Come, Follow Me
Kutawonsa 6–12. “Nkɔnhyɛni Bi Wɔ Israel”: 2 Ahemfo 2–7


“Kutawonsa 6–12. ‘Nkɔnhyɛni Bi Wɔ Israel’: 2 Ahemfo 2–7,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Kutawonsa 6–12. ‘Nkɔnhyɛni Bi Wɔ Israel,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Naaman wɔ Asubɔnten Yordan ho

At River’s Edge, ɛfiri Annie Henrie Nader hɔ

Kutawonsa 6–12: “Nkɔnhyɛni Bi Wɔ Israel”

2 Ahemfo 2–7

Nkɔnhyɛni adwuma titire ne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ na wadi Agyenkwa Yesu Kristo ho adanseɛ. Nanso, yɛn twerɛtohɔ a ɛfa nkɔnhyɛni Elisa ho no nka ne nkyerɛkyerɛ anaasɛ n’adansedie pii. Deɛ twerɛtohɔ no de ka ho ne anwanwadeɛ a Elisa yɛeɛ, a abɔfra bi a ɔnyanee no firii awufoɔ mu (hwɛ 2 Ahemfo 4:18–37), ɔmaa nnipadɔm pii dii aduane kakra bi meeɛ (hwɛ 2 Ahemfo 4:42–44), ne ɔkwatani bi a ɔsaa no yadeɛ (hwɛ 2 Ahemfo 5:1–14) ka ho. Enti berɛ a yɛnni Elisa nsɛm a ɛfa Kristo ho no, yɛwɔ Elisa som adwuma ne anwanwade ahodoɔ, a ɛdi Kristo ho adanseɛ. Ɛyɛ Awurade nkwa-ma, ahoɔden, ne ayaresa tumi kɛseɛ a ɛda adi. Anwanwadeɛ taa si wɔ yɛn abrabɔ mu kyɛn sɛdeɛ ɛtɔ da a yɛhunu. Sɛ yɛbɛhunu wɔn no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ gyidie a na Elisa wɔ berɛ a ɔgyinaa n’akoa kumaa a na ɔsuro no ananmu bɔɔ mpaeɛ: “Awurade, bue n’ani, na ɔnhunu” no (2 Ahemfo 6:17).

Sɛ wopɛ 2 Ahenmfo ho nsɛm pii a, hwɛ “Ahemfo, nwoma” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛseɛ nwoma mu.

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

2 Ahemfo 2–6

Onyankopɔn bɛtumi ayɛ anwanwadeɛ wɔ m’abrabɔ mu.

Anwanwadeɛ kyerɛ Onyankopɔn tumi. Ɛbɛtumi aboa yɛn ama yɛadi asetena mu ɔhaw ahodoɔ so nkonim—te sɛ asasenini a ɛhia nsuo korɔgyee (hwɛ 2 Kings 2:19–22) anaa akuma a ayera a ɛhia sɛ wɔsan hwehwɛ (hwɛ 2 Ahemfo 6:4–7). Nanso deɛ ɛhia kɛse pa ara ne sɛ, anwanwadeɛ bɛtumi de yɛn akɔ Awurade nkyɛn. Berɛ a wokenkan 2 Ahemfo 2–6, no, dwene ho sɛ wobɛtwerɛ anwanwadeɛ a wohunu, na dwennwene honhom mu asuadeɛ a wosua firi ɛmu biara mu no ho.

Wobɛtumi nso de anwanwadeɛ a Elisa yɛeɛ no atoto anwanwadeɛ a Yesu Kristo yɛeɛ no ho (hwɛ 2 Ahemfo 4:8–37 ne Luka 7:11–16; 2 Ahemfo 4:42–44 ne Yohane 6:1–13; 2 Ahemfo 5:1–15 ne Luka 17:11–19). Deɛn na saa anwanwadeɛ yi kyerɛkyerɛ wo fa Agyenkwa no ne Ne nkɔnhyɛfoɔ ho?

San hwɛ 2 Nephi 26:12–13; 27:23; Moroni 7:35–37; ɔfa “Seek and expect miracles” wɔ Russell M. Nelson, “The Power of Spiritual Momentum,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 99–100.

Elisa renyane abɔfra bi afiri owuo mu

Elisha Raising the Son of the Shunamite, ɛfiri Frederic Leighton hɔ

2 Ahemfo 4:8–17; 7:1–16

Awurade bɛma Ne nsɛm a ɔnam Ne nkɔnhyɛfoɔ so aka no aba mu.

Awurade kanyann Elisa ma ɔhyɛɛ nkɔm wɔ nneɛma a ɛbɛba ho—ɛtaa yɛ nneɛma a ayɛ sɛ ɛrentumi nsi. Berɛ a wokenkan 2 Ahemfo 4:8–17; 7:1–16, no, dwene sɛdeɛ wofa Ne nkɔnhyɛfoɔ so bua Awurade asɛm no nnɛ. Nkyerɛkyerɛ, nkɔnhyɛ, anaa bɔhyɛ bɛn na woate afiri nkɔnhyɛfoɔ ateasefoɔ hɔ? Deɛn na woreyɛ de gyidie ayɛ deɛ wɔka no?

San hwɛ 3 Nephi 29:6; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:37–38; “Atitenafoɛ Nkyerɛkyerɛ” mmoano, Asɛmpa Akoraeɛ.

2 Ahemfo 5

Sɛ mebrɛ me ho ase na meyɛ setie a, Yesu Kristo bɛtumi asa me yadeɛ.

Berɛ a wokenkan 2 Ahemfo 5, no, dwene ho sɛ wode Naaman kwata no bɛtoto honhom fam ɔhaw bi a wonam mu ho.

So obi wɔ hɔ a ɔte sɛ “abaawa kumaa” no wɔ w’abrabɔ mu, a ɔhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ wo haw no ho akwankyerɛ firi Awurade nkɔnhyɛfoɔ hɔ? (hwɛ nkyekyɛmu 2–3, 13).

Deɛn na Awurade refrɛ wo sɛ yɛ a ebia ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmrɛ dodo—te sɛ “hohoro, na wo ho nte”? (nkyekyɛmu 13). Deɛn na ebia ɛresi wo kwan ma wonnye Ne frɛ a ɛnyɛ den no ntom?

Sɛn na wobɛtumi akyerɛ ahobrɛaseɛ sɛdeɛ Naaman yɛeɛ no?

Hyɛ sɛdeɛ Naaman suahunu no nyaa nsunsuansoɔ wɔ ne gyidie wɔ Israel Nyankopɔn mu so no nso (hwɛ nkyekyɛmu 15). Deɛn na wobɛtumi asua afiri yei mu?

San hwɛ Luka 4:27; 1 Petro 5:5–7; Alma 37:3–7; Ether 12:27; L. Whitney Clayton, “Whatsoever He Saith unto You, Do It,” Liahona, Kɔtɔnima 2017, 97–99; “Naaman ne Elisa” (sini), Asɛmpa Akoraeɛ.

14:30

Naaman and Elisha

Fa twerɛnsɛm no toto w’abrabɔ ho. Ɛtɔ da a ɛyɛ mmrɛ sɛ wobɛhunu ankorankoro nteaseɛ wɔ twerɛnsɛm no mu berɛ a wode honam fam nneɛma a ɛwɔ abasɛm bi mu toto honhom mu nneɛma a ɛwɔ w’abrabɔ mu ho. Sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a wosua 2 Ahemfo 2–7, no, wobɛtumi de tebea ahodoɔ a ɛwɔ w’abrabɔ mu atoto nneɛma te sɛ kwata, akuma a wɔafɛm, Asubɔnten Yordan, anaa asraafoɔ kuo kɛseɛ a wɔrewura ɔman bi mu. Asuadeɛ bɛn na ebia Awurade wɔ ma mo wɔ saa nsɛm yi mu?

2 Ahemfo 6:8–23

seminary ahyɛnsodeɛ
“Wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔka wɔn ho.”

Berɛ a worebɔ mmɔden sɛ wobɛdi Kristo akyi no, woate nka pɛn te sɛ Elisa akoa kumaa no—wɔboro wo so na wosuro? Fa no sɛ na wowɔ n’ananmu berɛ a wokenkan 2 Ahemfo 6:8–23. Sɛn na saa abasɛm yi sesa sɛdeɛ wodwene na wote nka wɔ wo nsɔhwɛ, w’asɛdeɛ, anaasɛ wo mmɔdemmɔ sɛ wode asɛmpa no bɛbɔ bra no ho?

Berɛ a wodwennwene ho no, hwɛ Titenani Henry B. Eyring nsɛm yi: “Te sɛ saa Elisa akoa no, pii ka wo ho kyɛn wɔn a wobɛtumi ahunu sɛ wɔtia wo. Ebinom a wɔka wo ho no, woremfa wo honam mu ani no nhunu wɔn. Awurade bɛhyɛ wo den na ɛtɔ mmerɛ bi a ɔfrɛ afoforɔ ma wɔbɛka wo ho” (“O Ye That Embark,” Liahona, Obubuo 2008, 58).

Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ “wɔn a wɔka [wo] ho” (nkyekyɛmu 16)—nnipa a Onyankopɔn de wɔn aba w’abrabɔ mu sɛ wɔmmoa wo no din. Wobɛtumi asrɛ No sɛ ɔmmoa wo mmue wo honhom mu ani na hunu wɔn. Ebia ɔde wo nso aba afoforɔ abrabɔ mu sɛdeɛ wobɛboa wɔn. Mobɛyɛ dɛn atumi anya ahoɔden ne mmoa afiri mo ho mo ho?

Berɛ bɛn na wate mmoa a Awurade ka ho asɛm wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:88?

Wobɛtumi nso asua Onuabaa Michelle D. Craig’s nkrasɛm “Eyes to See” (Liahona, Obubuo 2020, 15–17). Bisa wo ho sɛ, “Deɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ mehunu?”

Ɔde retoto abasɛ a ɛwɔ 2 Ahemfo 6:8–23, ho no, Elder Ronald A. Rasband kaa sɛ: “Yɛbɛtumi anya anaa yɛrennya ogya nteaseɛnam a wɔde bɛyi yɛn suro na wɔadi yɛn ahonhommɔne so nkonim, nanso asuadeɛ no mu da hɔ. Awurade ka yɛn ho, ɔdwene yɛn ho, na ɔhyira yɛn wɔ akwan a Ɔno nko ara na Ɔbɛtumi ayɛ so. Mpaebɔ bɛtumi afrɛ ahoɔden ne adiyisɛm a yɛhia sɛ yɛde yɛn adwene bɛsi Yesu Kristo ne Ne mpata afɔrebɔ so no aba. Na Awurade nim sɛ ɛtɔ da a yɛbɛsuro. Ayɛ me da na wo nso saa ara. Wɔ Asɔre yi mu no, ebia yɛn dodoɔ sua wɔ sɛdeɛ wiase bu nkɛntɛnsoɔ no ho, nanso sɛ yɛbue yɛn honhom mu ani a, ‘wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔka wɔn ho’ [2 Ahemfo 6:16]” (“Be Not Troubled,” Liahona, Obubuo 2018, 18, 19). Sɛn na wode nsɛm yi bɛboa obi a adwennwene anaa ehu aka no?

San hwɛ “Dearest Children, God Is Near You,” Nnwom, no. 96.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

2 Ahemfo 4

Onyankopɔn bɛtumi ayɛ anwanwadeɛ wɔ m’abrabɔ mu.

  • Sɛ woboa wo nkwadaa ma wɔte deɛ anwanwadeɛ kyerɛ ase wie a, ma wɔntwerɛ anwanwadeɛ ho nhwɛsoɔ dodoɔ biara a wɔbɛtumi. Mfonin ahodoɔ a ɛwɔ Asɛmpa Adwinnie Nwoma anaasɛ Bra, Di M’akyi mu bɛtumi aboa. Afei wɔbɛtumi ahwehwɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ 2 Ahemfo 4:1–7, 14–17, 32–35, 38–44. Deɛn na saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi kyerɛkyerɛ fa Ɔsoro Agya ho?

  • Wo ne wo nkwadaa bɛtumi aka sɛdeɛ Onyankopɔn nam anwanwadeɛ ahodoɔ so ada ne dɔ adi no ho asɛm. Mobɛtumi nso abom ato dwom bi te sɛ “God’s Gracious Love” (Asɛmpa Akoraeɛ).

Israelni akoa kumaa bi di adanseɛ kyerɛ Naaman yere

Stand as a Witness, ɛfiri Kwani Povi Winder hɔ

2 Ahemfo 5:1–15

Mɛtumi ayi sɛ mɛyɛ deɛ Onyankopɔn nam Ne nkɔnhyɛni so hyɛ.

  • Boa wo nkwadaa ma wɔnsua abasɛm a ɛwɔ 2 Ahemfo 5:1–3, 9–14. Dwene ho sɛ wobɛfa “Elisha Heals Naaman” (wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 134–37) anaa Naaman mfonin wɔ nnawɔtwe yi nhyehyɛeɛ mu. Adɛn nti na Naaman ampɛ sɛ ɔbɛhohoro ne ho wɔ Asubɔnten Yordan mu, ɛwom mpo sɛ Elisa kaa sɛ yei bɛsa ne yadeɛ no? Sɛn na wɔhyiraa Naaman berɛ a ɔdii Elisa akwankyerɛ so no? Mobɛtumi ne mo ho mo ho akyɛ berɛ a moyɛɛ setie maa Awurade, mpo berɛ a na monnye nni sɛ mopɛ sɛ moyɛ.

    1:52

    Elisha Heals Naaman

  • Wobɛtumi nso asi 2 Ahemfo 5:13, faako a Naaman nkoa boaa no maa ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛtie nkɔnhyɛni Elisa no so dua. Afei wo nkwadaa bɛtumi aka akwan a wɔbɛfa so aboa wɔn nnamfonom anaa abusuafoɔ ama wɔayɛ setie ama nkɔnhyɛni no.

2 Ahemfo 6:8–17

Menyɛ ankonam.

  • Wo ne wo nkwadaa bɛtumi asusu sɛ asraafoɔ dɔm a wɔde mpea, apɔnkɔ, ne nteaseɛnam atwa mo ho ahyia. Atenka bɛn na wobɛnya? Deɛn na wobɛyɛ? Afei wo nkwadaa bɛtumi akata wɔn ani berɛ a wokenkan 2 Ahemfo 6:16–17 kyerɛ wɔn. (San hwɛ “Elisha and the Lord’s Army,” wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 138–39, anaa mfonin a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ.) Sɛ woduru nsɛmfua “bue n’ani” (nkyekyɛmu 17), so a, ma mmɔfra no mmue wɔn ani. Monkasa mfa deɛ akoa no hunuiɛ ho. Ka akwan a woate nka sɛ na Awurade ka wo ho wɔ wo haw ahodoɔ mu, mpo berɛ a na ayɛ sɛ woyɛ ankonam no kyerɛ wo nkwadaa.

    1:9

    Elisha and the Lord’s Army

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Elisa ne abarimaa bi a wɔrehwɛ ogya nteaseɛnam

“Fear not: for they that be with us are more than they that be with them,” ɛfiri Stacy Minch hɔ

Primary dwumadie kratafa: Mɛtumi ayi sɛ mɛyɛ deɛ Onyankopɔn nam ne nkɔnhyɛni so hyɛ