Come, Follow Me
Ɛbɔ 7–13. Ɔbɛtene W’Akwan”: Mmebusɛm 1–4; 15–16; 22; 31; Osɛnkafoɔ 1–3; 11–12


Ɛbɔ 7–13. ‘Ɔbɛtene W’Akwan’: Mmebusɛm 1–4; 15–16; 22; 31; Ɔsenkafoɔ 1–3; 11–12,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)

“Ɛbɔ 7–13. ‘Ɔbɛtene W’Akwan,’” Bra, Di M’akyi Me: Apam Dada 2026

Yesu ne nkwadaa

Yesu ne Nkwadaa, ɛfiri Dilleen Marsh hɔ

Ɛbɔ 7–13: “Ɔbɛtene W’Akwan”

Mmebusɛm 1–4; 15–16; 22; 31; Ɔsɛnkafoɔ 1–3; 11–12

Ebia wobɛdwene sɛ Mmebusɛm nwoma no yɛ nyansa afotuo mmoano a ɛfiri awofoɔ a wɔwɔ ɔdɔ hɔ (hwɛ Mmebusɛm 1:8). Ne nkrasɛm titire ne sɛ, sɛ wohwehwɛ nyansa—titire Onyankopɔn nyansa—a, asetena bɛkɔ yie. Nanso Mmebusɛm akyi no Ɔsɛnkafoɔ nwoma wɔ hɔ, a ayɛ sɛ ɛka sɛ, “Ɛnyɛ mmrɛ saa.” Ɔsɛmpakafoɔ no kasa firii Ɔsɛnkafoɔ nwoma mu no hunuu sɛ “ɔde [ne] koma maeɛ sɛ ɔbɛhunu nyansa” nanso ɔhunuu “dadwene hunu” ne “awerɛhoɔ pii” (Ɔsɛnkafoɔ 1:17–18). Wɔ akwan ahoroɔ so, nwoma no bisa sɛ, “Enti nteaseɛ kann bɛtumi aba wiase a ayɛ sɛ biribiara yɛ hunu, berɛ tiawa mu deɛ, na ɛnsi mu?”

Nanso, berɛ a nwoma mmienu no hwɛ asetena firi nhumu ahoroɔ mu no, ɛkyerɛkyerɛ nokorɛ ahoroɔ a ɛsɛ. Ɔsɛnkafoɔ pae mu ka sɛ: “Momma yɛntie asɛm no nyinaa awieeɛ: Suro Onyankopɔn, na di n’ahyɛdeɛ so: na yei ne onipa asɛdeɛ nyinaa” (Ecclesiastes 12:13). Yei ne nnyinasosɛm korɔ no ara a ɛwɔ Mmebusɛm mu nyinaa no: “Fa w’akoma nyinaa bata Awurade ho” (Mmebusɛm 3:5; san hwɛ nkyekyɛmu 7). Berɛ biara brabɔ yɛ papa—sɛ ɛnwie pɛyɛ a—berɛ a yɛde yɛn ho to Awurade Yesu Kristo so na yɛdi n’akyi no.

Sɛ wopɛ saa nwoma yi nsɛm nyinaa a, hwɛ, “Mmebusɛm, nwoma” ne “Ɔsɛnkafoɔ” wɔ Bible Dictionary mu.

adesua ahyɛnsodeɛ

Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre

Mmebusɛm 1–4; 15–16; Ɔsɛnkafoɔ 1–3; 11–12

“Yɛ aso tie nyansa.”

Nhumu a ɛfa nyansa ho ahyɛ Mmebusɛm ne Ɔsɛnkafoɔ nwoma no mu ma. Dwene ho sɛ wobɛhyɛ asɛmfua “nyansa” ne nsɛmfua a ɛfa ho, te sɛ “nimdeɛ” ne “nteaseɛ” nso sɛdeɛ wohunu wɔ mu no Mmebusɛm 1–4; 15–16; Ɔsɛnkafoɔ 1–3; 11–12. Sɛn na saa ti ahoroɔ yi nya nkɛntɛnsoɔ wɔ sɛdeɛ wodwene nyansa ho? Wɔ deɛ wohunu ho no, sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ nyansa a “Awurade de ma” no mu? (Mmebusɛm 2:6). Nhyira bɛn na ɛfiri Onyankopɔn nyansa mu ba?

San hwɛ Mateo 7:24–27; 25:1–13.

Boa asuafoɔ ma wɔnkyɛ deɛ wɔresua no. “Ma asuafoɔ kwan ma wɔne wɔn ho wɔn ho nkyɛ deɛ wɔresua fa Agyenkwa no ne N’asɛmpa ho. Yeiyɛ bɛboa wɔn ama wɔde nokorɛ ahoroɔ a wɔkyerɛkyerɛ wɔn no ahyɛ wɔn mu na wɔada no adi. Ɛbɛboa wɔn nso ama wɔanya akokoɔduro wɔ sɛdeɛ wɔbɛtumi aka nokorɛ ahoroɔ wɔ tebea afoforɔ mu” (Teaching in the Savior’s Way26). Nhwɛsoɔ, wobɛtumi ama asuafoɔ no atwerɛ mfatoho bi afiri Mmebusɛm anaasɛ Ɔsɛnkafoɔ mu baabi a wɔnyaa nhumu fa Onyankopɔn nyansa ho. Afei ma asuafoɔ nkasa mfa deɛ wɔasua no ho.

Mmebusɛm 1:7; 2:5; 3:7; 15:33; 16:6; 31:30; Ɔsɛnkafoɔ 12:13

“Nyɛ w’ani so onyansafoɔ: suro Awurade.”

Asɛntire foforɔ a ɛwɔ Mmebusɛm ne Ɔsɛnkafoɔ nwoma no mu nyinaa ne “Awurade suro.” Hwehwɛ saa kasasin yi berɛ a wokenkan. Wosusu sɛ suro Awurade asekyerɛ ne sɛn? Hwehwɛ nhumu a ɛwɔ Elder David A. Bednar nkrasɛm “Therefore They Hushed Their Fears” (Liahona, Kɔtɔnima 2015, 46–49). Sɛn na Awurade suro yɛ soronko firi suro afoforɔ ho?

San hwɛ Mmebusɛm 8:13.

Mmebusɛm 3:5–74

seminary ahyɛnsodeɛ
“Fa w’akoma nyinaa to Awurade so.”

Sɛn na wobɛbɔ mmɔden ama obi agye adi sɛ ɛyɛ sɛ “yɛde yɛn ho to Awurade so” sene sɛ “yɛde yɛn ho bɛto [yɛn] ankasa nteaseɛ so”? (Mmebusɛm 3:5). Ntotoho anaasɛ adesua bɛn na wode bɛdi dwuma? Berɛ a wodwene Mmebusɛm 3:5–7ho no, dwene akwan a wobɛfa so awie kasamu ahodo yi: Wode wo ho reto Awurade so te sɛ … Yɛde yɛn ho reto yɛn ankasa nteaseɛ so te sɛ …

Adɛn nti na ɛnyɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa nteaseɛ so? Sɛn na woahunu sɛ Awurade yɛ nokwafoɔ?

Ɛno mpo, ɛtɔ da a ɛyɛ yɛn den sɛ yɛde yɛn ho bɛto Awurade so. Adɛn nti na ɛte saa? Elder Gerrit W. Gong maa sɛnti bi, ne afotuo a ɛboa, wɔ“.Trust Again” (Liahona, Obubuo 2021, 97–99). Abasɛm anaasɛ nkyerɛkyerɛ ahodoɔ bɛn na wohunu wɔ saa nkrasɛm yi mu a ɛbɛtumi aboa obi ma wasan de ne ho ato Awurade so?

Mmebusɛm 3:6 ne Mmebusɛm 4 nyinaa de abrabɔ toto “anammɔn kwan” anaasɛ “kwan” bi ho. Deɛn na wodwene sɛ wobɛma Awurade “akyerɛ [w’a] kwan” ase kyerɛ? (Mmebusɛm 3:6). Deɛn an wohunu wɔ ti 4 a ɛboa ma “wodwene [wo] anammɔn ho”? (nkyekyɛmu 26). Nhwɛsoɔ, deɛn na nkyekyɛmu 11–12 ne 18–19 kyerɛ fa nhyira a kwan tenenee so die de ba ho? Deɛn na nkyekyɛmu 26–27 ase kyerɛ ma wo?

San hwɛ 2 Nephi 31:18–21; “Lord, I Would Follow Thee,” Nnwom,, no. 220.

Mmebusɛm 15; 16:24–32

“Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka abufuo.”

Nsusuiɛ no bi a ɛwɔ Mmebusɛm 15–16 bɛtumi akanyan wo ama woatu mpɔn wɔ kwan a wofa so kasa kyerɛ afoforɔ, titire adɔfoɔ mu. Nhwɛsoɔ, dwene mmerɛ pɔtee bi ho a “mmuaeɛ bɔkɔɔ” boa maa wo “[siankaa] abufuo” (Mmebusɛm 15:1).

Wobɛtumi nso adwene mmerɛ bi a Awurade yɛɛ nkyerɛkyerɛ no ho nhwɛsoɔ wɔ Mmebusɛm 15:1–4, 18 (hwɛ Marko 12:13–17; Yohane 8:1–11). Sɛn na wobɛdi Ne nhwɛsoɔ so berɛ a wo ne afoforɔ di nkutaho?

Sɛn na wobɛtumi de afotuo a ɛwɔ Mmebusɛm 15; 16:24–32 ayɛ adwuma wɔ ɛnnɛ kɔmputa so nkutahodie mu? Hwɛ sɛ wobɛtumi anya nkyekyɛmu bi wɔ tinsɛm yinom mu a wobɛtumi asakra mu sɛ afotuo a ɛfa nkutahodie ho wɔ sohyia midia anaasɛ atwerɛ so.

San hwɛ Neil L. Andersen, “Following Jesus: Being a Peacemaker,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 17–20; Ronald A. Rasband, “Words Matter,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 70–77; De ma Mmabunu Ahoɔden: A Guide for Making Choices (2022), 11–12.

ɔbaa bi ne ɛpo so nnomaa

Ɔbaapa Hwan na Ɔbɛnya? II, ɛfiri Louise Parker hɔ

Mmebusɛm 31:10–31

“Ɔbaa a ɔsuro Awurade na wɔbɛyi no ayɛ.”

Mmebusɛms 31:10–31 kyerɛkyerɛ “ɔbaapa,” anaasɛ ɔbaa a ɔwɔ honhom fam ahoɔden, tumi, ne nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ ase. Wobɛtumi abɔ mmɔden de w’ankasa wo nsɛm abɔ deɛ nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu biara ka fa mmaa apapa ho no mua. Su ahoroɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na wobɛtumi asua?

Ɔsɛnkafoɔ 1–312

Asase so asetena yɛ berɛ tiawa.

Adɛn nti na ɛsom bo ma wo sɛ wobɛkae pii wɔ wiase yi mu, sɛdeɛ Ɔsɛnkafoɔ 1–2 ka sɛ, ɛyɛ “ahuhudeɛ” (anaasɛ berɛ tiawa mu na ɛho ntaa nhia) no? Deɛn na wohunu wɔ Ɔsɛnkafoɔ 12 a ɛma daa nkwa som bo?

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.

nkwadaa fa ahyɛnsodeɛ

Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ

Mmebusɛm 1:7; 2:5; 15:33; 16:6; Ɔsɛnkafoɔ 12:13

“Suro Onyankopɔn” kyerɛ sɛ dɔ No na yɛ setie ma No.

  • Sɛdeɛ ɛbɛboa ma wo nkwadaa ate ayɛsɛm ahoroɔ a ɛfa Onyankopɔn suro ho ase no, wobɛtumi ayi asɛmfua “suro” de nsɛmfua te sɛ nnidie, ɔdɔ, anaasɛ setie asi ananmu (san hwɛ Hebrifoɔ 12:28). Sɛn na yei nya nkɛntɛnsoɔ wɔ sɛdeɛ yɛdwene fa saa nkyekyɛmu yi ho? Sɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛsuro Awurade?

Mmebusɛm 3:5–7

Mɛtumi de m’akoma nyinaa ato Awurade so.

  • Wo ne wo nkwadaa bɛtumi ayɛ adeɛ a ɛne Mmebusɛm 3:5–7bɛkɔ, te sɛ mode mo nsa reyɛ akoma, moretwere ɛfa bi, monenam baabi na mode mo nsa rekyerɛ mo ani. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa to Yesu Kristo so?

  • Sɛdeɛ wobɛkyerɛ “mfa wo ho nto w’ankasa wo nteaseɛ so” (Mmebusɛm 3:5) ase no, dwene ho sɛ wobɛma wo nkwadaa de wɔn ho atwere biribi a ɛyɛ den na ɛsi hɔ pirim, te sɛ ɔfasuo. Afei wobɛtumi abɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho bɛtwere biribi a ɛnyɛ den, te sɛ praeɛ. Anaasɛ wɔbɛtumi abɔ mmɔden sɛ wɔde abaa anaasɛ pɛnsere bɛtwere nneɛma a wɔn denyɛ sesa, te sɛ nwoma anaasɛ krataa bi. Adɛn nti na ɛho hia sɛ “yɛde yɛn ho to Awurade so” (nkyekyɛmu 5) na ɛnyɛ yɛn “ankasa nteaseɛ so”?

ɔbaa bi a ɔredwennwen a ɔkura nhwiren

Yɛde yɛn ho reto Awurade so, ɛfiri Kathleen Peterson hɔ

Mmebusɛm 15:1, 18

Mɛtumi aka ayamyɛ nsɛm.

  • Ebia wo ne wo nkwadaa bɛtumi adwene tebea ahoroɔ a wo anaasɛ wɔn bo bɛtumi afu ho. Monkenkan Mmebusɛm 15:1 mmom, na boa wo nkwadaa ma wɔmfa saa nkyekyɛmu yi nyɛ adwuma wɔ tebea ahodoɔ a wɔdwenee ho no. Ebia wɔbɛtumi amema “mmuaeɛ bɔkɔɔ” bi. Dwom bi a ɛfa ayamyɛ ho, te sɛ “Love Is Spoken Here” (Nkwadaa Nnwomnwoma,, 190–91), bɛtumi asi saa nnyinasosɛm yi so dua.

  • Sɛdeɛ mobɛsua deɛ “abodwokyɛre” (Mmebusɛm 15:18) ase kyerɛ no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi akyɛ mmerɛ a wo (anaasɛ obi a wonim no) bo fuiɛ nanso ɔyii sɛ ɔbɛyɛ ayamyɛ. Boa wo nkwadaa ma wɔnnwene nneɛma a yɛbɛtumi ayɛ no ntɛm sɛ yɛwɔ “abodwokyɛre” a. Nhwɛsoɔ, yɛbɛtumi ayɛ ntɛm adwene Yesu ho, abisa Ɔsoro Agya hɔ mmoa, adwene Primary dwom bi ho, anaasɛ, sɛ ɛbɛtumi a, yɛbɛfiri hɔ akɔ.

Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.

Yesu di nnwan mmienu anim

”Hunu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛtene w’akwan” (Mmebusɛm 3:6). Ɔdi Manim, ɛfiri Yongsung Kim hɔ Mfonin no firi havenlight.com

Primary dwumadie krataafa: Mɛtumi aka ayamyɛ nsɛm