Ɛbɔ 28–Ahinime 4 ‘Monkyekyere Me Nkorɔfoɔ Werɛ’: Yesaia 40–49,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
Ɛbɔ 28–Ahinime 4 ‘Monkyekyere Me Nkorɔfoɔ Werɛ,’” Bra, Di M’akyi Me: Apam Dada 2026
Healing the Blind Man, ɛfiri Carl Heinrich Bloch hɔ, wɔ Frederiksborg Museum of National History
Ɛbɔ 28–Ahinime 4: “Monkyekyere Me Nkorɔfoɔ Werɛ”
Yesaia 40–49
“Awerɛkyekyere” yɛ asɛm a ɛdi kan wɔ Yesaia tire 40. Ɛhyɛ ɛnne soronko bi mfitiaseɛ nso, nsisodua soronko bi wɔ nkɔnhyɛni no nkrasɛm mu. Yesaia ntwerɛeɛ a ɛdi kan no bɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ wɔ ɔsɛeɛ ne nnommumfa a ɛbɛba esiane wɔn bɔne nti no ho. Nanso nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛbaa akyire yi yɛ deɛ na wɔde bɛkyekyere Yudafoɔ no werɛ bɛboro mfe 150 wɔ daakye—berɛ a wɔsɛee Yerusalem ne tɛmpol no akyi, na Babilon faa nkorɔfoɔ no nnommum. Nanso saa nkɔnhyɛ ahoroɔ yi kɔ daakye akyiri koraa tra Israelfoɔ a wɔadi nkoguo na wɔn aba mu abuo no. Wɔkasa kyerɛ yɛn, a ɛtɔ da a yɛte nka sɛ yɛadi nkoguo, yɛn aba mu abu, na yɛayera mpo.
Yesaia nkrasɛm ma ne nkorɔfoɔ ne yɛn no yɛ tiawa: “Nsuro” (Yesaia 43:1). Ne nyinaa nnyeraeɛ. Awurade werɛ mfirii wo, na Ɔwɔ tumi wɔ tebea ahoroɔ a ayɛ sɛ ɛboro wo so no so. Awurade, a “ɔbɔɔ ɔsoro” (Yesaia 42:5), nni tumi nsene Babilon, nsene bɔne, nsene adeɛ biara a afa mo nnommum no? Ɔsrɛ sɛ: “San bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ magye wo” (Yesaia 44:22). Ɔbɛtumi asa yareɛ, asiesie, ahyɛ den, de bɔne akyɛ, na wakyekye werɛ—biribiara a ɛhia ma wo, wɔ wo fam no, sɛ wɔbɛgye.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Yesaia 40–49
Yesu Kristo bɛtumi akyekyere me werɛ na wama me anidasoɔ.
Berɛ a na Israelfoɔ no wɔ nnommum mu wɔ Babilon no, nnipa pii bɛtumi adwene sɛ ebia na wɔahwere wɔn dibrɛ sɛ Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ a wayi wɔn. Berɛ a wokenkan Yesaia 40–49no, hwehwɛ ayɛsɛm a ɛbɛtumi ama awerɛkyekyere ne anidasoɔ. Ayɛsɛm biara a wobɛhunu no, dwene ho na twerɛ deɛ ebia Awurade reka akyerɛ wo wɔ saa nkyekyɛmu yi mu. Kakra bi a wode bɛhyɛ aseɛ nie:
-
40:11, 29–31:
-
41:10–13, 17–18:
-
42:6–7:
-
43:1–7, 25:
-
44:1–4, 21–24:
-
46:3–4:
-
49:7–16:
Deɛn na wote nka sɛ Awurade pɛ sɛ wohunu fa Ne ho?
Wobɛtumi ahunu sɛ dwom “How Firm a Foundation” (Nnwom, no. 85) gyina Yesaia nsɛm a ɛwɔ Yesaia 41:10; 43:2–5; 46:4so. Dwene ho sɛ mobɛto anaasɛ mobɛtie dwom yi, ahwehwɛ nsɛdie a ɛwɔ nsɛm no ne nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛfiri Yesaia mu yi ntam. Sɛn na Awurade ama bɔhyɛ a ɛwɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu aba mu wɔ w’abrabɔ mu?
San hwɛ Patrick Kearon, “He Is Risen with Healing in His Wings: We Can Be More Than Conquerors,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 37–40.
Fa twerɛsɛm foforɔ yɛ adwuma. Ɛtɔ da a yɛbɛtumi ate Apam Dada no ase yie berɛ a yɛde nkyekyɛmu a ɛfiri Mormon Nwoma no mu ka yɛn adesua ho. Nhwɛsoɔ, Mormon Nwoma no mu nkɔnhyɛfoɔ Nephi ne Jacob nyaa Yesaia ntwerɛeɛ a ɛwɔ kɔbere mprɛte no so ho kwan (hwɛ 1 Nephi 19:22–23), na wɔde saa nkɔnhyɛ ahoroɔ no kyerɛkyerɛ faa Agyenkwa no ho. Sɛdeɛ wobɛsua kwan a Nephi ne Yakob de Yesaia 48–49 totoo wɔn nkorɔfoɔ ho no, hwɛ 1 Nephi 22. Ɛbɛtumi aboa ma wode ti ahoroɔ ahoroɔ yi atoto w’abrabɔ ho.
Sɛ yɛyɛ setie ma Awurade a, yɛbɛtumi anya, “asomdwoeɛ te sɛ asubontene ” (Yesaia 48:18).
Yesaia 40–49
“Wo ne me somfoɔ.”
Wɔ Yesaia 40–49 mu nyinaa Awurade kasa fa Ne “somfoɔ” ne “N’adansefoɔ ho.” Saa nsɛmfua yi bɛtumi agyina hɔ ama Yesu Kristo (hwɛ Yesaia 42:1–7), ama Israel fie (hwɛ Yesaia 45:4), ne Ɔhene Cyrus, deɛ ɔmaa Yudafoɔ sane kɔɔ Yerusalem na wɔsan sii tɛmpol no (hwɛ Yesaia 44:26–28; 45:1–4). Wobɛtumi nso adwene sɛdeɛ ayɛsɛm ahoroɔ no fa wo ho sɛ ɔsomfoɔ ne Awurade danseni. Nhwɛsoɔ, dwene nsɛmmisa te sɛ yeinom ho.
Yesaia 40:1–3, 9–11; 43:9–12. Ɔkwan bɛn so na woyɛ Yesu Kristo danseni? Deɛn “nneɛma pa” na wobɛtumi akyɛ sɛ Ne danseni? Wobɛtumi afa no sɛ wɔafrɛ wo akɔ adansedie gyinabea wɔ asɛnnibea. Wɔ saa asɛnnie yi mu, wɔabɔ Yesu Kristo soboɔ sɛ ɔno na ɔkaa asɛm a wɔatwerɛ wɔ Yesaia 43:11. Adanseɛ bɛn na wobɛtumi adi de afoa Yesu asɛm no so? W’asetena mu adanseɛ bɛn na wode bɛma?
Yesaia 41:8–13; 42:6; 44:21. Deɛn na Awurade afrɛ wo sɛ yɛ? Dwene Asɔre frɛ ne akwanya afoforɔ a yɛde bɛsom No ho. Sɛn na “Wayɛ” anaasɛ wasiesie wo ama woabɛyɛ Ne somfoɔ? Sɛn na Ɔboa wo berɛ a wosom?
Yesaia 49:1–9. Nkransɛm bɛn na wohunu wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu a ɛbɛtumi aboa berɛ a ayɛ sɛ deɛ wo mmɔdemmɔ ne wo som ayɛ “kwa, ne ohunu”? (nkyekyɛmu 4).
Yesaia 40:3–8, 15–23; 42:15–16; 47:7–11
Onyankopɔn tumi so sene wiase deɛ.
Yesaia kaee ne nkorɔfo mpɛn pii wɔ Onyankopɔn tumi a ɛnni nsɛsoɔ, sɛ wɔde toto wiase tumi a ɛyɛ nhyɛsoɔ a na atwa wɔn ho ahyia no ho a. Hwehwɛ nkrasɛm yi berɛ a wokenkan Yesaia 40:3–8, 15–23; 42:15–16; ne 47:7–11 (hyɛ no nso sɛ ti 47 no wɔka kyerɛ Israelfoɔ nnɔmumfafoɔ, Babilon). Deɛn na ayɛsɛm ahoroɔ yi kyerɛ wo fa wiase nneɛma ho? Deɛn na ɛkyerɛ wo fa Onyankopɔn ho? Dwene sɛnti a na nkrasɛm yi bɛtumi asom bo ma Yudafoɔ a na wɔwɔ nnɔmmumfa mu no ho. Adɛn nti na ɛsom bo ma wo?
Yesaia 48:10; 49:13–16
Awurade bɛtumi afa m’amanehunu so ate me ho.
Berɛ a wokenkan Yesaia 48:10no, dwene w’ankasa “w’amanehunu fononoo” ho. Sɛn na Awurade “rete” wo ho? Sɛn na Yesaia 49:13–16 boa wo berɛ a wowɔ amanehunu mu?
San hwɛ “Ɔtehofoɔ Gya” (sini), Asɛmpa Nwoma Akoraeɛ.
The Refiner's Fire
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Yesaia 40:3–5
Mɛtumi aboa asiesie “Awurade kwan.”
-
Dwene akwan bi a wobɛfa so akyerɛ deɛ ɛbɛtumi akyerɛ sɛ “wobɛsiesie Awurade kwan,” sɛdeɛ wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 40:3–5no. Nhwɛsoɔ, wo ne wo nkwadaa bɛtumi atenetene biribi a akyeakyea, asiesie fam a ɛyɛ basabasa, anaasɛ asiesie kwan a ɛda abotan mu. Wobɛtumi nso de Yohane Osubɔni no ne Joseph Smith mfonin akyerɛ (hwɛ Gospel Art Book, nos. 35, 87). Sɛn na wɔsiesiee kwan maa Awurade mmaeɛ no? (hwɛ Luka 3:2–18; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 135:3). Sɛn na yɛbɛtumi aboa? Yei bɛtumi ayɛ akwanya a mode bɛkasa afa sɛdeɛ Aaron Asɔfodie akurafoɔ boa siesie Awurade kwan ho (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:26–28).
Yɛsaia 43:10
Mɛtumi ayɛ Awurade danseni.
-
Sɛ mobom kenkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:77 wie a, mobɛtumi akasa afa deɛ ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ ɔdanseni ho. Mo ne mo ho mo ho nkyɛ nneɛma a moahunu a mobɛtumi ayɛ ho “adansefoɔ”—nhwɛsoɔ, aduane bi a moaka ahwɛ, beaeɛ bi a moakɔsra, anaasɛ obi a monim no. Deɛn na ɛkyerɛ, sɛ “wobɛyɛ Awurade danseni”? Deɛ na yɛbɛtumi aka akyerɛɛ afoforɔ fa Ne ho?
Yesaia 44:3–4; 45:8
Awurade “bɛhwie” Ne nhyira agyi me so.
-
Sɛ wokenkan nkyekyɛmu ahoroɔ yi wie a, wo nkwadaa bɛtumi agugu afifideɛ bi so nsuo na wɔaka nhyira a Awurade ahwie agu wɔn so ho asɛm. Sɛ yɛgugu afifideɛ bi so nsuo a deɛn na ɛyɛ ma no? Sɛn na Awurade nhyira boa yɛn ma yɛnyini?
Yɛn “tenenee [bɛtumi ayɛ] sɛ ɛpo asorɔkye” (Yesaia 48:18).
Yesaia 48:17–18
Onyankopɔn mmaransɛm sodie de asomdwoeɛ ba.
-
Nsutene ne ɛpo asorɔkye ho mfonin anaasɛ sini bɛtumi aboa wo nkwadaa ama wɔasusu Isaiah 48:18 (te sɛ mfonin a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi mu). Wo nkwadaa anigye bɛtumi agye ho sɛ wɔbɛhim wɔn nsa ne wɔn abasa te sɛ asubɔnten ne ɛpo asorɔkye. Sɛn na asomdwoeɛ bɛtumi ayɛ sɛ asubɔntene? Sɛn na teneneeyɛ bɛtumi ayɛ sɛ asorɔkye? Kasa fa sɛdeɛ Onyankopɔn mmaransɛm so die aboa ma woate nka sɛ wowɔ asomdwoeɛ te sɛ asubɔnten anaasɛ wo ho yɛ den te sɛ asorɔkye ho.
-
Mommom nto dwom mfa mmaransɛm no ho, te sɛ “Di Mmaransɛm no so” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 146–47). Deɛn na dwom yi kyerɛkyerɛ fa deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so ho?
Yesaia 49:14–16
Awurade werɛ remfiri me da.
-
Yesaia 49:14–16 bɛtumi ayɛ ahotɔ kɛseɛ ama wo nkwadaa no mfeɛ pii. Berɛ a mokenkan nkyekyɛmu 14no, mobɛtumi aka deɛ ɛbɛtumi ama nkorɔfoɔ ate nka sɛ wɔn werɛ afi wɔn anaasɛ wɔapo wɔn. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ Awurade werɛ mfirii yɛn?
-
Sɛ worehyɛ aseɛ nkyekyɛmu 15–16a, wobɛtumi ama wo nkwadaa aka obi a wɔn werɛ remfiri no da, te sɛ obusuani anaasɛ adamfoɔ bi. Sɛdeɛ Yesaia 49:15–16kyerɛ no, adɛn nti na Awurade werɛ remfiri yɛn da? Afei mobɛtumi ne mo ho mo ho akyɛ sɛdeɛ mote nka fa Yesu Kristo ho.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.