mikaia akokoɔduro ne mudie ho wɔ nkyekyɛmu 13–27? (Hyɛ no nso sɛ wɔ nkyekyɛmu 14, no, Mikaia ma fɛwdie mmuaeɛ; ne mmuaeɛ ankasa wɔ nkyekyɛmu 16.) Sɛn na Mikaia nsɛm no ba mu wɔ nkyekyɛmu 28–34?
Tebea ahodoɔ bɛn mu na wobɛtumi ahyia nhyɛsoɔ te sɛ deɛ Mikaia hyiaeɛ no? Deɛn na ɛma wo akokoɔduro de gyina ma Awurade ne Ne nkyerɛkyerɛ?
Ɔhene Yehosafat berɛ so no, aman mmiɛnsa na wɔto hyɛɛ Yerusalem so.
2 Berɛsosɛm 20:1–25
Wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu no, mɛtumi akɔ Onyankopɔn ne Ne nkɔnhyɛfoɔ nkyɛn.
Berɛ a wokenkan 2 Berɛsosɛm 20:1–12, no, hwehwɛ deɛ Ɔhene Yehosafat yɛeɛ berɛ a aman pii baa sɛ wɔrebɛto ahyɛ Yuda so no. Sɛn na wobɛtumi de ne nneyɛɛ no adi dwuma wɔ tebea dennen ahodoɔ a wohyia no mu?
Mmuaeɛ a Awurade de maa Yehosafat mpaebɔ no wɔ nkyekyɛmu 14–17. Kasasin ahodoɔ bɛn na wohunu wɔ hɔ a ɛbɛtumi akyekye wo anaa obi a wonim no werɛ wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu?
Adeɛ kyeeɛ no, Yerusalemfoɔ firii adi kɔhyiaa asraafoɔ a wɔrebɛtia wɔn no. Berɛ a wokenkan 2 Berɛsosɛm 20:20, no, hwehwɛ nkrasɛm a Yehosafat de maa Yerusalemfoɔ no. Sɛn na ne nsɛm no baa mu? (hwɛ nkyekyɛmu 22–23). Sɛn na Onyankopɔn ahyira wo sɛ woagye No adi na woadi Ne nkɔnhyɛfoɔ akyi?
Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ: “Me suahunu ne sɛ, sɛ wogyae asɛmmisa agyinahyɛdeɛ a wode to nkɔnhyɛni no nsɛm akyi na wode nteamudeɛ mmom, na woayɛ, a, nhyira no hwie gu kɛkɛ. Memmisa me ho da sɛ, ‘Berɛ bɛn na nkɔnhyɛni no kasa sɛ nkɔhyɛni na berɛ bɛn na ɔnkasa saa?’ Deɛ mehwehwɛ ne sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi ayɛ sɛ ɔno kɛse?’” (wɔ Lane Johnson, “Russell M. Nelson: A Study in Obedience,” Ensign, Ɔsanaa 1982, 24).
San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 21:4–6; “A Secure Anchor” (sini), Asɛmpa Nwoma korabea; “Make inspired choices,” De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ (2022), 4–5.
A Secure Anchor
Hunu nokorɛ nsɛm a ɛnyɛ den. Elder Neal A. Maxwell kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Twerɛnsɛm no de nkyerɛkyerɛ mu dɛnkyɛmmoɔ bebree ma yɛn. Na sɛ Honhom no hann tɔ wɔn afa ahodoɔ pii so a, wɔde ɔsoro atenka hyerɛn na ɛhyerɛn wɔ kwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so no so” (“According to the Desire of [Our] Hearts,” Ensign, Obubuo 1996, 21). Berɛ a wosua twerɛnsɛm no, dwene ho sɛ wobɛgye berɛ de ahunu, ahyɛ no nso, na woadwennwene nkransɛm a ɛyɛ ntiantia nanso tumi wom ho. Wobɛtumi ahunu nhwɛsoɔ wɔ 2 Berɛsosɛm 14:11; 15:7; 18:13; 20:15; 26:5. Deɛn “nkyerɛkyerɛ dɛnkyɛmmoɔ” afoforɔ na wobɛtumi ahunu?
2 Berɛsosɛm 26:3–21
Ahantan de ɔsɛeɛ ba.
Sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Yuda ahemfo afoforɔ pii ho no, Usia ahennie no hyɛɛ aseɛ wɔ nneɛma akɛse mu nanso ɛkɔɔ awieeɛ wɔ awerɛhoɔ mu. Hwehwɛ saa nhwɛsoɔ yi wɔ 2 Berɛsosɛm 26. Deɛn na wobɛka sɛ ɛde nsakrae kɛseɛ baa Usia abrabɔ mu?
Berɛ a wokenkan nkyekyɛmu 16–23, no kae sɛ saa berɛ yi, na asɔfoɔ nko ara na wɔma kwan ma wɔhye aduhwam wɔ tɛmpol. Wodwene sɛ deɛn nti na Ɔhene Usia anni Onyankopɔn asɛm so? Deɛn na wosua firi saa awerɛhosɛm yi mu?
San hwɛ “Be Thou Humble,” Nnwom, no. 130.
2 Berɛsosɛm 30
Mɛtumi ayɛ patafoɔ.
Wɔ 2 Berɛsosɛm 30, no na Hesekia yɛ Yuda hene. Ɔtoo nsa frɛɛ Israel Ahemman a na ɔne no di ako no sɛ wɔnhyiam wɔ Yerusalem nni Twam afahyɛ —biribi a na Israelfoɔ no ntumi nyɛeɛ mfeɛ pii (hwɛ nkyekyɛmu 1–12). Deɛn na w’ani gye wɔ ɔfrɛ no ne sɛdeɛ wɔgyee no ho—Israelfoɔ ahɔhoɔ no ne wɔn afrɛfoɔ a wɔwɔ Yuda no nyinaa?
Esiane sɛ na akyɛ pii nti, na ahɔhoɔ binom a wɔbaa Yerusalem no nhunu sɛdeɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Twam Afahyɛ no mu yie. Berɛ a wokenkan 2 Berɛsosɛm 30:18–27, no, deɛn na wosua firi Hesekia mmuaeɛ ne deɛ ɛfirii ne mmuaeɛ no mu baeɛ no mu?
San hwɛ Russell M. Nelson, “Peacemakers Needed,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 98–101.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
2 Berɛsosɛm 14–16; 20
Mɛtumi de me ho ato Onyankopɔn so.
-
Sɛ wobɛkyerɛ sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so a, wobɛtumi de biribi a wode wo ho to so sɛ ɛbɛma wo ho awo berɛ a nsuo tɔ, te sɛ kyiniiɛ anaa gyakɛte. Ma wɔnka deɛ enti a yɛbɛtumi de yɛn ho ato saa nneɛma yi so. Afei boa wɔn ma wɔmfa ntoto Awurade mu ahotosoɔ a yɛwɔ ho. Adɛn nti na yɛgye No di sɛ ɔbɛkora yɛn so wɔ honhom mu?
-
Wobɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔahunu sɛdeɛ Ɔhene Asa ne Ɔhene Yehosafat de wɔn ho too Awurade so berɛ a wɔhyiaa ɔhaw ahodoɔ (hwɛ 2 Berɛsosɛm 14:11; 20:3–5, 12). Mo ne mo ho mo ho nkyɛ sɛdeɛ mobɛtumi akyerɛ Awurade sɛ mowɔ Ne mu ahotosoɔ.
2 Berɛsosɛm 20:1–29
Onyankopɔn bɛte na wabua me mpaebɔ.
-
Nnawɔtwe yi dwumadie kratafa no bɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔate Yehosafat mpaebɔ ne Awurade mmuaeɛ ho abasɛm no ase. Wo ne wo nkwadaa bɛtumi akyɛ mmerɛ a Onyankopɔn tiee mo mpaebɔ na ɔbuaeɛ. Dwene ho sɛ wode mmerɛ a mmuaeɛ no baeɛ wɔ akwan ahodoɔ so anaa mmerɛ bi a na wonhwɛ kwan so bɛka ho. Mpaebɔ ho dwom, te sɛ “I Pray in Faith” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 14), bɛtumi aboa ma wo nkwadaa gyidie anyini.
2 Berɛsosɛm 26:3–23
Mɛtumi abrɛ me ho ase.
-
Sɛdeɛ wo nkwadaa bɛhunu asiane a ɛwɔ ahantan mu no, wɔbɛtumi de borɔɔgo anaa nkuruwa nketewa asi abantenten. Berɛ a wɔde borɔɔgo anaa kuruwa biara si abantenten no so no, boa wɔn ma wɔnhunu deɛ Usia tumi yɛeɛ no baako mfiri 2 Berɛsosɛm 26:3–15. Sɛ wɔwie abantenten no a, wo ne wo nkwadaa nkasa mfa sɛdeɛ Usia tumi maa ɛyɛɛ tenten na ɛyɛɛ den ho. Deɛn na ɛbɛtumi ama no abu? Afei, berɛ a mokenkan nkyekyɛmu 16, no, mobɛtumi akasa afa deɛ ɛkyerɛ, sɛ yɛyɛ “ahantan kɔ [yɛn] ɔsɛe mu” ho. Ka kyerɛ wo nkwadaa no, deɛ ɛtoo Usia wɔ nkyekyɛmu 16–23. Ma wɔmmubu wɔn abantenten no. Monka mfa deɛ yɛbɛtumi ayɛ de akɔ so abrɛ yɛn ho ase ho.
King Hezekiah and the People Thank God, © Lifeway Collection/lansese firi goodsalt.com
2 Berɛsosɛm 30
Mɛtumi ayɛ patafoɔ.
-
Mfonin a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ berɛ a Hesekia too nsa frɛɛ Yuda afipamfoɔ a wɔfiri Israel Ahemman mu sɛ wɔne wɔn mmɛdi Twam Afahyɛ no. Wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahwɛ saa ohoni yi na moakenkan 2 Berɛsosɛm 30:18–19, a ɛkyerɛ mu sɛ na ahɔhoɔ no mu binom nhohoroo wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no. Deɛn na Hesekia yɛeɛ? Atenka bɛn na anka yei bɛtumi ama ahɔho no anya? Boa wo nkwadaa ma wɔnnwene sɛdeɛ wɔbɛtumi ayɛ te sɛ Hesekia wɔ sɛdeɛ wɔne afoforɔ tena ho.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.