Come, Follow Me
Kutawonsa 13–19. “Ɔde Ne ho Too Awurade Israel Nyankopɔn so”: 2 Ahemfo 16–25


“Kutawonsa 13–19. ‘Ɔde Ne ho Too Awurade Israel Nyankopɔn so’: 2 Ahemfo 16–25,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Kitawonsa 13–19. ‘Ɔde Ne ho Too Awurade Israel Nyankopɔn so,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026

Yudafoɔ kuo kɛseɛ a wɔretu kwan akɔ nnommumfa mu wɔ Babylon

Nneduafiefoɔ no Akwantuo, ɛfiri James Jacques Joseph Tissot ne afoforɔ hɔ

Kitawonsa 13–19: “Ɔde Ne ho Too Awurade Israel Nyankopɔn so”

2 Ahemfo 16–25

Nkɔnhyɛni Elisa som adwuma a tumi wom nyinaa akyi no, Israel Atifi fam Ahemman no mufo ansakyera wɔn adwene. Awieeɛ no, Asiria Ahemman no dii Israel mmusuaman du no so nkonim na wɔbɔɔ wɔn hwetee. Saa berɛ no nyinaa, na Yuda Anaafoɔ fam Ahemman no nnya nkɔsoɔ biara: na abosonsom nso abu so wɔ hɔ.

Wɔ honhom mu porɔeɛ yi nyinaa mu no, twerɛnsɛm no bɔ Yuda ahemfo mmienu a, berɛ bi tiawa mu no, wɔsan de wɔn nkorɔfo baa Awurade nkyɛn no din. Na baako ne Hesekia. Wɔ n’ahennie mu no, Asiriafoɔ dii Yuda fa kɛseɛ no ara so nkonim. Nanso Hesekia ne ne nkorɔfoɔ kyerɛɛ wɔ Awurade a ɔgyee Yerusalem wɔ anwanwa kwan so no mu. Akyire yi, wɔ ɔwaeɛ berɛ foforo akyi no, Yosia bɛyɛɛ ɔhene. Ɔkwan bi so no, Mose mmara nwoma a wɔsan hunuiɛ no kanyann Yosia ma ɔde nsakraeɛ ahodoɔ baeɛ, a ɛmaa ne nkorɔfo nyamesom abrabɔ san baeɛ.

Te sɛ Israel ne Yuda no, yɛn nyinaa yi nneɛma pa ne nneɛma bɔne. Sɛ yɛte nka sɛ yɛn abrabɔ hia nsakraeɛ bi a, yɛbɛtumi anya nkuranhyɛ afiri saa mmeaeɛ mmienu a ɛyɛ wɔ Yuda abakɔsɛm mu mfeɛ a na ɛnyɛ no mu. Ebia Hesekia ne Yosia nhwɛsoɔ no bɛtumi akanyan yɛn ma ‘yɛde yɛn ho ato Awurade yɛn Nyankopɔn so’ (2 Ahemfo 18:22).

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

2 Ahemfo 18–19

seminary ahyɛnsodeɛ
Mɛtumi akɔ so adi nokorɛ ama Awurade berɛ a wɔsɔ me gyidie hwɛ.

Yɛn mu pii wɔ suahunu ahodoɔ a ɛha yɛn gyidie. Wɔ Hesekia ne ne nkorɔfo fam no, saa ɔhaw ahodoɔ no mu baako baa berɛ a Asiria asraafoɔ no bɛnee Yerusalem. Berɛ a wokenkan 2 Ahemfo 18–19, no, susu sɛ na wote Yerusalem saa berɛ no. Sɛ nhwɛsoɔ no, atenka bɛn na anka wobɛnya, berɛ a wotee Asiriafoɔ no fɛwdie wɔ 2 Ahemfo 18:28–37; 19:10–13? Deɛn na anka wobɛyɛ? Fa sɛnti ahodoɔ a Asiriafoɔ de maeɛ sɛ mma Israelfoɔ mfa wɔn ho nto Awurade so no toto sɛnti ahodoɔ a Satan de ma yɛn ma yɛn gyidie nsi pi nnɛ no ho. Wobɛtumi nso de Asiriafoɔ sɛnti ahodoɔ no atoto wo deɛ ho akyerɛ deɛ enti wode wo ho to Awurade so.

Deɛn na wosua firi Hesekia nneyɛɛ wɔ tebea yi mu? (hwɛ 2 Ahemfo 19:1–7, 14–19). Sɛn na Awurade buaeɛ? (hwɛ 2 Ahemfo 19:35–37). Wodwene sɛ deɛn nti na Hesekia kɔɔ so dii nokorɛ? (hwɛ 2 Ahemfo 18:5–7). Dwennwene sɛdeɛ Awurade aboa wo wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu ho. Deɛn na wote nka sɛ yɛ na ama ahotosoɔ a wowɔ wɔ Ne mu no ayɛ kɛse?

Titenani Jeffrey R. Holland nkrasɛm “Nsuro: Gye di Kɛkɛ!” (Liahona, Kɔtɔnima 2022, 34–36) wɔ afotuo a ɛboa wɔ ehu anaa adwene mu naayɛ mmerɛ mu. Dwom bi te sɛ “Let Us All Press On” (Nnwom, nɔma 243) nso bɛtumi awɔ nkuranhyɛ nsɛm. Deɛn na wohunu wɔ aboadeɛ ahodoɔ yi mu a ɛboa wo?

San hwɛ 2 Berɛsosɛm 31–32; 3 Nephi 3–4; Jörg Klebingat, “Valiant Discipleship in the Latter Days,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 107–10.

Fa twerεsεm sua mmoa di dwuma. Asɔre no de aboadeɛ pii ma a ɛbɛboa wo ma woate twerɛnsɛm no ase. Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔ Asɛmpa Nwomakorabea no wobɛtumi ahunu Twerɛnsɛm mu Akwankyerɛ, Insɛm ne Nsɛmmisa, ne Asɔre Nsɛmma nwoma. Bio, berɛ a wokenkan Apam Dada no, wobɛtumi anya nsɛm a ɛfa ho ne nhumu a ɛboa wɔ “Nsusuiɛ a Ɛsɛ sɛ Yɛkae” nsɛm mu wɔ Bra, Di M’akyi. Asɛm a wɔato din “JYesu Bɛka Akyerɛ Israel Nyinaa sɛ, ‘Mommra Fie’” no bɛtumi aboa w’adesua a ɛfa 2 Ahemfo 16–25.

abusua a wɔrekenkan twerɛnsɛm bom

2 Ahemfo 19:20–37

Nneɛma nyinaa wɔ Awurade nsam.

Na Sennacherib, Asiria hene no, wɔ sɛnti pa bi a ɛmaa ɔgye dii sɛ n’asraafoɔ bɛdi Yerusalem so nkonim (hwɛ 2 Ahemfo 17; 18:33–34; 19:11–13). Nanso na Awurade wɔ nkrasɛm bi fa Sennacherib ho, a ɔnam nkɔnhyɛni Yesaia so de maeɛ. Wɔatwerɛ no wɔ 2 Ahemfo 19:20–34. Nokorɛ bɛn na wohunu wɔ Awurade nkraasɛm no mu a ɛboa wo ma wonya gyedie wɔ Ɔno ne Ne nhyehyɛeɛ mu?

2 Ahemfo 21–23

Twerɛnsɛm no bɛtumi adane m’akoma akɔ Awurade nkyɛn.

So woate nka pɛn sɛ na biribi tɔ sini wɔ wo honhom fam? Ebia wotee nka sɛ na wo ne Onyankopɔn abusuabɔ no mu bɛtumi ayɛ den. Deɛn na ɛboaa wo ma wosan baa Ne nkyɛn? Dwennwene nsɛmmisa yi ho berɛ a wokenkan 2 Ahemfo 21–23, a ɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ Yuda ahemman no tee wɔn ho firii Awurade ho wɔ Ɔhene Manasse berɛ so (hwɛ 2 Ahemfo 21) ne sɛdeɛ Ɔhene Yosia boaa nkorɔfoɔ no ma wɔsan baa Ne nkyɛn (hwɛ 2 Ahemfo 22–23). Sɛn ne adɛn nti na Yosia ne ne nkorɔfoɔ no sesaeɛ? (hwɛ 2 Ahemfo 22:8–11; 23:1–6, 21, 24).

Titenani Spencer W. Kimball frɛɛ Ɔhene Josiah abasɛm no “abasɛm papa pa ara a ɛwɔ twerɛnsɛm no nyinaa mu no mu baako” (Asɔre no Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Spencer W. Kimball [2006], 62). Kenkan Titenani Kimball nsɛm a ɛfa Ɔhene Yosia ho (nkratafa 62–64). Ebia wobɛtumi adwene suahunu bi ho berɛ a twerɛsɛm nkyekyɛmu bi “yɛ[ɛ] adwuma kɛse” wɔ wo mu. Deɛn na wobɛtumi ayɛ na ama woanya suahunu a ɛte saa bebree?

San hwɛ Alma 31:5; “Josiah and the Book of the Law” (sini), Asɛmpa Nwomakorabea.

12:25

Josiah and the Book of the Law

2 Ahemfo 23:1–25

Apam yɛ akoma mu ahofama a ɛda me ne Awurade ntam.

Deɛn na w’ani gye ho wɔ apam a Yosia yɛeɛ no ho 2 Ahemfo 23:3? Berɛ a wokɔso kenkan ti 23, no, hyɛ deɛ Yosia yɛeɛ de kyerɛɛ sɛ ɔde ne ho ama Awurade no nso (san hwɛ mfonin a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi awieeɛ no). Sɛn na wobɛtumi akyerɛ w’ahofama ama No?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

2 Ahemfo 18:3–6; 19:14–19

Mɛtumi de me ho ato Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo so.

  • 2 Ahemfo 18:3, 5–6, mu no, boa wo nkwadaa ma wɔnhunu deɛ ɛmaa Hesekia bɛyɛɛ ɔhene pa. Afei berɛ a mobom kenkan 2 Ahemfo 19:14–19, no, wɔbɛtumi ahunu sɛdeɛ ɔkyerɛɛ sɛ ɔde ne ho too Awurade so. Mobɛtumi ahwɛ Yesu mfonin na moaka deɛ enti a yɛbɛtumi agye Ne adi. Sɛn na yɛbɛtumi akyerɛ sɛ yɛgye Awurade di?

2 Ahemfo 22:1–7

Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo bɛtumi agye me adi.

  • 2 Ahemfo 22:1, no, boa wo nkwadaa ma wɔnhunu mfeɛ a na Yosia adi berɛ a ɔbɛyɛɛ ɔhene no. Deɛn na yɛsua fa Yosia ho wɔ nkyekyɛmu 2? Dwene dwumadie bi a ɛbɛtumi akyerɛ sɛ wobɛdi Awurade akyi na wonnane “nkɔ nifa anaa benkum” ho.

  • Wɔde sika no maa adwumayɛfoɔ a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ 2 Ahemfo 22:3–7 no sɛ wɔbɛsan asi tɛmpol no “esiane sɛ wɔdii nokorɛ” (nkyekyɛmu 7). Sɛ mokenkan nkyekyɛmu ahodoɔ yi wie a, wo ne wo nkwadaa bɛtumi akasa afa nneɛma a wɔde ahyɛ mo nsa ho. Sɛn na wɔbɛtumi agye yɛn adi te sɛ adwumayɛfoɔ a wɔwɔ nkyekyɛmu ahodoɔ yi mu no?

ɔtwerɛfoɔ ne Ɔhene Yosia

Ɔtwerɛfoɔ bi de twerɛsɛm nwoma mmobɔeɛ rebrɛ Ɔhene Yosia; mfonin a ɛfiri Robert T. Barrett hɔ

2 Ahemfo 22:8–11; 23:2–3

Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ me sɛ menni Yesu Kristo akyi.

  • Sɛ wopɛ sɛ wode Ɔhene Yosia ho asɛm a ɛwɔ 2 Ahemfo 22–23, no kyerɛ a, wobɛtumi de twerɛnsɛm no baako asie dan no mu baabi. Ma wo nkwadaa no nhwehwɛ. Afei wobɛtumi deɛ deɛ ɛsiiɛ berɛ a Yosia asɔfoɔ no mu baako hunuu twerɛnsɛm no wɔ tɛmpol no mu (hwɛ 2 Ahemfo 22:8–11; san hwɛ “King Josiah” wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 148–49). Sɛ yɛnni twerɛnsɛm no a, deɛn na ɛbɛtumi ato yɛn? Monka deɛ enti a mo ani gye sɛ yɛwɔ twerɛnsɛm no nnɛ nkyerɛ mo ho mo ho.

    1:36

    King Josiah

  • Monkenkan 2 Ahemfo 23:2–3, wie a, wo ne wo nkwadaa bɛtumi akasa afa twerɛnsɛm a akanyan mo ma “moadi Awurade akyi” ho (nkyekyɛmu 3). Mobɛtumi nso ato dwom bi afa twerɛnsɛm ho, te sɛ “Search, Ponder, and Pray” (Nkwadaa Nnwomnwoma109).

2 Ahemfo 23:1–3

Mɛdi m’apam a me ne Onyankopɔn ayɛ so.

  • Berɛ a Yosia ne ne nkorɔfo suaa Onyankopɔn mmaransɛm no, wɔyɛɛ apam sɛ wɔde bɛbɔ wɔn bra. Wo ne wo nkenkana nkenkan yei ho asɛm wɔ 2 Ahemfo 23:1–3, na boa wɔn ma wɔnnya nsɛm anaa kasasin a ɛkyerɛ sɛdeɛ nkorɔfoɔ no tee nka wɔ Awurade mmaransɛm ho. Ebia wo nkwadaa bɛtumi agyina hɔ aka deɛ ɛbɛtumi akyerɛ sɛ “[wogyina] apam no mu.” Afei wɔbɛtumi anante baabi na wɔaka deɛ ɛbɛtumi akyerɛ sɛ “wobɛdi Awurade akyi.” Deɛ ɛdi hɔ, wɔbɛtumi de wɔn nsa ato wɔn akoma so na wɔasusu akwan a yɛbɛtumi de “[yɛn] akoma nyinaa” adi yɛn apam ahodoɔ so

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

nkorɔfo a wɔde ahoma retwe ohoni bi agu fam

Yosia nkorɔfo reyiyi abosom afiri kuro no mu; mfonin a ɛfiri William Hole hɔ

Primary dwumadie kratafa: Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ me sɛ menni Yesu Kristo akyi