Come, Follow Me
Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae: “Yesu Bɛka Akyerɛ Israel Nyinaa sɛ, ‘Mommra Fie’”


“Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae: “Yesu Bɛka Akyerɛ Israel Nyinaa sɛ, ‘Mommra Fie,”’” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae: ‘Yesu Bɛka Akyerɛ Israel Nyinaa sɛ, “Mommra Fie,”’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

“Yesu Bɛka Akyerɛ Israel Nyinaa sɛ, ‘Mommra Fie’”

Wɔ Sinai serɛ so no, Mose boaboaa Israelfoɔ ano wɔ bepɔ bi ase. Ɛhɔ na Awurade kaa sɛ Ɔpɛ sɛ ɔdane nkoa kuo a wɔnyaa nkyɛree yi ma wɔbɛyɛ nnipa a wɔyɛ kɛseɛ. Ɔkaa sɛ: “Mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman, ne ɔman kronkron ama me” (Eksodɔs 19:6). Ɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi yie na wɔanya nkɔsoɔ, mpo berɛ a atamfo a wɔdɔɔso na wɔwɔ tumi atwa wɔn ho ahyia no.

Ɛnyɛ sɛ na Israelfo no dɔɔso anaa wɔn ho yɛ den anaa wɔnim biribi yɛ nti na na yei nyinaa bɛsi. Awurade kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ “wɔbɛtie [Ne] nne ampa, na wɔadi [N’apam] so” a ɛbɛsi (Eksodɔs 19:5). Onyankopɔn tumi, na ɛnyɛ wɔn ankasa deɛ, na ɛbɛma wɔayɛ kɛseɛ.

Nanso ɛnyɛ berɛ biara na Israelfoɔ no tiee Onyankopɔn nne, na berɛ kɔɔ so no wɔgyaee N’apam no so die. Bebree somm anyame afoforɔ na wɔfaa amammerɛ ahodoɔ a atwa wɔn ho ahyia no nneyɛɛ. Wɔpoo ade korɔ no ara a ɛmaa wɔyɛɛ ɔman a ɛda nso—wɔn apam abusuabɔ a wɔne Awurade wɔ no. Sɛ Onyankopɔn tumi mmɔ wɔn ho ban a, na biribiara nni hɔ a ɛbɛsi wɔn atamfo kwan.

Ahwetebɔ no

Mpɛn pii wɔ bɛyɛ afe 735 ne 720 BC ntam no, Asiriafoɔ to hyɛɛ Israel Atifi fam Ahemman a na mmusuakuo dummienu no mu du te so no so, na wɔfaa Israelfoɔ mpempem nnommum kɔɔ Asiria Ahemman no mmea ahodoɔ. Wɔbɛfrɛɛ saa Israelfoɔ yi sɛ “mmusuaman a wɔayera,” ne fa bi ɛfiri sɛ wɔyii wɔn firii wɔn asase so na wɔbɔɔ wɔn hwetee aman afoforɔ mu. Na wɔsan yeraa wɔ nteaseɛ a ɛmu dɔ mu: berɛ kɔɔ so no wɔhweree wɔn su sɛ Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ.

Awieeɛ no, nnipa a wɔwɔ Yuda Ahemman Anaafoɔ fam no pii nso poo Awurade. Asiriafoɔ no to hyɛɛ saa ahemman no fa kɛse no ara nso so na wɔdii so nkonim; Yerusalem nko ara na wɔkoraa so anwonwakwan so. Akyire yi, afe 597 ne 580 BC ntam no Babilonfoɔ sɛee Yerusalem, a na tɛmpol ka ho, na wɔfaa nnipa bebree nnommum. Bɛyɛ mfeɛ 70 akyi no, wɔmaa Yudafoɔ bi a wɔkaeɛ kwan maa wɔsan kɔɔ Yerusalem na wɔsan sii tɛmpol no. Nanso, bebree tenaa Babilon.

Ogya hyee Yerusalem

The Destruction of Jerusalem by Nebuzar-adan, ɛfiri William Brassey Hole, © Providence Collection/wɔama ho kwan firi goodsalt.com

Berɛ kɔɔ so no, Israelfoɔ a wɔfiri mmusuaman no nyinaa mu no “hwetee wɔ ahum mu kɔɔ aman a na wɔnnim nyinaa mu” (Sakaria 7:14). Awurade de ebinom kɔɔ nsase foforɔ so. Afoforɔ nso firii Israel sɛdeɛ wɔbɛdwane nnommumfa anaa amammuo anaa sikasɛm nti.

Yɛfrɛ saa nsɛm a ɛsisii yi nyinaa sɛ Israel ahwetebɔ. Na ɛho hia sɛ yɛhunu apetebɔ no ho asɛm esiane nneɛma pii nti. Adeɛ baako ne sɛ, ɛyɛ Apam Dada no mu asɛnti titire—Apam Dada mu nkɔnhyɛfoɔ bebree yɛ honhom mu ahweaseɛ a ɛde ahweteɛ no baeɛ no ho adansefoɔ. Wɔdii kan hunuui na wɔbɔɔ ho kɔkɔ. Wɔn mu binom mpo tenaa mu. Ɛboa sɛ wobɛkae berɛ a wokenkan Yesaia, Yeremia, Amos, ne nkɔnhyɛfoɔ afoforɔ nwoma a ɛwɔ Apam Dada no fa a ɛtwa toɔ no. Berɛ a saa nsɛm yi wɔ w’adwene mu no, sɛ wokenkan wɔn nkɔnhyɛ ahodoɔ a ɛfa Asiria ne Babilon, abosonsom ne nnommumfa, ɔsɛeɛ ne awieeɛ no mmaeɛ bio ho a, wobɛhunu deɛ wɔreka ho asɛm.

Sɛ wote Israel hweteɛ no ase a ɛbɛboa wo ma woate Mormon Nwoma no ase yie, ɛfiri sɛ Mormon Nwoma no yɛ Israel a ahweteɛ no nkorabata bi ho twerɛtohɔ. Saa twerɛtohɔ yi hyɛ aseɛ wɔ Lehi abusua a wɔdwane firii Yerusalem bɛyɛ afe 600 BC ansa na Babilonfoɔ no reto ahyɛ wɔn so no ara. Na Lehi yɛ nkɔnhyɛfoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm faa Israel hweteɛ ho no mu baako. Na n’abusua boa maa saa nkɔnhyɛ no baa mu, berɛ a wɔ faa wɔn Israel nkorabata no kɔduaa wɔ wiase fa foforo, wɔ Amerikaman mu.

Anoboaboa no

Nanso, Israel hweteɛ no yɛ abasɛm no fa pɛ. Awurade werɛ mfiri Ne nkorɔfoɔ, na Ɔnnyae wɔn nso, mpo berɛ a wɔapo No. Nkɔnhyɛ bebree a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛbɔ Israel ahwete no, na bɔhyɛ bebree ho sɛ da bi Ɔbɛboaboa wɔn ano.

Saa da no yɛ nnɛ—yɛn da. Anoboaboa no ahyɛ aseɛ dada. Wɔ afe 1836 mu, Mose boaboaa Israel mma ano wɔ Bepɔ Sinai ase mfeɛ mpempem akyi no, ɔyii ne ho adi wɔ Kirtland Temple mu de “Israel anoboaboa firi asase afanan no nsafoa” maa Joseph Smith. (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:11). Afei, ɛnam nnipa a wɔkura saa nsafoa yi akwankyerɛ nti, wɔreboaboa Israel mmusuaman ano afiri ɔman biara a Awurade nkoa bɛtumi akɔ mu.

Mose reyi ne ho akyerɛ Joseph Smith ne Oliver Cowdery wɔ Kirtland Temple

Moses, Elias, and Elijah Appear in the Kirtland Temple, ɛfiri Gary E. Smith hɔ

Titenani Russell M. Nelson afrɛ saa anoboaboa yi “adeɛ a ɛho hia pa ara a ɛrekɔ so wɔ asase so nnɛ. Biribiara nni hɔ a wɔde toto ne kɛseyɛ ho, biribiara nni hɔ a wɔde toto hia a ɛho hia ho, biribiara nni hɔ a wɔde toto n’animuonyamyɛ ho. Na sɛ woyi a, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ayɛ ne fa kɛseɛ.”

Sɛn na yɛbɛtumi aboa? Yɛbɛboaboa Israel ano kyerɛ sɛn? So ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan de mmusuaman dummienu no aba asase a na wɔte so berɛ bi no so? Nokorɛ mu, ɛkyerɛ biribi a ɛso kyɛn saa koraa, a ɛte hɔ daa. Sɛdeɛ Titenani Nelson kyerɛɛ mu no:

“Sɛ yɛka anoboaboa, no ho asɛm a, na yɛreka nokorɛ fapem yi tiawa sɛ: yɛn Soro Agya ba biara a ɔwɔ nkatanim no afa mmienu no nyinaa fata sɛ ɔte Yesu Kristo nsɛmpa a wɔasan de aba no.

Berɛ biara a woyɛ biribi a ɛboa obi—wɔ nkatanim no fa biara—ma wɔtu anammɔn kɔ anim ne Onyankopɔn yɛ apam na wɔgye wɔn asubɔ ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ a ɛho hia no, na woreboa Israel anoboaboa. Ɛnyɛ den koraa.”

Yei ba, sɛdeɛ Yesaia kaeɛ no, “mmaako mmaako” (Yesais 27:12) anaa sɛdeɛ Yeremia hyɛɛ nkɔm no, “kuro biara mu baako, na abusua biara mu baanu” (Yeremia 3:14).

Israel anoboaboa kyerɛ sɛ wɔbɛsan de Onyankopɔn mma aba Ne nkyɛn. Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛsan de wɔn aba wɔne No apam abusuabɔ mu. Ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan de “ɔman kronkron” a Ɔkaa sɛ ɔde bɛsi hɔ berɛ tenten bi a atwam no (Eksodɔs 19:6).

Mommra Fie

Sɛ obi a wo ne Onyankopɔn ayɛ apam no, woka Israel fie ho. Wɔaboaboa mo ano, na moyɛ anoboaboafoɔ. Apam nkorɔfoɔ no ho asɛm a ɛyɛ nwanwa a ɛkɔɔ so mfeha pii no rekɔ n’awieeɛ, na woyɛ titire wɔ mu. Seesei ne berɛ a “Yesu bɛka akyerɛ Israel nyinaa sɛ, ‘Mommra fie.’”

Yei ne anoboaboafo no nkrasɛm: Mommra fie wɔ apam no mu. Mommra fie wɔ Sion. Mommra fie wɔ Yesu Kristo, Israel Kronkronni no nkyɛn, na Ɔde mo bɛba fie wɔ Onyankopɔn, mo Agya nkyɛn.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Deuteronomium 28:1–14.

  2. Hwɛ 2 Ahemfo 17:6–7; 2 Berɛsosɛm 36:12–20.

  3. Hwɛ 2 Ahemfo 17:1–7. Mmusuaman du a Asiria faa wɔn nnommum no ne Ruben, Simeon, Isakar, Sebulon, Dan, Naftali, Gad, Aser, Efraim ne Manase. Wɔtrɛɛ Lewi abusuaman no mu kɔɔ mmusuaman afoforɔ no ahyeɛ nyinaa mu sɛdeɛ wɔbɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma.

  4. Hwɛ 2 Ahemfo 19; Yesaia 10:12–13.

  5. Hwɛ 2 Ahemfo 24–25; 2 Berɛsosɛm 36; Yeremia 39; 52.

  6. Hwɛ Esra 17; Nehemia 2.

  7. Hwɛ 2 Nephi 1:1–5; Omni 1:15–16.

  8. Hwɛ 2 Ahemfo 25:22–26; Yeremia 42:13–19; 43:1–7.

  9. Wɔ A.D. 70 mu no, wɔsan sɛee Yerusalem ne ne tɛmpol, saa berɛ yi deɛ Romafoɔ, na Yudafo a wɔkaeɛ no hwetee aman pii so.

  10. Hwɛ Yeremia 29:18; Hesekiel 22:15; Hosea 9:17; Amos 9:9; 1 Nephi 1:13.

  11. Hwɛ 1 Nephi 15:12.

  12. Hwɛ 1 Nephi 1:13, 18–20; 10:12–14.

  13. Hwɛ Yesaia 5:26; 27:12; 54; Yeremia 16:14–15; 29:14; 31:10; Hesekiel 11:17; 34:12; 37:21–28; Sakaria 10:8; 1 Nephi 10:14; 22:25; 3 Nephi 16:1–5; 17:4.

  14. Russell M. Nelson, “Hope of Israel” (worldwide youth devotional, Ayɛwohomumɔ 3, 2018), Asɛmpa Nwomakorabea.

  15. Russell M. Nelson, “Hope of Israel.

  16. Hwɛ 2 Nephi 30:2.

  17. Now Let Us Rejoice,” Nnwom, no. 3.