Come, Follow Me
Obubuo 30–Ɔpɛnima 6 “N’ani Gye Mmɔborɔhunu ho”: Mika; Nahum; Habakuk; Sefania


Obubuo 30–Ɔpɛnima 6 ‘N’ani Gye Mmɔborɔhunu ho’: Micah; Nahum; Habakuk; Sefania,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Obubuo 30–Ɔpɛnima 6. ‘N’ani Gye Mmɔborɔhunu ho,’” Bra, Di M’akyi Me: Apam Dada 2026

ɔbarima a wabae ne nsam, rehwɛ ewiem nsoromma

Mfitiaseɛ no Na Asɛm no Wɔ hɔ, ɛfiri Eva Timothy hɔ

Obubuo 30–Ɔpɛnima 6: “N’ani Gye Mmɔborɔhunu ho”

Mika; Nahum; Habakuk; Sefania

Wotaa kenkan Apam Dada no a ɛkyerɛ sɛ worekenkan nkɔnhyɛ a ɛfa ɔsɛeɛ ho. Awurade taa frɛɛ nkɔnhyɛfoɔ sɛ wɔmmɔ atirimuɔdenfoɔ kɔkɔ mfa N’atɛmmuo ho. Micah, Nahum, Habakuk, ne Zefania som nnwuma no yɛ nhwɛsoɔ pa. Wɔ nsɛm a ɛyɛ hu mu no, saa nkɔnhyɛfoɔ yi hyɛɛ nkuro a saa berɛ no na ayɛ sɛ wɔyɛ den na wɔwɔ tumi no ahweaseɛ ho nkɔm: Ninewe, Babilon, ne Yerusalem. Nanso na ɛyɛ mfeɛ mpem mpem a atwam kɔ. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkenkan saa nkɔnbhyɛ ahoroɔ yi ɛnnɛ?

Ɛwom sɛ wɔsɛee saa ahantan, atirimmuɔden nkuro no deɛ, nanso ahantan atirimmuɔdensɛm da so ara wɔ hɔ. Yɛbɛtumi ahunu ho mfurofurowa mpo wɔ yɛn ankasa akoma mu. Apam Dada mu nkɔnhyɛfoɔ kyerɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi atwe yɛn ho afiri saa bɔne yi ho. Ebia ɛno ne adeɛ baako nti a yɛda so ara kenkan wɔn nsɛm no ɛnnɛ. Na wɔnyɛ ɔsɛeɛ ho nkɔnhyɛfoɔ kɛkɛ—na wɔyɛ ɔgyeɛ nkɔnhyɛfoɔ. Ɔsɛeɛ ho nkyerɛkyerɛmu no wɔnam ɔfrɛ sɛ wɔmmra Kristo nkyɛn na wɔnnye Ne bɔnefakyɛ no so sakramu. Sɛdeɛ Mika ka no, Awurade ani nnye ho sɛ ɔbɛbua yɛn fɔ, na mmom “n’ani gye mmɔborohunu ho” (Mika 7:18). Na yei yɛ Awurade kwan tete berɛ mu, na ɛyɛ Ne kwan ɛnnɛ.nso. “Nakwan nni awieeɛ” (Habakuk 3:6).

Sɛ wopɛ saa nwoma yinom nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ, “Mika,” “Nahum,” “Habakuk,” ne “Sefania” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm nkyerɛaseɛ mu.

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Mika 6:1–8

“Deɛn na Awurade hwehwɛ firi wo hɔ?”

Mika frɛ yɛn sɛ yɛnsusu sɛdeɛ ɛbɛtumi ayɛ sɛ “yɛba Awurade anim, na yɛkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no anim a” (Mika 6:6). Deɛn na nkyekyɛmu 6–8 susu kyerɛ wo fa deɛ ɛho hia Awurade berɛ a Ɔkari w’abrabɔ ho?

San hwɛ Dale G. Renlund, “Do Justly, Love Mercy, and Walk Humbly with God,” Liahona, Obubuo 2020, 109–12.

abankɛseɛ bi aboɔ afasuo

“Awurade yɛ ɔbotantim wɔ amanehunu berɛ mu” (Nahum 1:7).

Nahum 1

Awurade yɛ otumfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.

Na Nahum adwuma ne sɛ ɔbɛhyɛ Niniwe—atirimuɔden ahemman Asiria ahenkro a na wɔahwete Israel na wɔayɛ Yuda atirimɔdensɛm, a wɔbɛsɛe no ho nkɔm. Nahum de Onyankopɔn abufuo ne ne tumi a ɛso bi nni hɔ asɛm na ɛfirii aseɛ, nanso ɔsan kaa Onyankopɔn mmɔborohunu ne papayɛ ho asɛm. Hwehwɛ nkyekyɛmu ahoroɔ wɔ ti 1 a ɛboa ma wote su ahoroɔ yi mu biara ase—ne Onyankopɔn su afoforɔ a wohunu. Adɛn nti na wodwene sɛ ɛho hia sɛ wohunu yeinom nyinaa fa Awurade ho?

Habakuk

seminary ahyɛnsodeɛ
Mɛtumi de me ho ato Awurade pɛ ne Ne berɛ so.

Nkɔnhyɛfoɔ mpo ɛtɔ da a wɔnya nsɛmmisa fa Awurade akwan ho. Habakuk a ɔtenaa ase wɔ berɛ a na atirimuɔdensɛm ahyeta wɔ Yuda no, de Awurade hɔ nsɛmmisa hyɛɛ ne twerɛtohɔ ase (hwɛ Habakuk 1:1–4). Sɛn na wobɛbɔ Habakuk haw ahoroɔ no tɔfa? Nsɛmmisa a ɛte saa bɛn na nkorɔfo bisa fa Onyankopɔn ho nnɛ? Woanya atenka a ɛte saa da? Wobɛtumi nso de ne nsɛmmisa no atoto afoforɔ ho wɔ twerɛnsɛm no mu, te sɛ deɛ ɛwɔ Marko 4:37–38 ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:1–6no.

Awurade buaa Habakuk nsɛmmisa no berɛ a ɔkaa sɛ Ɔbɛsoma Kaldeafoɔ (Babilonfoɔ) no ma wɔatwe Yuda aso no (hwɛ Habakuk 1:5–11). Nanso na Habakuk da so ara wɔ haw, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ ɛmfata sɛ Awurade bɛgyina hɔ “berɛ a ɔbɔnefoɔ [Babilon] sɛe onipa a ɔtene kɛse [Yuda]” no. (hwɛ nkyekyɛmu 12–17). Deɛn na wohunu wɔ Habakuk 2:1–4 a ɛkanyan wo ma wode wo ho to Awurade so berɛ a wowɔ nsɛmmisa a wɔmmuaeɛ? (san hwɛ Marko 4:39–40; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:7–8; “God Will Lift Us Up” [sini], Asɛmpa Akoraeɛ).

4:59

God Will Lift Us Up

Ti 3 yɛ Habakuk ayɛyie ne gyedie mpaeɛ. Sɛn na Habakuk nne a ɛwɔ ti 3 da nso firi ti 1ho? Nsusuiɛ a ɛbɛboa ma woadwennwene nkyekyɛmu 17–19ho nie: Twerɛ honam ne honhom mu nhyira a Onyankopɔn de ama wo. Afei fa no sɛ woahwere honam mu nhyira no. Atenka bɛn na ɛno bɛtumi ama woanya wɔ nhyira nkaeɛ no ho? Adɛn nti na ɛbɛtumi ayɛ den sɛ “wodi ahurusie wɔ Awurade mu” (verse 18) wɔ ahokyerɛ berɛ mu te sɛ deɛ wɔakyerɛkyerɛ wɔ nkyekyɛmu 17no? Dwene sɛdeɛ wobɛtumi anya Onyankopɔn mu gyedie kɛse, berɛ mpo a ayɛ sɛ abrabɔ ntene no.

San hwɛ Gerrit W. Gong, “All Things for Our Good,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 41–44; “Lead, Kindly Light,” Nnwom, no. 97; Tinsɛm ne Nsɛmmisa, “Seeking Answers to Questions,” Asɛmpa Akoraeɛ.

Si aboterɛ. Ɛtɔ da a yɛpɛ sɛ yɛnya yɛn nsɛmmisa ho mmuaeɛ hɔ ara, nanso honhom mu nhunumu gye berɛ na wɔntumi nhyɛ no. Sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Habakuk no, “Twɛn; ɛfiri sɛ ampa ara ɛbɛba” (Habakuk 2:3).

Sefania

“Monhwehwɛ Awurade, asase so ahorɛasefoɔ nyinaa.”

Berɛ a wokenkan Sefania nkɔnhyɛ ahoroɔ no, hyɛ nneyɛɛ ne suban a ɛde ɔsɛeɛ baeɛ no nso—hwɛ titire Sefania 1:4–6, 12; 2:8, 10, 15; 3:1–4. Afei hwehwɛ nnipa a Onyankopɔn bɛkora wɔn no su ahoroɔ—hwɛ Sefania 2:1–3; 3:12–13, 18–19. Nkrasɛm bɛn na wodwene sɛ Awurade wɔ ma wo wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu?

Sefania 3:14–20

Awurade ne Ne nkorɔfoɔ bɛdi ahurisie wɔ Sion.

Woakenkan Sefania 3:14–20awie no, Hwɛ akwan dodoɔ a wobɛtumi de awie kasamu yi: “Nya anigyeɛ na di ahurusie wɔ akoma nyinaa mu” ɛfiri sɛ  Adɛn nti na ɛho hia ma wo sɛ wobɛhu botaeɛ ahoroɔ a ɛbɛma woadi ahurusie yi? Wobɛtumi de nkyekyɛmu ahoroɔ yi atoto suahunu ahoroɔ a wɔaka ho asɛm wɔ 3 Nephi 17 no na woadwennwene sɛdeɛ Yesu Kristo te nka wɔ Ne nkorɔfoɔ ho—a wo ka ho.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ

Mika 5:2

Wɔwoo Yesu wɔ Betlehem.

  • Ebia wo nkwadaa no nnim sɛ ɛyɛ Mika nkɔnhyɛ na ɛboaa Anyansafoɔ no ma wɔhunuu akokoaa Yesu wɔ Betlehem. Wode Mika 5:2 ne Mateo 2:1–6, reyɛ adwuma no, ebia wo mnkwadaa bɛtumi asan ayɛ wɔn suahunu no ho ɔyɛkyerɛ. Afei wobɛtumi aka deɛ enti a Yesu awoɔ ho hia ara ma nkɔnhyɛfoɔ hunuu ho asɛm mfeɛ bebree ansa na wɔrewo no.

Anyansafoɔ baasa rehwɛ nsoromma foforɔ no

The Holy Child Is Born, ɛfiri Dana Wood hɔ

Nahum 1:7

“Awurade yɛ, ɔyɛ botantim wɔ amanehunu berɛ mu”

  • Woakenkan Nahum 1:7awie no, wo nkwadaa no bɛtumi asi anaasɛ ayɛ “botantim” anaasɛ abankɛseɛ (baako mfonin wɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu). Deɛn ne botaeɛ binom nti a ebia nkorɔfoɔ bɛhia abankɛseɛ? Deɛn na ɛma yɛn mmerɛ yi yɛ “ɔhaw mmerɛ”? Sɛn na Yesu Kristo te sɛ botantim ma yɛn?

Habakuk 2:3

Onyankopɔn bɛdi Ne bɔhyɛ so berɛ biara.

  • Sɛdeɛ wode Habakuk 2:3, bɛkyerɛ no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi akasa afa nneɛma a ɛyɛ nanso gye sɛ yɛtwɛn ansa—te sɛ nnuaba a ɛsɛ sɛ ɛbere anaasɛ mmɔre a ɛsɛ sɛ wɔto ho. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi nnuaba anaasɛ mmɔre no ansa na ayɛ krado a, deɛn na ɛbɛsie? Afei wobɛtumi akasa afa nkɔnhyɛni Habakuk a na ɔpɛ sɛ ɔhunu berɛ a Awurade besi atirimuɔdensɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase no ano ho. Kenkan Awurade mmueɛ wɔ Habakuk 2:3. Wobɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔadwene nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho. Wɔ nhwɛsoɔ biara mu no, mobɛtumi abom aka sɛ, “Twɛn; ampa ara ɛbɛba.”

Habakuk 2:14

Mɛtumi aboa ma wɔde Yesu Kristo ho nimdeɛ ahyɛ asase so ma.

  • Sɛdeɛ wobɛkyerɛkyerɛ Habakuk 2:14, no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi de mfonin anaasɛ nsɛmfua a ɛgyina hɔ ma nneɛma a Yesu yɛeɛ anaasɛ ɔkyerɛkyerɛeɛ ahyɛ toa anaasɛ ade foforɔ bi ma. Sɛn na yɛbɛtumi aboa ma wɔde Yesu Kristo ho nimdeɛ ahyɛ wiase ma.

  • Wobɛtumi nso de wiase mfonin akyerɛ wo nkwadaa (hwɛ Asɔre Abakɔsɛm Maps, no. 7, “Map of the World”). Boa wɔn ma wɔnhunu baabi a wɔte ne mmeaeɛ a asɛmpatrɛfoɔ a wɔnim wɔn asom. Mobɛtumi ato nnwom afa asɛmpa no kyɛ ho, te sɛ “We’ll Bring the World His Truth” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 172–73). Deɛn na yɛbɛtumi aka akyerɛ afoforɔ fa Yesu Kristo ho?

Sefania 3:14–20

Yesu Kristo ne wɔn a wɔdi N’akyi no di ahurusie.

  • Sefania 3:14–20, no, wo nkwadaa bɛtumi ahwehwɛ biribi a ɛbɛma wɔapɛ sɛ “wɔto nnwom, wɔn ani gye na wɔfiri akoma nyinaa mu di ahurisie.” Ebia mobɛtumi abom ato anigyeɛ nnwom ahoroɔ na moaka anigyeɛ a monya wɔ Yesu Kristo Asɛmpa no mu ho asɛm.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Yesu resere kyerɛ nkwadaa kuo bi

Na Ɔfaa Wɔn Nkwadaa Nkumaa no Mmaako Mmaako, ɛfiri Casey Childs hɔ

Primary dwumadie krataafa: Monhwehwɛ Awurade