“Obubuo 9–15. “Onyame Foforɔ Biara Nni Hɔ A Ɔbɛtumi Agye Nkwa”: Daniel 1–7,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Obubuo 9–15. “Onyame Foforɔ Biara Nni Hɔ A Ɔbɛtumi Agye Nkwa”: Daniel 1–7,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026
Daniel Kyerɛ Nebukadnessar Daeɛ Ase, ɛfiri Grant Romney Clawson Hɔ
Obubuo 9–15: “Onyame Foforɔ Biara Nni Hɔ A Ɔbɛtumi Agye Nkwa”
Daniel 1–7
Ɛyɛ nokorɛ sɛ obiara renhunahuna wo sɛ ɔbɛto wo ato ogya a ɛredɛre mu anaasɛ agyata buo mu esiane gyidie a wowɔ wɔ Yesu Kristo mu nti. Nanso yɛn mu biara nni hɔ a ɔbɛfa asetena yi mu a sɔhwɛ nka ho. Enti yɛn nyinaa bɛtumi anya mfasoɔ afiri nnipa te sɛ Daniel, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego, a Babilon Ahemman a ɛyɛ den no faa wɔn nnɔmmum berɛ a na wɔyɛ mmeranteɛ no hɔ (hwɛ 2 Ahemfo 24:10–16). Esiane sɛ na amammerɛ ne gyidie ahoroɔ soronko a wɔnnim atwa wɔn ho ahyia nti, wɔhyiaa sɔhwɛ akɛseɛ sɛ bɛgyae wɔn gyidie ne amammerɛ a ɛtene no. Nanso wɔdii nokorɛ maa wɔn apam ahoroɔ. Sɛn na wɔyɛɛ no? Berɛ a wɔreyɛ nneɛma nketenkete a ɛnyɛ den a Onyankopɔn hwehwɛ firi yɛn nyinaa hɔ no—mpaebɔ, akɔnkyene, nnamfo pa a yɛbɛfa, Ne mu ahotosoɔ, ne hann a yɛbɛyɛ ama afoforɔ. Te sɛ Yosef wɔ Misraim ne Ester wɔ Persia no, Daniel ne ne nnamfonom a wɔwɔ Babilon no kuraa Onyankopɔn gyidie mu, na Onyankopɔn yɛɛ anwanwadeɛ ahoroɔ a ɛda so ara kanyan agyidifoɔ de besi nnɛ.
Sɛ wopɛ Daniel nwoma no nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ “Daniel” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm Nkyerɛaseɛ nwoma mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Daniel 1; 3; 6
Mɛtumi de me ho ato Awurade so berɛ a wɔsɔ me gyidie hwɛ.
Wɔ kwan bi so, yɛn nyinaa te Babilon. Mpɛn pii no yɛhyia sɔhwɛ ahoroɔ a ɛbɛma yɛagyae yɛn mudie na yɛatwe yɛn ho afiri Kristo mu gyidie ho. Berɛ a wokenkan Daniel 1, 3, ne 6no, hyɛ akwan a wɔfaa so hyɛɛ Daniel, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego sɛ wɔnyɛ nneɛma a na wɔnim sɛ ɛntene no nso. Sɛn na wɔbuaa tebea horoɔ yi? (hwɛ Daniel 1:10–13; 3:15–18; 6:10). Deɛn na ɛfirii wɔn gyidie no mu baeɛ? Deɛn na wosua firi suahu ahoroɔ yi mu a ɛbɛtumi aboa wo ma wode wo ho ato Awurade so berɛ a wohyia sɔretia? Dwene nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi nso ho:
-
Berɛ bɛn na woate nka sɛ wɔhyɛɛ wo sɛ yɛ biribi a na wonim sɛ ɛntene? Sɛn na Awurade ahyira wo wɔ Ne mmaransɛm sodie ho?
-
Na sɛ wo gyedie amma wo anwanwadeɛ ahoroɔ a worehwehwɛ no nso ɛ? hwɛ Alma 14:8–13). Wɔ deɛ wokenkan wɔ Daniel 3:13–18no, sɛn na wodwene sɛ anka Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego bɛbua asɛmmisa yi? Sɛn na wɔn nhwɛsoɔ no bɛtumi anya nsunsuansoɔ wɔ sɛdeɛ wofa sɔhwɛ ahoroɔ?
-
Sɛn na nneɛma tenenee a woyi no bɛtumi ama afoforɔ anya gyidie kɛseɛ wɔ Awurade mu? (hwɛ Daniel 2:47; 3:28–29). Dwene nsunsuansoɔ a deɛ woyi no bɛtumi anya wɔ afoforɔ so ho.
San hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Be Not Afraid, Only Believe,” Liahona, Obubuo 2015, 76–79.
Bɔ mmɔden fa obiara ka ho. Agyenkwa no “frɛ obiara sɛ wɔmmra ne nkyɛn na wɔnnya ne papayɛ mu kyɛfa” (2 Nephi 26:33). Sɛ worekyerɛkyerɛ w’abusua anaasɛ adesuakuo bi a, dwene akwan a wobɛtumi ama obiara anya kwan ayɛ bi wɔ kwan bi so. Nhwɛsoɔ, wobɛtumi ama obiara twerɛsɛm ayɛsɛm bi, nhyiamu nkrasɛm fa bi, anaasɛ nnwom nkyekyɛmu bi ma wadwennwene ho na waka ho. Nhyɛ obiara sɛ ɔnyɛ bi, na mmom ma wɔn akwanya.
Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego wɔ Ogyatanaa Huuhu mu, ɛfiri William Maughan hɔ
Daniel 2
Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no yɛ Onyankopɔn ahemman wɔ asase so.
Daniel nam adiyisɛm so hunuu sɛ Nebukadnesar daeɛ no hunu kaa wiase ahennie ahoroɔ a ɛbɛba daakye, ne Onyankopɔn ahennie a ɛbɛba daakye, a “wɔrensɛe no da” (Daniel 2:44). Elder D. Todd Christofferson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Asɔre no ne saa nna a ɛdi akyire ahennie a wɔhyɛɛ ho nkɔm no, ɛnyɛ onipa na ɔbɔɔeɛ na mmom ɔsoro Nyankopɔn na ɔde sii hɔ na ɛrebobɔ sɛ ɛboɔ a ‘wɔatwa afiri bepɔ no mu a ɛnyɛ nsa’ de ahyɛ asase so ma ” (“Why the Church,” Liahona, Obubuo 2015, 111). Dwene Onyankopɔn nna a ɛdi akyire ahennie no ho berɛ a wokenkan ɛboɔ no ho nkyerɛkyerɛmu ahoroɔ wɔ Daniel 2:34–35, 44–45. Deɛn ne w‘adwuma a woreyɛ aboa ama saa nkɔnhyɛ no aba mu?
San hwɛ “Hark, All Ye Nations!,” Nnwom,, no. 264; “Onyankopɔn Maa Wɔn Nimdeɛ” (sini), ChurchofJesusChrist.org.
God Gave Them Knowledge
Daniel 2:1–30
Adiyisɛm gyeɛ hia honhom mu ahosiesie.
Berɛ a wokenkan Daniel 2:1–15no, dwene sɛdeɛ wokɔɔ Daniel tebea no mu a anka atenka a wobɛnya ho. Deɛn na Daniel yɛeɛ? (hwɛ Daniel 2:16–18). Deɛn na wobɛtumi asua afiri Daniel 1:17 fa sɛdeɛ Onyankopɔn siesiee Daniel ho? Deɛn na wobɛtumi asua afiri Daniel nsɛm ne nneyɛɛ mu berɛ a ɔnyaa Awurade mmoa akyi? (hwɛ Daniel 2:19–30).
Daniel 7:13–14
Yesu Kristo yɛ Daa Agya no Ba no.
Wɔ Agyenkwa no asase so som mu no, Yudafoɔ pii faa abodin “Onipa Ba” a ɛfiri Daniel 7:13 no sɛ ɛkyerɛ Messia a ɔreba. Deɛn na wosua fa Messia no ho firi Daniel 7:13–14? (san hwɛ Moses 6:57).
Agyenkwa no taa frɛɛ ne ho sɛ “onipa Ba.” Dwene ho hwehwɛ nhwɛsoɔ ahoroɔ bi mu: Mateo 25:31; Marko 9:31; 10:45. Deɛn na Ɔrekyerɛ afa Ne ho wɔ saa nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu? Wɔ Marko 14:61–64, Yesu kaa saa abodin yi da a ɛtwa toɔ wɔ N’asetena mu. Hyɛ deɛ nkorɔfoɔ a wɔtee Ne paemuka no yɛeɛ no nso. Sɛn na Daniel nkɔnhyɛ a ɛfa Onipa Ba no ho no ka w’atenka wɔ deɛ ɛtoo No wɔ Marko 15no ho?
Sɛdeɛ wɔtann Yesu esiane sɛ ɔkaa sɛ Ɔyɛ “onipa Ba” nti no, ebia wo nso wobɛhyia ɔtaa esiane sɛ wokaa nokorɛ no nti. Fa nkɔnhyɛ a ɛwɔ Daniel 7:13–14 toto bɔhyɛ ahoroɔ a ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:29, 46ho.
San hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 49:6; Guide to the Scriptures, “Onipa Ba,” Asɛmpa Akoraeɛ.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Daniel 1; 3; 6
Yesu bɛboa me ama mayɛ deɛ ɛtene berɛ a ɛyɛ den mpo.
-
Sɛdeɛ wobɛboa wo nkwadaa ama wɔasua nneɛma a ɛkanyan adwene a ɛwɔ Daniel nwoma no mu no, wobɛtumi anya nsɛm a esisiiɛ no ho mfonin wɔ Daniel 1, 3, ne 6 (hwɛ nnawɔtwe yi dwumadie krataafa wɔ Gospel Art Book, nos. 23, 25, 26). Afei wobɛtumi de mfonin ahoroɔ no abutu fam na woama abofra bi adane baako na wakasa afa abasɛm a ɛgyina hɔ ma no ho. (Wopɛ mmoa a, hwɛ “Daniel ne Ne Nnamfonom,” “Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego,” ne “Daniel ne Gyata Buo no” wɔ Apam Dada Abasɛmmu, 154–56, 160–62, 163–65.)
1:39Daniel and His Friends
1:39Shadrach, Meshach, and Abed-nego
1:45Daniel and the Lions’ Den
-
Boa wo nkwadaa ma wɔnnwene tebea ahoroɔ a wɔbɛtumi ahyɛ wɔn ama wɔafa deɛ ɛntene ho, te sɛ deɛ na Daniel ne ne nnamfonom wɔ mu wɔ Daniel 1, 3, ne 6no. Mo ne mo ho mo ho nkyɛ sɛdeɛ wɔahyira mo ɛnam deɛ ɛtene a moyiiɛ wɔ berɛ a na ɛyɛ den mpo. Mobɛtumi nso abom ato nnwom bi a ɛfa asɛntire yi ho, te sɛ “Choose the Right” (Nnwom, no. 239).
Nyansaɛm no mu Ahotosoɔ
Daniel 1:1–17
Ɔsoro Agya pɛ sɛ mehwɛ me nipadua so yie.
-
Daniel ne ne nnamfonom a wɔpoo ɔhene no nam ne bobesa ho asɛm a yɛbɛkenkan no bɛtumi akanyan nkɔmmɔdie a ɛfa apɔmuden ho mmara a Ɔsoro Agya de ama yɛn nnɛ no ho (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 89). Ebia wobɛtumi ahwehwɛ nhyira a Daniel ne ne nnamfonom nyaeɛ no na wode atoto nhyira a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Nyansasɛm no mu no ho (hwɛ Daniel 1:15–17 ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam 89:18–21).
Daniel 2
Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no yɛ Onyankopɔn ahemman a ɛwɔ asase so.
-
Berɛ a wo ne wo nkwadaa kenkan Daniel 2:31–35, 44–45 no, wobɛtumi ama wɔayɛ Nebukadnesar daeɛ no ho mfonin. Boa wɔn ma wɔnte aseɛ sɛ ɛboɔ no a ɛwɔ daeɛ mu no gyina hɔ ma Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Deɛn na yɛsua fa Asɔre no ho firi daeɛ yi mu? Wo nkwadaa bɛtumi abɔ nneɛma bi a Ɔsoro Agya yɛeɛ de hyehyɛɛ N’Asɔre wɔ nna a ɛdi akyire mu no din. Sɛ wɔhia mmoa a, wobɛtumi de nsɛm a ɛsisiiɛ firi Asɔre no Mmaeɛ bio no mu mfonin akyerɛ (hwɛ Gospel Art Book, nos. 90–95).
Daniel 6
Ɔsoro Agya pɛ sɛ metaa bɔ mpaeɛ.
-
Adɛn nti na na mpaebɔ a wɔbɛbɔ akyerɛ Ɔsoro Agya no ho hia Daniel yie? Ebia wo ne wo nkwadaa bɛtumi abɔ saa asɛmmisa no ho nkɔmmɔ berɛ a mokenkan Daniel 6 bom. Afei mobɛtumi aka deɛ enti a mpaebɔ ho hia mo akyerɛ mo ho. Wo nkwadaa ani bɛtumi agye sɛ wɔbɛyɛ mfonin ahoroɔ fa wɔn ho a wɔrebɔ mpaeɛ wɔ tebea ahoroɔ mu. Wɔbɛtumi de wɔn mfonin akyerɛkyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ yɛbɛtumi abɔ Ɔsoro Agya mpaeɛ ɛmfa ho ne baabi a yɛwɔ anaasɛ deɛ yɛhia.
Sɛ wopɛ nsusuiɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.