Ɔpɛnima 14–20. ‘Madɔ Mo, Awurade na Ɔseɛ’: Malaki,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ɔpɛnima 14–20. ‘Madɔ Mo, Awurade na Ɔseɛ,’” Bra, Di M’akyi De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026
Ɔpɛnima 14–20: “Madɔ Mo, Awurade na Ɔseɛ”
Malaki
“Madɔ mo,” Awurade nam Ne nkɔnhyɛni Malaki so ka kyerɛɛ Ne nkorɔfoɔ. Nanso Israelfoɔ a na wɔakɔ amanehunu ned nnɔmmumfa mu wɔ awoɔntoatoasoɔ mu no bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na wodɔɔ yɛn?” (Malaki 1:2). Deɛ na Israel afa mu nyinaa akyi no, ebia na wɔbɛdwene sɛ wɔn abakɔsɛm yɛ ɔdɔ abasɛm a Onyankopɔn wɔ ma N’apam nkorɔfoɔ no ampa anaa. Wɔ akwan bi so no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhunu no sɛ nnipa mmrɛyɛ ne atuateɛ abasɛm. Nanso ne nyinaa mu no, Onyankopɔn annyae sɛ ɔtene ne dɔ nsa. Berɛ a Yakob mma mmarima teetee wɔn nua Yosef no, Awurade kɔɔ so gyee wɔn firii ɛkɔm mu (hwɛ Gyenesis 45:4–8). Berɛ a Israelfoɔ nwiinwii wɔ ɛserɛ so no, Ɔmaa wɔn manna dii (hwɛ Eksodos 16:1–4). Mpo berɛ a Israelfoɔ kɔɔ anyame afoforɔ hɔ no, Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ sɛ wɔsakyera a, Ɔde “ahummɔborɔ kɛseɛ” bɛboaboa wɔn ano na wagye wɔn” (hwɛ Yesaia 54:7). Nokorɛ, Apam Dada no yɛ Onyankopɔn aboterɛ, yɔkɔduro dɔ abasɛm. Na saa abasɛm yi toa so ɛnnɛ. Yesu Kristo, “Teneneeyɛ Awia,” sɛdeɛ Malaki frɛɛ No no, de “ayaresa wɔ ne ntaban ase” aba (Malaki 4:2). Ɔno ne Onyankopɔn dɔ ma tete Israelfoɔ ne yɛn nyinaa no ho adanseɛ kɛseɛ pa ara.
Sɛ wopɛ Malaki nwoma no nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ “Malaki” wɔ Twerɛ Kronkron Nsɛm Asekyerɛ nwoma mu.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Malaki 1–4
“San bra me nkyɛn, na Mɛsan aba wo nkyɛn.”
Malaki berɛ so no, na Israelfoɔ no asan asi tɛmpol no dada wɔ Yerusalem, nanso sɛ nnipa no, na ɛda so ara hia sɛ wɔsan kyekyere wɔne Awurade ntam abusuabɔ. Berɛ a wosua Malaki no, hwehwɛ nsɛm a Awurade bisaa Israelfoɔ no anaasɛ wɔbisaa No. Dwene ho sɛ wobɛbisa wo ho nsɛm a ɛte saa (wɔasusu nhwɛsoɔ bi wɔ aseɛ) a ɛbɛboa ma woasusu wo ne Awurade abusuabɔ ho na woatwe abɛn No.
-
Sɛn na mate Awurade dɔ a ɔwɔ ma me nka? (hwɛ Malaki 1:2).
-
Enti m’afɔrebɔ ma Awurade no sɔ N’ani anaa? (hwɛ Malaki 1:6–11)
-
Akwan bɛn so na ɛhia sɛ “mesan” kɔ Awurade nkyɛn? (hwɛ Malaki 3:7).
-
Merebɔ Onyankopɔn korɔno wɔ kwan bi so anaa? (hwɛ Malaki 3:8–11).
-
Sɛn na me suban wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu no kyerɛ atenka a mewɔ ma Awurade? (hwɛ Malaki 3:13–15; san hwɛ 2:17).
Malaki 1:6–14
Awurade bisa “afɔrebɔ a ɛho teɛ.”
Berɛ a wokenkan afɔrebɔ a wɔakyerɛkyerɛ wɔ Malachi 1no, deɛn na wohunu fa afɔreɛ a na asɔfoɔ no bɔ ho? Deɛn na saa afɔrebɔ ahoroɔ yi susu fa atenka a na asɔfoɔ no wɔ ma Awurade ho? (hwɛ Malaki 1:13). Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ afɔrebɔ, anaasɛ afɔreɛ ahoroɔ a wode ma Awurade. Adeɛ biara a woatwerɛ no, dwene deɛ ɛbɛtumi ama ayɛ afɔrebɔ a “ɛho agu fi” anaasɛ afɔrebɔ a “ɛho teɛ” ho (Malaki 1:7, 11).
Malaki 3:8–12
Awurade bue ɔsoro mpoma berɛ a mekyerɛ me gyedie tua ntotosoɔ du du.
Fa no sɛ wowɔ adamfoɔ bi a wahunu seesei sɛ wotua ntotosoɔ du. W’adamfo no bisa sɛ “Adɛn nti na woyɛ saa?” Dwene yei ho berɛ a wokenkan Malaki 3:8–12. Deɛn na wohunu no wɔ hɔ a ɛbɛtumi aboa abua w’adamfo no asɛmmisa no? Deɛn bio na wobɛpɛ sɛ w’adamfo no te aseɛ fa ntotoso du ho? Sɛ wopɛ mmoa bebree a, wobɛtumi ahwehwɛ Elder Neil L. Andersen nkrasɛm “Tithing: Opening the Windows of Heaven” (Liahona, Obubuo 2023, 32–35), worehwehwɛ mmuaeɛ ama nsɛmmisa te sɛ:
-
Adɛn nti na Awurade pɛ sɛ yɛtua ntotosoɔ du?
-
Deɛn na ebia ɛbɛma obi ntua ntotoso du, na sɛn yɛbɛtumi adi saa akwansideɛ ahoroɔ no so?
-
Sɛn na ntotosoɔ du a yɛtua no hyɛ yɛn gyedie den wɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo mu?
Wobɛtumi nso ne w’adamfo no akyɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo berɛ a wotua ntotosoɔ du. Wobɛtumi ahunu nsusuiɛ ahoroɔ wɔ ɔfa a wɔato din “Lesson Number 1—Significant but Subtle Blessings” wɔ Elder David A. Bednar nkrasɛm mu “The Windows of Heaven” (Liahona, Obubuo 2013, 17–18). Nnipa bɛn na yɛbɛyɛ berɛ a yɛtua ntotosoɔ du?
Wodwene sɛ deɛn na kasasin “ɔbɛbue ɔsoro mpoma ama wo” (nkyekyɛmu 10) ase bɛtumi akyerɛ? Ebia wobɛtumi ahwɛ mpoma bi mu na woadwene mpoma botaeɛ ahoroɔ ho. Adɛn nti na “ɔsoro mpoma” yɛ kwan pa a yɛde bɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ Awurade hyira yɛn berɛ a yɛtua ntotosoɔ du no?
Vision in the Kirtland Temple, ɛfiri Gary Smith hɔ
Malaki 4:5–6
“Mɛsoma nkɔnhyɛni Elia aba mo nkyɛn.”
Berɛ a Moroni kaa Malaki 4:5–6 kyerɛɛ Joseph Smith no, ɔkaa no “kwan sononko kakra so firi sɛdeɛ ɛkenkan” wɔ Twerɛ Kronkron mu no ho (hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:36–39). Deɛ na Moroni nsonoeɛ no de ka wo nteaseɛ ho fa nkɔnhyɛ yi ho? Titire no, dwene nsɛmmisa te sɛ yeinom ho:
-
Hwanonm ne “agyanom” no? (hwɛ Deuteronomium 29:13). Bɔhyɛ ahoroɔ bɛn bɛn na wɔde ama wɔn? (hwɛ Abraham 2:9–11). Sɛn na woboa ma bɔhyɛ ahoroɔ yi ba mu?
-
Suahunu ahoroɔ bɛn na aboa wo ma woadane w’akoma akɔ wo nananom so? Adɛn nti na ɛho hia yie ma Onyankopɔn nhyehyɛeɛ?
Sɛdeɛ wobɛsua bebree afa Elia mmaeɛ ne sɛdeɛ nkɔnhyɛ yi reba mu nnɛ ho no, hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:13–16 ne D. Todd Christofferson, “The Sealing Power” (Liahona, Obubuo. 2023, 19–22). Adɛn na ɛyɛ wo anisɔ sɛ Elia aba?
San hwɛ Gerrit W. Gong, “We Each Have a Story,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 43–46; “Turn Your Hearts,” Nnwom, no. 291; “The Sealing Power” (sini), ChurchofJesusChrist.org.
The Sealing Power
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenekyerɛ
Malaki 1:2
Awurade dɔ me.
-
Sɛn na wo ne wo nkwadaa bɛbua asɛmmisa no wɔ Malaki 1:2—“Kwan bɛn so na [Awurade] adɔ yɛn?” Mo ne mo ho mo ho nkyɛ deɛ enti a monim sɛ Ɔdɔ mo. Ebia wo nkwadaa bɛtumi ayɛ mfonin ahoroɔ a ɛkae wɔn Ne dɔ.
Wo ne nkwadaa mmɔ asɛmpa ho nkɔmmɔ. Sɛ worekyerɛkyerɛ nkwadaa nkumaa a, wobɛtumi adwene akwan a wode bɛma wɔaka asɛmpa ho nkɔmmɔdie ho. Nhwɛsoɔ, wo nkwadaa bɛtumi de bɔɔlo amema wɔn ho; sɛ wɔkura bɔɔlo no a, wɔbɛtumi aka adeɛ baako nti a wɔnim sɛ Yesu dɔ wɔn.
Malaki 3:8–12
Awurade bɛhyira me berɛ a metua ntotosoɔ du.
-
Sɛn na wobɛboa wo nkwadaa ma wɔasua ntotosoɔ du ho asɛm? Wobɛtumi ama wɔakan nneɛma nketenkete 10, te sɛ sika a ɛwɔ nnawɔtwe yi dwumadi krataafa no so. Afei wobɛtumi ate nneɛma no baako afiri deɛ aka no ho—yei ne dodoɔ a yɛde ma Awurade sɛ ntotosoɔ du. Sɛdeɛ ɛwɔ Malaki 3:8–12no, adɛn nti na Awurade pɛ sɛ yɛtua ntotosoɔ du du? (san hwɛ “Malaki Nkɔnhyɛni no” wɔ Apam Dada Abasɛm mu, 171–72; “First Things First!” [sini], Asɛmpa Akoraeɛ).
0:58Malachi the Prophet
1:18First Things First!
-
Berɛ a mobom kenkan Malaki 3:10 no, wobɛtumi ama wo nkwadaa agyina mpoma bi ho berɛ a wokenkan kasasin “ɔsoro mpoma.” Anaasɛ wobɛtumi ahwie nsuo agu kuruwa mu kɔsi sɛ ɛbɛbu so de akyɛrɛkyerɛ kasasin “morennya baabi mpo nkora ne nyinaa.” Ka nhyira a Onyankopɔn de ama wo berɛ a wotua ntotoso du du kyerɛ nkwadaa no. Wo nkwadaa bɛtumi ayɛ mfonin ahoroɔ a ɛgyina hɔ ma nhyira ahoroɔ yi na wɔde asɛn mpoma bi anim wɔ wo fie anaasɛ baabi a ɛbɛn hɔ.
Malaki 4:5–6
Elia baeɛ bɛdanee yɛn akoma maa yɛn mmusua.
-
Wɔ Malaki 4:5–6no, wo nkwadaa bɛtumi ahwehwɛ mmuaeɛ ama Malaki nkɔnhyɛ no ho nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi: Hwan na Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsoma no? Berɛ bɛn na Ɔkaa sɛ saa onipa yi bɛba? Deɛn na Awurade kaa sɛ onipa yi bɛyɛ? Adɛn nti na ɛhia sɛ saa onipa yi ba? Ɛhe na saa nkɔnhyɛ yi baa mu? (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:13–16).
-
Sɛdeɛ wobɛhunu sɛdeɛ bɔhyɛ a ɛwɔ Malaki 4:5 baa mu no, wobɛtumi nso ahwehwɛ “Joseph ne Oliver Gye Asɔfodie Nsafoa” wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam Abasɛm, 26–30. Nnwom bi te sɛ “The Hearts of the Children” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 92) bɛtumi aboa ma wo nkwadaa asua deɛ nti a na ɛho hia yie sɛ Elia ba. Wobɛtumi nso akɔ FamilySearch.org/discovery, FamilySearch Tree app, anaasɛ My Family booklet apɛ dwumadie ahoroɔ a ɛbɛtumi aboa ma wo ne wo nkwadaa adane mo koma ama mo nananom.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.