“Ɛbɔ 14–20. ‘Onyankopɔn Ne Me Nkwagyeɛ’: Yesaia 1–2,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ɛbɔ 14–20. ‘Onyankopɔn Ne Me Nkwagyeɛ,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
Nkɔnhyɛni Yesaia Hyɛ Kristo Awoɔ ho Nkɔm, ɛfiri Harry Anderson hɔ
Ɛbɔ 14–20: “Onyankopɔn Ne Me Nkwagyeɛ”
Yesaia 1–12
Mpo sɛ yei ne berɛ a ɛdi kan a worekenkan Yesaia nwoma no a, wobɛtumi ahunu ayɛsɛm ahoroɔ a ɛsesɛ. Ɛne sɛ, wɔ Apam Dada mu nkɔnhyɛfoɔ no nyinaa mu no, Yesaia ne deɛ wɔtaa fa ne nsɛm ka wɔ twerɛsɛm nwoma afoforɔ mu, a Agyenkwa no ankasa ka ho. Yesaia nsɛm no taa pue wɔ nnwom ne nnwom kronkron afoforɔ mu nso.
Adɛn nti na wɔtaa fa Yesaia nsɛm ka? Nokorɛ mu no adeɛ baako nti a ɛte saa ne sɛ na Yesaia wɔ akyɛdeɛ a ɔde ka Onyankopɔn asɛm wɔ kasa a ɛmu da hɔ na wɔkaeɛ. Nanso ɛboro saa. Yesaia akanyan nkɔnhyɛfoɔ wɔ awoɔ ntoatoaso pii ɛfiri sɛ nokorɛ ahoroɔ a ɔkyerɛkyerɛeɛ no boro n’ankasa awoɔ ntoatoaso so (wɔ 740 ne 701 BC ntam). Ɔtwerɛɛ Onyankopɔn gyeɛ adwuma kɛseɛ a ɛso sene ɔman baako anaasɛ berɛ baako ho asɛm. Nephi hunu firii Yesais hɔ sɛ ɛwom sɛ na ɔne ne nkorɔfoɔ ate wɔn ho afiri Israelfoɔ nkaeɛ no ho deɛ, nanso na wɔda so ara ka Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ ho. Wɔ Yesaia mu no, Apam Foforɔ atwerɛfoɔ hunuu nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛfa Mesia no ho a ɛbaa mu ma wɔhunuiɛ. Na wɔ Yesaia mu no, Joseph Smith nyaa nkanyan maa nna a ɛdi akyire adwuma a ɛyɛ Israel anoboaboa ne Sion kyekyere. Sɛ wokenkan Yesaia a, deɛn na wobɛhunu?
Sɛ wopɛ bebree fa Yesaia ne ne ntwerɛeɛ ho a, hwɛ “Yesaia” wɔ Bible Nsɛm Nkyerɛaseɛ nwoma mu. Sɛ wopɛ nsɛm fa berɛ a Yesaia tenaa ase ho a, hwɛ 2 Ahemfo 15–20 ne 2 Beresosɛm 26–32.
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Yesaia 1–12
Yesaia nsɛm nyinaa bɛba mu.
Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ “nneɛma a [Yesaia] kaeɛ no nyinaa ayɛ hɔ na ɛbɛyɛ hɔ, mpo sɛdeɛ nsɛm a ɔkaeɛ no teɛ” (3 Nephi 23:3). Berɛ a wosua Yesaia nwoma no, dwene ho sɛ wobɛyɛ nkɔnhyɛ pono bi a ɛwɔ tinsɛm te sɛ yeinom: Yesaia da, Agyenkwa no honam mu som, ne Nna a ɛdi akyire. Hyɛ no nso sɛ Yesaia nkɔnhyɛ ahoroɔ no bebree aba mu wɔ bɛboro kwan baako so (hwɛ Bible Nsɛm Nkyerɛaseɛ nwoma, “Yesaia”).
Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Yesaia nwoma no kura nkɔnhyɛ bebree a ayɛ sɛ ɛwɔ mmamu ahodoɔ pii. Baako reyɛ ayɛ sɛ deɛ ɛfa Yesaia berɛ so nnipa anaasɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi hɔ no tebea ho. Nteaseɛ foforɔ, a ɛtaa yɛ sɛnkyerɛnneɛ no reyɛ ayɛ sɛ deɛ ɛrekyerɛ nsɛm a ɛsisii wɔ berɛ no mfinimfini, berɛ a wɔsɛee Yerusalem na ne nkorɔfoɔ hwetee wɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu bɔ akyi no. Bio nkyerɛaseɛ foforɔ anaasɛ nkɔmhyɛ korɔ no ara sɛ nsɛm a ɛfa Agyenkwa no Mmae a Ɛto so Mmienu no ho. Sɛ saa nkɔnhyɛ ahoroɔ yi mu dodoɔ no bɛtumi anya nteaseɛ ahoroɔ mpo kyerɛ hia a ɛhia sɛ yɛhwehwɛ adiyisɛm firi Honhom Kronkron no hɔ de boa yɛn ma yɛkyerɛ aseɛ.” (“Twerɛsɛm Kenkan ne Adiyisɛm,” Ensign, Ɔpɛpɔn 1995, 8).
Yɛrete Yesaia ase. Agyenkwa no kaa sɛ, “Momfa nsiyɛ nhwehwɛ Yesaia nsɛm no mu; na Yesaia nsɛm no yɛ kɛseɛ” (3 Nephi 23:1; san hwɛ nkyekyɛmu 2–3). Nanso ɛyɛ bebree den sɛ wɔbɛte Yesaia nsɛm no ase. Nsusuiɛ a ɛdidi soɔ yi bɛtumi aboa:
-
Dwene nsɛnkyerɛnneɛ ne nnyinahɔma a Yesaia de dii dwuma no ho.
-
Bisa wo ho sɛ, “Deɛn na meresua fa Yesu Kristo ho?” (hwɛ 1 Nephi 19:23).
-
Hwehwɛ tinsɛm a ɛfa yɛn mmerɛ yi.
-
Fa nneɛma a ɛboa adesua, te sɛ nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma, aseɛ ntwerɛeɛ, atifi nsɛm, ne Guide to the Scriptures.
Yesaia 1; 3–5
Nkɔnhyɛfoɔ bɔ kɔkɔ fa bɔne ho na wɔhyɛ anidasoɔ ho bɔ a ɛnam adwensakyera so.
Te sɛ mmerɛ nyinaa nkɔnhyɛfoɔ no, Yesaia kɔɔ so bɔɔ nkorɔfoɔ no kɔkɔ wɔ wɔn honhom fam tebea ho. Berɛ a wokenkan Yesaia 1; 3; 5no, hwehwɛ kasasin ahoroɔ a ɛkyerɛkyerɛ deɛ na nkorɔfoɔ no reyɛ wɔ honhom fam (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Yesaia 1:2–4, 21–23; 3:9, 16–17; 5:11–12, 20–23). Ɔhaw a ɛsɛ bɛn na wohunu wɔ yɛn mmerɛ yi mu? Wobɛtumi nso ahwehwɛ nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛbɔ kɔkɔ fa Israelfoɔ honhom fam tebea nsunsuansoɔ ho (te sɛ Yesaia 1:7; 3:17–26; 5:5–7, 13–15).
Kɔkɔbɔ ahoroɔ no akyi no, Yesaia maa anidasoɔ nkrasɛm sɛ wɔnam Agyenkwa no so bɛgye wɔn nkwa (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Yesaia 1:16–19, 25–27; 3:10; 4). Deɛn na wosua fa Awurade ho firi saa nkransɛm yi mu? Sɛn na Awurade nkrasɛm a ɛwɔ saa nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu no yɛ soronko firi deɛ Satan pɛ sɛ yɛgye die no ho?
Te sɛ Yesaia, nkɔnhyɛfoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ yɛn kɔkɔ fa bɔne ne ɛho nsunsuansoɔ ho, na wɔde anidasoɔ a ɛnam Yesu Kristo so ho nkransɛm ma. Nhwɛsoɔ ahoroɔ bɛn na wobɛtumi adwene ho? Wobɛtumi asan hwɛ nkrasɛm bi a ɛfiri amansan nhyiamu bi a atwam mu, ahwehwɛ kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ a ɛte saa.
Yesaia 2; 4; 11–12
Onyankopɔn bɛyɛ adwuma kɛseɛ wɔ nna a ɛdi akyire no mu.
Yesaia nkɔnhyɛ no mu bebree wɔ asekyerɛ pɔtee ma yɛn mmerɛ yi. Sɛ wopɛ sɛ wohunu a, hwehwɛ daakye-kabea adeyɛ nsɛm (te sɛ “bɛyɛ” anaasɛ “bɛkɔ”). Nhwɛsoɔ, hwehwɛ adeyɛ nsɛm yi berɛ a wokenkan Yesaia 2; 4; 11–12. Wobɛtumi mpo abɔ mmɔden sɛ wode seesei-kabea adeyɛ nsɛm bɛsi ananmu (te sɛ yɛ anaasɛ rekɔ). Nkɔnhyɛ ahoroɔ bɛn na ɛkanyan wo soronko? Deɛn na wosua firi nkɔnhyɛ ahoroɔ yi mu fa Sion, tɛmpol a wɔsisie, ne Israel a anoboaboa ho?
Yesaia 2:2–3 titire ho hia ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Sɛn na saa nkɔnhyɛ ahoroɔ yi reba mu? Deɛn na wosua fa Awurade “akwan” ho wɔ Ne fie? (nkyekyɛmu 3).
San hwɛ Yesaia 5:26; “High on the Mountain Top,” Nnom, no. 5.
Yesaia 6
Onyankopɔn na Ɔfrɛ nkɔnhyɛfoɔ.
Wɔ Yesaia 6, Yesaia kaee ne frɛ sɛ ɔmmɛyɛ nkɔnhyɛni. Sɛ a wokenkan saa ti yi a, deɛn na w’ani gye ho fa Yesaia suahunu ho? Sɛn na saa ti yi nya nkɛntɛnsoɔ wɔ sɛdeɛ wodwene fa Awurade, Ne nkɔnhyɛfoɔ, ne adwuma a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no ho?
“Wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabrima” (Yesaia 9:6).
Yesaia 7–9
Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛsoma Kristo sɛ ɔmmɛyɛ m’Agyenkwa.
Wɔ Yesaia som adwuma mu no, Israel ne Siria ka bɔɔ mu de bɔɔ wɔn ho ban firii Asiria ho. Na Israel ne Siria pɛ sɛ wɔhyɛ Yuda hene Ahas na ɔbɛka wɔn ho. Nanso Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ nkabom no bɛgu na ɔtuu Ahas fo sɛ ɔmfa ne ho nto Awurade so (Yesaia 7:7–9; 8:12–13).
Berɛ a Yesaia retu Ahas fo no, ɔkaa nkɔnhyɛ ahoroɔ pii a wɔnim no yie, te sɛ deɛ wohunuu wɔ Yesaia 7:14; 8:13–14; 9:2, 6–7. Sɛdeɛ na nkɔnhyɛ ahoroɔ yi kyerɛ ma Ahas biara, ɛda adi pefee sɛ ɛfa Yesu Kristo ho (san hwɛ Mateo 1:21–23; 4:16; 21:44; Luka 1:31–33). Adɛn nti na “Immanuel” yɛ abodin papa ma Agyenkwa no? (hwɛ Mateo 1:23). Sɛn na Wayɛ “Ɔfotufoɔ” anaasɛ “Asomdwoeɛ Hene” ama wo? (Yesaia 9:7). Deɛn bio na wosua fa Agyenkwa no ho firi saa nkyekyɛmu yi mu?
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Yesaia 1:2–4, 16–19
Yesu Kristo nti, mɛtumi asakyera na me ho ate.
-
Wɔ Yesaia 1:2–4, wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahwehwɛ deɛ nti a na Awurade ani nnye nkorɔfoɔ no ho. Hyɛ mfatoho a ɛwɔ nkyekyɛmu 3—hwan ne yɛn “wura” no nso? Sɛn na yɛkyerɛ sɛ yɛnim No?
-
Sɛdeɛ mobɛsusu Yesaia 1:16–18no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahwɛ biribi a ɛhyerɛn kɔkɔɔ ne biribi a ɛyɛ fitaa korɔgyee. Anaasɛ ebia mobɛtumi abom ahohoro biribi ho. Sɛn na yɛn ho bɛyɛ fi wɔ honhom mu? Sɛn na Yesu boa yɛn ma yɛn ho teɛ? Deɛn na yɛsua fa Agyenkwa no ho firi saa nkyekyɛmu yi mu? Ka sɛdeɛ wodwene fa Ne ho ne deɛ Wayɛ ama wo kyerɛ wo nkwadaa.
Yesaia 2:2–4
Wɔ tɛmpol mu no, mesua Yesu Kristo ho asɛm.
-
Yesaia hunuu berɛ bi a “Awurade fie bepɔ” bɛtwe nnipa afiri “amanaman nyinaa mu” (Yesaia 2:2). Wobɛyɛ dɛn aboa wo nkwadaa ama wɔn ani agye sɛ wɔbɛkɔ Awurade fie? Wobɛtumi ama wɔayɛ wɔn ankasa fie mfonin. Afei monkenkan Yesaia 2:2mmom, na ma wɔnyɛ “awurade fie,” a ɛne tɛmpol mfonin. Monkenkan Yesaia 2:3 mmom. Ma wɔmfa nnipa bebree a wɔreba tɛmpol, a wɔn mmusua ka ho, nka wɔn mfonin ho.
-
Mobɛtumi nso akenkan Yesaia 2:2–3 abom na moapɛ biribi a ɛkanyan wo ne wo nkwadaa ma mokɔ tɛmpol. Afei, moakenkan Yesaia 2:4 abom awie no, mobɛtumi adi nkɔmmɔ afa sɛdeɛ tɛmpol de asomdwoeɛ brɛ wɔn ho. Dwene ho sɛ wobɛto dwom bi a ɛfa tɛmpol ho, te sɛ “I Love to See the Temple” (Nkwadaa Nnwomnwoma,, 95). Boa wo nkwadaa ma wɔnya nsɛm wɔ dwom no mu a ɛkyerɛkyerɛ deɛ tɛmpol yɛ ne deɛ yɛyɛ wɔ hɔ.
Salt Lake Tɛmpol
Yesaia 7:14; 9:6–7
Yesu Kristo baa asase so bɛyɛɛ m’Agyenkwa.
-
Sɛdeɛ wode Yesaia nkɔnhyɛ a ɛfa Kristo ho bɛkyerɛ no, wo ne wo nkwadaa bɛtumi aka nnipa abodin ho asɛm, te sɛ titenani, bishop, anaa ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Deɛn na saa abodin ahoroɔ yi ka kyerɛ yɛn fa saa nkorɔfoɔ yi ho? Boa wo nkwadaa ma wɔnhwehwɛ Yesu Kristo abodin ahoroɔ wɔ Yesaia 7:14 ne 9:6–7 (san hwɛ nnawɔtwe yi dwumadie krataafa mu). Deɛn na saa abodin ahoroɔ yi kyerɛkyerɛ fa Ne ho? Deɛn bio na yɛsua fa Yesu Kristo ho firi saa nkyekyɛmu ahoroɔ yi mu?
-
Wobɛtumi nso ne wo nkwadaa akyɛ “Yesaia Nkɔmhyɛni no” (wɔ Apam Dada Abasɛm, 150–51). Gyina berɛ ano berɛ ano na bisa deɛ na Yesaia nim fa Yesu Kristo ho mfeɛ pii ansa na wɔrewo No. Afei wobɛtumi de Mateo 1:21–23; Luka 1:31–33 akasa afa sɛdeɛ Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ wɔ Yesaia 7:14; 9:6–7 baa mu ho.
1:18Isaiah the Prophet
Sɛ wopɛ nsusuiɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.