Come, Follow Me
Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka Adwene mu: Nkɔmhyɛfoɔ ne Nkɔmhyɛ


“Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka Adwene mu: Nkɔmhyɛfoɔ ne Nkɔmhyɛ” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Nkɔnhyɛfoɔ ne Nkɔnhyɛ,” Bra, Di M’akyi Me: Apam Dada 2026

nsusuiɛ ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ a ɛsɛ sɛ Ɛka Adwene mu

Nkɔmhyɛfoɔ ne Nkɔmhyɛ

Wɔ Apam Dada mu wɔ Kristosom nkyekyɛmu mu no, wɔfrɛ ɔfa a ɛtwa toɔ (Yesaia kɔsi Malaki) no wɔfrɛ no Nkɔmhyɛfoɔ. Saa ɔfa yi, a ɛbɛyɛ Apam Dada no nkyɛmu nnan mu baako no, kura Onyankopɔn nkoa a wɔama wɔn tumi, a wɔne Awurade kasaeɛ na afei wɔkasa maa No no, ne Ne nkorɔfoɔ kyɛɛ nkrasɛm no bɛyɛ mfeɛ 900 ne 500 BC ntam.

Nkɔmhyɛfoɔ Ka Onyankopɔn Pɛ

Nkɔmhyɛfoɔ ne Nkɔmhyɛ di akotene kɛseɛ wɔ Apam Dada no mu nyinaa. Abraham, Isak, ne Yakob hunuu yikyerɛ na wɔne ɔsoro asomafoɔ kasaeɛ. Na Awurade ne Mose di nhwɛanim kasa sɛ onipa ne ne yɔnko kasa de Ne pɛ kyerɛɛ Israel mma. Ahemfo nwoma a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu no ka nkɔmhyɛfoɔ Elia ne Elisa nnwuma ne nkransɛm a wɔbɛkae ho asɛm. Apam Dada no san ka nkɔmhyɛfoɔ mmaa te sɛ Miriam ne Debora ho asɛm, ne mmaa afoforɔ a wɔde nkɔmhyɛ honhom hyiraa wɔn, te sɛ Rebeka ne Hana. Na ɛwom sɛ nyɛ nkɔmhyɛfoɔ a wɔagye wɔn atom na wɔtwerɛɛ Nnwom deɛ, nanso nkɔmhyɛ honhom ahyɛ wɔn nso ma, titire berɛ a ɛkyerɛ Mesia no mmaeɛ.

Yeinom biara nyɛ nwanwa mma Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɔremma. Nokorɛ, Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ nkɔnhyɛfoɔ nyɛ abakɔsɛm mu nnipa a wɔn ho yɛ anigye kɛkɛ na mmom wɔyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no fa titire. Ebinom bɛhunu nkɔmhyɛfoɔ sɛ wɔyɛ soronko wɔ Apam Dada mmerɛ mu deɛ, nanso yɛhunu wɔn sɛ biribi a yɛwɔ a ɛsɛ wɔ Apam Dada mmerɛ mu.

Nanso sɛ wokenkan ti bi a ɛfiri Yesaia anaasɛ Hesekiel hɔ a, ɛbɛtumi ayɛ sononko afiri sɛdeɛ wobɛkenkan amansan nhyiamu nkrasɛm a ɛfiri Asɔre no Titenani a ɔwɔ hɔ seesei hɔ. Ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛhunu sɛ na tete nkɔmhyɛfoɔ no wɔ biribi ka kyerɛ yɛn. Ne nyinaa akyi no, wiase a yɛte mu nnɛ no yɛ soronko koraa firi wiase a wɔkaa asɛm no na wɔhyɛɛ nkɔm no ho. Na nokwasɛm sɛ yɛ nkɔmhyɛni teasefoɔ no bɛtumi de asɛmmisa bi aba: Deɛn nti na ɛfata mmɔdemmɔ —na ɛde mmɔden—kenkan tete nkɔmhyɛfoɔ nsɛm?

tete nkɔmhyɛni bi retwerɛ

Mmerɛ Mahyɛ, ɛfiri Greg Olsen hɔ

Tete Nkɔmhyɛfoɔ Wɔ Biribi Ka kyerɛ Yɛn

Wɔ fa kɛseɛ no ara mu no, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ nyɛ Apam Dada mu nkɔmhyɛfoɔ no atiefoɔ titire Na saa nkɔmhyɛfoɔ no reka ɔhaw ahoroɔ ho asɛm ntɛm wɔ wɔn berɛ ne beaeɛ—sɛdeɛ yɛn nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ ka yɛn haw ahoroɔ ho asɛm ntɛm nnɛ no.

Berɛ korɔ no ara mu no, nkɔnhyɛfoɔ bɛtumi nso ahunu atra seesei haw ahoroɔ. Wɔkyerɛkyerɛ ɛnniawieeɛ nokorɛ, a ɛfa berɛ ne beaeɛ biara ho. Esiane sɛ wɔde adiyisɛm ahyira wɔn nti, wɔhunu Onyankopɔn adwuma ho nhunumu a ɛtrɛ. Nhwɛsoɔ, Yesaia bɔɔ nkorɔfoɔ kɔkɔ fa wɔn bɔne ho wɔ ne berɛ so. Ɔsan twerɛ Israelfoɔ a wɔbɛtena ase mfeɛ 200 wɔ daakye no gyeɛ ho asɛm. Berɛ korɔ no ara mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ ɔgyeɛ a Onyankopɔn nkorɔfoɔ nyinaa hwehwɛ no ho asɛm. Na ɔtwerɛɛ nkɔnhyɛ ahoroɔ a, ɛnnɛ mpo, ɛda so ara retwɛn sɛ ɛbɛba mu—te sɛ “asase foforɔ” ho bɔhyɛ ahoroɔ” (Yesaia 65:17)” (Yesaia 11:9), baabi a wɔbɛboaboa Israel mmusuakuo a wɔayera ano ne baabi a “amanaman” no “rensua akodie bio” (Yesaia 2:4). Anigyeɛ ne nkanyan a ɛfiri Apam Dada mu nkɔnhyɛfoɔ te sɛ Yesaia nsɛm kenkan mu ba ne sɛ yɛbɛhunu sɛ di dwuma bi wɔ animuonyam da a wɔsusuu wɔ wɔn adwenem no.

Enti sɛ wokenkan tete nkɔnhyɛ ahoroɔ a, ɛbɛtumi aboa ama woahunu deɛ enti a wɔtwerɛeɛ—nanso ɛsɛ sɛ wo nso wohunu wo ho wɔ wɔn mu, anaasɛ “de wɔn toto [wo ho] .” (1 Nephi 19:24; san hwɛ nkyekyɛmu 23). Ɛtɔ mmerɛ bi a, ɛkyerɛ sɛ wobɛhunu Babilon sɛ bɔne ne ahantan ho sɛnkyerɛnneɛ, na ɛnyɛ sɛ tete kuro kɛkɛ. Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ yɛbɛte Israel ase sɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ wɔ berɛ ne bea biara. Anaasɛ ɛbɛtumi akyerɛ sɛ wobɛhunu Sion sɛ nna a ɛdi akyire mu adeɛ a Onyankopɔn nkorɔfoɔ gye tom, sene sɛ wobɛhunu no sɛ asɛm foforɔ bi a wɔde frɛ Yerusalem kɛkɛ.

Yɛbɛtumi de twerɛnsɛm no atoto yɛn abrabɔ ho ɛfiri sɛ yɛte aseɛ sɛ nkɔnhyɛ nam akwan pii so ba mu. Nhwɛsoɔ a ɛyɛ ne nkɔnhyɛ a ɛwɔ Yesaia 40:3: “Obi nne team wɔ ɛserɛ no so sɛ: Monsiesie Awurade kwan.” Wɔ Yudafoɔ a na wɔafa wɔn nnommum wɔ Babilon fam no, ebia na saa asɛm yi kyerɛ sɛ Awurade rema ɛkwan bi a wɔde bɛfiri nnommumfa mu asan akɔ Yerusalem. Wɔ Mateo, Marko, ne Luka fam no, na saa nkɔnhyɛ yi kyerɛ Yohane Suboni, a ɔsiesiee kwan maa Agyenkwa no honam mu som adwuma no. Na Joseph Smith nyaa adiyisɛm sɛ saa nkɔnhyɛ yi da so ara reba mu nnɛ de ayɛ ahosiesie ama Kristo mfirihyia apem som adwuma no. Wɔ akwan ahoroɔ so a yɛreba abɛte aseɛ no, tete nkɔnhyɛfoɔ kasa kyerɛɛ yɛn. Na wɔkyerɛkyerɛɛ nokorɛ bebree a ɛsom bo a ɛnniawieeɛ, a ɛfa yɛn ho te sɛ deɛ na ɛfa tete Israel ho no.

Tete Nkɔnhyɛfoɔ Dii Yesu Kristo ho adanseɛ

Ebia deɛ ɛho hia mpo sene sɛ wobɛhu wo ho wɔ Apam Dada mu nkɔmhyɛ ahoroɔ mu ne sɛ wobɛhunu Yesu Kristo wɔ wɔn mu. Sɛ wohwehwɛ No a, wobɛhunu No, sɛ wɔammɔ Ne din mpo a. Ebia ɛbɛboa sɛ yɛbɛkae sɛ Apam Dada no mu Onyankopɔn, Awurade Yehowa, Yesu Kristo. Berɛ biara a nkɔnhyɛfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ deɛ Awurade reyɛ anaasɛ deɛ Ɔbɛyɛ no, na wɔreka Agyenkwa no ho asɛm.

Yesu a wasɔre afiri awufoɔ mu reboa ɔbarima bi.

Awurade Reyi Ne ho akyerɛ Abraham, ɛfiri Keith Larson hɔ

Wobɛhunu nsɛm a ɛfa Obi a Wɔasra No ngo, Ɔgyefoɔ, ne daakye Hene bi a ɔfiri Dawid abusua mu nso. Yeinom nyinaa yɛ nkɔnhyɛ a ɛfa Yesu Krist ho. Mpɛn pii no, wobɛkenkan ɔgyeɛ, bɔnefakyɛ, nkwagyeɛ ne mmaeɛ bio ho asɛm. Sɛ Agyenkwa no wɔ w’adwene ne w’akoma mu a, saa nkɔnhyɛ yi bɛkyerɛ wo kwan sɛdeɛ yɛnim no, akɔ Onyankopɔn Ba no nkyɛn. Ne nyinaa akyi no, ɛkwan a ɛyɛ pa ara a yɛbɛfa so ate nkɔnhyɛ ase ne sɛ yɛbɛnya “nkɔnhyɛ honhom,” a Yohane ka sɛ ɛyɛ “Yesu ho adanseɛ” no (Adiyisɛm 19:10).

Atwerɛ.

  1. Wɔtaa frɛ Yesaia, Yeremia, Hesekiel, ne Daniel sɛ Nkɔnhyɛfoɔ Akɛseɛ esiane sɛdeɛ wɔn nwoma no tenten teɛ nti. Wɔfrɛ nkɔnhyɛfoɔ afoforɔ (Hosea, Yoel, Amos, Obadia, Yona, Mika, Nahum, Habakuk, Sefania, Hagai, Sakaria, ne Malaki) no Nkɔnhyɛfoɔ Nketewa ɛfiri sɛ wɔn nwoma no yɛ ntiantia. Wɔbu Kwadwom nwoma no sɛ ɛka Ntwerɛeɛ no ho, na nyɛ Nkɔnhyɛfoɔ no.

  2. Yɛnnim sɛdeɛ wɔboaboaa nkɔmhyɛ nwoma ahoroɔ no ano. Wɔ tebea bi mu no, ebia na nkɔmhyɛni bi hwɛɛ ne ntwerɛeɛ ne nkɔmhyɛ ahoroɔ a wɔboaboaa ano no so. Wɔ nsɛm foforɔ mu no, ebia na wɔtwerɛɛ ne nkyerɛkyerɛ no na wɔboaboaa ano wɔ ne wuo akyi.

  3. Hwɛ Eksodɔs 15:20; Atemmufoɔ 4.

  4. Hwɛ Gyenesis 25:21–23; 1 Samuel 1:20–28; 2:1–10.

  5. “Dwene anigyeɛ ne ntɛm a ɛhia wɔ ne nyinaa mu ho: de firi Adam so, nkɔmhyɛni biara ahunu yɛn da yi. Na nkɔnhyɛni biara akasa afa yɛn da yi ho, berɛ a wɔbɛboaboa Israel ano na wɔasiesie wiase ama Agyenkwa no Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. Dwene ho! Wɔ nnipa a wɔatena okyinnsoromma asase so pɛn nyinaa mu, yɛn na yɛnya kwan yɛ saa mmoano kɛseɛ a ɛtwa toɔ yi bi. Hwɛ anigyeɛ a ɛyɛ!” (Russell M. Nelson, “Isreal Anidasoɔ” [amansan mmabunu som, Ayɛwohomumu 3, 2018], Asɛmpa Akoraeɛ). San hwɛ Ronald A. Rasband, “Fulfillment of Prophecy,” Liahona, Kɔtɔnima 2020, 75–78.

  6. Agyenkwa no rekasa afa Yesaia ho no, ɔkaa sɛ, “Nneɛma a ɔkaeɛ no nyinaa ayɛ hɔ na ɛbɛyɛ hɔ, mpo sɛdeɛ nsɛm a ɔkaeɛ no teɛ” (3 Nephi 23:3; wɔasi so dua).

  7. Hwɛ Mateo 3:1–3; Marko 1:2–4; Luka 3:2–6.

  8. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 33:10; 65:3; 88:66.

  9. Hwɛ Yesaia 9:6–7; 61:1; Hosea 13:14; Sakaria 9:9.