Come, Follow Me
Ɛbɔ 21–27. “Anwanwa dwuma a ɛyɛ Ahodwiri”: Yesaia 13–14; 22; 24–30; 35


Ɛbɔ 21-27. ‘Anwanwa dwuma a ɛyɛ Ahodwiri’: Yesaia 1–2,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

Ɛbɔ 21-27. ‘Anwanwa dwuma a ɛyɛ Ahodwiri,’” Bra, Di M’akyi: 2026

Onyankopɔn ne Yesu Kristo reda wɔn ho adi akyerɛ abɔfra Joseph Smith

Sacred Grove, ɛfiri Brent Borup hɔ

Ɛbɔ 21–27:“Anwanwa dwuma a ɛyɛ Ahodwiri”

Yesaia 13–14; 22; 24–3035

Adeɛ baako a Awurade ma nkɔnhyɛfoɔ yɛ ne sɛ wɔbɔ kɔkɔ fa bɔne ho nsunsuansoɔ ho. Wɔ Apam Dada mu nkɔnhyɛfoɔ fam no, na yei taa kyerɛ sɛ wɔbɛka akyerɛ ahemman akɛseɛ sodifoɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔsakyera wɔn adwene. Na ɛyɛ adwuma a asiane wom, nanso na Yesaia nsuro, na kɔkɔbɔ a ɔde maa ne berɛ so ahemman ahoroɔ—a Israel, Yuda, ne aman a atwa ho ahyia ka ho—no yɛ akokoɔduro (hwɛ Yesaia 13–23).

Nanso, Yesaia nso nyaa anidasoɔ nkrasɛm bi. Ɛwom sɛ ɔsɛeɛ a wɔhyɛɛ ho nkɔm no baa ahemman ahoroɔ yi so deɛ, nanso Yesaia hunuu akwanya a ɛbɛma wɔasan asiesie na wɔayɛ foforɔ. Awurade bɛfrɛ Ne nkorɔfoɔ ma wɔasan aba Ne hɔ. Na ɔbɛma “asase pɛsɛɛ adane ɔtadeɛ, na asase a nsuo nni so ayɛ nsuwansuwa” (Yesaia 35:7). Ɔbɛyɛ ”anwanwa dwuma a ɛyɛ ahodwiri (Yesaia 29:14), de nhyira a Ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no asan ama Israel. Yesaia anaasɛ obi foforɔ biara a na ɔte ase saa berɛ no mu biara antena ase anhunu anwanwa dwuma yi. Nanso yɛrehunu no ɛnnɛ. Nokorɛ mu, yɛka ho.

adesua ahyɛnspdeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Yesaia 13:1–11, 19–22; 14:1–20

Ahantan ne wiase nneɛma bɛgu.

Yesaia berɛ so no, na Babilon yɛ ahemman kɛseɛ a na ɛwɔ sodifoɔ a ɔwɔ tumi. Seesei Babilon yɛ tete abakɔsɛm. Enti adɛn na Yesaia nkrasɛm a ɔde maa Babilon, wɔ Yesaia 13–14, ho hia ma yɛn ɛnnɛ? Ɛfiri sɛ Babilon gyina hɔ ma ahantan, adifudepɛ, ne bɔne, nneɛma a ɛda so twa yɛn ho hyia ɛnnɛ. Dwene saa sɛnkyerɛnneɛ yi ho berɛ a wokenkan Yesaia 13:1–11, 19–22; 14:1–20. Wobɛtumi adwene nsɛmmisa te sɛ yeinom ho:

  • Nsɛdie bɛn na wohunu wɔ Babilon hene ahantan ne Satan ahantan ntam? (hwɛ Yesaia 14:4–20; Moses 4:1–4). Kɔkɔbɔ bɛn na wohunu ma wo ho wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu?

  • Sɛn na Agyenkwa no ma “ahome firi w’awerɛhoɔ mu, ne wo suro mu”? (Yesaia 14:3).

Yesu a wasɔre afiri awufoɔ mu reda Ne ho adi akyerɛ Mary wɔ Ne da ho

“Ɔbɛmene owuo wɔ nkonimdie mu” (Yesaia 25:8).

Yesaia 22:22–23; 24:21–23; 25:6–8; 26:19; 28:16

Yesu Kristo ne Mesaia a wɔahyɛ ne ho bɔ no.

Yesaia nkyerɛkyerɛ taa hwɛ Agyenkwa no botaeɛ, a Ne mpata afɔrebɔ, Owusɔreɛ, ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu ka ho. Ne botaeɛ no afa bɛn na ɛba w’adwene mu berɛ a wokenkan nkyekyɛmu ahoroɔ yi: Yesaia 22:22–23; 24:21–23; 25:6–8; 26:19; 28:16? Ayɛsɛm afoforɔ bɛn na wohunu a ɛkae wo Agyenkwa no?

Ma adeasuafoɔ kwan ma wɔnni Yesu Kristo ho adanseɛ. “Sɛ́ wobɛyɛ Yesu Kristo asɛmpa no kyerɛkyerɛfoɔ kyerɛ sɛ wobɛboa afoforɔ ma wɔate Ne nkyerɛkyerɛ, ɔgyeɛ tumi, ne ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ no ase na wɔde wɔn ho ato so” (Teaching in the Savior’s Way8). Ɔkwan tiawa baako a wobɛfa so ayɛ saa berɛ biara a wobɛkyerɛkyerɛ ne sɛ wobɛbisa asɛm bi te sɛ “Deɛn na wohunuu wɔ twerɛnsɛm no mu nnawɔtwe yi a ɛkyerɛɛ wo biribi fa Agyenkwa no ho?” Afei ma adesuafoɔ nka wɔn suahunu na wɔnhyɛ wɔn ho wɔn ho gyidie den.

Yesaia 24:1–12; 28:1–8; 29:7–13; 30:8–14

Sɛ wotwe wo ho firi Awurade ho a, ɛde honhom fam asiane ba.

Wɔ ne mmɔborɔhunu mu no, Awurade somaa Yesaia sɛ ɔmmɛbɔ apam nkorɔfoɔ no kɔkɔ sɛ wɔreyera afiri Ne ho. Hwɛ sɛ wobɛtumi ahunu honhom mu kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfa yei ho wɔ Yesaia 24:5; 29:13; 30:8–12. Adɛn nti na saa suban ne nneyɛɛ yi yɛ hu wɔ honhom fam?

Yesaia de ntotoho ahoroɔ bi a wɔbɛkae bɔɔ kɔkɔ wɔ nsunsuansoɔ a ɛba berɛ a yɛtwe yɛn ho afiri Awurade ho. Berɛ a wosua no, bisa wo ho sɛdeɛ wobɛtwe wo ho afiri Awurade ho te sɛ:

  • Awerɛhoɔ asase a ɛda mpan (Yesaia 24:1–12).

  • Nsaborɔ (Yesaia 28:7–8).

  • Ɛkɔm ne sukɔm (Yesaia 29:7–10).

  • Ɔfasuo anaasɛ anwenneɛ a abubuo (Yesaia 30:13–14).

Adɛn nti na ɛho hia ma wo sɛ wobɛbɛn Awurade?

Yesaia 29; 30:18–2635

seminary ahyɛnsodeɛ
Awurade bɛtumi asan de deɛ ayera anaasɛ abubuo aba.

Woahwere biribi a wosusuu sɛ worenhunu bio pɛn? Anaasɛ ebia biribi buiɛ, a ɛhaa wo sɛ wɔrentumi nsiesie da. Sɛ yɛtwe yɛn ho firi Awurade ho a, Satan pɛ sɛ yɛdwene sɛ yɛrentumi nsan bio anaasɛ wɔnsa yɛn yareɛ da. Nanso, Yesaia kyerɛkyerɛɛ anwanwade ahoroɔ a Awurade bɛyɛ de aboa yɛn ama yɛasan aba Ne nkyɛn no bi. Deɛn na wosua firi Yesaia 29:13–24; 30:18–2635 fa Awurade, Ne dɔ, ne Ne tumi ho? Ebia wobɛtumi anya kasasin bi wɔ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu a ɛma wonya anidasoɔ berɛ a wohia ayaresa. Wobɛtumi nso ahwɛ Sister Amy A. Wright nkrasɛm “Christ Heals That Which Is Broken” (Liahona, Kɔtɔnima 2022, 81–84).

Ɔkwan baako a Awurade fa so da Ne tumi ne mmɔborɔhunu adi ne N’asɛmpa no Mmaeɛ bio no. Yesaia 29 kura ayɛsɛm ahoroɔ pii a ɛne nsɛm a ɛsisii wɔ Mmaeɛ bio no mu no di nsɛ. Nhwɛsoɔ:

Wodwene sɛ adɛn nti na “anwanwadeɛ” ne “ahodwiri” (Yesaia 29:14) yɛ nsɛm pa a wɔde bɛkyerɛkyerɛ Awurade Asɛmpa a Ɔresan de aba no mu? Sɛn na wobɛtumi aboa ama nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛfa Mmaeɛ bio no ho no aba mu? Sɛ wopɛ nsusuiɛ a, hwɛ Elder Gerrit W. Gong’s nkrasɛm “All Nations, Kindreds, and Tongues” (Liahona, Obubuo 2020, 38–41).

San hwɛ “The Restoration of the Fulness of the Gospel of Jesus Christ: A Bicentennial Proclamation to the World” (Asɛmpa Akoraeɛ); “The Morning Breaks,” Nnwom, no 1.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Yesaia 14:3; 25:8–9; 28:16

Yesu Kristo bɛtumi agye me afiri bɔne ne owuo mu.

  • Sɛn na wobɛboa wo nkwadaa ama wɔahunu Agyenkwa no wɔ Yesaia ntwerɛeɛ no mu? Wobɛtumi aboa wɔn ama wɔahunu kasasin a ɛma wɔkae No wɔ Yesaia 14:3; 25:8; anaasɛ 28:16. Wɔbɛtumi nso de nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛfiri Yesaia yi atoto nkyekyɛmu afoforɔ a ɛkyerɛkyerɛ fa Agyenkwa no ho, te sɛ Mateo 11:28–30; 1 Korintofoɔ 15:53–57; Helaman 5:12. Nneɛma akɛseɛ bɛn na Awurade ayɛ ama wo?

  • Moabom akenkan Yesaia 25:8–9 akyi no, mobɛtumi ahwɛ Agyenkwa no mfonin ahoroɔ wɔ Getsemane, wɔ asɛnnua no so, ne Ne Wusɔreɛ no akyi. Ma wo nkwadaa no nkasa mfa deɛ ɛrekɔso wɔ mfonin ahoroɔ no mu ne deɛ nti a wɔdɔ Yesu na wɔdi “ahurusie wɔ ne nkwagyeɛ mu” (nkyekyɛmu 9).

  • Wobɛtumi ayi sɛ wobɛka awerɛhoɔ a wodiiɛ berɛ a wo dɔfo bi wuiɛ ho asɛm akyerɛ wo nkwadaa. Di awerɛkyekyerɛ a ɛnam Yesu Kristo so wo nsa aka ho adanseɛ. Ebia wo nkwadaa bɛtumi ayɛ anim a ɛresu na afei wɔapepa nisuo no berɛ a mokenkan Yesaia 25:8 bom.

Yesu wɔ Getsemane.

Wopɛ Nyɛ Hɔ, ɛfiri Ken Spencer hɔ

Yesaia 25:4–6

Yesu ma me “dwankɔbea firi ahum no ho.”

  • Wo ne wo nkwadaa anya nhyira a ɛyɛ daberɛ a ɛyɛ bammɔ berɛ a ahum retu anaasɛ onwunu wɔ ahuhuro berɛ mu da a ɛyɛ hye mu suahunu pɛn? Anaasɛ woadi aduane papa bi berɛ a na ɛkɔm de woɔ? Monkasa mfa suahunu ahodoɔ yi ho berɛ a mokenkan Yesaia 25:4–6. Sɛn na Yesu te sɛ saa nneɛma yi?

Yesaia 29:11–18, 24

Asɛmpa no Mmaeɛ bio yɛ “anwanwadwuma.”

  • Berɛ a wo ne wo nkwadaa kenkan Yesaia 29:14no, ka nsɛm aforoɔ a ɛne “nwanwa” ne “ahodwiri” asekyerɛ yɛ pɛ kyerɛ wɔn. Ma wɔmmoa wo na pɛ nneɛma anaasɛ mfonin ahoroɔ a ɛgyina hɔ ma Awurade anwanwadeɛ ahoroɔ bi wɔ nna a ɛdi akyire no mu. Yeinom bɛtumi ayɛ Mormon Nwoma no, tɛmpol mfonin, anaasɛ Yikyerɛ a ɛdi Kan no mfonin (baako wɔ saa nhyehyɛeɛ yi mfitiaseɛ). Afei wo nkwadaa bɛtumi ayi adeɛ baako na wɔaka deɛ nti a ɛyɛ nwanwa ma wɔn.

  • Dwom bi ɛfa asɛmpa no Mmaeɛ bio ho bɛtumi ne Yesaia 29akɔ yie, te sɛ “On a Golden Springtime” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 88). Na ebia w’ankasa suahunu bɛtumi aboa nkwadaa no ama wɔate deɛ mmaeɛ bio aseɛ kyerɛ. Nhwɛsoɔ, wo ne wo kwadaa bɛtumi abɔ biribi a mohwereeɛ ne sɛdeɛ mohunuiɛ no ho nkɔmmɔ. Boa wo nkwadaa ma wɔmfa yei ntoto asɛmpa Mmaeɛ bio no ho Sɛdeɛ Yesaia 29:13–15kyerɛ no, adɛn nti na yɛhia Mmaeɛ bio no? Anwanwa nnwuma bɛn na Awurade reyɛ asan de N’asɛmpa no aba? (hwɛ nnawɔtwe yi dwumadie krataafa so).

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Yesu wɔ asɛnnua no so

Asɛnnuamubɔ no, ɛfiri Carl Heinrich Bloch hɔ, wɔ Frederiksborg Museum of National History

Primary dwumadie krataafa: Asɛmpa no Mmaeɛ bio yɛ “anwanwa dwuma”