Obubuo 2–8 ‘Honhom Foforɔ Na Mede Bɛhyɛ Wo mu’: Hesekiel 1–3; 33–34; 36–37; 47,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
Obubuo 2–8 ‘Honhom Foforɔ Na Mede Bɛhyɛ Wo mu,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
Obubuo 2–8: “Honhom Foforɔ Na Mede Bɛhyɛ Wo mu”
Hesekiel 1–3; 33–34; 36–37; 47
Na Hesekiel yɛ nkɔnhyɛni a wɔatwa no asu. Na wɔafa ɔne Israelfoɔ afoforɔ nnɔmmum de wɔn akɔ Babilon. Wɔ Yerusalem no, anka Hesekiel bɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔresom wɔ tɛmpol mu. Wɔ Babilon no, na ɔka “wɔn a wɔakɔ nnɔmmumfa mu” ho, na “ɔtenaa baabi a wɔteɛ” (Hesekiel 3:15), akwansin ɔha pii firi Onyankopɔn dɔ fie hɔ a wɔnni anidasoɔ papa biara sɛ wɔbɛsan. Ɛnna da koro bi Hesekiel nyaa yikyerɛ. Ɔhunuu “Awurade animuonyan” (Hesekiel 1:28)—ɛnyɛ Yerusalem tɛmpol hɔ bio na mmom Babilon wɔ wɔn a wɔatwa wɔn asu no mu. Ɔhunuu sɛ atirimuɔdensɛm a ɛwɔ Yerusalem no mu ayɛ den ara ma Onyankopɔn anim nni hɔ bio (hwɛ Hesekiel 8–11; 33:21).
Nanso biribi wɔ hɔ a ɛma anidasoɔ wɔ Hesekiel nkrasɛm no mu. Ɛmfa ho ne baabi a na apam nkorɔfoɔ no ahwe ase akɔduru no, na Onyankopɔn mpoo wɔn koraa. Sɛ “wɔbɛtie Awurade asɛm” a (Ezekiel 37:4), deɛ na awuo no bɛsɔre. Wɔbɛtumi de “akoma foforɔ” ahyɛ wɔn “boɔ akoma” no ananmu (Hesekiel 36:26). Na daakye, Awurade bɛsi tɛmpol foforɔ ne Yerusalem foforɔ, “na kuro no din firi saa da no bɛyɛ, Awurade wɔ hɔ” (Hesekiel 48:35).
Sɛ wopɛ Hesekiel nwoma no nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ “Hesekiel” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Hesekiel 3; 34
Awurade frɛ me sɛ menhwɛ Ne nnwan.
Wɔ Hesekiel 3 ne 34, Awurade frɛ Ne nkorɔfoɔ akannifoɔ awɛmfoɔ ne nnwanhwɛfoɔ. Berɛ a wokenkan ti ahoroɔ yi no, dwene deɛ saa abodin ahoroɔ yi kyerɛ fa deɛ ɛkyerɛ sɛ obi yɛ ɔkannifoɔ ho.
Ɛhefoɔ ne “nnwan” no a Awurade pɛ sɛ wohwɛ wɔn so no? Deɛn na wohunu wɔ Hesekiel 34 a ɛbɛtumi aboa obi a ɔresiesie ne ho akɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma, ɔretete nkwadaa, anaasɛ ɔreyɛ ɔsom adwuma bi? Sɛn na wobɛtumi adi Agyenkwa no nhwɛsoɔ so sɛ yɛn dwanhwɛfoɔ? nkyekyɛmu 11–31).
Wobɛtumi nso adwene sɛnkyerɛnnɛe a wohunu wɔ ti yi mu no ho. Deɛn na “adidibea pa” ne “ekuo pa” bɛtumi agyina hɔ ma wɔ nkyekyɛmu 14? Nsonsonoeɛ bɛn na ɛwɔ odwan a “wayera” ne deɛ “wɔapam no ntam”? (nkyekyɛmu 16). Nsɛnkyerɛnneɛ afoforɔ bɛn na wohunu?
San hwɛ Yohane 21:15–17; Gerrit W. Gong, “Ministering,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 16–19.
Hesekiel 33:10–19
Awurade pɛ sɛ ɔde kyɛ.
“Sɛ yɛn bɔne wɔ yɛn so a,” Israelfoɔ a wɔafa wɔn nnɔmmum no bisaa wɔn ho sɛ, “ɛnneɛ sɛn na yɛbɛtena ase?” (Hesekiel 33:10). Wɔ mmuaeɛ mu no, Awurade kyerɛkyerɛɛ wɔn faa adwensakyera ne bɔnefakyɛ ho. Saa nsɛmmisa yi bɛtumi aboa wo ma woadwennene deɛ ɔkyerɛkyerɛeɛ no ho:
-
Wodwene sɛ deɛn na “wode wo ho bɛto [w’]ankasa tenenee so”? kyerɛ (see Hesekiel 33:12–13).
-
Deɛn na wobɛka akyerɛ obi a ɔdwene sɛ wɔne nkorɔfoɔ a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Hesekiel 33:12–19 anni no yie? (san hwɛ Mateo 21:28–31; Luka 18:9–14).
-
Deɛn na wohunu wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu a ɛboa wo ma wote nsakyeraeɛ ase? Nhunumu afoforɔ bɛn na wohunu wɔ Hesekiel 36:26–27 ne Alma 7:14–16?
Hesekiel 37
Awurade reboaboa Ne nkorɔfoɔ ano na ɔrema wɔn asetena foforɔ.
Wɔkyerɛ Israel anoboaboa wɔ Hesekiel 37 wɔ nsɛnkyerɛnneɛ mmienu mu. Berɛ a wokenkan fa deɛ ɛdi kan no ho—nnompe a awuo a wɔsan de ba nkwa mu (hwɛ nkyekyɛmu 1–14) no—dwene deɛ ɛkyerɛ wo fa Israel anoboaboa wɔ nkatanim no afanu nyinaa no ho (san hwɛ Hesekiel 36:24–30). Dwene nsɛmmisa te sɛ yeinom ho:
-
Deɛn na Awurade nam Israel anoboaboa so rebɔ mmɔden ayɛ?
-
Sɛn na Ɔreyɛ no?
Wobɛtumi abisa wo ho saa asɛm korɔ no ara berɛ a wokenkan fa sɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu no ho, wɔ nkyekyɛmu 15–28. Saa sɛnkyerɛnneɛ yi fa nnua mmienu ho, a nwomanimfoɔ bebree kyerɛ aseɛ sɛ twerɛ pono a wɔde kaawa aka abɔ mu. Yuda dua no bɛtumi agyina hɔ ama Twerɛ Kronkron (esiane sɛ Yuda asefoɔ na wɔtwerɛɛ Twerɛ Kronkron no fa kɛseɛ no ara), na Yosef dua no bɛtumi agyina hɔ ama Mormon Nwoma no (esiane sɛ na Lehi abusua no yɛ Yosef a ɔfiri Egypt asefoɔ). Ɛno wɔ w’adwene mu no, deɛn na nkyekyɛmu ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ wo fa dwuma a twerɛnsɛm no di wɔ Israel anoboaboa no mu ho?
Dwene sɛdeɛ Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no abom ayɛ adwuma wɔ w’abrabɔ mu—titire, sɛ aboa wo ama woaba Kristo nkyɛn. Ayɛsɛm ahoroɔ bɛn na ɛho aba mfasoɔ ama wo titire?
San hwɛ 2 Nephi 3:11–13; 29:14; “Israel, Israel, God Is Calling,” Nnwom,, no. 7; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Twerɛ Kronkron,” “Mormon Nwoma no,” Asɛmpa Akoraeɛ; “Mormon Nwoma no Boaboa Israel a Wɔahwete ano” sini), Asɛmpa Akoraeɛ.
The Book of Mormon Gathers Scattered Israel
Wɔ yikyerɛ mu no, Hesekiel hunuu asubɔnten bi a ɛretene firi tɛmpol hɔ na ɛresa Ɛpo Wuiɛ no yareɛ.
Hesekiel 47:1–12
Mɛtumi anya honhom mu ayaresa wɔ Awurade fie.
Berɛ a wokenkan Hesekiel 47:1–12no , ɛbɛtumi aboa sɛ wobɛhunu sɛ na Ɛpo Wuiɛ no yɛ nkyenenkyene ara ma mpataa ne afifideɛ ntumi ntena mu. Deɛn na ɛsɔ w’ani wɔ nsuo a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyɛmu 1–12no? (san hwɛ Adiyisɛm 22:1). Deɛn nsɛnkyerɛnneɛ na saa nsuo yi bɛtumi agyina hɔ ama?? Deɛn na nnua a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyɛmu 12 no bɛtumi agyina hɔ ama?
Deɛn na Elder Dale G. Renlund nkrasɛm “Abusua abakɔsɛm ne Tɛmpol Adwuma: Nsɔano ne Ayaresa” de ka wo nteaseɛ ho? (hwɛ Liahona, Kɔtɔnima 2018, 47–48). Dwene sɛdeɛ woanya honhom mu asetena ne ayaresa esiane tɛmpol nti.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ
Hesekiel 3:17; 33:1–5
Nkɔnhyɛfoɔ te sɛ awɛmfoɔ a wɔbɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane ho.
-
Nkwadaa nkumaa ani bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛyɛ nneyɛɛ a ɛne Ezekiel 3:17kɔ. Nhwɛsoɔ, wɔbɛtumi de wɔn nsa akyerɛ wɔn ani, aso, ne wɔn ano berɛ a wokenkan nsɛmfua “ɔwɛmfoɔ,” “te,” ne “ano”. Wɔn ani bɛtumi nso agye ho sɛ wɔbɛnante—abɔnten anaasɛ wɔatwa dan no ho kɛkɛ. Berɛ a wɔnam no, bɔ wɔn kɔkɔ fa nneɛma a ɛwɔ akwan no so, te sɛ nsubɔnten a wɔbɛbɔ atra, mman a wɔbɛwura aseɛ, anaasɛ mmoa a wɔbɛkwati (nokorɛ anaasɛ wɔboa pa). Yei bɛtumi de nkɔmmɔbɔ a ɛfa sɛdeɛ Awurade nkɔmhyɛni bɔ yɛn kɔkɔ fa asiane ahoroɔ a yɛntumi nhunu ho.
-
Ɔkwan foforɔ a yɛbɛtumi de akyerɛkyerɛ mu nie Hesekiel 3:17; 33:1–5. Wo nkwadaa no mu baako bɛtumi ayɛ sɛ “ɔwɛmfoɔ” berɛ a ɔrehwɛ mpoma mu na ɔreka deɛ ɛrekɔ so wɔ abɔntene akyerɛ obiara. Mobɛtumi nso ahwɛ sini “Ɔwɛmfoɔ wɔ Abantenten so” (ChurchofJesusChrist.org). Sɛn na yɛn nkɔnhyɛni a ɔte aseɛ te sɛ ɔwɛmfoɔ ma yɛn?
4:17Watchman on the Tower
Nkɔnhyɛni Hesekiel, ɛfiri Lyle Beddes hɔ
Hesekiel 37:15–23
Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no boa “boaboa” yɛn ano ma Yesu Kristo.
-
Sɛ mobom kenkan Hesekiel 37:15–23 wie a, wo ne wo nkwadaa bɛtumi apɛ nnua mmienu na moatwerɛ baako so De ma Yuda (Twerɛ Kronkron) na foforɔ no nso De ma Yosef (Mormon Nwoma). Afei mobɛtumi akyɛ abasɛm anaasɛ twerɛnsɛm a ɛfiri Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma mu a ɛboa ma mote nka sɛ mobɛn Agyenkwa no na moabɛyɛ “[Ne] nkorɔfoɔ” (nkyekyɛmu 23). Adɛn nti na ɛyɛ sɛ yɛnya saa twerɛnsɛm nwoma mmienu no?
Mmɔ mmɔden sɛ wobɛ kata biribiara so. Ebia wo ne wo nkwadaa ntumi nhwehwɛ Hesekiel mu nokorɛ biara mu. Fa mpaebɔ dwene deɛ ɛsɛ sɛ wɔte aseɛ ho, na hwehwɛ honhom mu akwankyerɛ na ama woahunu deɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si so. (Hwɛ Teaching in the Savior’s Way, 17.)
Hesekiel 47:1–12
Yɛn akoma ne yɛn mmusua bɛtumi anya ayaresa wɔ Awurade fie.
-
Hesekiel 47 kyerɛkyerɛ Hesekiel yikyerɛ a ɛfa nsuo a ɛtene firi tɛmpol na ɛsa Ɛpo a Awuo—ɛpo a nkyene wom ara ma mpataa ne afifideɛ ntumi ntena mu no yareɛ. Ebia wo nkwadaa no mu biara bɛtumi ayɛ adeɛ baako anaasɛ mmienu mfonin afiri yikyerɛ no mu, te sɛ tɛmpol, asubɔnten, anweatam, Ɛpo a Awuo, mpataa bebree, anaasɛ dua a ɛso aba. Afei, berɛ a mobom kenkan nkyekyɛmu 1–12 no, wɔbɛtumi akyerɛ wɔn mfonin no berɛ a mobɔ saa adeɛ no din. Deɛn nhyira na ɛfirii asubɔnten no mu baeɛ wɔ yikyerɛ yi mu? Boa nkwadaa no ma wɔnhunu sɛdeɛ saa nhyira yi te sɛ nhyira a Agyenkwa no de ma wɔn a wɔdi tɛmpol apam so no. Sini a wɔato din “And the River Will Grow” (Asɛmpa Akoraeɛ) no bɛtumi aboa.
3:43And the River Will Grow
-
Mobɛtumi nso abom ato dwom bi a ɛkyerɛkyerɛ tɛmpol nhyira ahoroɔ mu, te sɛ “Families Can Be Together Forever” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 188). Deɛn na nnwom yi kyerɛkyerɛ fa sɛdeɛ Awurade hyira yɛn wɔ Ne fie kronkron mu no ho?
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.