Ahinime 26–Obubuo 1 ‘Mɛma Wɔn Awerɛhoɔ Adane Anigyeɛ’: Yeremia 31–33; 36–39; Kwadwom 1; 3” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
Ahinime 26–Obubuo 1 ‘Mɛma Wɔn Awerɛhoɔ Adane Anigyeɛ,’” Bra, Di M’akyi De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026
Yeremia Redi Yerusalem Sɛeɛ ho Abooboo, ɛfiri Rembrandt van Rijn hɔ
Ahinime 26–Obubuo 1 26: “Mɛma Wɔn Awerɛhoɔ Adane Anigyeɛ”
Yeremia 31–33; 36–39; Kwadwom 1; 3
Berɛ a Awurade dii kan frɛɛ Yeremia sɛ ɔmmɛyɛ nkɔnhyɛni no, Ɔka kyerɛɛ no sɛ n’adwuma ne sɛ “ɔbɛtu aseɛ, na wasɛe” (Yeremia 1:10)—na abɔnefosɛm bebree wɔ Yerusalem a ɛwɔ sɛ wɔtu aseɛ na wɔsɛe. Nanso na yei yɛ Yeremia adwuma no mu fa bi kɛkɛ—wɔfrɛɛ no nso sɛ “ɔnsi, na ɔnnua” (Yeremia 1:10) Deɛn na na wɔbɛtumi asi anaasɛ adua wɔ amamfo a apam nkorɔfoɔ no atuateɛ de gyaeɛ no so? Wobisa no kwan foforɔ so a, berɛ a bɔne anaasɛ amanehunu ama yɛn abrabɔ asɛe no, yɛbɛyɛ dɛn atumi asan akyekyere na yɛadua bio? Mmuaeɛ no wɔ “tenenee Mman no” mu (Yeremia 33:15), Mesaia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Ɔde “apam foforɔ” ba (Yeremia 31:31)—deɛ ɛhwehwɛ boro ahofama a ɛda adi wɔ anisoɔ. Ɛsɛ sɛ ne mmara no wɔ “yɛn mu,” a wɔatwerɛ wɔ “yɛn akoma mu.” Ɛno na ɛkyerɛ sɛ Awurade “yɛ [yɛn] Nyankopɔn” na yɛn nso “yɛyɛ [Ne] nkorɔfoɔ” (Yeremia 31:33). Ɛyɛ nkwa nna nyinaa mu adeyɛ, na yɛbɛda so ara ayɛ mfomsoɔ na yɛanya nnyinasoɔ adi awerɛhoɔ berɛ ne berɛ mu. Nanso sɛ yɛyɛ saa a, Awurade hyɛ bɔ sɛ, “Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ” (Yeremia 31:13).
Sɛ wopɛ Kwadwom nkyerɛmu a, hwɛ “Kwadwom, Nwoma no” wɔ Guide to the Scriptures mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Yeremia 31; 33
Awurade bɛyi N’apam nkorɔfoɔ afiri nnɔmmum mu.
Wɔ Yeremia 31; 33 Awurade hunuu “agyaadwoɔ, ne osu a ɛyɛ yea” (Yeremia 31:15) a na Israelfoɔ bɛhunu wɔ nnɔmmum mu. Nanso, ɔsan maa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ nsɛm. Hwehwɛ berɛ a wokenkan ti ahodoɔ yi. Bɔhyɛ ahoroɔ bɛn na wohunu a ɛfa wo ho?
Yeremia 31:31–34; 32:37–42
“Na wɔbɛyɛ me nkorɔfoɔ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.”
Ɛwom sɛ na Israelfoɔ no abu wɔn apam so deɛ, nanso Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ Awurade bɛsan ne wɔn ayɛ “foforɔ” a ɛyɛ “daapem apam” (Yeremia 31:31; 32:40). Saa apam no yɛ deɛn? Dwene ho sɛ wobɛhwehwɛ nhunumu wɔ Guide to the Scriptures, “New and Everlasting Covenant,” Asɛmpa Akoraeɛ.
Berɛ a wokenkan Yeremia 31:31–34; 32:37–42no, dwene:
-
Deɛ ɛkyerɛ ma wo sɛ wobɛka Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ ho.
-
Deɛ ɛkyerɛ ma wo sɛ wɔbɛtwerɛ Ne mmara wɔ w’akoma mu.
-
Ɛbɔ a Awurade hyɛ wo berɛ a wo ne No yɛ apam.
-
Sɛdeɛ wo ne Awurade apam abusuabɔ sesa woɔ.
Bɔhyɛ ahoroɔ bɛn na woahyɛ Awurade ayɛ berɛ a woayɛ ayɛyɛdeɛ kronkron ahoroɔ? Sɛn na Ɔredi bɔhyɛ ahoroɔ a Ɔhyɛɛ wo no so?
San hwɛ David A. Bednar, “Abide in Me, and I in You; Therefore Walk with Me,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 123–26.
Yeremia 36
Twerɛnsɛm no wɔ tumi sɛ ɛbɛtwe me afiri bɔne ho.
Sɛdeɛ Yeremia 36:2–3kyerɛ no, adɛn nti na Awurade hyɛɛ Yeremia sɛ ɔntwerɛ ne bɔhyɛ no? Berɛ a wokenkan Yeremia 36no, hyɛ sɛdeɛ saa nkorɔfoɔ a wɔdidi soɔ yi dwene faa saa nkɔmhyɛahoroɔ yi ho no nso:
-
Awurade (hwɛ nkyekyɛmu 1–3, 27–31)
-
Yeremia (hwɛ nkyekyɛmu 4–7, 32)
-
Baruch (hwɛ nkyekyɛmu 4, 8–10, 14–18)
-
Jehudi ne Ɔhene Jehoiakim (hwɛ nkyekyɛmu 20–26)
-
Elnathan, Delaiah, ne Gemariah (hwɛ nkyekyɛmu 25)
Dwene sɛdeɛ wote nka fa twerɛnsɛm no ho. Sɛn na aboa wo ma woatwe wo ho afiri bɔne ho?
Yeremia 37–39
Gyina pintinn wɔ Onyankopɔn nkɔnhyɛfoɔ akyidie mu.
Wɔ Yeremia 37:1–3, 15–21; 38:1–6, 14–28,adanseɛ bɛn na wohunu sɛ Ɔhene Sedekia gye dii sɛ Yeremia yɛ Awurade nkɔnhyɛni nokwafoɔ? Adanseɛ bɛn na wohunu sɛ Sedkaia annye anni? Deɛn na wosua firi saa ntotoho yi mu? Berɛ a wokenkan Yeremia 39no, dwene nsakraeɛ a anka ɛbɛba sɛ Sedekia ne ne nkorɔfoɔ dii nkɔnhyɛni no akyi na wɔdii Awurade mmaransɛm so a. (Fa deɛ ɛtoo Sedekia no toto deɛ ɛtoo Lehi abusua no ho wɔ 1 Nephi 1–2.)
Yeremia 38:6–13; 39:15–18
Mɛtumi anya akokoɔduro de agyina ama deɛ ɛyɛ nokorɛ.
Ɔhene no mpanimfoɔ dwenee sɛ Yeremia nkɔnhyɛ ahoroɔ no rema wɔn asraafoɔ no mpɛ sɛ wɔbɛko, enti wɔde Yeremia too afiase a ɛhɔ yɛ fi (hwɛ Yeremia 38:1–4). Wɔ Yeremia 38:6–13, deɛn na ɛsɔ w’ani wɔ mmuaeɛ a Etiopiani Ebed-Melek de maeɛ no ho? Hyɛ nhyira a Awurade de maa Ebed-melech nso wɔ Yeremia 39:15–18.
Sɛn na wobɛdi Ebed-melek nhwɛsoɔ no so?
Yeremia Su
Kwadwom 1; 3
Awurade bɛtumi ama awerɛhoɔ a esiane bɔne nti medi no afiri hɔ.
Kwadwom nwoma no yɛ anwonsɛm a wɔtwerɛɛ wɔ Yerusalem ne ne tɛmpol sɛeɛ akyi no mmoano. Wodwene sɛ deɛn nti na ɛho hia sɛ wɔkoraeɛ ? Dwene deɛ nnyinahɔma ahoroɔ a ɛwɔ Kwadwom 1 ne 3 no boa ma wote aseɛ fa awerɛhoɔ kɛseɛ a Israel hunuuiɛ no ho. Kristo mu anidasoɔ ho nkrasɛm bɛn na wohunu? (hwɛ titire Kwadwom 3:20–33; san hwɛ Mateo 5:4; Yakobo 4:8–10; Alma 36:17–20).
Titenani M. Russell Ballard kaa tebea ahoroɔ pii a ɛbɛtumi ama ebinom abamu abu, na ɔmaa afotuo fa baabi a wɔbɛnya anidasoɔ ho:
“Abamubuo, hwammɔdie, ne awerɛhoɔ bɛtimu ahyɛ yɛn mu binom asetena mu ma. Nnipa pii dwene sɛ wɔrentumi nyɛ hwee wɔ basabasayɛ a ayɛ sɛ ɛredi wiase so no ho. Afoforɔ nso di awerɛhoɔ wɔ abusuafoɔ a suban pa a ɛresɛe ne abrabɔ pa ntenteeɛ a ɛrekɔ fam ho asorɔkye a ɛyɛ hu retwe wɔn ntɛmso ho. Bebree mpo agye wiase amumuyɛ ne atirimɔdensɛm atom saa sɛ wɔyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yie. Wɔn aba mu abu.
“Ebia yɛn mu binom anidasoɔ nyinaa asa ɛnam bɔne ne mmaratoɔ nti. Obi bɛtumi de ne ho ahyɛ wiase akwan mu ara ma ɔnhunu kwan a ɔbɛfa so afiri mu na n’anidasoɔ nyinaa asa. M’adesrɛ ma wɔn a wɔatɔ ɔtamfoɔ afidie yi mu nyinaa ne sɛ mma wɔmpa aba da! Ɛmfa ho ne sɛdeɛ nneɛma bɛyɛ te sɛ deɛ asɛe anaasɛ ɛbɛtumi asɛe no, mesrɛ wo gye di sɛ wobɛtumi anya anidasoɔ berɛ biara. Berɛ biara” (“The Joy of Hope Fulfilled,” Ensign, Obubuo 1992, 31–32).
San hwɛ “Come, Ye Disconsolate,” Nnwom,, no. 115.
Boa afoforɔ ma wɔnhunu sɛ wɔn adesua yɛ wɔn ankasa asodie. Ɛtɔ da a na ayɛ sɛ kwan a ɛyɛ fo a yɛbɛfa so akyerɛkyerɛ adesuafoɔ ne sɛ yɛbɛka deɛ yesusu sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu akyerɛ wɔn. Nanso, ɛnyɛ berɛ biara na kwan a ɛyɛ fo no ne kwan papa no. Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛn adwene yɛ sɛ ‘Deɛn na mɛka akyerɛ wɔn?’ Mmom, asɛmmisa a ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho ne sɛ ‘Deɛn na mɛtumi ama wɔn ayɛ? Nkanyan bɛn na mɛtumi abisa a, sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobɛbua a, wɔbɛhyɛ aseɛ atwe Honhom Kronkron no aba wɔn abrabɔ mu?’” (evening with a General Authority, Ɔgyefuo 7, 2020, broadcasts.ChurchofJesusChrist.org; san hwɛ Teaching in the Savior’s Way, 25). Akwan pii wɔ hɔ a yɛbɛfa so aboa asuafoɔ ma wɔafa wɔn adesua ho asodie. Nhwɛsoɔ, wɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu no wɔma asuafoɔ hwehwɛ, dwene ho, twerɛ nsɛm, hwɛ mfonin ahoroɔ, mfa wɔn ho hyɛ adesua no mu, nyɛ mfonin, na wɔkyɛ na wɔde deɛ wɔasua no di dwuma.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Yeremia 31:3
Ɔsoro Agya ne Yesu “de ɔdɔ a ɛnniawieeɛ” dɔ me.
-
Berɛ a wo ne wo nkadaa kenkan Yeremia 31:3 no, wɔbɛtumi aboa wo ama woahunu nneɛma (anaasɛ nneɛma mfonin) a ɛkyɛre, te sɛ dadeɛ sika, ne ebinom a ɛnkyɛre, te sɛ aduaba ketewa bi. Mobɛtumi aka deɛ “ɛnniawieeɛ” kyerɛ na mo ne mo ho mo ho akyɛ sɛdeɛ moate Ɔsoro Agya “ɛnniawieeɛ dɔ” nka Wobɛtumi nso abom ato nnwom bi te sɛ “God Is Watching Over All” (Nkwadaa Nnwomnwoma,, 229).
Yeremia 31:31–34; 32:38–41
Onyankopɔn bɛboa me ma madi m’apam so.
-
Wo nkwadaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛyɛ akoma mfonin wɔ krataa so na wɔatwerɛ nneɛma a wɔsua firi Yeremia 31:31–34 fa apam a wɔne Onyankopɔn yɛ ho wɔ akoma no mu. Mobɛtumi ahwehwɛ apam a wɔyɛɛ wɔ asubɔ no mu (see Mosiah 18:10, 13) na moaka deɛ ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtwerɛ saa bɔhyɛ ahoroɔ yi wɔ wɔn akoma mu.
Yeremia 36:1–4
Twerɛsɛm no yɛ Onyankopɔn asɛm.
-
Nnaawɔtwe yi dwumadie krataafa no bɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔasua afa Yeremia, Baruk, ne ɔhene no ho (hwɛ Yeremia 36). Wobɛtumi nso ayɛ nneyɛɛ a ɛne nsɛmfua a ɛwɔ Jeremiah 36:4–10mu no kɔ, te sɛ woretwerɛ krataa mu (hwɛ nkyekyɛmu 4) ne worekenkan twerɛnsɛm no kyerɛ afoforɔ (hwɛ nkyekyɛmu 8, 10).
-
Wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahwɛ nkwadaa nwoma bi ne twerɛnsɛm no na moaka sɛdeɛ saa nwoma ahoroɔ yi da nso. Deɛn na ɛma twerɛnsɛm no yɛ sononko? Ɛbɛtumi ayɛ nkanyan sɛ mo ne mo ho mo ho bɛkyɛ twerɛnsɛm ayɛsɛm bi a ɛda mo akoma so.
Yeremia 38:6–13
Mɛtumi agyina ama deɛ ɛyɛ nokorɛ.
-
Wobɛtumi de mfonin a ɛwɔ nhyehyɛeɛ no awieeɛ no aboa wo nkwadaa ama wɔasusu Ebed-Melek abasɛm no wɔ wɔn adwene mu Yeremia 38:6–13. Ebia wobɛtumi aboa wɔn ama wɔahunu nkyekyɛmu bi a Ebed-Melek kyerɛɛ akokoɔduro bi de boaa Awurade nkɔnhyɛni no. Deɛn na yɛbɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛnim sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn nkɔmhyɛni a ɔwɔ hɔ seesei no?
Kwadwom 1:1–2, 16; 3:22–26
Agyenkwa no maa ɛyɛɛ yie sɛ wɔde me bɔne bɛkyɛ me
-
Sɛdeɛ wode Kwadwom nwoma no bɛkyerɛ no, wobɛtumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wo nkwadaa sɛ esiane sɛ Israelfoɔ no ansakra wɔn adwene nti, wɔsɛee Yerusalem ne tɛmpol no. Mobɛtumi ne mo ho mo ho akyɛ sɛdeɛ anka mobɛte nka sɛ mote hɔ saa berɛ no a (hwɛ Kwadwom 1:1–2, 16). Sɛn na nkrasɛm a ɛwɔ Kwadwom 3:22–26 ama wo anidasoɔ?
-
Mobɛtumi nso aka mmerɛ a mowerɛ hoeɛ wɔ deɛ ɛnyɛ a moyiiɛ ho akyerɛ mo ho mo ho. Deɛn na wohunu wɔ Kwadwom 3:22–26 a ɛboa yɛn ma yɛte Yesu Kristo bɔnefakyɛ a ɔde ma yɛn no ase?
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.